Bible Nhoma a Ɛto So 48—Galatifo
Nea Ɔkyerɛwee: Paulo
Beae a Ɔkyerɛw No: Korinto anaa Siria Antiokia
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 50–52 Y.B.
ƐBƐYƐ sɛ Galatia asafo ahorow a Paulo kaa wɔn ho asɛm wɔ Galatifo 1:2 no bi ne Pisidia Antiokia, Ikoniom, Listra, ne Derbe. Ɛsono ɔmansin a nkurow yi biara wom, nanso ne nyinaa wɔ Roma mantam koro yi ara mu. Asomafo Nnwuma ti 13 ne 14 ma yehu sɛ Paulo ne Barnaba yɛɛ adwuma wɔ mpɔtam hɔ wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no mu, na ɛnam so na wɔhyehyɛɛ Galatia asafo ahorow no. Ná Yudafo ne amanaman mufo wɔ asafo no mu; ebetumi aba sɛ na Celtfo anaa Gaulfo nso ka ho. Bere a Paulo kɔɔ Yerusalem bɛyɛ afe 46 Y.B. no, ankyɛ na wɔtew asafo ahorow no.—Aso. 12:25.
2 Paulo ne Silas fii Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no ase wɔ afe 49 Y.B., na wɔyɛɛ adwuma wɔ Galatia mpɔtam hɔ, na ɛmaa “asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.” (Aso. 16:5; 15:40, 41; 16:1, 2) Nanso, ankyɛ koraa na atoro akyerɛkyerɛfo, wɔn a wɔagye Yudasom agyina mu no, bɛdaadaa Galatia asafo no mufo binom ma wogye dii sɛ ehia sɛ wotwa twetia na wodi Mose Mmara no so ansa na wɔatumi ayɛ Kristofo amapa. Saa bere no na Paulo atwam wɔ Misia kɔ Makedonia ne Hela. Okoduu Korinto, na ɔne anuanom no traa hɔ afe ne fã. Afei afe 52 Y.B. no, ɔfaa Efeso sɛ ɔrekɔ Siria Antiokia a ɔde hɔ ayɛ ne kurom no, na okoduu hɔ afe no ara mu.—Aso. 16:8, 11, 12; 17:15; 18:1, 11, 18-22.
3 Ɛhefa na Paulo kyerɛw Galatifo nhoma no, na bere bɛn na ɔkyerɛwee? Ɛyɛ bere a ɔtee wɔn a wɔagye Yudasom agyina mu no nka ara pɛ na ɔkyerɛwee. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw nhoma no wɔ Korinto, Efeso, anaa Siria Antiokia. Gyama ɔkyerɛwee bere a okodii afe ne fã wɔ Korinto afe 50-52 Y.B. no, efisɛ na bere wom a obetumi ate Galatia nsɛm. Ɛrentumi mma sɛ ɔkyerɛw nhoma no wɔ Efeso efisɛ ɔbaa hɔ no, wankyɛ. Nanso bere a oduu Siria Antiokia a ɔde hɔ ayɛ ne kurom bɛyɛ afe 52 Y.B. ahohuru bere no, ‘ɔtraa hɔ kakra.’ Esiane sɛ asɛm si Siria Antiokia a ɛnkyɛ na adu Asia Kumaa nti, ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na ɔtee nea wɔn a wɔagye Yudasom agyina mu reyɛ no, na ɛhɔ na ɔkyerɛw nhoma kɔmaa Galatifo no saa bere no.—Aso. 18:23.
4 Nhoma no ka sɛ Paulo yɛ “ɔsomafo, a emfi nnipa na ɛnnam onipa bi so, na mmom ɛnam Yesu Kristo ne Agya Nyankopɔn” so. Afei nso ɛka nsɛm pii fa Paulo ne adwuma a ɔyɛe sɛ ɔsomafo no ho, na ɛkyerɛ sɛ adwuma a ɔyɛe no, wantew ne ho amfi asomafo a wɔwɔ Yerusalem no ho anyɛ. Na mpo tumi a ɔwɔ nti, otumi teɛɛ Petro a na ɔno nso yɛ ɔsomafo no so.—Gal. 1:1, 13-24; 2:1-14.
5 Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Galatifo nhoma no yɛ nokware na ɛka Bible ho? Irenaeus ne Clement a ofi Aleksandria ne Tertullian ne Origen nhoma a wɔkyerɛwee no bɔɔ nhoma no din. Afei nso nhoma no wɔ Bible nsaano nkyerɛwee a edidi so a agye din yi mu: Sinaitic, Alexandrine, Vatican No. 1209, Codex Ephraemi Syri rescriptus, Codex Bezae, ne Chester Beatty Papyrus No. 2 (P46). Bio nso, ɛne Hela Kyerɛwnsɛm mu nhoma a aka no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛne Hebri Kyerɛwnsɛm no nso hyia, na ɛfa emu nsɛm pii ka.
6 Paulo nhoma a ɔde kɔmaa “Galatia asafo ahorow” no, na tumi wom na ɛka nsɛm penpen. Ɔde kyerɛe sɛ (1) ɔyɛ ɔsomafo ampa (ɛno na na nnipa a wɔagye Yudasom agyina mu gye ho kyim) na (2) sɛ wobebu obi bem a, egyina Kristo Yesu mu gyidi so, na ɛnyɛ Mmara no a wɔde yɛ adwuma, enti twetiatwa nhia mma Kristofo. Ná Paulo taa ma obi kyerɛw ne nkrataa no ma no, nanso Galatifo nhoma no de, ‘n’ankasa de ne nsa kyerɛwee wɔ nkyerɛwee akɛse mu.’ (6:11) Ná nhoma no mu nsɛm hia Paulo ne Galatifo no nyinaa kɛse. Nhoma no sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nya anisɔ ma ahofadi a wɔnam Yesu Kristo so anya no.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
14 Galatifo nhoma no ka sɛ na Paulo yɛ obi a ɔtaa asafo no pɛe sɛ ɔsɛe no, nanso ɔbɛyɛɛ ɔsomafo maa amanaman no. Afei de, ɔde n’ani too fam, na otuu ne ho sii hɔ bere nyinaa sɛ ɔbɛsom ne nuanom. (1:13-16, 23; 5:7-12) Paulo de ne nhwɛso kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo di ɔhaw ho dwuma ntɛm na ɔde anyansasɛm ne Kyerɛwnsɛm bɔ atoro nsusuwii gu.—1:6-9; 3:1-6.
15 Nhoma no boaa Galatia asafo ahorow no ma ahofadi a wonyae wɔ Kristo mu no dii mu koraa, na ɛbɔɔ wɔn a wɔpɛe sɛ wɔdan asɛmpa no ani no gui. Ɛmaa emu daa hɔ sɛ ɛnam gyidi so na wobu obi bem, na twetiatwa ho nhia bio na obi anya nkwa. (2:16; 3:8; 5:6) Saa nsonsonoe yi a wɔde too nkyɛn no maa Yudafo ne amanaman mufo nyinaa bɛyɛɛ biako wɔ asafo no mu. Mmara no a wɔdee wɔn ho fii ho no nkyerɛ sɛ afei de na wobetumi adi honam akɔnnɔ akyi, efisɛ na asɛm yi da so ara yɛ nokware: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Ɛda so ara yɛ akwankyerɛ ma Kristofo nnɛ.—5:14.
16 Nhoma a Paulo kyerɛw kɔmaa Galatifo no mu no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm yɛɛ ntotoho. Na nhoma no boaa wɔn ma wɔtee nkyerɛkyerɛ pii ase. Ɛkyerɛkyerɛɛ Yesaia 54:1-6 mu, na ɛkyerɛe sɛ Yehowa bea no ne “Yerusalem a ɛwɔ soro no.” Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Hagar ne Sara “gyina hɔ ma biribi,” na ɛda no adi sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔda so yɛ nkoa ma Mmara no na wobenya Onyankopɔn bɔhyɛ na mmom wɔn a Kristo ama wɔn ahofadi no. (Gal. 4:21-26; Gen. 16:1-4, 15; 21:1-3, 8-13) Ɛmaa emu daa hɔ sɛ Mmara apam no ammɛsɛe Abraham apam no na mmom ɛbɛkaa ho. Ɛkyerɛe nso sɛ mfe a ɛda apam abien no ntam yɛ 430, na ɛho hia na wɔde abu Bible mmere. (Gal. 3:17, 18, 23, 24) Wɔakora saa nsɛm yi so na ama Kristofo gyidi ayɛ kɛse nnɛ.
17 Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, Galatifo nhoma no ma yehu Ahenni Aseni a adiyifo no nyinaa hwɛɛ no kwan no. “Abraham ne n’aseni na wɔhyɛɛ wɔn bɔ. . . . Ɔne Kristo.” Nnipa a wɔnam Kristo Yesu mu gyidi so bɛyɛ Onyankopɔn mma no, wɔka sɛ wɔagye wɔn atom sɛ wɔka aseni no ho. “Sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo ampa, adedifo sɛnea bɔhyɛ bi te.” (3:16, 29) Ɛsɛ sɛ Ahenni adedifo no ne wɔn a wɔne wɔn yɛ adwumaden no nyinaa tie afotu pa a wɔde ama wɔ Galatifo nhoma no mu yi: ‘Munnyina pintinn wɔ ahofadi a enti Kristo ama moade mo ho no mu!’ ‘Mommpa abaw wɔ papayɛ ho, na sɛ yɛammrɛ a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.’ ‘Monyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no.’—5:1; 6:9, 10.
18 Afei nso, ɛde kɔkɔbɔ bi ma sɛ wɔn a wɔyɛ ɔhonam nnwuma no “rennya Onyankopɔn ahenni.” Enti momma obiara ntwe ne ho koraa mfi wiase afide ne ntawntawdi ho, na ɔmfa ne koma nsi so nsow honhom aba a ɛne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.”—5:19-23.