Baguam Ɔkasa Horow a Wubesiesie
DAPƐN biara, Yehowa Adansefo asafo dodow no ara yɛ baguam ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm mu ɔsɛmpɔw bi so ho nhyehyɛe. Sɛ woyɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo a, so woda wo ho adi sɛ obi a obetumi ayɛ ɔkasafo a otu mpɔn, anaa ɔkyerɛkyerɛfo? Sɛ saa a, wobetumi ama woama baguam ɔkasa. Teokrase Ɔsom Sukuu no aboa anuanom ɔpedudu pii ma wɔafata ama ɔsom hokwan yi. Sɛ wɔma wo baguam ɔkasa a, ɛhe na ɛsɛ sɛ wufi ase?
Sua Nsɛntiaa a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa No
Ansa na wobɛyɛ nhwehwɛmu biara no, kenkan nsɛm a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no na dwennwen ho kosi sɛ wobɛte ase. Ma asɛmti a ɔkasa no gyina so no ntra w’adwenem. Dɛn na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ w’atiefo no? Dɛn ne wo botae?
Hu nsɛmti ahorow no yiye. Susuw saa nsɛntitiriw no ho. Ɔkwan bɛn so na ebiara ne asɛmti titiriw no hyia? Wɔ asɛntitiriw biara ase no, wɔakyerɛw nsɛntitiriw nketewa dodow bi. Wɔahyehyɛ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ nsɛntitiriw nketewa no mu no wɔ ase. Susuw sɛnea nsɛm a wobɛhwɛ so ama ɔkasa no fã biara ma nea edi kan no mu da hɔ, na ɛno nso ma nea edi hɔ no mu da hɔ na ɛboa ma wudi ɔkasa no botae ho dwuma no ho. Sɛ wunya te asɛmti no, ɔkasa no botae, ne sɛnea emu nsɛm no boa ma wudi saa atirimpɔw no ho dwuma ase pɛ a, wubetumi afi ase asiesie ɔkasa no.
Mfiase no, sɛ wususuw wo kasa no ho sɛ ɛyɛ ɔkasa ntiantiaa anan anaa anum a emu biara kura asɛntitiriw bi a, ebetumi aboa wo. Siesie biako wie ansa na woakɔ foforo so.
Nsɛntiaa a wɔde ama wɔ krataa no so no yɛ adwinnade a wɔhwɛ so siesie ɔkasa. Ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ wode bedi dwuma sɛ nsɛm bi a wobɛhwɛ mu ama wo kasa no. Ɛte sɛ nkrampan. Ebehia sɛ wode honam dura ho, na sɛnkyerɛnne kwan so no, woma no koma, na wuhuw nkwa home gu mu.
Kyerɛwnsɛm a Wode Bedi Dwuma
Yesu Kristo ne n’asuafo no de wɔn nkyerɛkyerɛ gyinaa Kyerɛwnsɛm no so. (Luka 4:16-21; 24:27; Aso. 17:2, 3) Wubetumi ayɛ saa ara. Ɛsɛ sɛ wo kasa no gyina Kyerɛwnsɛm no so titiriw. Sɛ anka wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm bi a wɔaka wɔ krataa a wɔde ama no mu de adi dwuma no, susuw sɛnea Kyerɛwnsɛm no foa so no ho, na afei fi Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛkyerɛ.
Bere a wusiesie wo kasa no, hwehwɛ kyerɛwsɛm biara a wɔatwe adwene asi so wɔ asɛm no mu no mu. Hyɛ nsɛm a ɛfa ho no nsow. Kyerɛwsɛm bi wɔ hɔ a ɛboa ma wote nneɛma ase kɛkɛ. Ɛnyɛ ne nyinaa na ehia sɛ wokenkan anaa woka ho asɛm bere a worema ɔkasa no. Paw nea ɛfata paa ma w’atiefo no. Sɛ wode w’adwene si kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nsɛntiaa a wɔhwɛ so ma ɔkasa a wɔatintim no so a, ɛda adi sɛ worenhia sɛ wode Kyerɛwnsɛm foforo biara bedi dwuma aka ho.
Sɛ wo kasa no bɛkɔ yiye a, ennyina kyerɛw nsɛm dodow a wode bedi dwuma no so, na mmom ebegyina sɛnea wo nkyerɛkyerɛ no tu mpɔn fa so. Sɛ worebɛkan kyerɛwsɛm biara a, kyerɛ nea enti a wode redi dwuma no. Gye bere fa kyerɛkyerɛ mu. Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm no wie a, nto wo Bible no mu bere a wokyerɛkyerɛ mu no. Ɛda adi sɛ w’atiefo no nso bɛyɛ saa ara. Ɔkwan bɛn so na wubetumi akanyan w’atiefo no anigye na woaboa wɔn ma wɔanya Onyankopɔn Asɛm so mfaso kɛse? (Neh. 8:8, 12) Wonam nkyerɛkyerɛmu, mfatoho, ne sɛnea wɔde di dwuma so betumi ayɛ saa.
Nkyerɛkyerɛmu. Sɛ worebɛkyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm titiriw bi mu a, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na ɛkyerɛ? Dɛn nti na mede redi dwuma wɔ me kasa no mu? Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔretie me no rebisa wɔn ho wɔ nkyekyem yi ho?’ Ebia ebehia sɛ wususuw nsɛm a ɛfa ho, tebea, sɛnea esii, tumi a ɛwɔ nsɛmfua no mu, nea honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no adwene a na okura, no ho. Eyi gye nhwehwɛmu. Wubenya nsɛm a ɛso wɔ mfaso pii afi nhoma horow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ama no mu. (Mat. 24:45-47) Mmɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm no mu biribiara mu, na mmom kyerɛ nea enti a womaa w’atiefo no kenkanee ne sɛnea ɛne nsɛm a moasusuw ho no hyia no. Ma wo nkyerɛkyerɛmu no mu nna hɔ.
Mfatoho. Mfatoho atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma w’atiefo anya ntease a emu dɔ anaasɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔakae asɛm anaa nnyinasosɛm bi a woaka ho asɛm no. Mfatoho boa nkurɔfo ma wɔfa nea woaka akyerɛ wɔn no, na wɔde toto biribi a wonim dedaw ho. Eyi na Yesu yɛe bere a ɔmaa ne Bepɔw so Ɔkasa a wonim no yiye no. “Wim nnomaa,” “wuram sukooko,” “ɔpon teateaa,” ‘aban a wɔto no ɔbotan so,’ ne nsɛm a ɛtete saa maa ne nkyerɛkyerɛ mu daa hɔ a na wɔkae bere nyinaa.—Mat., ti 5-7.
Sɛnea Wɔde Di Dwuma. Kyerɛw nsɛm a wobɛkyerɛkyerɛ mu na woama ho mfatoho no ma wonya nimdeɛ, nanso di a wɔde saa nimdeɛ no bedi dwuma no na mfaso wɔ so. Nokwarem no, ɛyɛ wɔn a wɔretie wo no asɛde sɛ wɔde Bible mu asɛm no bedi dwuma, nanso wubetumi aboa wɔn ma wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Bere a woanya ahu sɛ w’atiefo no te nkyekyem a moresusuw ho no ase na wohu hia a ehia wɔ asɛm a woreka no mu no, gye bere fa kyerɛ wɔn ma wonhu nkɛntɛnso a enya wɔ wɔn gyidi ne nneyɛe so no. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ wobegyae nsusuwii bɔne ne nneyɛe a ɛne nokware a moresusuw ho no nhyia no so dua.
Bere a woresusuw sɛnea wode kyerɛw nsɛm bedi dwuma ho no, kae sɛ nnipa a worekasa kyerɛ wɔn no fi mmeae ahorow na nsɛm tebea a wohyia no gu ahorow. Ebetumi aba sɛ anigyefo foforo koraa, mmabun, mpanyimfo, ne wɔn a nsɛm ahorow pii haw wɔn na wɔwɔ hɔ. Ma wo kasa no nyɛ nea wobetumi de adi dwuma ma ayɛ yiye. Kwati sɛ wode afotu bɛma ma ayɛ sɛ nea nnipa kakraa bi ho adwene na ɛwɔ wo tirim.
Ɔkasafo no Gyinaesi Ahorow
Wɔadi kan asi wo kasa no ho gyinae ahorow bi ama wo dedaw. Wɔama nsɛntitiriw no ada adi pefee, na wɔakyerɛ wo bere a ɛsɛ sɛ wode susuw asɛmti biara ho. Gyinaesi ahorow a aka no wɔ wo nsam. Wubetumi apaw sɛ wubegye bere pii wɔ nsɛntitiriw nketewa bi ho na wode bere kakraa bi ama afoforo. Mma ɛnnyɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wususuw asɛntitiriw ketewa biara ho wɔ ɔkwan koro so. Ɛno bɛma wode w’asɛm no atu mmirika na w’atiefo no rente wo ase. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɛsɛ sɛ woka ho asɛm pii ne nea ɛnsɛ sɛ wokyɛ wɔ ho, anaa wobɔ so kɛkɛ? Bisa wo ho sɛ: ‘Nsɛm bɛn na ɛbɛboa me ma mada adwene a ɛwɔ ɔkasa no mu adi? Emu nea ɛwɔ he na ɛso bɛba m’atiefo no mfaso kɛse? So kyerɛwsɛm bi a wɔatwe adwene asi so a meyi afi mu no bɛma adanse a mede rema no mu agow?’
Bɔ mmɔden biara kwati sɛ wode atesɛm anaa w’ankasa nsusuwii behyem. Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo mpo kwatii sɛ ‘obefi n’ankasa ne tirim akasa.’ (Yoh. 14:10) Te ase sɛ nea enti a nkurɔfo ba Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase ne sɛ wobetie Bible mu nkyerɛkyerɛmu. Sɛ wobu wo sɛ ɔkasafo pa a, ɛda adi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm a wodan adwene kɔ so ntia, na ɛnyɛ wo. Eyi nti na wɔkyerɛ wo kasa ho anigye no.—Fil. 1:10, 11.
Bere a woama nsɛntiaa bi kɛkɛ abɛyɛ Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a edi mu no, afei nea aka ne sɛ wobɛbobɔ so. Mfaso wɔ so sɛ wobɛbobɔ ɔkasa no so den. Nea ehia ara ne sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ nsɛntitiriw no nyinaa wɔ wo tirim. Ɛsɛ sɛ wutumi de wo koma hyɛ kasa no mu, woma ɛkanyan afoforo na woka nokware no kyerɛ anigye so. Ansa na wobɛma wo kasa no, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na mepɛ sɛ midi ho dwuma? So emu nsɛntitiriw no da adi? So mama Kyerɛwnsɛm no ayɛ me nnyinaso ankasa? So asɛntitiriw biara ne nea edi so no hyia? So ɔkasa no hyɛ anisɔ a yebenya ama Yehowa ne ne nsiesiei ahorow ho nkuran? So nsɛm a mede wie ɔkasa no ne asɛmti no hyia, na ɛkyerɛ atiefo no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ?’ Sɛ wubetumi abua nsɛm yi sɛ yiw a, ɛnde na woasiesie wo ho sɛ ‘wobɛma nimdeɛ ayɛ dɛ’ ma ɛso aba asafo no mfaso na akamfo Yehowa!—Mmeb. 15:2.