Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 51 kr. 263-kr. 264 nky. 4
  • Bere a Wodi So Pɛpɛɛpɛ, Ɔkasa a Wɔkyekyem Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wodi So Pɛpɛɛpɛ, Ɔkasa a Wɔkyekyem Yiye
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Asafo Mu Ɔkasa Horow a Wubesiesie
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Osuani Dwumadi a Wubesiesie Wɔ Sukuu no Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu No Mu Mfaso Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 51 kr. 263-kr. 264 nky. 4

ADESUA 51

Bere a Wodi So Pɛpɛɛpɛ, Ɔkasa a Wɔkyekyem Yiye

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Ma wo kasa no wɔ bere ano, na fa bere a wɔde ama wɔ ɔfã a wɔakyekyem biara no di dwuma yiye.

Dɛn nti na ɛho hia?

Ehia sɛ wokyekyɛ bere no mu sɛnea ɛsɛ ma ɔkasa no mu nsɛntitiriw biara. Ɛho hia sɛ nhyiam no ba awiei wɔ bere ano.

BERE a ehia sɛ wode w’adwene si wo nkyerɛkyerɛ so titiriw no, ɛsɛ sɛ wode si bere a wode bɛma wo kasa no nso so. Wɔahyehyɛ mmere pɔtẽẽ a yɛde fi yɛn nhyiam ahorow no ase na yɛde pɔn ama yɛn. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a ebehia sɛ obiara a ɔwɔ ɔfã wɔ dwumadi no mu no boa.

Wɔ Bible mmere mu no, na sɛnea nnipa hu asetra no yɛ soronko wɔ sɛnea ɛte wɔ mmeae pii nnɛ no ho. Na wɔka bere ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛnyɛ katee so te sɛ “bɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so abiɛsa” anaa “ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so du.” (Mat. 20:3-6; Yoh. 1:39) Na wɔnyɛ katee wɔ bere a wɔhyɛ ma wɔn dwumadi ahorow ho. Saa ara na wobu mmere wɔ wiase mmeae ahorow bi nnɛ.

Nanso, ɛmfa ho sɛ amammerɛ anaa sɛnea afoforo yɛ wɔn ade betumi ama yɛatwentwɛn yɛn nan ase wɔ nneɛma ho no, sɛ yesua sɛ yɛbɛma yɛn ani aku bere ho a, yebenya so mfaso. Sɛ wɔma nnipa pii afã wɔ dwumadi bi mu a, ɛho behia sɛ wosusuw bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nni ɔfã biara ho dwuma no ho. Yebetumi de nnyinasosɛm a ese, “wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano” no adi dwuma wɔ yɛn nhyiam dwumadi ahorow ho.—1 Kor. 14:40.

Sɛnea Wubetumi Adi Bere So Yiye. Nea ehia titiriw ne ahosiesie. Mpɛn pii no, nea ɛmma akasafo binom ntumi nni wɔn bere so ne ahosiesie pa a wɔanyɛ. Ebia na wogye wɔn ho di dodo. Anaasɛ wɔtwɛn ma ɛka bere tiaa bi ansa na wɔasiesie wɔn ho. Ade titiriw a ɛbɛma woatumi adi wo bere so yiye ne sɛ wobɛkyerɛ wo dwumadi no ho anisɔ na woanya ɔpɛ sɛ wubesiesie wo ho yiye.

So wo dwumadi no yɛ akenkan? Nea edi kan no, susuw Adesua a ɛto so 4 kosi 7 a ɛfa ɔkasa a ɛkɔ yɔɔ, kasa mu ɔhome a ɛfata, adwene a ɛwom a wosi so dua yiye, ne nsɛntitiriw a wosi so dua ho no ho. Na fa saa afotu no di dwuma bere a worekenkan dwumadi a wɔde ama wo no den no. Hyɛ bere ma wo ho. So ebehia sɛ wokan no ntɛmntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wubewie wɔ bere ano? Kan mmeae a enhia pii no ntɛmntɛm, nanso kɔ so home na tɔ wo bo ase wɔ mmeae a ɛsɛ sɛ wusi nsɛntitiriw so dua no. Bobɔ so mpɛn pii. Bere a wo kasa kɔ yɔɔ no, ɛrenyɛ den sɛ wubedi wo bere so.

So wobɛhwɛ krataa so? Ɛho nhia sɛ wokyerɛw nsɛm pii—te sɛ ɔkasa a wɔakyerɛw emu nsɛm nyinaa—na woatumi adi wo bere so. Bere a woredi Adesua a ɛto so 25 ho dwuma no, wuhuu ɔkwan pa a wobɛfa so. Ma nsɛntitiriw anum yi ntra w’adwenem: (1) Siesie nsɛm no yiye, nanso mma no nnɔɔso dodo. (2) Ma nsɛntitiriw no ntra w’adwenem yiye, nanso nkyere kasamu mu nsɛm nyinaa ngu wo tirim. (3) Kyerɛw bere a wopɛ sɛ wode di ɔfã biara ho dwuma no wɔ wo krataa no so anaasɛ bere dodow a ɛsɛ sɛ wode wie afã horow bi no. (4) Sɛ woresiesie dwumadi no a, susuw mmeae a ebehia sɛ wuyi fi mu no ho sɛ ɛba sɛ bere a wɔde ama wo no resã a. (5) Bobɔ sɛnea wobɛma ɔkasa no so.

Ɛho hia sɛ woyɛ dwumadi no hwɛ. Bere a woreyɛ ahwɛ no, hwɛ bere a wode yɛ ɔfã biara no. Kɔ so yɛ wo dwumadi no hwɛ ara kosi sɛ bere a wɔde ama wo sɛ fa wie no ne no bɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Mmɔ mmɔden sɛ wode nsɛm pii bɛhyehyem. Ma wo ho bere pii efisɛ ɔkasa a wobɛma wɔ atiefo anim no begye bere pii asen bere a woresua wɔ kokoam no.

Afã Horow a Wobɛkyekyem. Bere a wubedi so yiye no ne ɔkasa no afã horow a wobɛkyekyem yiye na ɛnam. Ɛsɛ sɛ wɔde bere dodow no ara di emu nsɛntitiriw no ho dwuma. Emu na nkyerɛkyerɛ titiriw no nyinaa wɔ. Ɛsɛ sɛ nnianim asɛm no tenten yɛ nea ɛfata sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi adi botae titiriw a wɔaka ho asɛm wɔ Adesua a ɛto so 38 no ho dwuma. Ɛnsɛ sɛ ɔkasa no mu nsɛm no yɛ pii dodo ma bere a wode bedi awiei nsɛm no ho dwuma no ayɛ ketewaa bi, sɛnea ɛne Adesua a ɛto so 39 hyia no.

Mmɔden a wobɛbɔ de adi wo bere so yiye no bɛma wo kasa no afata na ɛbɛkyerɛ obu a wowɔ ma afoforo a wɔwɔ afã wɔ dwumadi no mu no ne asafo mũ no nyinaa nso.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Siesie wo ho yiye—na fi bere tenten sua dwumadi a wɔde ama wo no.

  • Hyɛ bere a wode bedi ɔkasa no fã biara ho dwuma no nsow, na afei di so.

  • Bobɔ wo dwumadi no so.

DWUMADI: Bɔ mmɔden sɛ wubedu hɔ bere a aka simma 15 anaa 20 ansa na wɔafi asafo nhyiam ase no, denam bere a ɛfata a wo ne w’abusua begye de asiesie mo ho so. Ma wo ho bere a wode betwa kwan akɔ. Susuw sɛnea wubedi ɔhaw nketenkete a ebetumi ama woaka akyiri no so ho. Sɔ nhyehyɛe a woayɛ no hwɛ mpɛn pii, na yɛ nsakrae ahorow a ehia. Nnyinasosɛm koro no ara na wɔde di dwuma bere a woma ɔkasa ahorow no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena