Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 8 kr. 107-kr. 110 nky. 1
  • Ɛnne Nnyigyei a Ɛfata

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnne Nnyigyei a Ɛfata
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnne Nsakrae
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Sakra Wo Nne
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Atiefo Anim Hwɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • W’atiefo Fa Mu Aba
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 8 kr. 107-kr. 110 nky. 1

ADESUA 8

Ɛnne Nnyigyei a Ɛfata

Dɛn na ehia so woyɛ?

Kasa den sɛnea ɛsɛ anaasɛ ma wo nne so. Sɛ woredwen ɛnne a ɛfata ho a, susuw (1) w’atiefo no dodow ne nnipa ahorow a wɔwɔ hɔ, (2) dede a ɛtwetwe adwene, (3) nea woreka ho asɛm no, ne (4) wo botae ho.

Dɛn nti na ɛho hia?

Sɛ afoforo ante nea woreka no yiye a, wɔn adwene betumi akyinkyin, na ebia wɔrente nea woreka no ase. Sɛ wokasa denneennen dodo a ebetumi ama nkurɔfo ho ayeraw wɔn—na mpo wɔasusuw sɛ worebu wɔn animtiaa.

SƐ BAGUAM ɔkasafo ntumi nkasa den sɛnea ɛsɛ a, ebetumi ama atiefo no bi afi ase atɔ nko. Sɛ ɔdawurubɔfo kasa nyaa dodo wɔ asɛnka mu a, ebetumi ayɛ den sɛ ofiewura no bɛyɛ aso ama no. Afei nso sɛ atiefo rema mmuae wɔ nhyiam ase na wɔankasa den a, ɛrenhyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nkuran papa. (Heb. 10:24, 25) Ɔkwan foforo so no, sɛ ɔkasafo no ma ne nne so wɔ bere a ɛnsɛ mu a ebetumi ama atiefo no ho ayeraw wɔn—na ebetumi ahyɛ wɔn abufuw mpo.—Mmeb. 27:14.

Susuw W’atiefo Ho. Hena na worekasa akyerɛ no? obiakofo? abusua? kuw ketewa bi a wɔahyiam rebɛkɔ asɛnka? asafo mũ no nyinaa? anaa nhyiam kɛse ase? Ɛda adi pefee sɛ ebia ɛnne a ɛbɛfata ama tebea bi no remfata wɔ tebea foforo mu.

Onyankopɔn asomfo akasa akyerɛ atiefo a wɔdɔɔso wɔ mmere ahorow mu. Bere a wɔrebue Yerusalem asɔrefie no ano wɔ Salomo bere so no, na akasam afiri biara nni hɔ. Enti Salomo gyinaa apa tenten bi so “de nne kɛse” hyiraa nkurɔfo no. (1 Ahe. 8:55; 2 Be. 6:13) Mfehaha bi akyi bere a wohwiee honhom kronkron gui wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, nnipadɔm kɛse—anigyefo ne fɛwdifo—twaa Kristofo kuw ketewaa no ho hyiae wɔ Yerusalem. Petro de nyansa dii dwuma “sɔre gyinae, na ɔmaa ne nne so.” (Aso. 2:14) Odii adanse a etu mpɔn.

Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ɛnne a wode rekasa no fata tebea a wowom no? Ɔkwan a eye kyɛn so a wode behu ne sɛnea atiefo no yɛ wɔn ade. Sɛ wuhu sɛ atiefo no bi rewɛn wɔn aso atie wo a, ɛsɛ sɛ woma wo nne so.

Sɛ́ ebia yɛrekasa akyerɛ obiakofo anaa nnipakuw no, nyansa wom sɛ yebesusuw nea yɛrekasa akyerɛ no no ho. Sɛ obi asom yɛ den a, ebehia sɛ woma wo nne so. Nanso sɛ woteɛteɛm a, ɛremma wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wontumi nni wo kasa no akyi ntɛmntɛm no ani nnye wo ho. Ebetumi ama wɔasusuw sɛ wummu ade. Wɔ mmeae bi no sɛ obi ma no nne so pii a, ɛkyerɛ sɛ ne bo afuw anaasɛ onni abotare.

Susuw Dede a Ɛtwetwe Adwene Ho. Sɛ wokɔ asɛnka a, tebea ahorow a wuhyia no na ɛkyerɛ ɛnne a ehia sɛ wode di adanse. Ebia ebehia sɛ wudi dede a kar yɛ, mmofra nteɛteɛm, akraman a wɔrepow, nnwom a wɔrebɔ no denneennen, anaa TV a wɔabue no kɛse so. Ɔkwan foforo so no, wɔ mmeae a afie no bemmɛn ho no, sɛ wokasa denneennen ma afipamfo a aka no te a ebetumi ahaw ofiewura no.

Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔma ɔkasa wɔ asafo nhyiam anaa ɔmantam nhyiam ase no tumi di tebea horow bi so. Ɛsono sɛnea wɔkasa kyerɛ atiefo wɔ abɔnten so ɛnna ɛsono sɛnea wɔma ɔkasa wɔ asa a wotumi te kasa wom yiye so. Wɔ Latin Amerika no bere a na asɛmpatrɛwfo baanu bi akyɛ baguam ɔkasa bi rema wɔ onigyeni bi fie aboboano no, na bere koro no ara wɔretotow nsramma kɔ soro wɔ agodibea bi a ɛbɛn wɔn, na na akokɔnini bi a ɔbɛn hɔ nso rebɔn ntoatoaso!

Bere a ɔkasa bi rekɔ so no, biribi betumi asi a ɛbɛhwehwɛ sɛ ebia wobɛhome wo kasa no so kosi sɛ dede no bɛbrɛ ase anaasɛ wobɛma wo nne so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔreyɛ nhyiam wɔ ɔdan bi a wɔde nkyɛnsee abɔ so mu na sɛ osu kɛse bi gyae mu mpofirim a, ɛma ɛyɛ den sɛ atiefo no bɛte nea ɔkasafo no reka no. Akyinnye biara nni ho sɛ, abofra bi a ɔresu anaa dede a obi a waka akyi yɛ no bɛhaw adwene. Sua sɛ wubedi nneɛma a ɛtwetwe adwene no ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a w’atiefo betumi anya asɛm a woreka no so mfaso yiye.

Sɛ akasam afiri wɔ hɔ a, ebetumi aboa, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkasafo no ma ne nne so bere a ehia sɛ ɔyɛ saa no. Wɔ mmeae bi a wɔtaa dunnum nkanea no, ɛsɛ sɛ akasafo no toa wɔn kasa so a wɔmfa akasam afiri nni dwuma.

Susuw Nea Woreka Ho Asɛm no Ho. Asɛm ko a woresusuw ho no nso bɛkyerɛ ɛnne a ɛsɛ sɛ wode kasa. Sɛ asɛm no hwehwɛ sɛ wokasa den a, nkasa bɔkɔɔ mfa nsɛe kasa no. Sɛ nhwɛso no, sɛ worekenkan asɛm bi a etia biribi afi Kyerɛwnsɛm mu a ɛsɛ sɛ woka no ahoɔden so sen bere a worekenkan afotu a ɛfa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wɔda no adi ho no. Ma wo nne ne asɛm a woreka no nhyia, nanso hwɛ yiye na woantwe adwene amma wo ho so.

Susuw Wo Botae no Ho. Sɛ wopɛ sɛ wokanyan w’atiefo ma wɔde nsi yɛ adwuma bi a, ebehia sɛ wode nne a ahoɔden wom kakra kasa. Sɛ wopɛ sɛ wosesa wɔn nsusuwii a, nteɛteɛm denneennen mfa mmu wɔn abam. Sɛ worebɔ mmɔden akyekye wɔn werɛ a, kasa bɔkɔɔ.

Ɛnne a Ano Yɛ Den a Wode Bedi Dwuma Yiye. Sɛ wopɛ sɛ woma obi a ɔreyɛ ade tie wo a, mpɛn pii no, wo nne a wobɛma so no boa. Awofo nim eyi, enti sɛ bere du sɛ wɔn mma gyae agoru di na wɔba fie a wɔteɛm frɛ wɔn. Sɛ oguamtrani bi rema wɔafi asafo nhyiam anaa ɔmansin nhyiam ase anaa ɔde reba awiei a, ne nne so a ɔbɛma nso betumi ayɛ nea ɛho hia. Bere a adawurubɔfo nam asɛnka mu na wɔakɔto nkurɔfo a wɔreyɛ adwuma wɔ abɔnten so no, wobetumi ama wɔn nne so akyia wɔn.

Sɛ obi yɛ aso tie nea woreka no mpo a, ɛho hia sɛ wokɔ so kasa den sɛnea ɛsɛ. Ɛnne a ɛba fam koraa betumi akyerɛ sɛ woansiesie wo ho yiye anaasɛ wunni ahotoso wɔ nea woreka no mu.

Sɛ ahyɛde ka kasa bi ho a, wo nne so a wobɛma no betumi akanyan nkurɔfo ma wɔayɛ ade. (Aso. 14:9, 10) Saa ara nso na, ahyɛde a wɔka no ahoɔden so no betumi adan obi afi adebɔne bi ho. Wɔ Filipi no, ofiasehwɛfo bi yɛe sɛ obedi no ho dɔm efisɛ osusuwii sɛ ne nneduafo no aguan. “Paulo de nne kɛse teɛɛm sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha!” Saa kwan yi so no ahodɔmdi no amma so. Afei Paulo ne Silas dii ofiasehwɛfo no ne ne fiefo nyinaa adanse ma wobegyee nokware no.—Aso. 16:27-33.

Ɔkwan a Wobɛfa so Ama Wo Nne Nnyigyei Atu Mpɔn. Wɔ ebinom fam no, ebehia sɛ wɔyere wɔn ho paa na ama wɔahu sɛnea wɔde nne a ɛfata bɛkasa. Esiane sɛ obi ntumi nkasa den nti, ebia ontumi mma ne nne so. Nanso, sɛ ɔyere ne ho a ebetumi ayɛ yiye, ɛmfa ho sɛ ebia ɔda so kasa bɔkɔɔ no. Hwɛ sɛnea wohome ne sɛnea wugyina hɔ no yiye. Sua sɛnea wobɛtra ase na woasɔre agyina yiye. Sẽẽ wo bo na gu ahome kɛse. Hwɛ hu sɛ woatwe mframa akɔ w’ahurututu mu yiye. Saa mframa yi a wode bedi dwuma yiye no na ɛbɛboa wo ma woadi wo nne so bere a worekasa no.

Afoforo nso haw ne sɛ wɔkasa denneennen dodo. Ebia wonyaa saa su no fii adwuma a wɔyɛ wɔ abɔnten so anaa baabi a dede wɔ. Anaasɛ ebetumi aba sɛ wɔtetee wɔn wɔ baabi a obiara teɛteɛm, anaasɛ dede wɔ hɔ. Ne saa nti wɔte nka sɛ nea wɔbɛyɛ ma wɔate wɔn nka ne sɛ wɔbɛma wɔn ano aboro afoforo de so. Bere a wɔkɔ so tie Bible mu afotu a ese wɔnhyɛ “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre” no, wɔbɛyɛ nsakrae wɔ ɛnne a wɔde kasa mu bere a wɔne afoforo di nkɔmmɔ no.—Kol. 3:12.

Ahosiesie pa a wobɛyɛ, osuahu a wunya wɔ asɛnka a wotaa kɔ mu, ne Yehowa mpae a wobɔ no bɛboa wo ma wode ɛnne a ɛfata akasa. Sɛ wugyina asɛnka agua so rekasa anaasɛ woredi adanse wɔ asɛnka mu no, bɔ mmɔden sɛ wode w’adwene besi ɔkwan a wobɛfa so aboa nea ɔretie wo no so denam nea woreka a ɔbɛte no so.—Mmeb. 18:21.

BERE A EBEHIA SƐ WOMA WO NNE SO

  • Bere a wopɛ sɛ nnipadɔm yɛ aso tie wo.

  • Bere a wopɛ sɛ wudi dede a ɛtwetwe adwene so.

  • Bere a wopɛ sɛ wunya w’atiefo ma wɔyɛ aso ma wo bere a woreka biribi a ɛho hia paa no.

  • Bere a wopɛ sɛ wokanyan w’atiefo ma wɔde w’asɛm no di dwuma.

  • Nea wobɛyɛ ma obi anaa kuw bi ayɛ aso ama wo.

SƐNEA WUBETU MPƆN

  • Hwɛ sɛnea wɔn a wo ne wɔn rekasa no yɛ wɔn ade no yiye; fa ɛnne a ɛsɛ kasa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atie wo a wɔremmrɛ ho.

  • Sɛ worehome a sua sɛnea wobɛtwe mframa pii akɔ w’ahurututu no fã a ɛwɔ ase no mu.

DWUMADI: Nea edi kan no, kenkan Asomafo no Nnwuma 19:23-41 wɔ wo tirim, na nya sɛnea wɔahyehyɛ asɛm no aka ho asɛm sɛnea esii no mu ntease. Hyɛ onii a ɔrekasa no ne nneyɛe a ɔda no adi no nsow. Afei kenkan no den na fa ɛnne a ɛfata ma ɔfã biara di dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena