Onyankopɔn Atirimpɔw Rebɛn N’awiei Afei
Onyankopɔn atirimpɔw nti a ɔbɔɔ asase ne sɛ ɔbɛma nnipa a wɔwɔ anigye atra so wɔ tebea a trenee wom mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a adesamma bɛkɔ so atra ase no, na ɛsɛ sɛ wodi Onyankopɔn mmara so. Nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ asoɔden na wɔbɛyɛɛ abɔnefo a wɔabu wɔn kumfɔ. Eyi de bɔne ne owu baa wɔn asefo nyinaa so.—Genesis 1:27, 28; 2:16, 17; 3:1-19; Romafo 5:12.
Onyankopɔn a ne din ne Yehowa no sii gyinae sɛ obeyi nea asoɔden ne bɔne de bae no afi asase so. Ankyɛ na ofii ase hwehwɛɛ asase so na ohuu ɔbarima nokwafo Abram a ɔsesaa ne din frɛɛ no Abraham no wɔ adesamma mu. Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ sɛ n’asefo bɛyɛ ɔman kɛse na Onyankopɔn nam saa ɔman no so de aseni a asase so mmusua nyinaa nam no so behyira wɔn ho no bɛba.—Genesis 12:1-3; 18:18, 19; 22:18; Dwom 83:18; Hebrifo 11:8-16.
Ɛrekɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. awiei mu hɔ no, na Abraham banana Yakob, anaasɛ Israel, asefo aba abɛyɛ mmusuakuw 12 a wɔwɔ nkoasom mu wɔ Misraim. Yehowa yii Israelfo yi fii Misraim na ɔyɛɛ wɔn ɔman. Ɔnam Mose so de Mmara no maa wɔn sɛ wɔn man no mmara wɔ Bepɔw Sinai ho. Ná Yehowa ne wɔn Hene, wɔn Temmufo, ne wɔn Mmarahyɛfo. Israel man no bɛyɛɛ nnipa a Onyankopɔn apaw wɔn, n’adansefo a waboaboa wɔn ano ma wɔadi n’atirimpɔw ho dwuma. Na wɔn mu na Mesia a ɔde daa ahenni besi hɔ ma ɛho aba amanaman nyinaa mfaso no befi aba.—Exodus 19:5, 6; 1 Beresosɛm 17:7-14; 1 Ahene 4:20, 25; Yesaia 33:22; 43:10-12; Romafo 9:4, 5.
Wɔ mfeha 15 akyi, anaasɛ bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no fii soro baa asase so maa Yudani ɔbaabun Maria woo no. Wɔtoo no din Yesu na na ɔno na obedi Ahenni a Onyankopɔn de hyɛɛ n’agya Dawid bɔ no so. Bere a Yesu dii mfe 30 no, Osuboni Yohane bɔɔ no asu ma ofii ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛe. Ɔnam ayarefo a ɔsaa wɔn yare no so kyerɛɛ sɛnea saa Ahenni a ɛreba no de nhyira bɛbrɛ adesamma. Ɔnam nhwɛso ahorow so kyerɛkyerɛɛ nea wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa ho no mu. Afei wokum Yesu wɔ dua so maa ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛyɛɛ agyede maa adesamma.—Mateo 1:18-24; 3:13-16; 4:17-23; 6:9, 10; ti 13; 20:28; Luka 1:26-37; 2:14; 4:43, 44; 8:1; Yohane 3:16; Asomafo no Nnwuma 10:37-39.
Ná Yesu akyerɛkyerɛ mu sɛ ɔde Mesia Ahenni no besi hɔ wɔ daakye a ɛwɔ akyirikyiri bi mu wɔ nneɛma nhyehyɛe no awiei mu. Ɛbɛyɛ nea waba wɔ honhom mu a aniwa nhu no saa bere no wɔ soro sɛ Ɔhene a ɔredi tumi na ɔbɛma wɔahu ne ba a waba no denam n’ani a ɔbɛdan aba asase so no so. Nsɛm a asisi wɔ wiase kyerɛ sɛ ayɛ nea yɛwɔ saa bere no mu fi 1914. Sɛnea Yesu ka too hɔ no, wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse. Esiane eyi nti wɔreboaboa nnipa a wofi amanaman nyinaa mu ano aba Onyankopɔn Ahenni no afã. Eyinom na wobetwa mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei no na wɔanya daa nkwa wɔ asase so wɔ Mesia Ahenni no ase.—Mateo, atiri 24 ne 25; Adiyisɛm 7:9-17.
Ɛnnɛ asɔre ahorow pii ka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi ahu nokware Kristofo asafo no? Ɛdenam Kyerɛwnsɛm a ɛfa afeha a edi kan Kristofo asafo no ho mu a wobɛhwehwɛ na woahu wɔn a wodi saa nhwɛso no akyi nnɛ no so.
• Afã bɛn na Abraham ne Israel nyae wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho dwumadi mu?
• Dɛn na Yesu nam ne som adwuma ne ne wu no so tumi yɛe?
• Nsɛm a ebesisi bɛn na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛhyɛ mprempren bere yi agyirae?