Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 25 kr. 166-kr. 169 nky. 5
  • Kratasin a Wɔhwɛ so Ma Ɔkasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kratasin a Wɔhwɛ so Ma Ɔkasa
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ɔkasa a Wɔnhwɛ Krataa So Nkenkan
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Baguam Ɔkasa Horow a Wubesiesie
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Asafo Mu Ɔkasa Horow a Wubesiesie
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 25 kr. 166-kr. 169 nky. 5

ADESUA 25

Kratasin a Wɔhwɛ so Ma Ɔkasa

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Gyina kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa anaa nsɛm a woahyehyɛ wɔ wo tirim so ma ɔkasa no sen sɛ wobɛhwɛ krataa a wɔakyerɛw nsɛm no nyinaa wɔ so so akenkan ɔkasa no mu nsɛm.

Dɛn nti na ɛho hia?

Ɔkasa a wobɛhyehyɛ wɔ krataa so no boa wo ma wususuw nsɛm ho. Ɛso a wobɛhwɛ de ama ɔkasa no ma ɛyɛ mmerɛw ma wo sɛ wobɛkasa nkɔmmɔbɔ kwan so na woafi komam akasa.

SƐ NNIPA pii te kratasin a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa ho asɛm a, ɛma wɔn yam hyehye wɔn. Sɛ wɔkyerɛw nsɛm a wɔbɛka nyinaa gu krataa so anaa wosua gu wɔn tirim a, wɔpɛ no saa mmom.

Nanso, nokwasɛm ne sɛ, daa yɛkasa a yɛnkyerɛw yɛn nsɛm no nyinaa. Yɛde di dwuma bere a yɛne yɛn abusuafo ne nnamfo kasa no. Yɛyɛ saa bere a yɛwɔ asɛnka mu. Na yɛde di dwuma bere a yefi komam rebɔ mpae, sɛ́ ebia ɛyɛ kokoam anaa yegyina kuw bi ananmu no.

Sɛ woma ɔkasa a, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nsɛm no nyinaa a wobɛkyerɛw ahwɛ so ne kratasin a wɔahyehyɛ nsɛm ntiantiaa wɔ so a wobɛhwɛ so no mu? Bere a nsɛm a wɔakyerɛw a wobɛhwɛ so akenkan no betumi aboa wo ma woaka nsɛm pɛpɛɛpɛ na wode nsɛm a wɔapaw adi dwuma no, ɛnyɛ bere nyinaa na wutumi du nkurɔfo komam. Sɛ wokenkan kasamu kakra wie a, ɛtaa ma sɛnea wo kasa kɔ ne wo nne mu nsakrae sesa fi sɛnea wotaa kasa no ho. Sɛ wode w’ani si akenkan no so pii sen sɛ wobɛhwɛ w’atiefo no a, ebetumi ama wɔn mu dodow no ara agyae asɛm no tie sɛnea anka wɔbɛyɛ sɛ wɔtee nka sɛ wususuw wɔn ho ankasa ma enti woadan asɛm no ma afa wɔn nsɛm tebea ho a. Sɛ wopɛ sɛ wo kasa kanyan atiefo ankasa a, nea eye paa ne sɛ worenhwɛ krataa so nkenkan kasa no.

Wɔahyehyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no na aboa yɛn wɔ yɛn da biara da asetra mu. Sɛ yehyia nnamfo a, yɛntwe krataa nkenkan yɛn nsɛm nkyerɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde nsɛmfua a eye sen biara bedi dwuma. Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛmfa krataa a yɛakyerɛw yɛn nsɛm nyinaa wɔ so nkenkan esiane sɛ yesuro sɛ yɛn werɛ betumi afi nsɛm bi a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo nti. Sɛ woreyɛ sɛnea wubedi adanse wɔ tebea a ɛte saa mu ho ɔyɛkyerɛ wɔ sukuu no mu a, sua sɛ wobɛkasa wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wode wo nne ankasa akasa. Sɛ wusiesie wo ho yiye a, wubehu sɛ nsɛm a woahyehyɛ wɔ kratasin so anaa wɔ adwenem no ara dɔɔso sɛ ɛbɛkae wo nsɛntitiriw a wopɛ sɛ woka ho asɛm no. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi anya ahotoso a ɛbɛma wode bi adi dwuma?

Susuw Wo Nsɛm Ho. Nea ɛbɛyɛ na wode kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa adi dwuma no, susuw wo nsɛm ho. Eyi nkyerɛ sɛ wobɛpaw nsɛm a wopɛ sɛ wode di dwuma. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wubesusuw nsɛm ho ansa na woakasa.

Mpɛn pii no, obi a ɔpere ne ho kasa no taa ka nsɛm a akyiri yi onyae a anka wanka. Obi foforo nso betumi akasa a onsusuw ho, adan afi asɛm biako so akɔ foforo so. Wubetumi adi suban a ɛtete sɛɛ nyinaa so yiye denam gyina a wubegyina asusuw nsɛm ho wɔ wo tirim ansa na woafi ase akasa so. Di kan ma wo botae no ntra w’adwenem, na afei paw akwan a wobɛfa so adu ho no, ansa na woafi ase akasa.

So woresiesie wo ho akɔ asɛnka? Ɛnyɛ w’adansedi nhoma nko na ɛsɛ sɛ wotɔ wo bo ase hyehyɛ wɔ bag mu, mmom susuw nsɛm a wobɛka nso ho. Sɛ wusi gyinae sɛ wode nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Yɛn Ahenni Som mu no biako bedi dwuma a, kenkan no mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛntitiriw a ɛwom no bɛka wo tirim yiye. Fa nsɛm tiawa bi ka aba a ɛwom no ho asɛm. Dan nsɛm no ma ɛnyɛ sɛ w’ankasa nsɛm na ma ɛne w’asasesin no mu tebea nhyia. Sɛ wohyehyɛ nsɛm no wɔ wo tirim a, ɛbɛboa wo yiye. Nsɛm bɛn na wode bɛhyem? (1) Wubetumi aka asɛm bi a ɛho hia nnipa a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ de afi ase. Ma ofiewura no nkasa. (2) Ma biribi pɔtee a mubetumi asusuw ho wɔ asɛm no ho ntra w’adwenem, na fa kyerɛwsɛm biako anaa abien a ɛkyerɛ nea Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama ahotɔ aba ka ho. Sɛ wunya hokwan a, si so dua sɛ Yehowa nam N’ahenni, ne soro nniso no so na ɛbɛyɛ eyi. (3) Hyɛ ofiewura no nkuran ma ɔnyɛ nea moasusuw ho no ho biribi. Wubetumi ama no nhoma anaasɛ wo ne no ahyehyɛ Bible adesua na woayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma moatoa nkɔmmɔbɔ no so.

W’adwenem nkutoo na wubetumi afi aka nsɛm a ɛte saa. Sɛ wopɛ sɛ wohwɛ krataa so wɔ wo nsrahwɛ a edi kan pɛɛ no mu a, wubetumi akyerɛw nsɛm kakraa bi a wode befi w’asɛm ase, kyerɛwsɛm biako anaa abien bi, ne asɛm tiawa bi a wobɛpɛ sɛ wode wie w’asɛm no wɔ so. Ahosiesie ne kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa a yɛde bedi dwuma no ma yɛkwati kasatenten, na ɛboa yɛn ma yɛde asɛm a emu da hɔ a yɛn fiewura no betumi akae gyaw no.

Sɛ asɛmmisa anaa akyinnyegye taa sɔre wɔ w’asasesin mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ asɛm no mu nhwehwɛmu. Mpɛn pii no, nea wuhia ara ne nsɛmpɔw abien anaa abiɛsa bi a kyerɛw nsɛm ka ho. “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” anaa nsɛm a wɔde nkyerɛwde akɛse akyerɛw wɔ Reasoning From the Scriptures mu no betumi ama woanya nsɛm ankasa a wubegyina so akasa. Wubetumi anya asɛm bi a obi aka a ɛfata afi nhoma foforo mu a ebia wode bɛka ho. Kyerɛw nsɛm ntiantiaa bi to hɔ, na fa asɛm bi a obi aka a ɛfata no ka ho fa hyɛ nneɛma a wode kɔ asɛnka no mu. Sɛ ofiewura bi bisa asɛm bi anaasɛ ogye akyinnye a, ma onhu sɛ w’ani gye sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nea wugye di no mu akyerɛ no. (1 Pet. 3:15) Gyina asɛm a ɛwɔ wo kratasin so no so ma no mmuae.

Sɛ woregyina w’abusua, nhoma adesua kuw, anaa asafo no ananmu abɔ mpae a, eye sɛ wohyehyɛ wo nsɛm wɔ wo tirim. Sɛnea Luka 11:2-4 kyerɛ no, Yesu maa n’asuafo no mpaebɔ a edi mũ ho nhwɛso tiawa. Bere a wɔrebue asɔrefie ano wɔ Yerusalem no, Salomo bɔɔ mpae tenten. Ɛda adi sɛ odii kan susuw nsɛm a ɔbɛka ho. Odii kan twee adwene sii Yehowa ne ɛbɔ a Ɔhyɛɛ Dawid no so; afei asɔrefie no; na ɔdan adwene kɔɔ tebea horow pɔtee ne nnipakuw bi so mmiako mmiako. (1 Ahe. 8:22-53) Yebetumi asua biribi pa afi nhwɛso yi mu.

Kyerɛw Nsɛm Kakraa Bi Pɛ Wɔ Kratasin a Wohwɛ so Ma Ɔkasa no So. So wobɛhwɛ kratasin no so ama baguam ɔkasa? Nsɛm dodow ahe na ɛsɛ sɛ ɛkɔ so?

Kae sɛ kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa wo ma woakaakae nsɛm. Ebia wobɛte nka sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wokyerɛw nsɛm kakraa bi a wode befi ase. Ɛno akyi no, mfa w’adwene nsi nsɛm so na mmom fa si adwene a ɛwom so. Sɛ wokyerɛw saa nsɛm no a, ma ɛnyɛ ntiantiaa. Ɛsɛ sɛ nsɛntitiriw kakraa bi a woabɔ wo tirim sɛ wobɛka no da adi pefee wɔ krataa no so. Wubetumi ayɛ eyi denam nkyerɛwde akɛse a wode bɛkyerɛw, san a wobɛsensan ase, anaasɛ kɔla a wode bɛfa so so. Kyerɛw nneɛma a wopɛ sɛ woka ho asɛm no wɔ asɛntitiriw biara ase. Kyerɛw kyerɛwsɛm a wopɛ sɛ wokenkan no. Mpɛn pii no ɛyɛ papa sɛ wobɛkenkan afi Bible mu tẽẽ. Hyɛ mfatoho a wopɛ sɛ wode di dwuma no nsow. Wubetumi de wiase no mu asɛm bi a wɔfa ka a ɛfata nso adi dwuma. Kyerɛw wo nsɛm no ma ɛnnɔɔso kakra sɛnea ɛbɛma woanya nsɛm pɔtee bi aka. Sɛ woakyerɛw no fɛfɛɛfɛ wɔ kratasin a wohwɛ so ma ɔkasa no so a, ɛrenyɛ den sɛ wode bedi dwuma.

Ebinom de kratasin a ɛso nsɛm nnɔɔso na edi dwuma. Kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa mu nsɛm betumi ayɛ nsɛntitiriw kakraa bi, kyerɛw nsɛm a ɔkasafo no befi ne tirim aka, anaa mfonini a ebia ɛbɛboa no ma wakae nsɛm. Ɔkasafo no betumi de nsɛm kakraa yi ama ɔkasa ma adidi so wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so. Adesua yi atirimpɔw ara ni.

Wɔ nkratafa 39 kosi 42 no, wubehu “Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ.” Ɛbɛyɛ papa sɛ wokenkan saa asɛm no bere a woredi adesua yi, “Kratasin a Wɔhwɛ so Ma Ɔkasa” ho dwuma no.

Sɛnea Wɔde Kratasin a Wɔhwɛ so Ma Ɔkasa Di Dwuma. Nanso ɛde besi ha yi, ɛnyɛ wo botae ara ne sɛ wubesiesie wo kasa no wɔ kratasin bi so ahwɛ so kɛkɛ. Botae no ne sɛ wode kratasin a wɔhwɛ so ma ɔkasa no bedi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so.

Ade a edi kan wɔ kratasin no mu nsɛm a wode bedi dwuma mu ne sɛ wubesiesie wo ho ama ɔkasa no. Hwɛ asɛmti no, kenkan nsɛntitiriw no mu biara na ka abusuabɔ a emu biara ne asɛmti no wɔ wɔ wo tirim. Hyɛ bere dodow a wubetumi de adi asɛntitiriw biara ho dwuma no nsow. Afei san w’akyi kosua asɛntitiriw a edi kan no. Tĩ nsɛm a ɛwom, kyerɛwsɛm, mfatoho ahorow, ne osuahu ahorow a wopɛ sɛ wode di dwuma de kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu mu. San kenkan asɛm no mpɛn pii kosi sɛ saa ɔfã no bɛka wo tirim. Saa ara na ɛsɛ sɛ woyɛ nsɛntitiriw a aka no nyinaa. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, susuw nea wubetumi ayi afi mu sɛnea ɛbɛyɛ na woawie wɔ bere ano no ho. San hwɛ ɔkasa no nyinaa mu. Mfa w’adwene nsi nsɛmfua a ɛwom no so, na mmom fa si adwene a ɛwom no so. Nkyere ɔkasa no ngu wo tirim.

Sɛ worema ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ wutumi hwɛ atiefo no anim yiye. Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, mpɛn pii no ɛsɛ sɛ wutumi de Bible no di dwuma kyerɛkyerɛ mu a wonsan nkɔhwɛ wo kratasin no so ansa. Saa ara na sɛ worema mfatoho bi a, ka no sɛnea anka wobɛka akyerɛ nnamfo sen sɛ wobɛkenkan afi kratasin so no. Bere a wokasa no, nhwɛ kratasin no so nkenkan nsɛm no. Fi komam kasa, na wubedu wɔn a wɔretie wo no komam.

Sɛ wuhu sɛnea wɔhwɛ kratasin so ma ɔkasa yiye a, ɛbɛkyerɛ sɛ woanya nkɔanim a ehia paa sɛ ɔkasafo a otu mpɔn.

SƐNEA WOBƐYƐ NO

  • Ma mfaso a ɛwɔ kratasin so a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no ntra w’adwenem.

  • Wɔ wo da biara da nkɔmmɔbɔ mu no, susuw nsɛm ho ansa na woakasa.

  • Nea ɛbɛma woanya ahotoso a ehia a wode hwɛ krataa so kasa no, bɔ Yehowa mpae, na fa yɛ wo su sɛ wubefi wo pɛ mu ama mmuae wɔ asafo nhyiam ase.

  • Mma wo nsɛm no nnnɔɔso, na ma emu nna hɔ.

  • Siesie wo ho denam nsɛntitiriw a wubesusuw ho, ɛnyɛ nsɛmfua a wobɛkyere agu wo tirim, so.

DWUMADI: Ansa na wobɛkɔ asɛnka dapɛn yi no, siesie nsɛm pɔtee a wobɛpɛ sɛ woka no wɔ wo tirim. (Hwɛ kratafa 167, nkyekyem 3.) Hyɛ bere dodow a egyee wo ansa na woretumi awie nkɔmmɔbɔ bi a wusiesiei anaa anyɛ yiye koraa no, wutumi kaa aba a ɛwom wɔ asɛnka mu no nsow.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena