ADESUA 27
Ɔkasa a Wɔnhwɛ Krataa So Nkenkan
EBIA na woabrɛ wɔ wo kasa no ho yiye. Ebia na wowɔ nsɛm a ɛtɔ asom. Ntease a ɛwom no mu da hɔ. Ebia wubetumi ama ma akɔ yɔɔ. Nanso sɛ w’atiefo no adwene mu kyɛ abien—wotie w’asɛm no fã bi esiane sɛ wɔn adwene dan kɔ nneɛma afoforo so—a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛaka sɛ wo kasa no tu mpɔn? Sɛ ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde wɔn adwene besi ɔkasa no so a, so ɛda adi sɛ wubedu wɔn koma mu?
Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛde ɔhaw a ɛte saa ba? Nneɛma pii na ebetumi ama tebea a ɛte saa aba. Mpɛn pii no, ɛyɛ ɔkasa no a wuntumi mma bere a wonhwɛ krataa so nkenkan no. Ɛkyerɛ sɛ, ɔkasafo no hwɛ ne krataa so dodo, anaasɛ sɛnea ɔma ɔkasa no yɛ katee dodo. Nanso, ɔkwan a wɔfa so siesie ɔkasa no na ɛde ɔhaw ahorow yi ba.
Sɛ wudi kan kyerɛw wo kasa no na afei wodan no ma ɛbɛyɛ nsɛntiaa a wobɛhwɛ so ama ɔkasa a, ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi ama ɔkasa no a wonhwɛ krataa so. Dɛn ntia? Efisɛ woapaw nsɛm pɔtee a wopɛ sɛ wode di dwuma. Sɛ mpo wode nsɛntiaa a ɛwɔ krataa no so di dwuma a, wubehu sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛkae nsɛm a wode dii dwuma mfiase no. Sɛ wɔkyerɛw biribi a, ɛma kasa no yɛ katee na nsɛm no mu nna hɔ yiye sɛnea daa yɛkasa no. Wo kasa no bɛkyerɛ saa.
Sɛ́ anka wobɛkyerɛw kasa no mu nsɛm nyinaa no, sɔ nea edidi so yi hwɛ: (1) Paw asɛmti ne asɛm no mu nsɛntitiriw a wubegyina so ahyehyɛ saa asɛmti no. Sɛ ɔkasa no nware a, nsɛntitiriw abien bɛyɛ papa. Sɛ ɔkasa no ware a ebehia anan anaa anum. (2) Hyɛ kyerɛw nsɛm atitiriw a wopɛ sɛ wugyina so hyehyɛ ɔkasa no nsow wɔ asɛntitiriw biara ase; afei nso kyerɛw mfatoho ahorow a wode bedi dwuma ne nkyerɛkyerɛmu atitiriw no to hɔ. (3) Dwen sɛnea wubefi ɔkasa no ase ho. Wubetumi akyerɛw kasamu biako anaa abien bi. Afei, siesie asɛm a wode bewie no.
Ahosiesie a wɔyɛ ansa na wɔama ɔkasa no ho hia yiye. Nanso nkenkan ɔkasa no sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkyere agu wo tirim. Wɔ kasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan mu no, sɛ woreyɛ ahosiesie a, ɛsɛ sɛ wode adwene si nsɛm a ɛwom no so, ɛnyɛ nsɛmfua no. Adwene a ɛwom no na ɛsɛ sɛ wutĩ mu kosi sɛ ebedidi so wɔ w’adwene mu. Sɛ woahyehyɛ wo kasa no yiye ma ntease aba mu a, ɛnsɛ sɛ eyi yɛ wo den, na bere a worema ɔkasa no, ɛsɛ sɛ adwene a ɛwom no ba a wommrɛ ho.
Susuw Ɛso Mfaso Horow no Ho. Mfaso titiriw a ɛwɔ kasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan mu ne sɛ wode nsɛm a ɛba fam a nkurɔfo tumi tie no yiye na ɛkasa. Wo kasa no tie bɛyɛ dɛ na w’atiefo no ani begye ho kɛse.
Saa kwan a wɔfa so kasa yi ma wutumi hwɛ w’atiefo anim yiye, na ɛma mutumi di nkitaho yiye. Esiane sɛ wonhwɛ krataa mu nka asɛmfua biara nti, w’atiefo no bɛte nka sɛ wunim asɛm a woreka no yiye, ɛne sɛ wugye nea woreka no di yiye. Enti saa kwan a wɔfa so ma ɔkasa yi ma ɔkasa no mu yɛ hyew, ɛda nkɔmmɔbɔ adi, na ɛma wutumi du komam.
Ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan no ma wutumi dannan wo nsɛm mu. Asɛm no nyɛ katee sɛ wuntumi nyɛ nsakrae biara wom. Fa no sɛ saa da a worekɔma ɔkasa no, wɔde amanneɛbɔ bi to gua anɔpa a ɛfa w’asɛm no ho tẽẽ. So ɛremfata sɛ woka ho asɛm? Anaasɛ bere a worekasa no, wuhu sɛ mmofra a wɔkɔ sukuu pii wɔ atiefo no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ nsakrae wɔ mfatoho ne osuahu ahorow mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wɔn ma wɔate sɛnea asɛm no fa wɔn asetra ho no ase!
Mfaso foforo a ɛwɔ kasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan mu ne sɛnea etumi kanyan w’ankasa w’adwene no. Sɛ wunya atiefo a wɔkyerɛ w’asɛm no ho anisɔ na wotie wo a, ɛhyɛ w’ankasa nkuran ma wokyerɛkyerɛ nsɛm mu kɔ akyiri anaasɛ wugye bere de tĩ nsɛm bi mu si so dua. Sɛ wuhu sɛ w’atiefo no anigye rekɔ fam a, wubetumi afa akwan bi so adi ɔhaw no so sen sɛ wobɛkasa akyerɛ nkurɔfo a wɔn adwene wɔ biribi foforo so.
Kwati Asiane a Ɛwom No. Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ asiane ahorow wɔ ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan nso mu. Biako ne sɛ wubetumi adi aboro wo bere so. Sɛ wode nsɛm pii hyehyɛ mu dodo bere a worema ɔkasa no a, wo bere ho betumi aba asɛm. Sɛ wokyerɛw bere a ɛsɛ sɛ wode di ɔkasa no fã biara ho dwuma wɔ wo kratasin no so a, wubetumi adi eyi ho dwuma. Afei di saa nhyehyɛe yi so yiye.
Asiane foforo a akasafo a wɔn ho akokwaw titiriw hyia ne gye a wobetumi agye wɔn ho adi dodo no. Esiane sɛ ebinom ho akokwaw wɔ baguam kasa mu nti, ebetumi ayɛ wɔn sɛ ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkeka nsɛm bi abom ntɛm so na ama wɔadi bere a wɔahyɛ no so. Nanso ɛsɛ sɛ ahobrɛase ne hu a yebehu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛrenya nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa ankasa ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini mu kyɛfa no kanyan yɛn ma yɛde mpaebɔ susuw dwumadi biara ho na yesiesie yɛn ho yiye.—Yes. 30:20; Rom. 12:6-8.
Ebia nea ɛhaw akasafo a wɔn ho nkokwawee wɔ ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkekan mu ne sɛ wɔn werɛ betumi afi nea wɔpɛ sɛ wɔka no. Mma nsusuwii yi nnsiw wo kwan wɔ anammɔn a ɛbɛma woanya nkɔso wɔ ɔkwan a wɔfa so ma ɔkasa a etu mpɔn ho yi mu. Siesie wo ho yiye, na fa wo ho to Yehowa so sɛ ɔmfa ne honhom no mmoa wo.—Yoh. 14:26.
Akasafo afoforo ma nsɛmfua a wɔde bedi dwuma ho adwennwen twe wɔn san. Ɛwom, ebia nsɛmfua a wɔpaw ne kasa mmara a edi mũ a ɛwɔ ɔkasa a wɔkyerɛw mu nsɛm nyinaa mu no rempue wɔ ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan mu, nanso nkɔmmɔbɔ kwan dɛdɛ a wɔnam so ma no si ɛno ananmu koraa. Nkurɔfo taa tie nsɛm a wɔka a asete nyɛ den na ɛnyɛ hwanyann no yiye. Sɛ wusiesie wo ho yiye a, kasasin a ɛfata no ankasa bɛba, ɛnyɛ sɛ wokyere guu wo tirim nti, na mmom esiane sɛ woasua nsɛm no yiye nti. Na sɛ wode nsɛm a ɛfata bɔ nkɔmmɔ da biara a, ɛno ankasa bɛba bere a wugyina asɛnka agua so no.
Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Wokyerɛw De Di Dwuma. Bere kɔ so na wusua yɛ no, wubetumi atew nsɛm a wobɛkyerɛw wɔ wo kratasin so no so ma ayɛ nsɛmfua kakraa bi a wode bedi dwuma wɔ wo kasa no mu. Wubetumi akyerɛw eyi ne kyerɛw nsɛm a wopɛ sɛ wode di dwuma nyinaa wɔ kratasin anaa krataa bi a wobɛhwɛ so ma akae wo nea wobɛka so. Asɛnka de, mpɛn pii no, wobɛhyehyɛ ɔkasa tiawa wɔ wo tirim. Sɛ woayɛ asɛm bi mu nhwehwɛmu a wode bɛyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi akyerɛw nsɛm kakraa bi wɔ krataa so de ahyɛ wo Bible mu. Anaasɛ wubetumi agyina nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” anaa nsɛm bi a ɛwɔ Reasoning From the Scriptures mu so abɔ wo nkɔmmɔ no.
Nanso sɛ wɔama wo dwumadi wɔ nhyiam ahorow ase wɔ adapɛn kakraa bi ntam na sɛ ebia wobɛma baguam ɔkasa aka ho a, wubehu sɛ ɛsɛ sɛ wokyerɛw nsɛm a ɛdɔɔso. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkaakae w’adwene wɔ asɛm no ho ansa na woayɛ emu biara. Ɛno mpo no, sɛ wode wo ho to nsɛm a woakyerɛw no so pii hwehwɛ nsɛmfua a wobɛka bere a worekasa—na wohwɛ so ka asɛm biara—a, wobɛhwere mfaso a wonya fi ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan mu no. Sɛ wokyerɛw nsɛm pii a, sensan ase sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahwɛ nsɛntitiriw kakra no ne kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so a ɛwɔ wo kratasin no so no.
Mpɛn pii no, bere a ɛsɛ sɛ ɔkasafo a ne ho akokwaw ma ɔkasa a ɔnhwɛ krataa so nkenkan no, ebetumi ayɛ papa nso sɛ ɔde akwan foforo a wɔfa so ma ɔkasa no bɛhyehyɛ mu. Wɔ nnianim nsɛm ne nsɛm a wɔde wie mu a ebehia sɛ ɔkasafo no de atiefo animhwɛ, ne nsɛm a wɔde ahwɛyiye akyerɛw di dwuma no, nsɛmfua kakra a ɔbɛkyere agu ne tirim betumi ayɛ nea etu mpɔn. Mmeae a wɔde nokwasɛm ahorow bi, akontaabu, ne nkurɔfo nsɛm a wɔafa aka di dwuma no, akenkan ho behia na wubetumi ayɛ saa wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
Bere a Afoforo Hwehwɛ Nkyerɛkyerɛmu. Ɛtɔ mmere bi a, wobisa yɛn gyidi ho asɛm bere a yennya hokwan nsiesie yɛn ho. Eyi betumi asi bere a obi a yehyia no wɔ asɛnka mu bisa asɛm bi a ɔnte ase no. Tebea horow a ɛte saa betumi asɔre bere a yɛwɔ abusuafo mu, adwumam, anaasɛ sukuu mu no. Aban mpanyimfo nso betumi ahwehwɛ sɛ yɛkyerɛ yɛn gyidi ne yɛn asetra kwan mu kyerɛ wɔn. Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase.”—1 Pet. 3:15.
Hyɛ sɛnea Petro ne Yohane buaa Yudafo Sanhedrin no sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo no Nnwuma 4:19, 20 no nsow. Wɔde kasamu abien pɛ na edii dwuma de kyerɛkyerɛɛ wɔn gyinabea mu. Wɔyɛɛ saa wɔ ɔkwan a ɛfata wɔn a na wɔretie wɔn no so—na wɔdaa no adi sɛ ɔsɛmpɔw no fa asomafo no ho sɛnea ɛfa asɛnnibea baguafo no nso ho ara pɛ no. Akyiri yi, wɔbɔɔ Stefano atoro sobo, na wɔde no kogyinaa asɛnnibea koro no ara anim. Kenkan ne mmuae a ɔde maa mpofirim a tumi wom no wɔ Asomafo no Nnwuma 7:2-53. Ɔkwan bɛn na ɔfaa so hyehyɛɛ ne nsɛm no? Ɔkaa nsɛm sɛnea esisii wɔ abakɔsɛm mu nnidiso nnidiso. Eduu baabi a ɛfata no, ofii ase sii Israel man no atuatew su no so dua. Ɔde ne nsɛm no reba awiei no, ɔdaa no adi sɛ Sanhedrin no nso ada suban koro a ɛte saa adi denam Onyankopɔn Ba a wɔma wokum no no so.
Sɛ wɔfrɛ wo mpofirim sɛ kyerɛkyerɛ wo gyidi mu a, dɛn na ɛbɛboa wo ma wo nsɛm atu mpɔn? Suasua Nehemia a ɔbɔɔ mpae ansa na ɔrebua asɛm bi a Ɔhene Artasasta bisaa no no. (Neh. 2:4) Afei, hyehyɛ nsɛm a wobɛka wɔ wo tirim ntɛm ara. Wubetumi ahyehyɛ akwan titiriw no saa kwan yi so: (1) Paw asɛm biako anaa abien a wode bɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu (wubetumi de nsɛm a ɛwɔ Reasoning From the Scriptures no mu adi dwuma). (2) Si kyerɛw nsɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm no mu ho gyinae. (3) Susuw anifere kwan a wobɛfa so afi wo nkyerɛkyerɛmu no ase ho sɛnea ɛbɛyɛ a nea obisaa asɛm no benya ɔpɛ sɛ obetie. Na afei fi ase kasa.
Bere a wo ho akyere wo no, so wobɛkae nea ɛsɛ sɛ woyɛ? Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka bɛma mo ɛdɔn no ara mu. Na ɛnyɛ mo na mokasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu.” (Mat. 10:19, 20) Eyi nkyerɛ sɛ wubenya “anyansasɛnka” a wɔde maa afeha a edi kan Kristofo no bi. (1 Kor. 12:8) Nanso sɛ wunya nkyerɛkyerɛ a Yehowa nam ne nkoa a wɔwɔ Kristofo asafo mu so de ma no mu kyɛfa daa a, honhom kronkron bɛma woakae nsɛm a ehia no.—Yes. 50:4.
Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkasa a wɔnhwɛ krataa so nkenkan betumi atu mpɔn yiye. Sɛ wusua sɛ wode bedi dwuma bere biara a woyɛ dwumadi wɔ asafo no mu a, ɛnde sɛ ɛho behia sɛ woma mmuae mpofirim a, ɛrenyɛ den mma wo, efisɛ ɔkwan koro no ara na wɔfa so yɛ. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛyɛ saa. Sua a wubesua sɛ wobɛkasa bere a wonhwɛ krataa so nkenkan no bɛboa wo ma w’asɛnka adwuma atu mpɔn kɛse. Na sɛ wunya hokwan ma ɔkasa ahorow wɔ asafo no mu a, ɛda adi sɛ wobɛkyere w’atiefo adwene na woadu wɔn koma mu.