Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf kr. 2
  • Nnianim Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnianim Asɛm
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nnianim Asɛm
“Bra Bedi M’akyi”
cf kr. 2

Nnianim Asɛm

Ɔkenkanfo Pa:

“Bra bedi m’akyi.” (Marko 10:21) Yesu Kristo nam saa nsɛm no so reto nsa frɛ yɛn sɛ yemmedi n’akyi. So woregye ɔfrɛ yi so? Saa a wobɛyɛ no benya w’asetena so nkɛntɛnso kɛse. Adɛn nti na ɛte saa?

Yehowa somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asaase so sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛma sɛ agyede. (Yohane 3:16) Sɛ wu a Ɔba no bewu maa yɛn no da nkyɛn a, ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra nso. Okuraa ne mũdi mu wɔ biribiara a ɔyɛe mu, na ɔmaa n’Agya koma tɔɔ ne yam. Yesu san kyerɛɛ yɛn sɛnea yebetumi ayɛ te sɛ n’Agya. Nsɛm a Ɔba no kae ne nneɛma a ɔyɛe no ma yehu Agya no akwan ne n’apɛde yiye.—Yohane 14:9.

Bible ka sɛ, Yesu ‘gyaw yɛn nhwɛso sɛ yenni n’anammɔn akyi pɛɛ.’ (1 Petro 2:21) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛn Yehowa yiye, na yenya asetena a edi mũ nnɛ, na yɛkɔ so nantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so a, ɛsɛ sɛ yedi Kristo anammɔn akyi pɛɛ.

Ansa na yebetu anammɔn a ɛte saa no, ɛho hia sɛ yehu sɛnea Yesu bɔɔ ne bra wɔ asaase so no yiye. Enti, ɛfata sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua Yesu ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no yiye. Nsɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe a yebesusuw ho, na yɛahwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so asuasua no no betumi aboa yɛn ama yɛadi n’anammɔn akyi yiye.

Ɛmmra sɛ nhoma yi bɛboa wo ama ɔdɔ a wowɔ ma Yesu ne Yehowa no akɔ so ayɛ kɛse. Na ma saa ɔdɔ no nka wo na di Yesu anammɔn akyi pɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛma Yehowa koma atɔ ne yam nnɛ ne daa.

Wɔn a Wɔtintimii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena