ADESUA 53
Atiefo Nkuranhyɛ ne Denhyɛ
ƐMFA ho nsɛnnennen a Nyankopɔn asomfo hyia no, ɛsɛ sɛ wotumi nya nkuranhyɛ wɔ Kristofo asafo no mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkuranhyɛ a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw hwɛ hu sɛ wɔn kasa ne wɔn afotu hyɛ nkuran. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no tumi da wɔn ho adi sɛ, “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.”—Yes. 32:2.
Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, so kasa horow a woma no ma wonya akomatɔyam ne awerɛkyekye? So ɛkanyan wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ nokwaredi mu no? So ɛhyɛ wɔn den ma wɔkɔ so yɛ Nyankopɔn apɛde ɛmfa ho anibiannaso anaa ɔsɔretia a nnipa pii da no adi no? Na sɛ atiefo no bi ahaw, wɔrehyia sika fam ahokyere a emu yɛ den, anaa wɔreko yare bi a wonni ano aduru nso ɛ? Wubetumi de ‘w’anom nsɛm ahyɛ wo nuanom den.’—Hiob 16:5.
Fa hokwan a wowɔ sɛ ɔkasafo no di dwuma fa boa wo nuanom ma wonnya anidaso ne denhyɛ mfi Yehowa, ne ne nsiesiei ahorow a wayɛ no mu.—Rom. 15:13; Efe. 6:10.
Kae W’atiefo no Nea Yehowa Ayɛ. Ɔkwan biako a wubetumi afa so ahyɛ nkuran ne sɛ wobɛkyerɛ sɛnea bere bi a atwam no, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wɔfaa ɔhaw ahorow mu no.—Rom. 15:4.
Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ‘ɔnhyɛ Yosua den’ na ‘ɔnhyɛ no baninha’ ansa na Israel rehyɛn Bɔhyɛ Asase a saa bere no na atamfo ahyɛ so ma no so. Ɔkwan bɛn so na Mose fa yɛɛ saa? Mose gyinaa Yosua anim kaee ɔman mũ no nyinaa nea Yehowa ayɛ ama wɔn bere a wofii Misraim no. (Deut. 3:28; 7:18) Mose san kaa nkonim ahorow a Yehowa ma wodii wɔ Amorifo so no. Afei Mose hyɛɛ Yosua sɛ: “Yɛ den na yɛ nnam.” (Deut. 31:1-8) Sɛ worehyɛ wo nuanom nkuran a, so woboa wɔn ma wɔhyɛ wɔn ho den denam nea Yehowa ayɛ ama wɔn dedaw a wokae wɔn so?
Ɛtɔ mmere bi a ankorankoro bi nsɛnnennen tumi hyɛ wɔn so ara ma wontumi nhu sɛ ebia wobenya nhyira a Ahenni no de bɛba no bi anaa. Kae wɔn sɛ wobetumi de wɔn ho ato Yehowa bɔhyɛ ahorow no so.—Yos. 23:14.
Wɔ aman bi so no, yɛn nuanom hyia aban mmara a ɛbara asɛmpa no a wɔbɛka no. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, mpanyimfo a wɔwɔ dɔ no betumi aboa mfɛfo gyidifo ma wɔde Yesu Kristo asomafo suahu ahorow ahyɛ wɔn ho den. (Aso. 4:1-5:42) Na ɔkwan a Onyankopɔn nam so danee nsɛm a esisii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Ester nhoma no mu a wɔbɛtwe adwene asi so no betumi ahyɛ anuanom no nkuran ma wɔanya akokoduru.
Ɛtɔ mmere bi a ankorankoro kɔ asafo nhyiam ahorow nanso wonnya nkɔso biara. Ebia na wɔte nka sɛ Onyankopɔn remfa wɔn kan abrabɔ bi a na enye no mfiri wɔn da. Ebia wubetumi aka sɛnea Yehowa ne Ɔhene Manase dii nsɛm no ho asɛm akyerɛ wɔn. (2 Be. 33:1-16) Anaasɛ wubetumi aka nnipa a na wɔwɔ tete Korinto a wɔsesaa wɔn akwan bɛyɛɛ Kristofo, na Nyankopɔn buu wɔn treneefo no ho asɛm.—1 Kor. 6:9-11.
So ebinom te nka sɛ nsɛnnennen a wɔrehyia no kyerɛ sɛ wɔahwere Nyankopɔn anim dom? Wubetumi akae wɔn Hiob suahu no ne sɛnea wohyiraa no esiane ne mudi mu a okura maa Yehowa no nti. (Hiob 1:1-22; 10:1; 42:12, 13; Dw. 34:19) Hiob gyamserefo no susuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ na Hiob ayɛ bɔne bi. (Hiob 4: 7, 8; 8:5, 6) Nea ɛne no bɔ abira no, bere a Paulo ne Barnaba rehyɛ asuafo no den na ‘wɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ wonkura wɔn gyidi mu’ no, wɔkae sɛ: “Etwa yɛn sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Aso. 14:21, 22) Saa ara na nnɛ nso, wubetumi ahyɛ wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no den denam kyerɛ a wobɛkyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔrehyia amanehunu no nyinaa kura wɔn mudi mu na ɛsom bo wɔ Nyankopɔn ani so kɛse no so.—Mmeb. 27:11; Mat. 24:13; Rom. 5:3, 4; 2 Tim. 3:12.
Hyɛ w’atiefo no nkuran ma wonsusuw akwan a Yehowa nam so ama ne nkɔmhyɛ abam wɔ wɔn ankasa asetram no ho. Denam nkaesɛm kakra a wode bedi dwuma so no, wobetumi ahu sɛnea Yehowa ne wɔn adi no tẽẽ sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Yɛkenkan wɔ Dwom 32:8 sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” Denam boa a wobɛboa w’atiefo ma wɔakae sɛnea Yehowa abɔ wɔn ho ban na wahyɛ wɔn den so no, wobɛma wɔahu paa sɛ Yehowa dwen wɔn ho na ɔbɛboa wɔn wɔ sɔhwɛ biara a wohyia seesei no mu.—Yes. 41:10, 13; 1 Pet. 5:7.
Kyerɛ Nea Onyankopɔn Reyɛ Seesei no Ho Anisɔ. Sɛ worekasa de ahyɛ wo nuanom nkuran a, twe adwene si nea Yehowa reyɛ no seesei ara no so. Saa nneɛma yi ho asɛm a wobɛka no wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wokyerɛ ho anisɔ so no bɛkanyan w’atiefo no koma saa ara.
Susuw sɛnea Yehowa boa yɛn ma yetumi di asetram nhyɛso so no ho. Ɔkyerɛ yɛn ɔkwan pa a yɛbɛfa so atra ase. (Yes. 30:21) Ɔkyerɛkyerɛ nea enti a nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, ohia, ɔyare, ne owu wɔ hɔ no mu na ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a ɔbɛfa so ayi ne nyinaa afi hɔ. Wama yɛanya onuayɛ kuw a ɔdɔ wom. Ɔde mpaebɔ hokwan a ɛkyɛn so adom yɛn. Wama yɛanya ho kwan ayɛ N’adansefo. Wabue yɛn ani ama yɛahu sɛ wɔde Kristo asi ahengua so wɔ soro, ne sɛ nhyehyɛe dedaw no nna a edi akyiri no reba awiei ntɛmntɛm.—Adi. 12:1-12.
Nea ɛka nhyira horow yi ho ne yɛn asafo nhyiam ahorow, amansin ne amantam nhyiam ahorow. Sɛ woka nsiesiei ahorow yi ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ wufi komam kyerɛ ho anisɔ so a, wobɛhyɛ afoforo bo a wɔasi sɛ wɔrentoto hyia a wɔne wɔn nuanom behyiam no ase no mu den.—Heb. 10:23-25.
Amanneɛbɔ a ɛda no adi sɛ Yehowa rehyira mmɔden a yɛrebɔ wɔ asɛnka adwuma no mu no nso hyɛ yɛn den. Wɔ afeha a edi kan no mu bere a na Paulo ne Barnaba nam kwan so rekɔ Yerusalem no, “wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyei kɛse” denam ka a wɔkaa amanaman no ahodan ho asɛm kyerɛɛ wɔn no so. (Aso. 15:3) Wo nso wubetumi ama anuanom ani agye denam osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wobɛka akyerɛ wɔn no so.
Sɛ wɔboa ankorankoro ma wohu bo a nea wɔreyɛ no som no a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran pii. Kamfo wɔn wɔ ɔfã a wɔrenya wɔ Kristofo som adwuma no mu no ho. Kamfo wɔn a esiane onyin ne yare nti wɔn mmɔdenbɔ ano abrɛ ase nanso wokura wɔn mudi mu wɔ nokwaredi mu no nso. Kae wɔn sɛ Yehowa werɛ remfi ɔdɔ a wɔada no adi wɔ ne din ho no. (Heb. 6:10) Gyidi a wɔda no adi wɔ sɔhwɛ mu no yɛ agyapade a ɛsom bo. (1 Pet. 1:6, 7) Ehia sɛ yɛkae yɛn nuanom eyi.
Fi Nkate Mu Ka Anidaso a Ɛda Yɛn Anim no Ho Asɛm. Bɔhyɛ ahorow a efi honhom mu a ɛfa nneɛma a ɛbɛba ho no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma wɔn a wɔdɔ Nyankopɔn no nyinaa. Ebetumi aba sɛ atiefo no mu bi ate saa nsɛm yi mpɛn pii. Nanso ɛdenam anisɔ a wobɛda no adi bere a woka bɔhyɛ ahorow yi ho asɛm so no, wubetumi ama ayɛ te sɛ nea ɛresi ankasa, ahyɛ ba a ɛbɛba mu no mu ahotoso a wɔwɔ mu den, na ama wɔafi komam akyerɛ ho anisɔ. Nea woasua afi Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a wode bedi dwuma no bɛboa wo ma woatumi ayɛ saa.
Yehowa ankasa ne Nkuranhyɛfo Kɛse ne nea Ɔhyɛ ne nkurɔfo den. Nanso, wubetumi ne no ayɛ biako de saa nhyira horow no ama afoforo. Sɛ wokasa kyerɛ asafo no a, fa hokwan a wubenya no yɛ saa ɔkwan pa so.