ADESUA 10
Anigye
ANIGYE boa ma ɔkasa mu yɛ hyew. Ɛwom sɛ ehia sɛ woma aba ba wo kasa mu de, nanso ɔkasa a emu yɛ hyew na anigye wom no na ɛbɛboa ma woanya atiefo no ma wɔatie wo yiye. Ɛmfa ho abusua a wufi mu anaa sɛnea wo nipasu te no, wubetumi ada anigye adi.
Fa Nkate Kasa. Bere a Yesu ne Samariani bea no rekasa no, ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no som no “wɔ honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:24) Ɛsɛ sɛ komam anigye kanyan wɔn ma wɔsom ma ɛne nokware a wɔahu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. Sɛ obi wɔ anisɔ a ɛkɔ akyiri saa a, ɛbɛda adi wɔ sɛnea ɔkasa mu. Ne ho bɛpere no ma waka Yehowa nsiesiei a ɔdɔ wom no ho asɛm akyerɛ afoforo. N’anim yɛbea, ne nipadua a ɔde si asɛm so dua, ne ne nne bɛkyerɛ sɛnea ɔte nka ankasa.
Ɛnde dɛn nti na ebetumi aba sɛ ɔkasafo a ɔdɔ Yehowa na ogye nea ɔreka di no ntumi nna anigye adi bere a ɔrekasa no? Ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ obesiesie asɛm a ɔrekɔma no. Ɛsɛ sɛ n’asɛmti no gye n’adwene, na ɔde ne koma nyinaa hyem. Fa no sɛ wɔama no ɔkasa a ɛfa Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no ho. Sɛ ɔkasafo no ma ne kasa no a, ɛnyɛ nsɛntitiriw a ɔbɛma ne nyinaa ada adi no nko na ehia sɛ ɔma ɛtra n’adwenem, mmom ɛsɛ sɛ ɔma anisɔ a ɔwɔ ma nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ma no ne n’atiefo no da adi. Ɛsɛ sɛ ofi nkate mu da anisɔ a ɔwɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu wɔ nsiesiei a ɛyɛ nwonwa yi ho no adi. Ɛsɛ sɛ odwen nkwa ho anidaso a ɛsen biara a ebue ma adesamma nyinaa no ho—anigye a enni awiei wɔ akwahosan a edi mu mu wɔ asase so paradise a wɔasan de asi hɔ no mu! Enti, ehia sɛ ɔde ne koma hyem.
Bible ka ɔkyerɛwfo Esra a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Israel no ho asɛm sɛ ‘osiesiee ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.’ (Esra 7:10) Sɛ yɛn nso yɛyɛ saa—siesie yɛn nsɛm ne yɛn koma nyinaa a—yebefi komam akasa. Nokwasɛm a efi koma mu a yɛka no betumi ayɛ pii de aboa wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no ma wɔn ani agye nokware no ho.
Dwen W’atiefo no Ho. Ade foforo a ehia na ɛboa ma wunya anigye ne sɛ wubenya ahotoso sɛ ehia sɛ w’atiefo no tie nea wowɔ ka no. Eyi kyerɛ sɛ bere a woresiesie wo kasa no, ɛnyɛ nsɛm a ɛfata nko na wubesiesie, na mmom ɛsɛ sɛ wobɔ mpae srɛ Yehowa akwankyerɛ na wode aboa wɔn a wobɛkasa akyerɛ wɔn no na wɔanya so mfaso. (Dw. 32:8; Mat. 7:7, 8) Hu nea enti a ehia sɛ w’atiefo no te saa asɛm no, sɛnea ɛbɛboa wɔn, ne sɛnea wobɛka no ma wɔakyerɛ ho anisɔ.
Siesie wo dwumadi no kosi sɛ wobɛte nka sɛ w’ani gye nea woayɛ no ho. Ɛho nhia sɛ ɛyɛ asɛm foforo, nanso wubetumi afa kwan foforo koraa so adi ho dwuma. Sɛ wusiesie biribi a ɛbɛboa w’atiefo no ma wɔahyɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den, akyerɛ ne nsiesiei ho anisɔ, agyina asetram nhyɛso ano wɔ wiase nhyehyɛe dedaw yi mu, atu mpɔn wɔ asɛnka adwuma mu a, ɛnde na wowɔ nea wubegyina so anya wo kasa no ho anigye.
Nanso sɛ nea wubedi ho dwuma no yɛ baguam akenkan nso ɛ? Nea ɛbɛyɛ na woatumi ayɛ saa wɔ anigye so no, pii ho hia sen sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua din yiye na woahyehyɛ no yiye kɛkɛ. Sua asɛm no. Sɛ worekɔkenkan Bible no fã bi a, yɛ emu nhwehwɛmu. Hwɛ hu sɛ wote nea ɛkyerɛ no ase ankasa. Susuw sɛnea mfaso wɔ so ma wo ne w’atiefo no ho, na gyina saa adwene no so kenkan kyerɛ wɔn a wɔretie wo no.
So woresiesie wo ho ama asɛnka? Susuw asɛm a wubesusuw ho no ne kyerɛw nsɛm a wopɛ sɛ wode di dwuma no ho. Susuw nea ɛwɔ nnipa no adwenem nso ho. Nsɛm bɛn na asisi? Nsɛnnennen bɛn na ɛhaw wɔn? Sɛ wowɔ biribiara a wode bɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ nsɛnnennen biara a wohyia ano aduru a, wo ho pere wo sɛ wobɛyɛ saa, na anigye no ankasa bɛda adi.
Fa Anigye Ma Ɔkasa a Ɔhyew Wom. Ɛda adi pefee sɛ anigye taa fi ɔkasa a ɔhyew wom mu ba. Ɛsɛ sɛ eyi da adi wɔ w’anim yɛbea mu. Ɛnsɛ sɛ woyɛ katee, na mmom ɛsɛ sɛ woda ahotoso adi.
Ehia sɛ wokari pɛ. Ebinom tumi da wɔn nkate adi wɔ asɛm biara a wɔka ho. Ebia wobehia mmoa na ama wɔahu sɛ sɛ wɔteɛteɛm anaasɛ wɔda nkate a ano yɛ den adi a, sɛ́ anka atiefo no besusuw asɛm a wɔreka no ho no, wobesusuw wɔn ho mmom. Nanso, ehia sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔfɛre ade no nkuran ma wotumi kasa yiye.
Anigye san. Sɛ wutumi hwɛ w’atiefo anim yiye na w’ani gye wo kasa no ho a, w’atiefo no nso benya saa anigye no bi. Apolo daa ɔhyew adi wɔ ne kasa mu, ma wɔka ne ho asɛm sɛ obi a n’ano atew. Sɛ Nyankopɔn honhom wɔ wo mu a, wo kasa a emu yɛ hyew no bɛka wɔn a wotie wo no ma wɔde adi dwuma.—Aso. 18:24, 25; Rom. 12:11.
Anigye a Ɛfata Asɛm No. Hwɛ yiye na wo kasa no mu anigye no ammoro so na anhyɛ w’atiefo no brɛ. Afotu biara a wode bɛma sɛ wonni ho dwuma wɔ kasa no mu no bɛfa wɔn aso akyi. Eyi si hia a ɛho hia sɛ wusiesie ɔkasa no wɔ ɔkwan bi so a wubetumi adannan wo nsɛm mu no so dua. Bɔ mmɔden sɛ woremma ɔkasa no mma aniberesɛm a ɛwom no nyera. Sɛ wopaw wo nsɛm no yiye a, w’ani begye ho paa. Nanso nsɛntitiriw bi wɔ hɔ a ɛhwehwɛ sɛ wode anigye ka sen afoforo, na ɛsɛ sɛ wode ahokokwaw nwene ne nyinaa fra wo kasa no.
Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ wode anigye da nsɛntitiriw a ɛwom no adi. Ɛsɛ sɛ wo kasa no nya fapem ahorow a wubegyina so de asiesie. Esiane sɛ eyinom yɛ wo kasa no mu nsɛntitiriw nti, ɛbɛyɛ nsɛm a wubegyina so akanyan w’atiefo no. Bere a woama w’atiefo no ate nea woreka no ase no, ehia sɛ wokanyan wɔn, na woma wohu mfaso a ɛwɔ nea moasusuw ho no a wɔde bedi dwuma no so. Anigye a woda no adi no bɛboa wo ma woadu w’atiefo no komam. Ɛnsɛ sɛ woma ɔkasa a emu yɛ hyew anuɔden so. Ɛsɛ sɛ atirimpɔw bi bata ho, na wo nsɛm no na ɛbɛma ada adi.