Ti 10
Ahonhommɔne Wɔ Tumi
1. Dɛn nti na nnipa pii gye di sɛ wobetumi ne awufo akasa?
MPƐN PII no nkurɔfo ka sɛ wɔne awufo akasa. James A. Pike a waka baabi, Episkopal sɔfo bi a na wagye din, kae sɛ ɔne ne babarima Jim a na wawu kasae. Sɛnea Pike kyerɛ no, ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nnipa pii atwa me ho ahyia, na ɛte sɛ nea nsa dodow bi rema me so . . . Ná minni anigye koraa kosi sɛ mitumi bɔɔ wo amanneɛ yi.”
2. (a) Dɛn nti na obiara ntumi ne awufo nkasa? (b) Enti nsemmisa bɛn na ɛba?
2 Esiane sɛ osuahu a ɛtete sɛɛ abu so nti, ɛda adi sɛ nnipa pii ne obi akasa afi ahonhom wiase. Nanso ɛnyɛ awufo no na wɔne wɔn akasa. Bible no da no adi pefee bere a ɛka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara” no. (Ɔsɛnkafo 9:5) Enti sɛ ɛnyɛ awufo no na wɔkasa fi ahonhom wiase a, ɛnde henanom na wɔkasa? Henanom na wɔyɛ wɔn ho te sɛ awufo no?
3. (a) Henanom na wɔyɛ wɔn ho sɛ nnipa a wɔawuwu, na dɛn ntia? (b) Henanom na ahonhommɔne taa keka nsɛm kyerɛ wɔn?
3 Ɛyɛ ahonhommɔne. Saa ahonhom, anaa adaemone yi ne abɔfo a wɔkɔkaa Satan ho tew atua tiaa Onyankopɔn no. Dɛn nti na wɔyɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔawuwu? Wɔyɛ saa na wɔde atrɛw asɛm a ɛne sɛ awufo no da so te ase no mu. Ahonhommɔne ama nnipa pii nso agye adi sɛ owu yɛ asetra foforo mu a wɔkɔ ara kwa. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatrɛw saa atorosɛm yi mu no, ahonhommɔne ma asumanfo, adebisafo ne ntafoayifo nsa ka nsɛm atitiriw bi a ɛte sɛ nea nnipa a wɔawuwu nkutoo nkyɛn na efi.
YƐ A ƆYƐƐ NE HO TE SƐ SAMUEL A WAWU
4. (a) Dɛn nti na na Ɔhene Saul ani abere hwehwɛ mmoa? (b) Ná dɛn ne Onyankopɔn mmara a ɛfa asumanfo ne adebisafo ho?
4 Nhwɛso bi wɔ Bible mu a ɛfa honhommɔne bi a ɔyɛɛ ne ho te sɛ Onyankopɔn diyifo Samuel a wawu ho. Eyi yɛ Ɔhene Saul ahenni afe a ɛto so 40 no mu. Na Filistifo dɔm a wɔn ho yɛ den aba Saul Israel dɔm no so, na na ehu aka no kɛse. Ná Saul nim Onyankopɔn mmara: “Monnnan mo ho nnkɔ adebisafo nkyɛn, na monnhwehwɛ asumanfo akyi kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho.” (Leviticus 19:31) Nanso, bere bi akyi no, Saul twee ne ho fii Yehowa ho. Enti Samuel a saa bere no na ɔte ase no ampɛ sɛ obehu Saul bio. (1 Samuel 15:35) Na afei, wɔ saa ɔhaw bere yi mu no, na Ɔhene Saul ani atan efisɛ Yehowa rentie sũ a osũ hwehwɛ mmoa no.
5. (a) Ɛhe na Saul kɔhwehwɛɛ mmoa? (b) Dɛn na osumanni no tumi yɛe?
5 Ná Saul ho pere no sɛ obehu nea ɛbɛba ma ɔkɔɔ ɔbea sumanni bi a ɔwɔ En-dor nkyɛn. Ɔbea sumanni yi tumi maa biribi te sɛ onipa a otumi hu no bae. Ɛdenam ne ho asɛm a ɔkae so no Saul kyerɛe sɛ ɛyɛ “Samuel.” Ɛha no honhom a ɔyɛɛ ne ho te sɛ Samuel no kasae: “Ɛdɛn nti na wohaw me ma meforo mebae yi.” Saul buae sɛ: “Me ho hia me papaapa, na Filistifo ne me reko.” Honhom no buae sɛ: “Dɛn nti na wunim sɛ [Yehowa] apa wo akyi na wadan wo tamfo na wubisa me ade yi?” Afei honhommɔne a na wayɛ ne ho sɛ Samuel a wawu no kɔɔ so ka kyerɛɛ Saul sɛ wobekum no wɔ wɔne Filistifo akodi no mu.—1 Samuel 28:3-19.
6. Dɛn nti na na ɛrentumi mma sɛ Samuel na ɔne Saul kasae?
6 Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ Samuel ankasa na osumanni no ne no kasae. Ná Samuel awu, na owu mu no onipa “san kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:4) Asɛm no ho kakra a yesusuw no da no adi bio sɛ na ɛnne no nyɛ Samuel a wawu no nne. Ná Samuel yɛ Onyankopɔn diyifo. Enti na wako atia asumanfo. Na sɛnea yɛahu no, bere a ɔte ase no wampɛ sɛ ɔne ɔsoɔdenfo Saul bɛkasa bio. Enti, sɛ na Samuel te ase a, so anka ɔbɛma osumanni bi ayɛ nhyehyɛe ma ɔne Saul ahyia anaa? Susuw ho nso sɛ: Ná Yehowa apow sɛ ɔbɛka biribi akyerɛ Saul. So na osumanni bi betumi ahyɛ Yehowa ma ɔnam Samuel a wawu no so aka biribi akyerɛ Saul? Na sɛ ateasefo betumi ne adɔfo a wɔawuwu akasa ampa a, anka ɔdɔ Nyankopɔn renka sɛ wɔn ho “agu fĩ” esiane sɛ wɔdan kɔɔ osumanni nkyɛn nti.
7. Kɔkɔbɔ bɛn na Onyankopɔn de maa ne nkurɔfo na abɔ wɔn ho ban afi ahonhommɔne ho?
7 Nokwasɛm no ne sɛ ahonhommɔne botae ne sɛ wobepira nnipa, enti Yehowa de kɔkɔbɔ ahorow ma de bɔ ne nkoa ho ban. Kenkan kɔkɔbɔ a edi so a wɔde maa Israel man no. Ɛma wuhu akwan horow a adaemone no nam so daadaa nkurɔfo no. Bible no se: “Mma wonhu wo mu obi a . . . ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ [Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.” (Deuteronomium 18:10-12) Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebehu nea ahonhommɔne reyɛ de adi nkurɔfo awu nnɛ ne sɛnea yebetumi abɔ yɛn ho ban afi wɔn ho. Nanso ansa na yebesua eyi no, ma yensusuw bere a ahonhommɔne fii ase ne sɛnea wofii ase no ho.
ABƆFO A WƆBƐYƐƐ AHONHOMMƆNE
8. (a) Henanom nso na Satan nyaa wɔn ma wɔtew atua tiaa Onyankopɔn? (b) Bere a wogyaee wɔn adwuma wɔ ɔsoro no, ɛhe na wɔkɔe?
8 Ɛdenam atoro a odi kyerɛɛ Hawa wɔ Eden turo no mu so no, ɔbɔfo bi yɛɛ ne ho honhommɔne Satan Ɔbonsam. Eyi akyi no ofii ase bɔɔ mmɔden sɛ obenya abɔfo afoforo ma wɔadan wɔn ho atia Onyankopɔn. Bere bi akyi no onyaa nea ɔhwehwɛ. Abɔfo bi gyaee adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn wɔ soro no, na wosian baa asase so bɛfaa honam nipadua te sɛ adesamma de. Kristoni suani Yuda kyerɛw wɔn ho asɛm bere a ɔbɔɔ “abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere” din no. (Yuda 6) Dɛn nti na wɔbaa asase so? Akɔnnɔ bɔne bɛn na Satan de hyɛɛ wɔn koma mu a ɛma wogyaw gyinabea pa a na wɔwɔ wɔ ɔsoro no?
9. (a) Dɛn nti na abɔfo no baa asase so? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ nea wɔyɛe no yɛ bɔne?
9 Bible no ma yehu bere a ɛka sɛ: “Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” (Genesis 6:2) Yiw, abɔfo no faa ɔhonam nipadua ahorow. Afei wɔbaa asase so ne mmea a wɔn ho yɛ fɛ bɛdedae. Nanso na ɔbarima ne ɔbea nna a ɛte saa yɛ mfomso ma abɔfo. Na eyi yɛ asoɔdenyɛ. Bible no kyerɛ sɛ na nea wɔyɛe no yɛ bɔne te sɛ Sodom ne Gomora nkurow no mufo a na mmarima ne wɔn ho da no. (Yuda 6, 7) Dɛn na efii mu bae?
10, 11. (a) Mma bɛn na abɔfo no woe? (b) Bere a Nsuyiri no bae no, dɛn na ɛbaa abran no so? (d) Dɛn na ɛbaa abɔfo no so bere a Nsuyiri no bae no?
10 Wiɛ, abɔfo yi ne wɔn yerenom wowoo mma. Nanso na mmofra no yɛ soronko. Wɔkɔɔ so yɛɛ akɛse kosi sɛ wɔbɛyɛɛ abran a wɔn so nni, yiw, abran a wodi nsɛmmɔne. Bible no frɛɛ wɔn “abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.” Saa abran yi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa a aka no ayɛ nsɛmmɔnedifo te sɛ wɔn ara. Ne saa nti, Bible se na “nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” (Genesis 6:4, 5) Enti Yehowa de Nsuyiri no bae. Abran anaa “Nefilim” no ne nnipa nsɛmmɔnedifo no nyinaa wuwui wɔ nsuyiri no mu. Na dɛn na ɛbaa abɔfo a na wɔaba asase so no so?
11 Wɔanwuwu wɔ nsu no mu. Woyii wɔn honam nipadua horow no guu hɔ na wɔsan kɔɔ ɔsoro sɛ honhom mu nnipa. Nanso wɔamma wɔn kwan amma wɔankɔyɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a abɔfo kronkron na wɔwom no mufo bio. Mmom no, Bible se “Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɛdenam Tartarus mu a ɔtow wɔn gui so no, ɔde wɔn ahyɛ esum kabii amoa mu ma wɔakora wɔn so ama atemmu.”—2 Petro 2:4, New World Translation.
12. (a) Bere a abɔfo bɔne no san kɔɔ ɔsoro no, dɛn na ɛbaa wɔn so? (b) Dɛn nti na wontumi nnan wɔn ho mfa ɔdesani nipadua bio? (d) Enti dɛn na wɔreyɛ afei?
12 Wɔantow saa abɔfo bɔne yi angu beae bi ankasa a wɔfrɛ hɔ Tartarus. Mmom no, Tartarus, a wɔakyerɛ ase mfomso mu sɛ “hell” wɔ Bible ahorow bi mu no, kyerɛ asehwe tebea a saa abɔfo yi wɔ mu no. Wɔtew wɔn fii Onyankopɔn ahyehyɛde no honhom mu hann no ho, na daa ɔsɛe nkutoo na ɛretwɛn wɔn. (Yakobo 2:19; Yuda 6) Efi Nsuyiri no so no, Onyankopɔn mmaa saa adaemone abɔfo yi kwan sɛ wɔbɛdan wɔn ho afa honam nipadua horow, enti wontumi nni wɔn akɔnnɔ ahorow a ɛmfata no ho dwuma tẽe. Nanso wɔda so ara tumi nya mmarima ne mmea so tumi a ɛyɛ hu. Nokwarem no, ɛdenam adaemone yi mmoa so no, Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Aguamammɔ, basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi ahorow a ɛrekɔ anim nnɛ no da hia a ehia sɛ yɛhwɛ yiye na wɔannaadaa yɛn no adi.
SƐNEA AHONHOMMƆNE DAADAA
13. (a) Ɔkwan bɛn na ahonhommɔne nam so daadaa nkurɔfo? (b) Dɛn ne ahonhonsɛmdi, na dɛn na Bible ka wɔ ho?
13 Yedii kan suae sɛ Satan, sɛ́ “wi yi ase nyame” no de wiase nniso horow ne atoro som fura nkurɔfo ani wɔ Bible mu nokware ahorow ho. (2 Korintofo 4:4) Ɔkwan foforo a ɛho hia a ahonhommɔne nam so daadaa mmarima ne mmea ne ahonhonsɛmdi. Dɛn ne ahonhonsɛmdi? Ɛyɛ ahonhommɔne a wɔne wɔn di nkitaho, sɛ ebia wɔne wɔn yɛ saa tẽe anaasɛ ɛdenam onipa foforo bi so. Ahonhonsɛmdi de onipa ba adaemone nkɛntɛnso ase. Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntwe yɛn ho mfi adeyɛ biara a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ ho.—Galatifo 5:19-21; Adiyisɛm 21:8.
14. (a) Dɛn ne adebisa? (b) Dɛn na Bible ka wɔ ho?
14 Adebisa yɛ ahonhonsɛmdi a nnipa taa de wɔn ho hyem. Ɛyɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔnam ahonhom a aniwa nhu wɔn so behu nea ɛbɛba daakye, anaasɛ wobenya biribi a wonnim ho nimdeɛ. Eyi da adi denam nea Kristoni suani Luka kyerɛwee no so: “Ababaa bi a ɔwɔ akɔm honhom behyiaa yɛn; nso ɔde nkɔmhyɛ ma ne wuranom nya ade bebree.” Ɔsomafo Paulo tumi maa honhommɔne no fii ababaa no so, na wantumi anhyɛ daakye ho nkɔm bio.—Asomafo no Nnwuma 16:16-19.
15. (a) Dɛn ne nneɛma bi a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ? (b) Dɛn nti na nneɛma a ɛtete saa a obi de ne ho hyɛ mu no yɛ nea asiane wom?
15 Nnipa pii ani gye ahonhonsɛmdi ho efisɛ ɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa. Wɔn ani gye ho. Enti wɔde wɔn ho hyɛ abayisɛm, asumansɛm, kaberɛkyere, nkonyaayi, nsoromma mu hwɛ anaa biribi foforo biara a ɛfa ahonhonsɛmdi ho mu. Ebia wɔbɛkenkan nhoma ahorow a ɛfa saa nneɛma yi ho, anaasɛ wɔbɛhwɛ sini anaa TV so dwumadi ahorow a ɛfa ho. Ebia wɔbɛkɔ nhyiam a obi bɔ mmɔden sɛ ɔne ahonhom wiase no bedi nkitaho ase. Nanso eyinom nyinaa yɛ nea nyansa nni mu ma obi a ɔpɛ sɛ ɔsom nokware Nyankopɔn no. Ɛyɛ nea asiane wom nso. Ebetumi akowie ɔhaw ankasa mu mprempren. Afei nso, Onyankopɔn bebu ahonhonsɛmdifo nyinaa atɛn na watow wɔn agu afi ne ho.—Adiyisɛm 22:15.
16. Ɔkwan bɛn so na Bible da no adi sɛ Kristofo ne ahonhommɔne wɔ akodi?
16 Sɛ onipa yɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛtwe ne ho afi ahonhonsɛmdi ho mpo a, ebia ahonhommɔne betumi aba no so. Kae sɛ Yesu Kristo tee Ɔbonsam nne ankasa, a na ɔresɔ no ahwɛ ma watõ Onyankopɔn mmara. (Mateo 4:8, 9) Onyankopɔn asomfo afoforo ahyia biribi a ɛte saa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yɛne . . . ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” na anya. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo biara ‘hyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na watumi agyina.’—Efesofo 6:11-13.
AHONHOMMƆNE NTUA A YƐBƐKO ATIA
17. Sɛ “nne” bi a efi ahonhom wiase ne wo kasa a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
17 Sɛ “nne” bi a efi ahonhom wiase kasa kyerɛ wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Na sɛ “nne” no yɛ ne ho sɛ obusuani bi a wawu anaa honhom pa bi nso ɛ? Wiɛ, dɛn na Yesu yɛe bere a “ahonhommɔne panyin” no kasa kyerɛɛ no no? (Mateo 9:34) Ɔkae sɛ: “Fi me so, Satan!” (Mateo 4:10) Wo nso wubetumi ayɛ saa. Afei nso, wubetumi afrɛ Yehowa ma waboa wo. Bue w’ano bɔ mpae na bɔ Onyankopɔn din. Kae sɛ ɔwɔ tumi sen ahonhommɔne no. Di saa kwan a nyansa wom yi akyi. Ntie nne a ɛtete saa a efi ahonhom wiase no. (Mmebusɛm 18:10; Yakobo 4:7) Eyi nkyerɛ sɛ obiara a ɔte “nne” ahorow bi no na adaemone rekasa kyerɛ no. Ɛtɔ da bi a nne ahorow a wɔte fi ɔhonam fam anaa adwenem nyarewa ahorow.
18. Nhwɛso bɛn na tete Kristofo a na wɔwɔ Efeso no yɛe a eye sɛ wodi akyi, sɛ obi pɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ahonhonsɛmdi ho a?
18 Ebia bere bi a atwam no wode wo ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu na afei wopɛ sɛ wotwe wo ho. Dɛn na wubetumi ayɛ? Wiɛ, susuw tete Kristofo a na wɔwɔ Efeso no nhwɛso no ho. Bere a wogyee “Yehowa asɛm” a ɔsomafo Paulo ka kyerɛe no toom no, Bible se: “Wɔn a wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim.” Na na nhoma horow yi som bo bɛyɛ nnwetɛbona 50,000! (Asomafo no nnwuma 19:19, 20) Bere a wusuasua wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristo akyidifo wɔ Efeso no, sɛ wowɔ nneɛma bi a ɛfa ahonhonsɛmdi ho a, adeyɛ a nyansa wom ne sɛ wobɛsɛe no, sɛ ne bo yɛ den dɛn ara a.
19. (a) Dɛn na nnipa pii a wɔde wɔn ho hyehyɛ ahonhonsɛmdi mu no nnim? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra ase daa anigye mu wɔ asase so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
19 Esiane sɛ anwonwade ho anigye akɔ anim kɛse nnɛ nti, nnipa pii de wɔn ho rehyɛ ahonhonsɛmdi mu. Nanso saa nnipa yi pii nnim sɛ ahonhommɔne na wɔne wɔn redi. Eyi nyɛ agodi ara kwa. Ahonhommɔne tumi di awu. Wɔn ani abere. Na ansa na Kristo de wɔn begu afiase wɔ ɔsɛe mu daa no, wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wɔbɛka adesamma ahyɛ wɔn tumi bɔne no ase. (Mateo 8:28, 29) Enti sɛ wopɛ sɛ wotra ase daa anigye mu wɔ asase so bere a wɔayi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ no a, ɛho hia sɛ wotwe wo ho fi adaemone tumi ho denam wo ho a wobɛtwe afi ahonhonsɛmdi nyinaa ho no so.
[Kratafa 91 mfoni]
Hena na ɔbea sumanni a ofi En-dor no frɛɛ no?
[Kratafa 92, 93 mfoni]
Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo no huu nnipa mmabea
[Kratafa 94 mfoni]
Nsuyiri no amfa abɔfo a wɔadan wɔn ho nnipa no. Wɔsakraa wɔn honam nipadua na wɔsan kɔɔ ɔsoro
[Kratafa 97 mfoni]
Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: ‘Montwe mo ho mfi ahonhonsɛmdi nyinaa ho’
[Kratafa 98 mfoni]
Wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo wɔ Efeso no hyew wɔn nhoma horow a ɛfa ahonhonsɛmdi ho—nhwɛso pa ma yɛn nnɛ