Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ
NNIPA a wɔma wɔn dwumadi no pii brɛ wɔn ho kyerɛw biribiara, efi nnianim nsɛm so kosi nsɛm a wɔde bewie so. Ansa na wobesiesie ɔkasa no awie no, na wɔakyerɛw no mpɛn pii. Saa kwan no betumi agye nnɔnhwerew pii.
So saa kwan no so na wofa siesie wo kasa ahorow? So wobɛpɛ sɛ wusua ɔkwan a ɛnyɛ den? Sɛ wusua sɛnea wɔhyehyɛ kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa mu nsɛm a, ɛho renhia sɛ wokyerɛw wo nsɛm nyinaa bio. Eyi bɛma woanya bere pii de asua sɛnea wobɛma ɔkasa no. Ɛnyɛ mmerɛw nko na ɔkasa ma bɛyɛ ama wo, na mmom ne tie bɛyɛ dɛ na akanyan w’atiefo no kɛse nso.
Ɛwom, ɛdefa baguam ɔkasa ahorow a wɔma wɔ asafo no mu ho no, wɔde kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa no ma. Nanso, ɛnte saa wɔ ɔkasa afoforo a aka no ho. Ebia asɛmti anaa asɛmpɔw bi pɛ na wɔde bɛma wo. Anaasɛ ebia wɔde nsɛm bi a wɔatintim bɛma wo sɛ fa ma ɔkasa no. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde ɛho akwankyerɛ kakraa bi pɛ na ɛbɛma wo. Wɔ dwumadi ahorow a ɛtete saa nyinaa mu no, ehia sɛ w’ankasa wohyehyɛ kratasin a wobɛhwɛ so no mu nsɛm no.
Nhwɛso a ɛwɔ kratafa 41 no bɛkyerɛ wo sɛnea wubetumi ahyehyɛ nsɛm wɔ kratasin bi so ahwɛ so ama ɔkasa. Hyɛ no nsow sɛ, wofi nsɛntitiriw no biara ase wɔ benkum so, na wɔde nkyerɛwde akɛse na akyerɛw ne nyinaa. Wɔakyerɛw nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ asɛntitiriw biara mu no wɔ emu biara ase. Wɔakyerɛw nsɛm a ɛkeka ho a wɔde bɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm no mu no wɔ ase, na wɔatwe afi krataa no ano kakra aba mu wɔ benkum so. Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ yi yiye. Hyɛ no nsow sɛ nsɛntitiriw abien no nyinaa fa asɛmti no ho tẽẽ. Hyɛ no nsow nso sɛ, nsɛm a ɛkeka ho no nyɛ nsɛm a ɛyɛ anigye kɛkɛ. Mmom no, emu biara kyerɛkyerɛ asɛntitiriw biara a ɛhyɛ ase no mu.
Sɛ wohyehyɛ kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa mu nsɛm a, ebia ɛrenyɛ sɛ nhwɛso no pɛpɛɛpɛ. Nanso sɛ wote adwene a wɔde yɛe no ase a, ɛbɛboa wo ma woahyehyɛ wo nsɛm no na wode bere a ɛfata asiesie ɔkasa a ɛyɛ dɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wufi ase?
Susuw Ho, Paw Bi, na Hyehyɛ
Wuhia asɛmti. W’asɛmti no nyɛ asɛm biara a wobetumi de asɛmfua bi agyina hɔ ama kɛkɛ. Ɛyɛ adwene titiriw a wopɛ sɛ woda no adi no, na ɛkyerɛ ɔkwan a wopɛ sɛ wofa so ka w’asɛm no. Sɛ wɔde asɛmti ma wo a, tɔ wo bo ase susuw asɛmfua titiriw biara ho yiye. Sɛ ɛsɛ sɛ wugyina asɛm bi a wɔatintim so siesie asɛmti a wɔde ama no a, ma asɛmti no ntra w’adwenem bere a wusua saa asɛm no. Sɛ wɔde ɔsɛmpɔw bi nkutoo ma wo a, ɛnde na ɛyɛ w’asɛde sɛ wopaw asɛmti no. Nanso ansa na wobɛyɛ saa no, wubetumi ahu sɛ ɛyɛ papa sɛ woyɛ nhwehwɛmu bi. Mpɛn pii no, sɛ wubue w’adwenem a, wubenya nsɛm foforo.
Bere a wofa akwan yi so no, kɔ so bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na asɛm yi ho hia m’atiefo no? Dɛn ne me botae?’ Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nsɛm bi a wobɛka awie ara kɛkɛ anaasɛ ɔkasa a ɛyɛ anigye a wobɛma ara kwa, na mmom sɛ wobɛma w’atiefo no anya mfaso bi afi mu. Sɛ wuhu adwene a ɛwom no a, kyerɛw to hɔ. Ma ɛnkɔ so ntra w’adwenem bere a woresiesie no.
Bere a wɔahu wo botae na woapaw asɛmti a ɛne no hyia (anaasɛ woasusuw sɛnea asɛmti a woapaw no ne saa botae no hyia ho) no, wubetumi ayɛ nhwehwɛmu a ɛtwe adwene si biribi titiriw so. Hwehwɛ nsɛm a ɛso bɛba w’atiefo no mfaso kɛse. Ɛnkeka nsɛm a ensi nsɛm pɔtee so, na mmom hwehwɛ nsɛm pɔtee bi a aba wom na mfaso wɔ so ankasa. Ma nhwehwɛmu dodow a woyɛ no nyɛ nea ɛfata. Mpɛn pii no, nea wubehu ara ne sɛ woanya nsɛm pii sen nea wubetumi de adi dwuma, enti ɛsɛ sɛ woyɛ nyiyim.
Hyɛ nsɛntitiriw a ehia sɛ woka ho asɛm no nsow sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛka w’asɛmti no ho asɛm na woadu wo botae ho. Eyi na ɛbɛyɛ wo nnyinaso titiriw, kratasin a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no. Nsɛntitiriw ahe na ɛsɛ sɛ ɛbam? Ebia abien ye ma ɔkasa tiawa, na mpɛn pii no, anum bɛyɛ nea eye ma ɔkasa a ebia wode dɔnhwerew biako mpo bɛma. Sɛ wo nsɛntitiriw no nnɔɔso a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama w’atiefo sɛ wɔbɛkae.
Bere a w’asɛmti ne wo nsɛntitiriw no wɔ w’adwenem no, hyehyɛ nsɛm a woayɛ nhwehwɛmu anya no. Si nea ɛne wo nsɛntitiriw no wɔ abusuabɔ tẽẽ no ho gyinae. Paw nsɛm a ɛbɛma w’asɛm no atu mpɔn kɛse. Sɛ wopaw kyerɛwsɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ wo nsɛntitiriw mu a, hyɛ nsɛm a ɛbɛboa wo ma woakyerɛkyerɛ saa kyerɛwsɛm no mu ma ntease aba mu no nsow. Fa asɛm biara hyɛ asɛntitiriw a ɛfata sɛ ɛhyɛ ase no ase. Sɛ nsɛm no bi ne wo nsɛntitiriw nhyia a, yi fi mu—ɛmfa ho sɛ ebia ɛyɛ anigye paa no—anaasɛ fa sie na wode adi dwuma bere foforo. Gyaw nsɛm a eye paa no nkutoo. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛka nneɛma pii ho asɛm a, ɛbɛma woakasa ntɛmntɛm, na wo kasa no mu renna hɔ. Ɛyɛ papa sɛ wobɛka nsɛm kakraa bi a ɛso bɛba atiefo no mfaso na woaka no yiye. Nni mmoro bere a wɔde ama wo no so.
Saa bere yi, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a, hyehyɛ wo nsɛm no nnidiso sɛnea ɛfata. Asɛmpa kyerɛwfo Luka yɛɛ eyi. Bere a ɔboaboaa nsɛm pii a ɛfa n’asɛmti ho ano wiei no, ɔkyerɛw no “mmiako mmiako.” (Luka 1:3) Wubetumi ahyehyɛ wo nsɛm no mmiako mmiako anaa nnidiso nnidiso, ebia sɛnea asɛm bi kɔfa foforo ba anaa asɛnnennen bi ne sɛnea wodi ho dwuma, a nea egyina so ne ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wobɛfa so adu wo botae ho no. Ɛnsɛ sɛ wutwa asɛm bi so prɛko pɛ kɔ foforo so. Ɛsɛ sɛ woma w’atiefo di w’akyi bere a wufi asɛm biako so kɔ foforo so, a wunnyaw kwan biara ntom a ɛbɛyɛ den sɛ wobenya biribi ahyɛ hɔ. Ɛsɛ sɛ nsɛm a woka no ma atiefo no hu sɛnea w’asɛm no bɛkɔ akowie. Bere a wohyehyɛ wo nsɛm no, susuw sɛnea w’atiefo no betie wo kasa no ho. So wobedi ɔkwan a wofa so ka wo nsɛm no akyi a wɔmmrɛ? So ɛbɛka wɔn ma wɔde nea wotie no adi dwuma, ma ɛne botae a ɛwɔ wo tirim no ahyia?
Nea edi hɔ ne sɛ, siesie nnianim asɛm a ɛbɛkanyan w’atiefo no ma wɔanya w’asɛmti no ho anigye na ama wɔahu sɛ nea worebɛka ho asɛm no so bɛba wɔn mfaso ankasa. Sɛ wokyerɛw nsɛm kakra a wubedi kan aka no a, ebetumi aboa wo. Awiei koraa no, hyehyɛ nsɛm a wode bewie a ɛne wo botae no hyia.
Sɛ wufi ase siesie wo kratasin a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no ntɛm kakra a, wubenya bere de ayiyi mu ansa na woama ɔkasa no. Wubehu hia a ehia sɛ wode akontaabu kakra, nkyerɛkyerɛmu bi, anaa osuahu bi gyina nsɛm bi akyi no. Nsɛm a asisi nnansa yi ara anaa asɛm bi a wonim wɔ mpɔtam hɔ no betumi aboa w’atiefo no ma wɔahu hia a asɛm no ho hia ntɛm ara. Bere a wosan hwɛ wo kasa no mu no, wubetumi anya akwan pii a wobɛfa so ama w’asɛm no afa w’atiefo ho kɛse. Nhwehwɛmu ne nyiyim a wobɛyɛ no ho hia na ama woasiesie nsɛm a ɛyɛ dɛ ama ayɛ ɔkasa a etu mpɔn.
Ebia ebehia sɛ akasafo bi kyerɛw nsɛm pii sen afoforo. Nanso sɛ wohyehyɛ wo nsɛm wɔ nsɛntitiriw kakraa bi ase, yiyi nea ɛmmoa pii no fi mu, na wohyehyɛ wo nsɛm no nnidiso nnidiso a, wubehu sɛ sɛ wo ho kokwaw kakraa bi a, ɛho renhia sɛ wokyerɛw wo nsɛm nyinaa. Hwɛ sɛnea eyi betumi ama woanya bere pii! Na sɛnea woma ɔkasa no betu mpɔn. Ɛbɛda adi sɛ worenya Teokrase Ɔsom Sukuu nkyerɛkyerɛ no so mfaso ankasa.