Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kn35 kr. 1-4
  • So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?
  • So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɔnkodɔ Ano Adwo
  • Dɛn Nti na Yɔnkodɔ Ano Adwo?
  • Yɔnkodɔ—Ɛwɔ Hɔ Ankasa
  • Bere A Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Wɔn Ho
  • Dɛn na Aba Yɔnkodɔ So?
    Nyan!—1998
  • So Nnipa Nyinaa Betumi Adodɔ Wɔn Ho Da Bi?
    Nyan!—1998
  • Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Dɔ Wo Yɔnko Sɛ Wo Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?
kn35 kr. 1-4

Ahenni Asɛm Nɔma 35

So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?

Yɔnkodɔ Ano Adwo

NNIPA ɔpepem pii nni anidaso ne anigye, na wonni baabiara a wobenya mmoa afi. Adwumawura bi a onyin ama wagyae adwuma kae sɛ: ‘Anwummere bi okunafo bi a ɔne me te fie biako mu bɛbɔɔ me pon mu kae sɛ onnya obiara ne no mmɔ. Mede obu ka kyerɛɛ no pen sɛ minni adagyew. Ɔpaa kyɛw sɛ wabɛhaw me na ofii hɔ kɔe.’

Awerɛhosɛm ne sɛ okunafo no kum ne ho saa anadwo no ara. Akyiri yi, adwumawura no kae sɛ wasua biribi “ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so.”

Sɛ yɔnkodɔ nni hɔ a, amanehunu na ɛtaa ba. Wɔpam nnipa bɛboro ɔpepem biako fii wɔn fie na wokunkum ɔpedudu pii wɔ mmusua ntam akodi a esii wɔ Bosnia ne Herzegovina a anka ɛka Yugoslavia ho no mu. Henanom na wɔyɛɛ saa? Abeawa bi a na wɔapam no afi n’akuraa ase de su kae sɛ: “Yɛn afipamfo. Yenim wɔn.”

Wokunkum nnipa ɔpehaha pii wɔ Rwanda, mpɛn pii no wɔn ankasa afipamfo na wokunkum wɔn. The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Hutufo ne Tutsifo [traa ase] boom, wodii ayeware, na na wonnwen ho anaa wonnim mpo sɛ oyi yɛ Hutuni anaa Tutsini. Afei biribi sii mpofirim” na “nnipakum no fii ase.”

Saa ara nso na Yudafo ne Arabfo a wɔwɔ Israel no te faako, nanso pii tan wɔn ho wɔn ho. Ɛte saa ara wɔ Katolekfo ne Protestantfo fam wɔ Ireland, ne nnipa a wɔn dodow rekɔ anim wɔ aman foforo mu fam. Ɔdɔ nyerae wɔ wiase wɔ abakɔsɛm mu saa da.

Dɛn Nti na Yɔnkodɔ Ano Adwo?

Yɛn Bɔfo no de mmuae no ma. N’asɛm Bible no frɛ bere a yɛte mu yi sɛ “nna a edi akyiri,” bere a Bible nkɔmhyɛ ka sɛ nnipa rennya ‘onuadɔ.’ Yesu Kristo kaa “mmere a emu yɛ den” yi, a wɔsan frɛ no wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei,” ho asɛm siei sɛ “wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwo.”—2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3, 12, New World Translation.

Ɔdɔ a enni hɔ nnɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte wiase yi nna a edi akyiri mu no fã. Anigyesɛm ne sɛ ɛsan kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, wiase foforo a trenee te mu a ɔdɔ di so besi amumɔyɛfo wiase yi ananmu.—Mateo 24:3-14; 2 Petro 2:5; 3:7, 13.

Nanso so yɛwɔ nea yebegyina so ankasa agye adi sɛ nsakrae a ɛte saa betumi aba—kyerɛ sɛ nnipa nyinaa betumi asua sɛnea wɔbɛdodɔ wɔn ho na wɔatra ase asomdwoe mu?

Yɔnkodɔ—Ɛwɔ Hɔ Ankasa

Afeha a edi kan no mu mmaranimfo bi bisaa Yesu sɛ: “Hena ne me yɔnko?” Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔhwɛ kwan sɛ Yesu bɛka sɛ, ‘Wo mfɛfo Yudafo.’ Nanso Yesu kyerɛe wɔ asɛm bi a ɔka faa Samariani yamyefo bi ho no mu sɛ nnipa a wofi aman foforo mu nso yɛ yɛn yɔnkonom.—Luka 10:29-37; Yohane 4:7-9.

Yesu sii so dua sɛ, wɔ Onyankopɔn dɔ akyi no, ɛsɛ sɛ yɔnkodɔ kyerɛ yɛn asetra kwan. (Mateo 22:34-40) Nanso so nnipakuw bi ayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn yɔnkonom ankasa pɛn? Kristofo a wodi kan no yɛɛ saa! Ná wonim wɔn sɛ wɔwɔ ɔdɔ ma afoforo.—Yohane 13:34, 35.

Ɛnnɛ nso ɛ? So ebinom yi ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no adi kyerɛ? Encyclopedia Canadiana ka sɛ: “Yehowa Adansefo adwuma no yɛ tete Kristosom a Yesu ne n’asuafo de wɔn ho hyɛɛ mu no a wɔasan de asi hɔ . . . Wɔn nyinaa yɛ anuanom.”

Ɛno kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mma hwee—honam ani hwɛbea, ɔman, anaa kasa a wɔka—mma wɔntan wɔn yɔnkonom. Saa ara nso na wonkum obiara, efisɛ wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare. (Yesaia 2:4) Nokwarem no, wonim sɛ Adansefo no fi wɔn pɛ mu boa wɔn yɔnkonom.—Galatifo 6:10.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ California Sacramento Union mu asɛm bi kae sɛ: “Nea yebetumi aka ara ne sɛ sɛ wiase no nyinaa tra ase ma ɛne Yehowa Adansefo gyidi hyia a, anka mogyahwiegu ne nitan to betwa, na ɔdɔ bedi hene.” Hungary Ring nsɛmma nhoma no kyerɛwfo bi kae sɛ: “Mabehu sɛ sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔte asase so a, anka ɔko begyae, na nnwuma a polisifo bɛyɛ ara ne sɛ wɔbɛkyerɛ kar kwan na wɔde akwantu tumi nkrataa amema.”

Nanso, yegye tom sɛ sɛ nnipa nyinaa bɛdodɔ wɔn ho a, ebehia sɛ nsakrae kɛse bi ba wɔ wiase nyinaa. Ɛbɛyɛ dɛn na saa nsakrae no aba? (Yɛsrɛ wo hwɛ akyi hɔ.)

Bere A Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Wɔn Ho

Mpae bi a Yesu Kristo kyerɛe da no adi sɛ nsakrae kɛse bi abɛn. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkyerɛe sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Ɛyɛ aban ankasa, nea efi soro di tumi. Ɛno nti na wɔfrɛ no “ɔsoro ahenni no.” Yesu Kristo a ɔyɛ “Asomdwoe-hene” no Papa na wapaw no sɛ onni so hene.—Mateo 10:7; Yesaia 9:6, 7; Dwom 72:1-8.

Sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba a, dɛn na ɛbɛba wiase a ɔtan ahyɛ mu ma yi so? ‘Ahenni no bebubu’ wiase yi nniso horow a aporɔw no nyinaa ‘ma asa.’ (Daniel 2:44) Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wiase . . . retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

Bible no ka Onyankopɔn wiase foforo no ho asɛm sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:9-11, 29; Mmebusɛm 2:21, 22) Hwɛ anigye bere a ɛbɛyɛ! “Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:4) Awufo mpo bɛtra ase bio, na wɔbɛdan asase mũ no nyinaa paradise ankasa.—Yesaia 11:6-9; 35:1, 2; Luka 23:43; Asomafo no Nnwuma 24:15.

Sɛ yɛbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu a, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho, sɛnea Onyankopɔn kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no. (1 Tesalonikafo 4:9) Apuei fam Bible suani bi kae sɛ: “Mehwɛ bere a nnipa nyinaa besua sɛnea wɔbɛdodɔ wɔn ho wɔn ho no kwan sɛnea Bible hyɛ bɔ no.” Na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ ahorow so! Ɔka sɛ: “Makasa, na mɛma aba mu.”—Yesaia 46:11.

Nanso sɛ wubenya nhyira horow no bi wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu a, ɛsɛ sɛ wunya Bible mu nimdeɛ, sɛnea nnipa komapafo mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa reyɛ no. (Yohane 17:3) Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa a ekura nkratafa 32 no bɛboa wo. Wubenya biako bere a wohyehyɛ krataa a wɔde kra a ɛwɔ kratafa a edi eyi anim na wode mena address a ɛbɛn wo fie no.

□ Mepɛ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no biako.

□ Mesrɛ sɛ mommehu me ne me mmɛyɛ Bible adesua a wontua hwee.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Ɔsraani ne ayi a wɔreyɛ wɔ Bosnia: Reuters/Corbis-Bettmann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena