ADESUA 38
Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye
NNIANIM asɛm yɛ ɔkasa biara mu fã titiriw. Sɛ wutumi kanyan w’atiefo no anigye a, ɛbɛma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ aso atie nsɛm a edi so no yiye. Wɔ asɛnka mu no, sɛ wo nnianim asɛm no ankanyan anigye a, ebia worentumi ntoa w’asɛm no so. Sɛ woma ɔkasa wɔ Ahenni Asa so a, atiefo no rensɔre mfi adi, nanso sɛ woankanyan wɔn anigye a, ankorankoro bi befi ase adwennwen nneɛma foforo ho.
Sɛ woresiesie wo nnianim asɛm no a, ma botae a edidi so yi ntra w’adwenem: (1) atiefo no a wobɛma wɔayɛ aso atie wo, (2) w’asɛmti no a wobɛma emu ada hɔ pefee, na (3) woakyerɛ nea enti a asɛmti no ho hia w’atiefo no. Wɔ nsɛm bi mu no, ɛkame ayɛ sɛ wubetumi adu botae ahorow abiɛsa yi ho wɔ bere koro mu. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, wubetumi atwe adwene asi so mmiako mmiako, na ebetumi asono sɛnea wobɛhyehyɛ no no.
Sɛnea Wubetumi Ama W’atiefo no Ayɛ Aso Atie Wo. Hyia a nnipa no ahyia rebetie ɔkasa no nkyerɛ sɛ wɔayɛ krado sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa betie asɛm no. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ nneɛma pii ahyɛ wɔn asetra mu ma a ɛtwetwe wɔn adwene. Ebia na wɔredwennwen nsɛnnennen bi a ɛwɔ fie anaa asetra mu dadwen foforo bi ho. Asɛyɛde a ɛda wo so sɛ ɔkasafo no ne sɛ wubenya w’atiefo no adwene ma wɔayɛ aso ama wo. Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ.
Ɔkasa a wɔama pɛn a agye din sen biara no mu biako ne Bepɔw so Asɛnka no. Wofii ase dɛn? Sɛnea Luka kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Nhyira ne mo ahiafo, . . . nhyira ne mo a ɔkɔm de mo yi, . . . nhyira ne mo a moresu yi, . . . nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo.” (Luka 6:20-22) Dɛn nti na ɛkanyan anigye? Yesu de nsɛm kakraa bi daa nsɛnnennen a anibere wom a ɛsɛ sɛ n’atiefo no di ho dwuma no bi adi. Afei, sɛ́ anka ɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛnnennen no mu nyinaa no, ɔkyerɛe sɛ nnipa a wɔwɔ saa nsɛnnennen no ani betumi agye, na ɔkae wɔ ɔkwan bi so a ɛmaa n’atiefo no pɛe sɛ wobetie ne nsɛm no pii.
Wubetumi abisa asɛm de akanyan anigye, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfata. Sɛ wo nsɛmmisa no da adi sɛ worebɛka asɛm a atiefo no nim dedaw kɛkɛ a, anigye a wɔanya no betumi abrɛ ase ntɛm ara. Mmisa nsɛm a ɛbɛma w’atiefo no ayɛ basaa anaa ɛbɛhaw wɔn. Mmom no, bɔ mmɔden sɛ wubebisa w’asɛm no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛkanyan adwene. Sɛ wubisa asɛm biara wie a, twɛn kakra sɛnea ɛbɛyɛ a atiefo no benya bere de asusuw mmuae no ho wɔ wɔn adwenem. Sɛ wɔte nka sɛ wɔne wo resusuw asɛm no ho wɔ wɔn adwene mu a, wɔbɛyɛ aso atie wo.
Asetra mu osuahu ankasa a wode bedi dwuma nso yɛ ɔkwampa foforo a wubetumi afa so ama wɔatie wo. Nanso sɛ woto anansesɛm kɛkɛ na sɛ emu nsɛm no haw w’atiefo no mu bi a, ɛbɛsɛe w’atirimpɔw no. Sɛ wɔkae w’anansesɛm no nanso wɔn werɛ fi aba a ɛwom no a, woannu wo botae ho. Sɛ wode osuahu bi di dwuma wɔ wo nnianim asɛm no mu a, ɛsɛ sɛ ɛto fapem ma asɛm bi a ɛho hia paa wɔ wo kasa no mu. Ɛwom sɛ ebia wubehia sɛ wode nsɛm bi ka w’asɛm no ho ma emu da hɔ de, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na osuahu ahorow no anyɛ tenteenten dodo.
Akasafo bi de nsɛm a asisi nnansa yi, atesɛm krataa mu asɛm a wɔfa ka, anaa onipa titiriw bi asɛm a ɔkae na efi wɔn nsɛm ase. Sɛ asɛm no fa asɛmpɔw no ho na sɛ ɛfata atiefo no a, ebetumi atu mpɔn.
Sɛ wo kasa no yɛ nea wɔakyekyem fã bi anaa Ɔsom Nhyiam fã bi a, ɛnde ɛyɛ papa sɛ bere nyinaa no wobɛma wo nnianim nsɛm no ayɛ tiaa a ɛfa asɛm no ho. Sɛ worema baguam ɔkasa a, hwɛ hu sɛ woremma wo nnianim nsɛm no mmoro bere a wɔde ama saa fã no so. Wo kasa no mu nsɛm no na ɛbɛda mfaso kɛse a ɛwɔ asɛm no mu ma w’atiefo no adi.
Ɛtɔ bere bi a, ebia wobɛkasa akyerɛ atiefo a wogye akyinnye anaa mpo wɔmpɛ w’asɛm. Wobɛyɛ dɛn ama wɔayɛ aso atie wo? Wɔkyeree Stefano, tete Kristoni a wɔka ne ho asɛm sɛ na ‘honhom ne nyansa ayɛ no ma’ no de no kogyinaa Yudafo Sanhedrin no anim. Ɛhɔ na ɔde Kristosom ho anoyi a emu da hɔ mae. Ofii ase dɛn? Wɔ ɔkwan a ɛda obu adi na obiara gye tom so. “Anuanom ne agyanom, monyɛ aso! Anuonyam Nyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham.” (Aso. 6:3; 7:2) Ɔsomafo Paulo maa ne nnianim asɛm fataa atiefo a na ɛsono wɔn koraa wɔ Areopago a ɛwɔ Atene no, kae sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa.” (Aso. 17:22) Esiane nnianim nsɛm a etu mpɔn yi nti, atiefo ahorow yi nyinaa nyaa ɔpɛ sɛ wobetie pii.
Sɛ wowɔ asɛnka mu a, ebehia nso sɛ woma nkurɔfo yɛ aso tie wo. Sɛ wo ne ofiewura no anhyehyɛ ho sɛ wobɛsan akɔ a, wobɛkɔ no na n’ani abere reyɛ ade foforo. Wɔ wiase no mmeae bi no, wɔhwɛ kwan sɛ ahɔho a wɔnhwɛ wɔn kwan no bɛbɔ wɔn amanneɛ ntɛm. Mmeae afoforo nso no, ɛhɔ amammerɛ hwehwɛ sɛ woyɛ nneɛma bi ansa na woabɔ w’amanneɛ.—Luka 10:5.
Wɔ emu biara mu no, ayɔnkofa su a eye a wobɛda no adi no betumi aboa ma nkɔmmɔbɔ hokwan abue. Mpɛn pii no, eye sɛ woka biribi a ɛne nea onipa no resusuw ho no wɔ abusuabɔ de fi ase. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɛsɛ sɛ woka? Wiɛ, bere a wokɔɔ onipa no nkyɛn no, so na ɔreyɛ biribi? Ebia na ɔredɔw, ɔreprapra ne fie, ɔresiesie kar, ɔrenoa aduan, ɔretow nneɛma so, anaa ɔrehwɛ mmofra. So na ɔrehwɛ biribi—atesɛm krataa mu anaa dwumadi bi a ɛrekɔ so wɔ abɔnten so? So nneɛma a atwa ne ho ahyia kyerɛ sɛ n’ani gye mpataayi, agumadi, nnwonto, akwantu, kɔmputa, anaa biribi foforo ho paa? Nnipa taa dwen nsɛm a wɔtee wɔ radio so anaa wohui wɔ television so nkyɛe ho. Asɛm bi a wubebisa anaa wobɛka afa nsɛm a ɛte saa mu biara ho no betumi abue nkɔmmɔbɔ ho kwan a ɛyɛ anigye.
Tebea a Yesu ne Samariani bea no kasae wom wɔ abura a ɛbɛn Sikar ho no yɛ nhwɛso a ɛda nsow a ɛkyerɛ sɛnea wofi nkɔmmɔbɔ a adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ wɔde bedi adanse ase.—Yoh. 4:5-26.
Ehia sɛ wusiesie wo nnianim asɛm no yiye, titiriw sɛ w’asafo no taa yɛ n’asasesin mu adwuma a. Anyɛ saa a, worentumi nni adanse yiye.
Da W’asɛmti no Adi. Wɔ Kristofo asafo no mu no, oguamtrani anaa obi a odi w’anim wɔ dwumadi no mu no bɛka w’asɛmti no akyerɛ atiefo no na wafrɛ wo. Nanso, bere a woreka wo nnianim nsɛm no, ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɔ w’asɛmti no so de kae atiefo no. Wubetumi ayɛ eyi, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nsɛm koro no ara a wɔde yɛɛ asɛmti no. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ asɛmti no da adi bere a ɔkasa no rekɔso no. Wɔ ɔkwan bi so no ɛsɛ sɛ wotwe adwene si w’asɛmti no so wɔ wo nnianim asɛm no mu.
Bere a Yesu resoma n’asuafo no ma wɔakɔka asɛm no, ɔdaa asɛmti a ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm no adi pefee. “Mokɔ a monkɔka sɛ: Ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 10:7) Ɛdefa yɛn bere yi ho no, Yesu kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi.” (Mat. 24:14) Wɔahyɛ yɛn sɛ ‘yɛnka asɛm no,’ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbata Bible no ho bere a yɛredi adanse no. (2 Tim. 4:2) Nanso ansa na wubebue Bible no mu anaa wobɛtwe adwene asi Ahenni no so no, mpɛn pii no ehia sɛ wotwe adwene si asɛm bi a ehia nkurɔfo nnansa yi no so. Ebia wobɛka nsɛmmɔnedi, adwuma a wonnya nyɛ, atɛnkyea, ɔko, sɛnea wɔboa mmofra, ɔyare, anaa owu ho asɛm. Nanso nka asɛm a ɛnhyɛ nkuran no ho nsɛm pii; asɛm a woreka no yɛ nea ɛhyɛ nkuran. Bɔ mmɔden sɛ wobɛdan nkɔmmɔbɔ no akɔ Onyankopɔn Asɛm no anaa Ahenni anidaso no so.
Kyerɛ Nea Enti a Asɛmti no Ho Hia W’atiefo No. Sɛ wobɛma ɔkasa no wɔ asafo no mu a, wubetumi anya awerɛhyem ɔkwan biara so sɛ w’atiefo no ani begye nea wubesusuw ho no ho. Nanso, so wobetie sɛnea obi a ɔresua biribi a ɛfa no ho ankasa bɛyɛ no? So wɔbɛyɛ aso atie esiane sɛ wohu sɛ nea wɔretie no fa wɔn asetra mu tebea ho anaa esiane sɛ worekanyan wɔn ma wɔayɛ ho biribi nti? Sɛ wususuw w’atiefo no—wɔn tebea, nea ɛhaw wɔn, wɔn nneyɛe ahorow—ho yiye bere a woresiesie ɔkasa no nkutoo a na ebetumi aba saa. Sɛ woyɛɛ saa a, ɛnde ma biribi a ɛkyerɛ saa nna adi wɔ wo nnianim asɛm no mu.
Sɛ́ ebia wugyina asɛnka agua so na ɛrekasa anaa woredi obi adanse no, ɔkwan a ɛkyɛn so a wubetumi afa so akanyan asɛmti bi ho anigye no mu biako ne sɛ wobɛma asɛm no afa w’atiefo no ho. Kyerɛ sɛnea wɔn nsɛnnennen, wɔn ahiasɛm, anaa asɛmmisa a ɛwɔ wɔn adwenem no fa asɛmti a moresusuw ho no ho. Sɛ woma emu da hɔ pefee sɛ wobɛka nsɛm a ɛkɔ akyiri sen nea pii nim no na moasusuw emu nsɛm pɔtee bi ho a, ɛbɛma wɔayɛ aso atie wo kɛse. Sɛ wobɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho yiye.
Ɔkwan a Wofa so Da no Adi. Nea woka wɔ wo nnianim asɛm mu no ho hia paa, nanso sɛnea woka no no nso betumi akanyan anigye. Esiane eyi nti, ɛnyɛ nea wobɛka no nkutoo na ɛsɛ sɛ wususuw ho bere a woresiesie wo ho no, na mmom sɛnea wobɛka no no nso.
Nsɛm a wobɛpaw no ho hia na woadu wo botae ho, enti wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wubesiesie kasamu abien anaa abiɛsa a edi kan no yiye. Kasamu ntiantiaa a emu da hɔ no taa yɛ papa sen biara. Wɔ ɔkasa a wɔma wɔ asafo no mu ho no, wubetumi akyerɛw nsɛm no aka wo nsɛm ho, anaasɛ wubetumi akyere agu wo tirim sɛnea ɛbɛyɛ a tumi a ɛwɔ wo nnianim nsɛm no mu bɛda adi yiye. Nnianim asɛm a etu mpɔn a wobɛtɔ wo bo ase aka no betumi aboa wo ma woanya abodam a ehia na wode ama ɔkasa no fã a aka no.
Bere a Ɛsɛ sɛ Wusiesie Nnianim Asɛm No. Ɛsono nnipa pii adwene wɔ asɛm yi ho. Akasafo a wɔn ho akokwaw bi susuw sɛ nnianim asɛm na ɛsɛ sɛ efi ɔkasa a wosiesie ase. Afoforo nso a wɔasua sɛnea wɔma baguam ɔkasa no susuw sɛ ɛsɛ sɛ wosiesie ɔkasa mũ no nyinaa wie ansa na wɔasiesie nnianim asɛm no.
Akyinnye biara nni ho sɛ ehia sɛ wuhu sɛnea w’asɛmti no te ne nsɛntitiriw a woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma ansa na woatumi apaw nnianim asɛm a ɛfata. Nanso sɛ ɛba sɛ worehwɛ ɔkasa a wɔatintim wɔ krataa so mu na asiesie wo kasa no nso ɛ? Sɛ wokenkan wie na sɛ wunya nnianim asɛm no ho adwene bi a, mfomso biara nnim sɛ wobɛkyerɛw ato hɔ. Kae nso sɛ, sɛ wo nnianim asɛm no betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ wususuw w’atiefo no ne asɛm a ɛwɔ kratasin a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no so ho.