ADESUA 52
Afotu a Etu Mpɔn
ƐSƐ sɛ Kristofo mpanyimfo tumi de ‘kyerɛ pa no tu fo.’ (Tito 1:9) Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi bere a wohyia tebea horow a ɛyɛ den paa no. Ehia sɛ wode afotu ma ma ɛne Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ hyia. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ mpanyimfo tie kɔkɔbɔ yi: “Bata . . . afotu ho.” (1 Tim. 4:13) Ɛwom sɛ nea yɛresusuw ho seesei no fa mpanyimfo anaa wɔn a wɔrepere adu hokwan yi ho no ho de, nanso ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ awofo tu wɔn mma fo anaa nso ebehia sɛ wɔn a wɔhwɛ Bible adesua so no tu wɔn Bible asuafo no fo. Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, ebehia sɛ wɔde akwankyerɛ koro no ara di dwuma.
Tebea Horow a Ɛma Afotu Ho Hia. Nea ɛbɛma woahu bere a afotu ho behia no, ɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ tebea horow a wɔde afotu mae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no mu. Ɔsomafo Petro tuu mpanyimfo fo sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi asɛyɛde a wɔwɔ sɛ Nyankopɔn nguankuw so ahwɛfo no so. (1 Pet. 5:1, 2) Paulo tuu Tito fo sɛ ontu mmerante fo sɛ “wonnwen adwempa.” (Tito 2:6) Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ ‘wɔn nyinaa nyɛ nokoro’ na wɔntwe wɔn ho mfi wɔn a wɔde mpaapaemu ba anuanom ntam no ho. (1 Kor. 1:10; Rom. 16:17; Fil. 4:2) Ɛwom sɛ Paulo kamfoo Tesalonika asafo no mufo no wɔ nneɛma pa a na wɔreyɛ no ho de, nanso otuu wɔn fo sɛ wɔmfa akwankyerɛ a wɔde ama wɔn no nni dwuma mmoro saa. (1 Tes. 4:1, 10) Petro srɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi ɔhonam akɔnnɔ ho.’ (1 Pet. 2:11) Esiane amumɔyɛfo a na wɔbɔ ahohwibra nti, Yuda tuu ne nuanom fo sɛ ‘wɔmpere gyidi no ho.’ (Yuda 3, 4) Wɔhyɛɛ Kristofo nyinaa sɛ wontutu wɔn ho wɔn ho fo na bɔne nnaadaa ampirim wɔn mu biara koma. (Heb. 3:13) Petro tuu Yudafo a na wonnya nnyaa Kristo mu gyidi no fo sɛ ‘wɔmma wonnye wɔn mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu.’—Aso. 2:40.
Su horow bɛn na ebehia na ama woatumi de afotu a emu yɛ den ama wɔ tebea horow a ɛtete saa mu? Dɛn na nea ɔretu fo no betumi ayɛ na ama wafa n’asɛm no aniberesɛm bere a ɔnyɛ nhyɛ anaa katee?
‘Gyina Ɔdɔ So.’ Sɛ yɛannyina ɔdɔ so antu fo a, ebetumi ayɛ katee. (Filem. 9) Nokwarem no, sɛ ehia sɛ wɔyɛ ade ntɛm so a, ɛsɛ sɛ ɔkasafo no kasa no ma wohu sɛnea tebea no gye ntɛmpɛ no. Sɛ wokasa bɔkɔɔ a ɛbɛyɛ te sɛ nea worepa kyɛw. Bere koro no ara, ɛsɛ sɛ afotu no yɛ nea anibere wom na ɛda tema adi. Ɛda adi sɛ afotu a ɔdɔ wom no bɛkanyan atiefo no. Bere a Paulo reka ɔno ne n’ayɔnkofo ho asɛm akyerɛ Tesalonikafo no, ɔkae sɛ: “Sɛ nso munim sɛnea yetutuu mo nyinaa fo mmiako mmiako, sɛnea agya bi yɛ ne mma” no. (1 Tes. 2:11) Saa Kristofo ahwɛfo no tuu anuanom no fo wɔ ɔdɔ mu. Ma wo nsɛm a woka no nna adi sɛ wususuw w’atiefo no ho yiye.
Yɛ anifere. Nhyɛ wɔn a worebɔ mmɔden aboa wɔn ma wɔayɛ biribi no abufuw. Bere koro no ara mu no, mfa “Onyankopɔn tirim agyina nyinaa” a wobɛka akyerɛ w’atiefo no nkame wɔn. (Aso. 20:27) Wɔn a wɔbɛkyerɛ afotu no ho anisɔ no bo remfuw anaa wɔrentan wo esiane sɛ wufi ayamye mu atu wɔn fo sɛ wɔnyɛ nea ɛteɛ nti.—Dw. 141:5.
Mpɛn pii no, mfaso wɔ so sɛ wufi ɔdɔ mu de nkamfo pɔtẽẽ bi fi w’afotusɛm no ase. Susuw nneɛma pa a wo nuanom no reyɛ ho—nneɛma a Yehowa ani sɔ: gyidi a wɔda no adi wɔ wɔn nnwuma mu, ɔdɔ a ɛka wɔn ma wɔyere wɔn ho, ne wɔn mudi mu a wokura bere a wɔahyia tebea horow a emu yɛ den no. (1 Tes. 1:2-8; 2 Tes. 1:3-5) Eyi bɛboa wo nuanom no ma wɔate nka sɛ wɔkyerɛ wɔn ho anisɔ na wɔte wɔn ase, na eyi bɛma wɔanya adwempa de atie afotusɛm a wode bɛma no.
Wɔ “Abodwokyɛre Nyinaa Mu.” Ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔ “abodwokyɛre nyinaa mu.” (2 Tim. 4:2) Dɛn na eyi kyerɛ? Nea ɛka abodwokyɛre ho ne ntoboase a wɔde gyina bɔne anaa abufuw ano. Obi a ɔwɔ abodwokyɛre no wɔ anidaso sɛ n’atiefo no de nea ɔka no bedi dwuma. Afotusɛm a wode bɛma wɔ saa kwan yi so no remma w’atiefo nnya adwene sɛ wunni wɔn ho adwempa. Ahotoso a wowɔ sɛ wo nuanom mmarima ne mmea pɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de som Yehowa no bɛka wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ.—Heb. 6:9.
‘Denam Kyerɛ Pa So.’ Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin betumi de “kyerɛ pa no atu fo”? Denam ‘nokwasɛm no mu a obeso sɛnea wɔkyerɛɛ no’ no so. (Tito 1:9) Sɛ́ anka wode w’ankasa nsusuwii bɛka asɛm no, ma afotu no nnyina Nyankopɔn Asɛm so titiriw. Ma Bible no mmoa wo wɔ nea ehia sɛ woka ho. Kyerɛ mfaso horow a sɛ wɔde nea Bible no ka wɔ asɛm no ho di dwuma a wobenya. Ma nea sɛ woanyɛ woade sɛnea Onyankopɔn Asɛm kyerɛ a ebefi mu aba—seesei ne daakye—no ntra w’adwenem, na fa eyi boa w’atiefo no ma wonhu hia a ehia sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so.
Hwɛ hu sɛ wobɛkyerɛkyerɛ w’atiefo no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ no no mu. Ma ɛnna adi sɛ wo nsusuwii no gyina Kyerɛwnsɛm no so pintinn. Sɛ Kyerɛwnsɛm no ma gyinaesi bi ho kwan kodu baabi a, kyerɛ faako a ɛsɛ sɛ wosi gyinae no kodu. Na afei wɔ wo kasa no awiei no, fa afotu a ɛbɛhyɛ w’atiefo nkuran wɔ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛyɛ ho biribi no ma.
Fa “Ɔkasa mu Ahofadi” Kasa. Sɛ wubetumi atu afoforo fo ma atu mpɔn a, ɛsɛ sɛ wunya “ɔkasa mu ahofadi.” (1 Tim. 3:13, NW) Dɛn na ɛma obi tumi de ahofadi kasa? Ɛyɛ nokware sɛ “nnwuma pa nhwɛso” a ɔda no adi no ne nea ɔrehyɛ ne nuanom nkuran sɛ wɔnyɛ no hyia no. (Tito 2:6, 7; 1 Pet. 5:3) Sɛ ɛkɔba saa a, wɔn a wɔrehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ biribi no behu sɛ nea ɔretu wɔn fo no nhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nea n’ankasa ntumi no. Wobehu sɛ wobetumi asuasua ne gyidi no sɛnea ɔbɔ ne ho mmɔden sɛ obesuasua Kristo no ara pɛ.—1 Kor. 11:1; Fil. 3:17.
Afotu a egyina Onyankopɔn Asɛm so a wɔma no wɔ ɔdɔ so no betumi ayɛ nneɛma pa pii. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa afotu a ɛte saa mma no de ma wɔ ɔkwan a ɛfata so.—Rom. 12:8.