Bible Nhoma a Ɛto So 56—Tito
Nea Ɔkyerɛwee: Paulo
Beae a Ɔkyerɛw No: Makedonia (Ebia)
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 61–64 Y.B.
“PAULO, Onyankopɔn akoa ne Yesu Kristo somafo . . . de kɔma Tito, ɔba ankasa a yɛne no kura gyidi koro mu.” (Tito 1:1, 4) Saa na Paulo fii krataa a ɔde kɔmaa ne yɔnko dwumayɛni Tito a na ɔne no abɔ akyɛ no ase. Na wagyaw Tito wɔ Kreta supɔw so sɛ ɔntoto nneɛma yiye wɔ asafo ahorow no mu. Na adwuma kɛse da Tito anim. Wɔfrɛɛ saa supɔw yi sɛ tete asoɛe a “anyame ne nnipa agya te.” Kretafo gyee dimmɔne ara ma asɛmfua “Kretani” begyinaa hɔ maa ɔdaadaafo, na “Kreta” nso begyinaa hɔ maa atorodi.a Wɔn atorodi bɛyɛɛ biribi a wɔbɔ din ka asɛm, enti Paulo mpo faa wɔn diyifo bi asɛm kae sɛ: “Kretafo yɛ atorofo bere nyinaa, nkekaboa bɔne, adidifo akwadwofo.” (1:12) Afei wɔsan kaa Kretafo a na wɔwɔ Paulo bere so no ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ nnipa a wonsi pi, wonni nokware na wɔyɛ ntɔkwapɛfo; wɔyɛ adifudepɛ, wɔbɔ ahohwibra, wodi atoro, wɔyɛ akɔwensafo a wonni anohyeto biara; na Yudafo a wɔte wɔn mu no bra asɛe sen Kretafo no koraa.”b Tebea a ɛte saa mu na asafo a ɛwowɔ Kreta no puei; enti, sɛnea Paulo tuu fo no, na ehia sɛ anuanom ‘kyi amumɔyɛde ne wiase akɔnnɔ, na wɔn adwenem da hɔ na wɔde trenee ne onyamesom pa tra ase.’—2:12.
2 Tito nhoma no nhyɛ da nka Paulo ne Tito ayɔnkofa no ho asɛm kɛse. Nanso yebetumi anya Tito ho nsɛm pii afi Paulo nkrataa afoforo mu. Ná Tito a ɔyɛ Helani no taa ne Paulo nantew, na anyɛ yiye koraa no ɔne no kɔɔ Yerusalem pɛnkoro bi. (Gal. 2:1-5) Paulo ka sɛ ɔno ne “obi a ɔka me ho ne me yɔnko dwumayɛni.” Bere a Paulo kyerɛw Korintofo Nhoma a Edi Kan wɔ Efeso no, Tito na ɔsomaa no kɔɔ Korinto. Bere a Tito wɔ Korinto no, ɔka ho bi na wogyigyee ntoboa kɔmaa anuanom a wɔwɔ Yerusalem, na akyiri yi Paulo ma ɔsan kɔɔ hɔ kowiee ntoboa no gyigye. Bere a Tito ne Paulo hyiae wɔ Makedonia a ɔresan akɔ Korinto no na Paulo de ne krataa a ɛto so abien no maa no kɔmaa Korintofo no.—2 Kor. 8:16-24; 2:13; 7:5-7.
3 Bere a Paulo kɔdaa afiase wɔ Roma nea edi kan a woyii no no, ɔne Timoteo ne Tito yɛɛ adwuma bio wɔ ne som adwuma mfe a etwa to no mu. Ebia mmeae a wɔyɛɛ adwuma no bi ne Kreta ne Hela ne Makedonia. Awiei koraa no, wɔka sɛ Paulo kɔɔ Nikopoli wɔ Hela atifi fam, na ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na wɔkyeree no de no kɔtoo afiase wɔ Roma na wokum no. Bere a Paulo kɔɔ Kreta no na ogyaw Tito wɔ hɔ sɛ ‘onsiesie nea atɔ kyima na ɔmpaw mpanyimfo wɔ kurow biara mu,’ sɛnea ɔde ho akwankyerɛ maa Tito no. Ɛbɛyɛ sɛ Paulo ne Tito paapaee mu wɔ Kreta akyi bere tiaa bi no na ɔkyerɛw ne krataa no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛwee wɔ Makedonia. (Tito 1:5; 3:12; 1 Tim. 1:3; 2 Tim. 4:13, 20) Adwene a ɛwɔ Timoteo Nhoma a Edi Kan no mu no ara bi na wɔde kyerɛw krataa yi nso, sɛ ɛbɛhyɛ Paulo yɔnko dwumayɛni no nkuran na wanya tumi a ɔde bɛyɛ adwuma a ɛhyɛ ne nsa no.
4 Ɛbɛyɛ sɛ Paulo afiasenna a edi kan ne nea ɛto so abien wɔ Roma no ntam hɔ na ɔkyerɛw ne krataa no, bɛyɛ afe 61 kosi 64 Y.B. mu. Adanse a ɛma nnipa gye tom sɛ nkrataa a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no yɛ nokware no, ɛno ara na ɛma wogye tom sɛ krataa a ɔkyerɛw no bere koro mu kɔmaa Tito no nso yɛ nokware, na wɔfrɛ Bible nhoma abiɛsa no “asɔfo nkrataa” a efi Paulo hɔ. Sɛnea ɔkyerɛw nkrataa abiɛsa no di nsɛ. Iranaeus ne Origen nyinaa fa Tito krataa no mu nsɛm ka, na tete nhomanimfo pii nso di adanse sɛ nhoma no yɛ Kyerɛwnsɛm no fã. Epue wɔ Sinai ne Aleksandria Nsaano Nkyerɛwee mu. Mmɛw nkrataa, P32, a wɔkyerɛwee bɛyɛ Kristo wu akyi mfe ahanu no bi wɔ John Rylands Nhomakorabea, na Tito 1:11-15 ne 2:3-8 ho asɛm wom.c Akyinnye biara nni ho sɛ nhoma no di mũ na ɛyɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no fã.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
8 Na atorodi ne amumɔyɛ ne adifudepɛ atwa Kristofo a wɔwɔ Kreta no ho ahyia. So na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea obiara yɛ no bi? Anaa ɛsɛ sɛ wɔtew wɔn ho koraa na wɔsom Yehowa Nyankopɔn sɛ nnipa kronn? Bere a Paulo nam Tito so kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kretafo ‘de wɔn adwene si nnwuma pa so’ no, ɔkae sɛ: “Eyinom ne nneɛma a eye na ɛso wɔ mfaso ma nnipa.” Ɛnnɛ nso “eye na ɛso wɔ mfaso” wɔ wiase a atorodi ne nnaadaa abu so yi mu, na ɛbɛma nokware Kristofo ‘asua sɛ wobekura nnwuma pa mu,’ na wɔasow aba wɔ Onyankopɔn som mu. (3:8, 14) Paulo kasa tiaa ɔbrasɛe ne amumɔyɛsɛm a na ebetumi asɛe asafo a ɛwɔ Kreta no, na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn nso a mprempren ‘Onyankopɔn adom kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yenkyi amumɔyɛde ne wiase akɔnnɔ, na yɛn adwenem nna hɔ na yɛmfa trenee ne onyamesom pa ntra wiase nhyehyɛe yi mu’ no. Afei ɛsɛ sɛ Kristofo ‘siesie wɔn ho ma adwuma pa biara,’ na wɔyɛ osetie ma nniso, na wokura ahonim pa mu.—2:11, 12; 3:1.
9 Tito 1:5-9 foa 1 Timoteo 3:2-7 so bere a ɛkyerɛ nea honhom kronkron hwehwɛ fi ahwɛfo hɔ no. Eyi si so dua sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo “gyina nokwasɛm no so pintinn” na ɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu. Eyi ho hia na ama obiara ho akokwaw. Krataa a Paulo de kɔmaa Tito no si so dua mpɛn pii sɛ nkyerɛkyerɛ pa a ɛte saa ho hia. Paulo tuu Tito fo sɛ ‘ɔnkɔ so nka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no.’ Mmerewa ‘nkyerɛ akyerɛ pa,’ na nkoa nso ‘nhyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no kama wɔ ade nyinaa mu.’ (Tito 1:9; 2:1, 3, 10) Paulo maa Tito huu hia a ehia sɛ ɔyɛ pintinn na ɔde akokoduru kyerɛkyerɛ sɛ ɔhwɛfo. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ so ka eyinom ho asɛm, na tu ho fo na yi ntɛn, tumi kɛse a wɔde ama wo no so.” Nanso ɛdefa wɔn a wɔsen wɔn kɔn ho no, ɔkae sɛ: “Kɔ so yi wɔn ntɛn denneennen, na wɔayɛ den wɔ gyidi no mu.” Enti Paulo krataa a ɔde kɔmaa Tito no ‘ye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.’—Tito 2:15; 1:13; 2 Tim. 3:16.
10 Krataa a ɔde kɔmaa Tito no ka yɛn koma ma yehu sɛnea Onyankopɔn adom te, na ɛboa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi amumɔyɛsɛm a ɛwɔ wiase no ho “bere a yɛtwɛn anidaso a ɛyɛ anigye ne Onyankopɔn kɛse no ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a wobeyi wɔn ho adi anuonyam mu no.” Saayɛ so no, wɔn a wɔnam Kristo Yesu so abu wɔn treneefo no bɛyɛ “adedifo sɛnea daa nkwa anidaso no kyerɛ” wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no.—Tito 2:13; 3:7.
[Ase hɔ nsɛm]
a McClintock ne Strong Cyclopedia, nea wotintimii wɔ 1981 mu, Po II, kratafa 564; The New Schaff-Herzog Encyclopedia of Religious Knowledge, 1958, Po III, kratafa 306.
b McClintock ne Strong Cyclopedia, nea wotintimii wɔ 1981 mu, Po X, kratafa 442.
c The Text of the New Testament, a Kurt ne Barbara Aland kyerɛwee na E. F. Rhodes kyerɛɛ ase, 1987, kratafa 98.