ADESUA 21
Kyerɛwnsɛm a Wosi So Dua Yiye Wɔ Akenkan Mu
SƐ WOKA Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ afoforo, sɛ́ ebia woyɛ saa wɔ kokoam anaa asɛnka agua so no, ɛsɛ sɛ wo nkɔmmɔbɔ no gyina nea ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so. Mpɛn pii no eyi hwehwɛ sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm fi Bible mu, na ɛsɛ sɛ woyɛ no yiye.
Wɔda Nkate Adi Wɔ Asɛm a Wosi so Dua Yiye Mu. Ɛsɛ sɛ wode nkate kenkan kyerɛw nsɛm. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ. Sɛ wokenkan Dwom 37:11 den a, ɛsɛ sɛ wo nne da anigye a wode rehwɛ asomdwoe a wɔahyɛ ho bɔ wɔ hɔ kwan no adi. Sɛ wokenkan Adiyisɛm 21:4 a ɛfa amanehunu ne owu a ɛbɛba awiei no ho a, ɛsɛ sɛ wo nne da anisɔ a wowɔ ma ahotɔ a wɔahyɛ ho bɔ no adi. Ɛsɛ sɛ wode ɛnne a ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ ade ntɛm so na ɛkenkan Adiyisɛm 18:2, 4, 5, a ɛhwehwɛ sɛ wofi “Babilon kɛse” no mu no. Ɛwom, ɛsɛ sɛ wufi komam da wo nkate adi nanso ɛnsɛ sɛ woyɛ ma ɛboro so. Asɛm no ankasa ne ɔkwan a wɔnam so de redi dwuma no na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ nkate a ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ ho.
Si Nsɛmfua a Ɛfata so Dua. Sɛ asɛm a wobɛka afa kyerɛwsɛm bi ho no gyina ne fã bi pɛ so a, ɛsɛ sɛ wotwe adwene si saa ɔfã no so bere a worekenkan no. Sɛ nhwɛso no, sɛ worekenkan Mateo 6:33 a, worensi “ne trenee” anaa “nea aka nyinaa” so dua bere a wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nea ‘ahenni no a wɔhwehwɛ no kan’ kyerɛ mu no.
Wɔ Ɔsom Nhyiam kasa bi mu no, ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan Mateo 28:19. Nsɛmfua bɛn na ɛsɛ sɛ wusi so dua? Sɛ wopɛ sɛ wohyɛ nsiyɛ a wɔde befi ofie Bible adesua ase ho nkuran a, si ‘monkɔyɛ asuafo’ no so dua. Nanso sɛ wopɛ sɛ woka asɛyɛde a Kristofo wɔ sɛ wɔka Bible mu nokware no kyerɛ atubrafo, anaasɛ wopɛ sɛ wohyɛ adawurubɔfo bi nkuran ma wɔkɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse a, wubetumi asi “amanaman nyinaa” so dua.
Mpɛn pii no, wɔde kyerɛwsɛm bua asɛm bi anaa wɔde kyerɛkyerɛ asɛm bi a afoforo adwenem nteɛ wɔn wɔ ho mu. Sɛ wusi adwene a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa so dua pɛ a, ebia w’atiefo no ntumi nhu asɛm no ani so. Ebia wo na wobɛte asɛm no ase, na ɛnyɛ wɔn.
Sɛ nhwɛso no, sɛ worekenkan Dwom 83:18 afi Bible a Onyankopɔn din wom mu na sɛ wotwe adwene nyinaa si “ɔsorosoroni” so a, ofiewura no ntumi nhu nokwasɛm pefee a ɛne sɛ Onyankopɔn wɔ din no. Ɛsɛ sɛ wusi edin “Yehowa” no so dua. Nanso, sɛ wode saa kyerɛwsɛm koro no ara rekyerɛkyerɛ Yehowa tumidi mu a, ɛsɛ sɛ wusi “ɔsorosoroni” no so dua titiriw. Saa ara na sɛ wode Yakobo 2:24 rekyerɛ hia a ehia sɛ yɛde nnwuma bata gyidi ho a, “wobu onipa bem” a wode bedi dwuma sen sɛ wode “nnwuma” bedi dwuma no betumi ama asɛm no ayera wɔn a wɔretie wo no binom.
Yebetumi ahu nhwɛso foforo a mfaso wɔ so wɔ Romafo 15:7-13. Eyi yɛ krataa bi a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa asafo bi a na emufo yɛ Amanaman mufo ne Yudafo mu nsɛm bi. Ɔsomafo no kyerɛkyerɛ mu wɔ ha sɛ ɛnyɛ Yudafo a wɔatwa twetia no nkutoo na wonya Kristo som adwuma no so mfaso, na mmom amanaman mufo no nso; “na Onyankopɔn mmɔborohunu nti amanaman [mufo no] ahyɛ no anuonyam.” Afei, Paulo faa kyerɛw nsɛm anan de kaa asɛm twee adwene sii hokwan a amanaman mufo wɔ no so. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wokenkan saa kyerɛw nsɛm no de si adwene a na Paulo kura no so dua? Sɛ worehyɛ nsɛm bi a ɛsɛ sɛ wusi so dua nsow a, wubetumi atwe adwene asi “amanaman” a ɛwɔ nkyekyem 9, “mo amanaman” a ɛwɔ nkyekyem 10, “mo amanaman nyinaa” ne “mo aman ahorow nyinaa” a ɛwɔ nkyekyem 11, ne “amanaman” a ɛwɔ nkyekyem 12 no so. Bɔ mmɔden sɛ wubesi so dua saa, bere a wokenkan Romafo 15:7-13 no. Bere a woyɛ saa no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛte Paulo nkyerɛkyerɛmu no nyinaa ase, na emu ada hɔ ama wo.
Akwan a Wɔfa so Si Nsɛm so Dua. Wubetumi afa akwan pii so asi nsɛntitiriw a wopɛ sɛ wusi so dua wɔ asɛm bi mu no so dua. Ɛsɛ sɛ ɔkwan a wofa so de di dwuma no ne kyerɛwsɛm no ne sɛnea wo kasa no te no hyia. Wɔama ho nyansahyɛ kakra wɔ ha.
Ɛnne mu nsakrae. Eyi yɛ ɛnne nsakrae biara a ɛma adwene a ɛwɔ asɛntitiriw bi mu no yi ne ho adi wɔ kasamu no fã a aka no ho. Wonam wo nne a wobɛsakra no no so betumi asi so dua—sɛ́ ebia wobɛma akɔ soro anaasɛ wobɛma aba fam. Wɔ kasa horow pii mu no, ɛnne mu nsakrae si asɛm bi so dua. Nanso, wɔ kasa ahorow bi mu no, ebetumi asakra asɛm bi ntease koraa. Sɛ wotɔ wo bo ase ka asɛntitiriw bi a, ɛhyɛ asɛm no mu den. Wɔ kasa horow a wontumi nsakra ɛnne mu mfa nsi nsɛm bi so dua mu no, ebehia sɛ wofa ɔkwan biara a wogye tom wɔ kasa no mu so du wo botae ho.
Ɔkasa mu home. Wubetumi ayɛ eyi de afi akenkan bi ase anaasɛ bere a woakenkan kyerɛwsɛm fã titiriw bi awie—anaa n’abien nyinaa no. Home a wobɛhome ansa na woakenkan adwene a ɛwɔ asɛm bi mu no ma wɔhwɛ biribi kwan; home a wobɛhome bere a woakenkan awie no hyɛ asɛm no mu den. Sɛ wugyinagyina pii a, ɛrensi biribiara so dua.
Ntĩmu. Wubetumi asi asɛm pɔtee bi so dua denam gyina a wubegyina na woasan akenkan asɛmfua bi anaa kasasin bi bio so. Ɔkwan a ɛtaa yɛ papa ne sɛ wobɛkenkan asɛm no awie ansa na woatĩ asɛntitiriw no mu.
Nipadua a wɔde si asɛm so dua. Mpɛn pii no, nipaduam ahokeka ne anim yɛbea betumi ama nkate a ɛwɔ asɛmfua anaa kasasin bi mu no ada adi.
Sɛnea ɛnne gyigye. Wɔ kasa ahorow bi mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔde ɛnne bi a etumi sakra asɛm bi nkyerɛase anaa ɛma eyi ne ho na ɛkenkan ade. Ɛsɛ sɛ wode anifere di dwuma wɔ ha nso, titiriw bere a wonam kasa a ɛyɛ yaw so reka asɛm bi no.
Bere a Afoforo Kenkan Kyerɛw Nsɛm. Sɛ ofiewura kenkan kyerɛwsɛm bi a, ebia obesi asɛm a ɛmfata sɛ osi so dua mmom so dua anaasɛ onsi bi so dua koraa. Sɛ ɛba saa a dɛn na wubetumi ayɛ? Mpɛn pii no eye sɛ wobɛma mu ada hɔ denam sɛnea w’ankasa wode kyerɛw nsɛm no bedi dwuma no so. Sɛ wokyerɛkyerɛ mu wie a, wubetumi ahyɛ da atwe adwene asi Bible mu nsɛm a adwene a ɛwɔ asɛm no mu gyina so no so tẽẽ.