Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 53 kr. 5-6
  • Bible Nhoma a Ɛto So 53—2 Tesalonikafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 53—2 Tesalonikafo
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 53 kr. 5-6

Bible Nhoma a Ɛto So 53—2 Tesalonikafo

Nea Ɔkyerɛwee: Paulo

Beae a Ɔkyerɛw No: Korinto

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 51 Y.B.

KRATAA a ɛto so abien a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no toa nea edi kan no so pɛɛ. Nea ɛma yehu sɛ ɔkyerɛw eyi wɔ nea edi kan no akyi pɛɛ ne sɛ Silwano ne Timoteo kaa Paulo ho de nkyia kɔmaa Tesalonika asafo no. Eyi nso ma yehu sɛ ɔkyerɛwee wɔ Korinto kurow no ara mu. Ná wɔn nyinaa yɛ ahwɛfo akwantufo wɔ tete Kristofo asafo no mu, na adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ bere a wohyiae wɔ Korinto no, wɔn baasa nyinaa san hyiae bio. (2 Tes. 1:1; Aso. 18:5, 18) Emu nsɛm ne sɛnea wɔaka no no ma ɛda adi sɛ Paulo hui sɛ ehia sɛ ɔyɛ ntɛm siesie nneyɛe bɔne bi a na aba asafo no mu.

2 Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ krataa yi yɛ nokware sɛnea wogye Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan tom sɛ ɛyɛ nokware no. Irenaeus (a ɔbae wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha) ne tete akyerɛwfo afoforo te sɛ Justin Martyr (a ɔno nso traa ase wɔ bere koro no ara mu) faa krataa yi mu asɛm kae. Bere a Justin Martyr rekyerɛw “mmaratofo” ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ 2 Tesalonikafo 2:3 ho asɛm na na ɔreka. Tete nhoma koro no ara a wɔbɔ Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan din wom no bɔ nea ɛto so abien yi nso din. Ɛwom sɛ enni Chester Beatty Papyrus No. 2 (P46) no mu seesei de, nanso ɛda adi sɛ na ɛwɔ nkrataa ason a edi Tesalonikafo Nhoma a Edi Kan akyi a ɛyerae no mu abien a edi anim no mu.

3 Dɛn nti na Paulo kyerɛw krataa yi? Sɛ yɛhwɛ afotu a Paulo de maa Tesalonikafo no a, yehu sɛ na ebinom wɔ asafo no mu a wɔagye agyina mu sɛ Awurade mmae no adu ara ni. Ná saa akekakekafo yi ayere wɔn ho de wɔn nsusuwii no rekyerɛkyerɛ afoforo, na ɛmaa ebinom adwene tu frae wɔ asafo no mu. Ɛbɛyɛ sɛ eyi nti na na ebinom mpɛ sɛ wɔyɛ adwuma de hwɛ wɔn ho no. (2 Tes. 3:11) Paulo kaa Awurade mmae no ho asɛm wɔ ne krataa a edi kan no mu, na akyinnye biara nni ho sɛ bere a akekakekafo yi tee krataa no mu nsɛm no, ntɛm ara na wokyinkyim Paulo nsɛm no de bi kaa ho. Afei ɛbɛyɛ sɛ wɔfaa krataa bi a wɔkyerɛ sɛ Paulo na ɔkyerɛwee mu asɛm kae sɛ “Yehowa da no adu.”—2:1, 2.

4 Ebia Paulo tee asɛm yi fii onipa a ɔde krataa a edi kan no kɔmaa asafo no hɔ, na na ne ho pere no sɛ ɔbɛteɛteɛ ne anuanom a ɔdɔ wɔn yi adwene. Enti afe 51 Y.B. mu no, Paulo ne ne mfɛfo baanu no de krataa fi Korinto kɔmaa asafo a ɛwɔ Tesalonika no. Ɛnyɛ Kristo mmae ho adwene a ɛmfata no nko na Paulo teɛe, na mmom ɔhyɛɛ wɔn nkuran nso sɛ wonnyina nokware no mu pintinn.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

10 Krataa tiawa a efi honhom mu a wɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo yi ka Kristosom mu nokwasɛm pii, na ne nyinaa ho betumi aba yɛn mfaso. Susuw nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm atitiriw a ɛwɔ krataa yi mu no ho: Yehowa yɛ nkwagye Nyankopɔn, na ɔnam honhom ne nokware no mu gyidi so tew yɛn ho (2:13); ɛsɛ sɛ Kristoni tumi gyina amanehunu mu pintinn na wafata ama Onyankopɔn Ahenni no (1:4, 5); wɔbɛboaboa Kristofo ano akɔ Awurade Yesu Kristo nkyɛn wɔ ne mmae mu (2:1); Yehowa bebu wɔn a wontie asɛmpa no atɛn—atɛn a ɛteɛ (1:5-8); wɔbɛhyɛ wɔn a wɔafrɛ wɔn no anuonyam wɔ Kristo Yesu mu, sɛnea Nyankopɔn adom te (1:12); wɔafrɛ wɔn denam asɛmpa no so (2:14); ɛsɛ sɛ Kristoni biara nya gyidi (1:3, 4, 10, 11; 2:13; 3:2); ɛfata sɛ obi yɛ adwuma de hwɛ ne ho wɔ asɛnka adwuma no mu; sɛ wanyɛ adwuma a, ɔbɛnantew basabasa na ɔde ne ho agyigye nsɛm a ɛmfa ne ho mu (3:8-12); sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a yebenya boasetɔ (3:5). Hwɛ nsɛm a ɛhyɛ gyidi den a wɔakora so wɔ krataa tiawa yi mu, krataa a efi honhom mu!

11 Paulo daa no adi wɔ ne krataa yi mu sɛ ne nuanom a wɔwɔ Tesalonika no som ne asafo no biakoyɛ ne ne nkɔso ho hia no. Ɔteɛɛ wɔn adwene wɔ bere a Yehowa da no bɛba ho, na ɔkyerɛe sɛ “mmaratofo” bedi kan abɛtra ‘Onyankopɔn asɔrefie, de ada ne ho adi baguam sɛ ɔyɛ onyame.’ Nanso wɔn a ‘wobu wɔn sɛ wɔfata Onyankopɔn ahenni’ no wɔ awerɛhyɛm sɛ wobeyi Awurade Yesu adi afi soro wɔ bere a ɛsɛ mu, na ɔnam ogyaframa mu bedi were ‘bere a ɔba ma wɔhyɛ no anuonyam n’akronkronfo fam no, da a ne ho bɛyɛ nwonwa ama wɔn a wogye dii nyinaa no.’—2:3, 4; 1:5, 10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena