Ahenni Asɛm Nɔma 37
Asɛm A Ɛsɛ Sɛ Nnipa Nyinaa Te
Atoro Som Awiei Abɛn!
▪ Dɛn ne atoro som?
▪ Ɔkwan bɛn na ɛbɛfa so aba awiei?
▪ Ɛbɛka wo dɛn?
Dɛn ne atoro som?
So nsɛmmɔne a wodi wɔ nyamesom din mu no haw wo? Sɛ wuhu sɛ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn no di ako, di awu, na wɔbɔ nyansakorɔn a, ɛhaw wo anaa? Adɛn nti na ɛreyɛ ayɛ sɛ nyamesom na ɛde ɔhaw pii a ɛwɔ wiase no ba?
Ɛnyɛ ɔsom nyinaa na ɛde ɔhaw pii yi ba, na ɛyɛ atoro som mmom na ɛde ba. Yesu Kristo a ɔne nyamesom mu nipa a wobu no wɔ wiase baabiara no kae sɛ, atoro som ma nnipa yɛ nneɛma bɔne te sɛ nea “dua bɔne biara sow aba bɔne” no. (Mateo 7:15-17) Aba bɛn na atoro som sow?
Atoro Som . . .
◼ ƐDE NE HO HYEHYƐ AKODI NE AMANYƆSƐM MU: Asiaweek atesɛm krataa no ka sɛ, “Wɔ Asia ne mmeae afoforo no, nyamesom akannifo a wɔpɛ tumidi de anigye a nkurɔfo wɔ wɔ nyamesom ho kanyan wɔn ma wɔyɛ nea akannifo no pɛ.” Ne saa nti, atesɛm krataa no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wiase no reyɛ abɔ dam.” Nyamesom kannifo bi a wagye din a ɔwɔ United States kae sɛ: “Sɛ yɛpɛ sɛ awudisɛm to twa a, gye sɛ yekunkum awudifo no.” Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ, “Wokunkum awudifo no nyinaa wɔ Awurade din mu.” Nanso, Bible ka sɛ: “Sɛ obi ka sɛ: ‘Medɔ Nyankopɔn’ na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo.” (1 Yohane 4:20) Yesu kae mpo sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo.” (Mateo 5:44) Ɔsom bɛn na wunim sɛ emufo nkɔ ɔko?
◼ ƐKYERƐKYERƐ ATOSƐM: Ɔsom dodow no ara kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra anaa honhom yɛ nipadua no fã bi a aniwa nhu a ɛkɔ so tra nkwa mu bere a nipadua no awu no. Saa ɔsom ahorow yi nam saa nkyerɛkyerɛ yi so gye ɔsom no mufo hɔ sika de bɔ mpae ma wɔn adɔfo a wɔawuwu no akra de pɛ wɔn ho mfaso. Nanso, ɛnyɛ saa na Bible kyerɛkyerɛ. Mmom no, nea ɛka ne sɛ, ‘Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.’ (Hesekiel 18:4) “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ wobenyan awufo. Sɛ ɛyɛ ampa paa sɛ nnipa wɔ ɔkra a enwu a, anka owusɔre ho nhia. (Yohane 11:11-25) So wo som kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra nwu?
◼ ƐPENE AGUAMAMMƆ SO: Wɔ aman pii mu no, asɔre ahorow bi hyɛ mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da no asɔfo, na wɔka kyerɛ wɔn aban sɛ wɔmpene so mma mmarima nware mmarima na mmea nso nware mmea. Asɔre ahorow a ɛkasa tia aguamammɔ mpo apene so ama asɔfo a wɔato mmofra mmonnaa akɔ so ayɛ wɔn asɔfodwuma no. Nanso, dɛn na Bible kyerɛkyerɛ? Ɛka no pefee sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da . . . rennya Onyankopɔn ahenni.” (1 Korintofo 6:9, 10) So wunim asɔre ahorow bi a ɛpene aguamammɔ so?
Dɛn na ɛbɛba ɔsom ahorow a wɔsow aba bɔne no so? Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.” (Mateo 7:19) Wobetwa atoro som akyene na wɔasɛe no pasaa ɔkwan biara so! Nanso, ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so ayɛ eyi, na bere bɛn na wɔbɛyɛ saa? Nkɔmhyɛ bi a wonyae wɔ anisoadehu mu a ɛwɔ Adiyisɛm ti 17 ne 18 wɔ Bible mu no ma yehu mmuae no.
Ɔkwan bɛn so na atoro som bɛba awiei?
Yɛ oguamanfo bi a ɔte aboa bi a ne ho yɛ hu so ho mfonini hwɛ. Aboa no wɔ ti nson ne mmɛn du. (Adiyisɛm 17:1-4) Hena ne oguamanfo no? Oguamanfo no ‘di asase so ahemfo so’ tumi. Oguamanfo no hyɛ atade kɔkɔɔ, ɔhyew aduhuam, na wanya ne ho tam. Afei nso, ɔnam n’ahonhonsɛm so ‘adaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 17:18; 18:12, 13, 23) Bible boa yɛn ma yehu sɛ oguamanfo yi gyina hɔ ma nyamesom ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa. Onnyina hɔ mma ɔsom biako bi, na mmom ɔsom ahorow nyinaa a ɛsow aba bɔne no.
Aboa a oguamanfo no te no so no gyina hɔ ma wiase amammui tumidi ahorow no.a (Adiyisɛm 17:10-13) Atoro som te aboa a ogyina hɔ ma amammui tumidi no so, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde n’ano bɛtoto gyinae a osisi mu na wakyerɛ no kwan.
Nanso, anwonwasɛm bi rebesi nnansa yi ara. “Mmɛn du a wuhui no, ne afei aboa no, eyinom bɛtan oguamanfo no na wɔayɛ no pasaa na wɔama wada adagyaw, na wobedi ne nam na wɔde ogya ahyew no pasaa.” (Adiyisɛm 17:16) Wiase amammui tumidifo no bɛtow ahyɛ atoro som so mpofirim na wɔasɛe no pasaa ma ayɛ nwonwa! Dɛn na ɛbɛka wɔn ma wɔayɛ saa? Bible no ma ho mmuae wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ: “Onyankopɔn na ɔde hyɛɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne nsusuwii mmra mu.” (Adiyisɛm 17:17) Yiw, Onyankopɔn bɛma atoro som abu akontaa wɔ nneɛma bɔne a wayɛ wɔ ne din mu no ho. Ɔde amammuifo a ɔne wɔn abɔ aguaman no na ebebu no atɛn asɛe no.
Sɛ wompɛ sɛ wɔsɛe wo ka atoro som ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Onyankopɔn bɔfo bi hyɛ nkuran sɛ, “Mumfi ne mu, me man.” (Adiyisɛm 18:4) Nokwarem no, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yeguan fi atoro som mu! Nanso, ɛhe na yebetumi aguan akɔ? Ɛnsɛ sɛ yeguan kɔka wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho, efisɛ anidaso biara nni hɔ ma wɔn nso. (2 Tesalonikafo 1:6-9) Nokware som nkutoo mu na yebetumi anya ahobammɔ. Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nokware som?
Sɛnea wubehu nokware som
Aba pa bɛn na ɛsɛ sɛ nokware som sow?—Mateo 7:17.
Nokware Som . . .
◼ EMUFO DODƆ WƆN HO: Nokware som mufo ‘nyɛ wiase no fã,’ wɔmma aman a wofi mu anaa amammerɛ mpaapae wɔn mu, na ‘wɔdodɔ wɔn ho.’ (Yohane 13:35; 17:16; Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Wonkunkum wɔn ho wɔn ho, mmom no, wɔdodɔ wɔn ho araa ma wɔbɛpɛ sɛ wowu ma wɔn ho wɔn ho mpo.—1 Yohane 3:16.
◼ EMUFO DE WƆN HO TO ONYANKOPƆN ASƐM SO: Nokware som nkyerɛkyerɛ “atetesɛm” ne “nsɛm a nnipa ahyehyɛ,” mmom no, ne nkyerɛkyerɛ no gyina Onyankopɔn Asɛm Bible so. (Mateo 15:6-9) Dɛn ntia? Efisɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ.”—2 Timoteo 3:16.
◼ ƐHYƐ ABUSUA MU DEN NA ƐHYƐ ABRABƆ PA HO NKURAN: Nokware som tete okununom ma ‘wɔdɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua,’ ɛboa ɔyerenom ma wonya ‘obu kɛse ma wɔn kununom,’ na ɛkyerɛkyerɛ mmofra ma ‘wotie wɔn awofo asɛm.’ (Efesofo 5:28, 33; 6:1) Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔn a wodi anim wɔ ɔsom no mu no yɛ wɔn a wɔbɔ bra pa.—1 Timoteo 3:1-10.
So ɔsom bi wɔ hɔ a wohu eyi wɔ wɔn ho? Nhoma a wɔato din sɛ Holocaust Politics (Amanyɔsɛm a Wodii Awu Pii Wom) a wɔyɛe wɔ afe 2001 mu no ka sɛ: “Sɛ nnipa pii de nea Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ na wɔde bɔ wɔn bra no bɔɔ wɔn bra a, anka wɔankunkum nnipa pii saa wɔ Nasi nniso no mu wɔ Wiase Ko II no mu. Saa ara nso na anka mmusua ase a wɔtɔre begyae.”
Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ nsase 235 so no de Bible mu abrabɔ pa kyerɛkyerɛ nkurɔfo kɛkɛ, na mmom wɔn ankasa nso de bɔ wɔn bra. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bisa Yehowa Adansefo na wɔmmoa wo mma wunhu nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ woyɛ na ama woatumi asom no wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ saa. Ntwentwɛn wo nan ase. Efisɛ atoro som awiei abɛn!—Sefania 2:2, 3.
Sɛ wopɛ Bible mu asɛm a Yehowa Adansefo ka no ho nsɛm pii a, wubetumi de address a ɛwɔ ase hɔ no akyerɛw wɔn bere biara.
□ Mommrɛ me Monkɔ so Nwɛn! nhomawa no bi.
□ Mone me mmɛyɛ Bible adesua a wontua hwee.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ asɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
Atoro som ‘di asase so ahemfo so’ tumi
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
“Mumfi ne mu, me man”