Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 58 kr. 13-16
  • Bible Nhoma a Ɛto So 58—Hebrifo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 58—Hebrifo
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 58 kr. 13-16

Bible Nhoma a Ɛto So 58—Hebrifo

Nea Ɔkyerɛwee: Paulo

Beae a Ɔkyerɛw No: Roma

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 61 Y.B.

WONIM Paulo sɛ “amanaman” somafo. Eyi kyerɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu nkutoo na ɔyɛɛ ne som adwuma no anaa? Dabida! Ansa na wɔrebɔ Paulo asu de adwuma ahyɛ ne nsa no, Awurade Yesu ka kyerɛɛ Anania sɛ: “Ɔbarima [Paulo] yi yɛ anwenne a wɔapaw ama me sɛ ɔmfa me din nkɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma nkyɛn.” (Aso. 9:15; Gal. 2:8, 9) Bere a Paulo kyerɛw Hebrifo nhoma no, na ɔredi asɛyɛde a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔmfa Yesu din nkɔ Israel mma nkyɛn no ho dwuma.

2 Nanso nhomanimfo bi ka sɛ ɛnyɛ Paulo na ɔkyerɛw Hebrifo nhoma no. Ade biako a wogyina so ka saa ne sɛ Paulo din mpue wɔ krataa no mu. Nanso eyi nyɛ asɛm, efisɛ Bible mu nhoma pii mmɔ ɔkyerɛwfo no din, nanso emu nsɛm ma yehu nea ɔkyerɛwee. Bio nso, ebinom te nka sɛ Paulo hyɛɛ da na oyii ne din fii krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebri Kristofo a na wɔwɔ Yudea no mu, efisɛ na Yudafo a wɔwɔ hɔ no kyi koraa sɛ wɔbɛte ne din. (Aso. 21:28) Saa ara nso na wontumi nka sɛ esiane sɛ ɔkwan a ɔfaa so kyerɛw krataa yi yɛ soronko wɔ ne nkrataa afoforo ho nti ɛnyɛ Paulo na ɔkyerɛwee. Sɛ Paulo rekasa akyerɛ abosonsomfo oo, Yudafo oo, Kristofo oo, ɔda no adi sɛ obetumi ayɛ ne ho “biribiara ama nnipa ahorow nyinaa.” Ɛha yi de, ɔne Yudafo no susuw nsɛm ho sɛ Yudani, sɛnea wɔbɛte ase yiye.—1 Kor. 9:22.

3 Nhoma no ankasa mu nsɛm di adanse sɛ Paulo na ɔkyerɛwee. Ná ɔkyerɛwfo no wɔ Italia, na na Timoteo ka ne ho wɔ hɔ. Nokwasɛm yi nyinaa twe adwene si Paulo so. (Heb. 13:23, 24) Nkyerɛkyerɛ a ɛwom no nso, yenim sɛ Paulo na ɔtaa ka nsɛm a ɛte saa; mmom ɛha de, ɔkaa ne nsɛm sɛ Yudani, na ɔkyerɛw no saa na aka Hebrifo asafo a ɔde krataa no kɔmaa wɔn no koma. Wɔ eyi mu no, Clarke nhoma a ɛde Commentary no, Po 6, kratafa 681, ka Hebrifo nhoma no ho asɛm sɛ: “Krataa no mu nsɛm nyinaa da no adi sɛ wɔkyerɛw maa wɔn a wɔyɛ Yudafo mapa. Sɛ wɔkyerɛw kɔmaa Amanaman mufo a, anka onipa biako mpo rente ase efisɛ wonnim Yudafo amanne. Nanso biribiara a ɛwɔ krataa no mu kyerɛ sɛ ɔkyerɛwfo no nim saa amanne no.” Eyi boa yɛn ma yehu nea enti a Paulo krataa yi yɛ soronko wɔ ne nkrataa afoforo ho no.

4 Chester Beatty Papyrus No. 2 (P46) a wohui wɔ 1930 mu no de adanse pii ma sɛ Paulo na ɔkyerɛwee. Bere a Britaniani nhomanimfo Sir Frederic Kenyon reka tete mmɛw krataa yi a wɔkyerɛwee wɔ Paulo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha aduonum ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔde Hebrifo nhoma no abedi Romafo nhoma no akyi pɛɛ wɔ ha (biribi a na wɔntaa nyɛ), na eyi kyerɛ sɛ bere a wɔkyerɛw krataa no, wɔn a na wɔwɔ hɔ saa bere no gye toom prɛko sɛ Paulo na ɔkyerɛwee.”a McClintock ne Strong Cyclopedia no ka asɛm koro no ara pen sɛ: “Adanse biara nni nhoma no mu anaa baabiara a ɛkyerɛ sɛ onipa foforo na ɔkyerɛwee, na ɛnyɛ Paulo.”b

5 Sɛ gye a tete Kristofo gyee Hebrifo nhoma no toom no da nkyɛn a, emu nsɛm ankasa nso di adanse sɛ efi “Nyankopɔn honhom” mu. Krataa no twe akenkanfo adwene si Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ ne tete nsɛm foforo pii so, na ɛkyerɛ sɛnea ne nyinaa baam wɔ Kristo Yesu so. Krataa no ti a edi kan pɛɛ no, Paulo fa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bɛyɛ ason anaa nea ɛboro saa de kyerɛ sɛ Ɔba no yɛ kɛse sen abɔfo. Ɛkamfo Yehowa Asɛm ne ne din bere nyinaa, na ɛkyerɛ sɛ Yesu ne nkwa Safohene no na Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so no ne adesamma anidaso koro pɛ.

6 Yɛadi kan ahu sɛ bere a Paulo kyerɛw krataa no na ɔwɔ Italia. Ɔkae wɔ krataa no awiei sɛ: “Munhu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo, na sɛ ɔba ntɛm a, me ne no behu mo.” (13:23) Eyi kyerɛ sɛ na Paulo gye di sɛ ɛrenkyɛ wobeyi no afi afiase na ɔne Timoteo a na wɔayi no afi afiase no abom akɔ. Enti ɛbɛyɛ sɛ afe a etwa to wɔ Paulo afiasenna a edi kan wɔ Roma no mu na ɔkyerɛw krataa no, kyerɛ sɛ afe 61 Y.B.

7 Bere a Yudafo wiase reba awiei no, Hebrifo Kristofo a wɔwɔ Yudea, titiriw wɔn a na wɔwɔ Yerusalem, hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den. Bere a Yudafo no hui sɛ asɛmpa no atrɛw na nnipa pii agye atom no, wɔn ani beree na wɔtaa Kristofo no denneennen. Mfe kakra ansa na saa bere yi reba no, Paulo anim kɛkɛ a wohui wɔ Yerusalem no de basabasayɛ bae, na Yudafo nyamesomfo no teɛteɛɛm sɛ: “Yi onipa yi fi asase so, efisɛ ɔmfata sɛ ɔtra ase!” Na Yudafo bɛboro 40 akeka wɔn ho ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom gye sɛ wɔakum Paulo, enti na ɛsɛ sɛ wɔma asraafo a wokurakura akode kɔfa no anadwo kɔ Kaesarea. (Aso. 22:22; 23:12-15, 23, 24) Bere a nyamesomfo ayɛ katee na wɔatu wɔn ani asi Kristofo so no, na ɛsɛ sɛ asafo no mufo ka asɛm no na wogyina pintinn wɔ gyidi mu. Na ɛsɛ sɛ wonya nimdeɛ a edi mũ na wɔte ase sɛ Mmara no baam wɔ Kristo so. Eyi bɛboa wɔn na wɔansan ankɔ Yudasom mu ankodi Mose Mmara no so ammɔ mmoa afɔre a ne nyinaa adan amanne hunu no bio.

8 Obiara nni hɔ a anka obetumi ate nhyɛso ne ɔtaa a ɛbaa Yudafo Kristofo so no ase yiye asen ɔsomafo Paulo, na na obiara nni hɔ a obetumi ama wɔanya adanse a tumi wom de abɔ Yudafo atetesɛm agu sen Paulo a wayɛ Farisini pɛn no. Esiane sɛ osuaa ade wɔ Gamaliel nan ase na onim Mose Mmara no ho nsɛm pii nti, otumi de adanse a obiara ntumi mmɔ ngu mae sɛ Mmara no ne ɛho ahyɛde ne afɔrebɔ ahorow nyinaa baam wɔ Kristo so. Ɔkyerɛe sɛ wɔde biribi a ɛwɔ anuonyam a ɛbɛtra hɔ daa asi ananmu, na ɛde nhyira kɛse bɛba wɔ apam foforo a ɛkyɛn so ase. Paulo nimdeɛ nti, otumi de adanse mae nnidiso nnidiso de kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu fann. Ɔkae sɛ Mmara apam no aba awiei na apam foforo abesi ananmu, Kristo asɔfodi no korɔn sen Aaron asɔfodi no, Kristo afɔre no som bo sen anantwinini ne mmirekyi afɔre, Kristo anhyɛn asase so ntamadan mu na mmom ɔkɔɔ Yehowa anim wɔ soro. Eyi nyinaa yɛ nkyerɛkyerɛ foforo a tumi wom a na Yudafo a wɔnyɛ gyidifo no kyĩ koraa, nanso ɔde Hebri Kyerɛwnsɛm mu adanse pii a Yudani biara a n’adwenem da hɔ betumi ate ase kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ Hebrifo Kristofo no.

9 Krataa yi maa Hebrifo Kristofo nyaa adwinnade foforo a tumi wom a na wobetumi de ama Yudafo asɔretiafo no amua wɔn ano, ne nsɛm a emu da hɔ a Yudani biara a ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm mu nokwasɛm ahu ampa no betumi ate ase na wagye adi. Krataa no da no adi sɛ na Paulo dɔ Hebrifo Kristofo no na na ne ho pere no sɛ ɔbɛboa wɔn wɔ saa bere a emu yɛ den no mu.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

23 Hebrifo nhoma no yɛ mmara mu asɛm a emu yɛ duru a Paulo de gyina Kristo akyi, na ɔde adanse a edi mũ fi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ma de si n’asɛm no so dua. Krataa no ka Mose Mmara no ho nsɛm pii, te sɛ apam, mogya, ntamgyinafo, ntamadan kronkron, asɔfodwuma, ne afɔrebɔ ahorow. Na ɛda no adi sɛ Onyankopɔn de ne nyinaa mae sɛ nneɛma pa a ɛbɛba no ho sɛnkyerɛnne, na ne nyinaa twee adwene sii Kristo Yesu ne n’afɔre no so de maa Mmara no baam. Paulo kae sɛ Mmara a “atwam na ɛreyɛ dedaw no rebɛyera afi hɔ.” Nanso “Yesu Kristo te sɛnea ɔte, ɛnnɛra ne nnɛ, ne daa daa.” (8:13; 13:8; 10:1) Hwɛ anigye ara a Hebrifo no nyae bere a wɔkenkan wɔn krataa no!

24 Ɛnnɛ nso, tebea horow bɛn mu na yebetumi anya krataa yi so mfaso? Bere a yenni Mmara no ase yi, yebetumi anya mfaso bi afi Paulo nsɛm no mu anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ so. Krataa yi ma yehu sɛ wɔayɛ apam foforo ho nhyehyɛe kɛse bi sɛ Abraham Aseni so na asase so mmusua nyinaa nam benya nhyira. Eyi ne daa nkwa ho anidaso koro pɛ a yɛwɔ, sɛ Yehowa bɛma bɔ a ɔhyɛe tete sɛ ɔnam Abraham Aseni Yesu Kristo so behyira nnipa no abam. Yenni Mmara no ase de, nanso sɛ Adam asefo no, yehia ɔsɔfo panyin mmɔborohunufo a obetumi abɔ bɔne ho afɔre a edi mũ, nea obetumi akɔ Yehowa anim wɔ soro pɛɛ akɔsrɛ ama yɛn. Krataa yi ma yehu Ɔsɔfopɔn a obedi yɛn anim akɔ daa nkwa mu wɔ Yehowa wiase foforo mu no sɛ ɔte yɛn mmerɛwyɛ ase, “wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara,” na ɔto nsa frɛ yɛn sɛ “yɛmfa ahotoso mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu na yɛahu adom a ɛbɛboa yɛn bere a ɛsɛ mu.”—4:15, 16.

25 Bio nso, krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo no ma yenya adanse a ɛka koma sɛ nkɔmhyɛ a wɔkaa ho asɛm teteete wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no anya mmamu wɔ ɔkwan soronko so. Eyinom nyinaa de nkyerɛkyerɛ a edi mũ ne awerɛkyekye ma yɛn nnɛ. Sɛ nhwɛso no, Paulo faa Ahenni nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 110:1 no mu nsɛm de kaa Yesu Kristo ho asɛm mpɛn anum wɔ Hebrifo nhoma no mu sɛ ɔne Ahenni Aseni a “wakɔtra Onyankopɔn ahengua no nifa” no, na ɔretwɛn “akosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiaso.” (Heb. 12:2; 10:12, 13; 1:3, 13; 8:1) Afei Paulo faa Dwom 110:4 de kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn Ba no resom wɔ ɔkwan titiriw so sɛ “ɔsɔfo daa wɔ Melkisedek kwan so.” Yesu te sɛ Melkisedek a ɔtraa ase tete a Bible ka ne ho asɛm sɛ “onni papa nni maame, na onni abusua santen nni nna mfiase anaa nkwa awiei” no. Ɔyɛ Ɔhene ne ‘daa sɔfo’ a ɔbɛma wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne nniso ase nyinaa anya n’agyede afɔre no so mfaso daa. (Heb. 5:6, 10; 6:20; 7:1-21) Bere a Paulo faa Dwom 45:6, 7 mu asɛm kae no, na Ɔhene ne Ɔsɔfo koro yi ara ho asɛm na ɛwɔ ne tirim, na ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahengua daa daa, na w’ahenni poma yɛ teeyɛ poma. Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa wo sen wo mfɛfo.” (Heb. 1:8, 9) Sɛnea Paulo faa Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm kae sɛ abam wɔ Kristo Yesu so no ma yɛte Onyankopɔn nhyehyeɛ ase yiye.

26 Krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo no kyerɛ fann sɛ na Abraham retwɛn Ahenni no, “kurow a ɛwɔ fapem ankasa a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Nyankopɔn”—kurow a “ɛyɛ ɔsoro de.” “Gyidi nti” ɔde n’ani sii Ahenni no so, na ɔde nneɛma pii bɔɔ afɔre na ama ne nsa aka Ahenni no mu nhyira bere a wanya “owusɔre a eye kyɛn so” no. Nea Abraham ne mmarima ne mmea gyidifo a Paulo kaa wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 sɛ “adansefo mununkum kɛse” no yɛe no yɛ nhwɛso fɛfɛ a yebetumi asua. Sɛ yɛkenkan kyerɛwtohɔ yi a, ɛma yɛn ani gye na yedi ahurusi sɛ yɛne saa anokwafo yi wɔ hokwan ne anidaso koro. Na ɛka yɛn ma ‘yɛde boasetɔ tu mmirika a ɛda yɛn anim no.’—11:8, 10, 16, 35; 12:1.

27 Paulo faa Hagai nkɔmhyɛ no mu asɛm de twee adwene sii Onyankopɔn bɔhyɛ so sɛ: “Ɛbɛba bio sɛ ɛnyɛ asase nko na mɛwosow, na mmom ɔsoro nso.” (Heb. 12:26; Hag. 2:6) Nanso Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Aseni, Kristo Yesu, so bɛba no bɛtra hɔ daa. “Enti esiane sɛ yebenya ahenni a wontumi nwosow no nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yebetumi de asom Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ wɔ nyamesuro ne ahopopo mu.” Kyerɛwtohɔ a ɛka koma yi ma yenya awerɛhyem sɛ Kristo beyi ne ho adi mprenu so a “ɔrenni bɔne ho dwuma, na ɔbɛba ama wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan denneennen repɛ wɔn nkwagye no.” Enti “momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ ne din wɔ baguam no.” Ɛmmra sɛ Yehowa Nyankopɔn din kɛse no ho bɛtew denam ne Hene ne ne Sɔfo Yesu Kristo so daa!—Heb. 12:28; 9:28; 13:15.

[Ase hɔ nsɛm]

a The Story of the Bible, 1964, kratafa 91.

b Wotintimii wɔ 1981 mu, Po IV, kratafa 147.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena