Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 9 kr. 111-kr. 114 nky. 3
  • Ɛnne Nsakrae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnne Nsakrae
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sakra Wo Nne
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ɛnne Nnyigyei a Ɛfata
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Wo Nne Ankasa a Wode Kasa
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nkɔmmɔbɔ Kwan So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 9 kr. 111-kr. 114 nky. 3

ADESUA 9

Ɛnne Nsakrae

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Sakra wo nne nnyigyei mu. Wɔ adesua yi mu no yebesusuw sɛnea ɛnne kɔ brɛoo anaa ntɛmntɛm, ne ano den ho.

Dɛn nti na ɛho hia?

Ɛnne nsakrae a ɛfata ma ɔkasa yɛ dɛ, ɛkanyan nkate, na ɛma wotumi yɛ ho biribi.

Sɛ woansakra wo nne a, ebetumi akyerɛ sɛ wunni asɛm a woreka no ho anigye papa.

ADWENE a ɛwɔ w’asɛm mu a wubesi so dua tiawa no bɛboa w’atiefo no ma wɔate nea woreka no ase. Nanso sɛ wode ɛnne nsakrae, sɛnea wobɛma wo kasa akɔ brɛoo anaa ntɛm, ne sɛnea wobɛgow mu anaa wobɛma mu ayɛ den di dwuma yiye a, wo kasa no tie bɛyɛ dɛ paa. Nea ɛsen saa no, ebetumi ama w’atiefo no ahu sɛnea wote nka wɔ nea woreka no ho. Nea wobɛyɛ wɔ asɛm a woreka no ho no betumi anya sɛnea wɔte nka wɔ ho no so nkɛntɛnso. Eyi te saa, sɛ́ worekasa wɔ asɛnka agua so anaasɛ wo ne obi na ɛrekasa wɔ asɛnka mu no.

Onipa nne yɛ adwinnade a ɛyɛ nwonwa a wotumi de yɛ nneɛma akɛse pii. Sɛ wɔde di dwuma yiye a, ebetumi ama ɔkasa ayɛ ahomeka, aka koma, akanyan nkate, na ama wɔde nea wɔka no adi dwuma. Nanso, wuntumi nyɛ eyi denam nsɛm ase a wobɛsensan de ahu faako a ɛsɛ sɛ woma wo nne so, woma wo kasa kɔ ntɛm, anaasɛ wosakra wo nne nnyigyei no so. Sɛnkyerɛnne a ɛte saa a wubedi akyi asakra wo nne no remma wo kasa no tie nyɛ dɛ. Sɛ́ anka ɛbɛma nsakrae a ɛyɛ dɛ aba wo kasa mu na ayɛ anigye no, ɛbɛma w’atiefo no ho ayeraw wɔn. Ɛnne nsakrae a ɛfata no fi komam.

Sɛ ɔkasafo no de di dwuma yiye a, ɛrentwetwe adwene mma no so. Mmom no, ɛbɛboa atiefo no ma wɔate asɛm a wɔresusuw ho no ase yiye.

Siesie Ɛnne No. Ɔkwan biako a wubetumi afa so asakra wo nne ne sɛ wubesiesie no. Nanso eyi nkyerɛ sɛ wobɛkɔ so ama wo nne so anaa wobɛbrɛ no ase mpɛn pii na ama ayɛ mfonoe. Ɛbɛsɛe adwene a ɛwɔ nea woreka no mu no. Sɛ wotaa ma wo nne so mpɛn pii a, ɛmma kasa no nyɛ nea ahomeka wom.

Ɛsɛ sɛ nne a wode kasa no fata asɛm a woreka no. Sɛ worekenkan ahyɛde bi a ɛho hia paa, te sɛ nea ɛwɔ Adiyisɛm 14:6, 7, anaa nea ɛwɔ Adiyisɛm 18:4, anaa asɛm bi a ɛda ahotoso a emu yɛ den adi, te sɛ nea ɛwɔ Exodus 14:13, 14 no a, ɛnne a wobɛma so kakra sɛnea ɛsɛ ho behia. Saa ara na sɛ worekenkan Bible mu asɛm bi a ano yɛ den te sɛ nea ɛwɔ Yeremia 25:27-38 no a, wo nne a wobɛsakra mu no bɛma nsɛntitiriw a ɛwom no ada adi.

Susuw wo botae ho nso. So wopɛ sɛ wokanyan w’atiefo ma wɔyɛ biribi? Wopɛ sɛ woma nsɛntitiriw a ɛwɔ w’asɛm no mu da adi? Ɛnne a ano yɛ den a wode bedi dwuma anifere kwan so no boa ma wudu botae ahorow yi ho. Nanso wo nne a wobɛma so kɛkɛ no remma wuntumi nni w’atirimpɔw no ho dwuma. Ɔkwan bɛn so? Ebia asɛm a woreka no bɛhwehwɛ sɛ woda nkate ne ɔhyew adi sen sɛ wobɛma wo nne so. Yebesusuw eyi ho wɔ Adesua a ɛto so 11 no mu.

Sɛ wode ɛnne a wɔsakra mu ma ɛba fam di dwuma nyansa mu a, ɛbɛma atiefo no ahwɛ biribi kwan. Nanso mpɛn pii no ɛno hwehwɛ sɛ sɛ wuwie a woma wo nne so ma ano yɛ den. Wobetumi de ɛnne a ɛwɔ fam na bere koro no ara ano yɛ den aka asɛm a ɛyɛ ahometew anaasɛ ɛyɛ hu. Wubetumi nso de ɛnne a wɔbrɛ no ase adi dwuma de akyerɛ sɛ nea woreka no ho nhia pii te sɛ nsɛm a aka no. Nanso, sɛ wo nne wɔ fam bere nyinaa a, eyi betumi akyerɛ sɛ w’adwene nsi pi wɔ nea woreka no ho anaasɛ w’ani nnye asɛm a woreka no ho papa. Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔda nhumu adi bere a wɔde ɛnne a ɛba fam paa di dwuma no.

Sakra Sɛnea Wo Kasa Kɔ Bɔkɔɔ Anaa Ntɛmntɛm No. Wɔ yɛn da biara da kasa mu no, nsɛm a yɛka no ankasa na ɛba. Sɛ yɛn ani gye a yɛkasa ɔhare so. Sɛ yɛpɛ sɛ afoforo kae nea yɛka kyerɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ a, yɛkasa bɔkɔɔ.

Nanso, akasafo kakraa bi a wɔnkasae wɔ asɛnka agua so pɛn no taa kasa bɔkɔɔ anaa ntɛmntɛm. Dɛn ntia? Wɔde ahwɛyiye a ɛboro so na esiesie wɔn nsɛm no. Ebetumi aba sɛ wɔbɛkyerɛw ne nyinaa wɔ krataa so. Sɛ wɔnkyerɛw ɔkasa a wɔrema no mu nsɛm nyinaa mpo a, wobetumi afi wɔn tirim aka ne nyinaa. Eyi ma wɔde ɛnne nnyigyei biako na ɛma ɔkasa no nyinaa. Sɛ wosua sɛnea wɔhwɛ krataa so ma ɔkasa a, ɛbɛboa ayi saa mmerɛwyɛ no afi hɔ.

Kwati sɛ wobɛma wo kasa no akɔ ntɛm prɛko pɛ te sɛ agyinamoa bi a ɔnam na ohu ɔkraman a ohuruw prɛko pɛ no. Na nkasa ɔhare so dodo na w’ano anfomfom.

Sɛ wubetumi asakra sɛnea wo kasa kɔ mu a, nkyekyɛ ɔkasa no mu pɛpɛɛpɛ nkyerɛ baabi a wobɛma akɔ ntɛmntɛm ne baabi a wobɛma akɔ bɔkɔɔ kɛkɛ. Sɛ́ anka saa kwan no bɛma wo kasa atu mpɔn no, ɛbɛsɛe no mmom. Ɛsɛ sɛ woma wo kasa a wobɛsakra mu no ne asɛm a woreka, nkate a wopɛ sɛ woda no adi, ne botae a esi w’ani so no, hyia. Ma wo kasa no wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so. Sɛ wopɛ sɛ wokanyan anigye a, kasa ɔhare so sɛnea wokasa daa no. Eyi nso ho behia bere a woreda nsɛm a ɛho nhia pii adi, anaa bere a woreka nsɛm bi a enhia sɛ woka emu nsɛm nyinaa no. Eyi bɛma nsakrae aba wo kasa no mu na emu anyɛ den dodo. Nanso, mpɛn pii no, nsɛm a emu yɛ duru, nsɛntitiriw, ne nsɛm a wɔde wie ɔkasa no hia sɛ wɔka no bɔkɔɔ.

Sakra Sɛnea Wo Nne Ano Yɛ Den Mu. Yɛ obi a ɔde dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa rebɔ sanku ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Ɔde sanku nnyigyei biako pɛ na edi dwuma saa bere yi nyinaa—mfiase no ɔbɔ no denneennen, na wabɔ no bɔkɔɔ, ɛtɔ mmere bi a ɔbɔ no ntɛmntɛm, na afei wabrɛ no ase koraa. Nsakrae wɔ sɛnea ɛkɔ ntɛm anaa bɔkɔɔ ne sɛnea ano yɛ den no mu, nanso sɛ nsakrae nni ano den no mu a, “nnwom” no renyɛ dɛ. Saa ara na sɛ nsakrae amma yɛn kasa ano den mu a, yɛn nne renyɛ afoforo dɛ.

Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ kasa ano den a wɔsakra no no nni dwuma biako wɔ kasa nyinaa mu. Wɔ kasa a wɔka wɔ menewa mu te sɛ Chinafo kasa no, asɛmfua bi a ano yɛ den a wobɛsakra no betumi asesa nea asɛmfua no kyerɛ. Nanso, wɔ kasa a ɛte saa mu mpo no, biribi wɔ hɔ a obi betumi ayɛ de asakra ɛnne no ma ntease aba n’asɛm no mu. Obetumi ahwɛ sɛnea asɛm no tenten te, bere a ɔde n’adwene si ɛnne ahorow no so no. Enti obetumi ama baabi a ɛsɛ sɛ ɛkɔ soro no akɔ soro na baabi a ɛsɛ sɛ ɛba fam no aba fam.

Wɔ kasa ahorow a wɔnka no menewam mpo mu no, ano den a wɔsakra no betumi ada adwene ahorow adi. Sɛ nhwɛso no, sɛ woma ano yɛ den kakra na woma wo nne so a, ebesi adwene a ɛwom no so dua. Anaasɛ ɛnne mu nsakrae betumi akyerɛ sɛ biribi yɛ kɛse anaa ɔkwan a ɛda ntam ware anaasɛ ɛyɛ tiawa. Sɛ ɛnne kɔ soro wɔ kasa bi awiei a, ebetumi akyerɛ sɛ wɔrebisa asɛm bi. Kasa bi wɔ hɔ a ebehia sɛ nnyigyei no ba fam.

Wobetumi de ɛnne a ano yɛ den aka nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛkanyan adwene. (Wɔ kasa a wɔka wɔ menewam mu no ebehia sɛ woma wo nne so.) Sɛ woreka asɛm bi a ɛyɛ awerɛhow anaa ahometew a ɛsɛ sɛ wo nne no ba fam. (Anaasɛ wɔ kasa a wɔka wɔ menewam mu no ɛsɛ sɛ ɛyɛ ketewa.) Nkate a wɔka ho asɛm wɔ ha no na ɛboa ɔkasafo no ma odu komam. Sɛ woreda no adi a nkeka nsɛm no kɛkɛ. Fa wo nne di dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ wo nso wote nka saa.

Fapem a Wobɛto. Ɛhe na ɛsɛ sɛ ɛnne nsakrae no fi ase? Efi ase fi bere a worepaw nsɛm a ɛfata ama wo kasa no. Sɛ wopaw nkyerɛkyerɛmu nkutoo anaa afotusɛm nkutoo a worennya kwan mfa nnannan wo kasa no mu. Enti yɛ nsɛm a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no mu nhwehwɛmu yiye na hwɛ hu sɛ woanya nsɛm a ɛfata a wode bɛma kasa no ma atɔ asom.

Fa no sɛ bere a wudu kasa no mfinimfini no, wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wodannan wo kasa no mu kakra efisɛ kasa no yɛ twitwitwitwi. Dɛn na wobɛyɛ? Sesa sɛnea worema ɔkasa no. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan biako ne sɛ wubebue Bible no mu, na woato nsa afrɛ atiefo no sɛ wommue wɔn de, na woakenkan kyerɛwsɛm bi sen sɛ wobɛkasa kɛkɛ. Anaa dan asɛm no bi asɛmmisa, na home so fa si so dua. Fa mfatoho tiawa bi hyɛ mu. Eyi yɛ akwan a akasafo a wɔn ho akokwaw binom fa so. Nanso ɛmfa ho sɛnea w’ahokokwaw te no, wubetumi de nyansahyɛ koro no ara adi dwuma bere a woresiesie wo kasa no.

Yebetumi aka sɛ ɛnne nsakrae na ɛma ɔkasa yɛ dɛ na ɛyɛ huam. Sɛ wode nea ɛfata di dwuma sɛnea ɛsɛ a, ɛbɛma wo kasa no ayɛ dɛ na w’atiefo ani agye ho.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Sakra wo nne nnyigyei bere a woreka ahyɛde bi a egye ntɛmpɛ, woreda ahotoso a emu yɛ den adi, anaa worekasa tia biribi no. Susuw afã horow a ebehia sɛ woma wo nne so no ho yiye.

  • Kasa ntɛmntɛm anaa bɔkɔɔ denam nsɛm a ɛho nhia pii a wobɛka no ntɛmntɛm so na tɔ wo bo ase kyerɛkyerɛ nsɛm mu na da nsɛntitiriw adi. Sɛ woreda anigyesɛm bi adi a, kasa ɔhare so.

  • Sakra ano den no, sɛ ɛfata a, ma ɛnka koma. Wɔ kasa a wɔka wɔ menewa mu ho no, ma wo nne nkɔ soro anaa ɛmmra fam.

  • Ɛnne nsakrae fi ase bere a worepaw nsɛm a wode bɛma wo kasa no.

DWUMADI AHOROW: (1) Kenkan 1 Samuel 17:17-53 kyerɛ wo ho, na hyɛ faako a wubenya hokwan de asakra wo nne, sɛnea wobɛma wo kasa akɔ ntɛm ne bɔkɔɔ, ne wo kasa ano den sɛnea ɛfata no nsow. Afei kenkan no den ma emu nna hɔ nanso nteɛteɛm. Yɛ eyi mpɛn pii. (2) Nea ɛbɛyɛ na wo nne ayɛ fakaa no, kenkan nkyekyem 48-51 no den na kan no ɔhare so sɛnea wubetumi a w’ano mfomfom. Kenkan no mpɛn pii na emu nna hɔ na kɔ so ma wo nne so. Na afei san tɔ wo bo ase kenkan asɛm koro no ara bɔkɔɔ. Nea edi hɔ no, kenkan no ntɛmntɛm na san kenkan no bɔkɔɔ kosi sɛ wo nne no bɛtɔ so sɛnea wohwehwɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena