Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bsi08-2 ti 66 kr. 28-31
  • Bible Nhoma a Ɛto So 66—Adiyisɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nhoma a Ɛto So 66—Adiyisɛm
  • “Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA ENTI A MFASO WƆ SO
“Kyerɛwnsɛm Nyinaa”—Ɛyɛ Nokware na Mfaso wɔ So, Ɔfã 17
bsi08-2 ti 66 kr. 28-31

Bible Nhoma a Ɛto So 66—Adiyisɛm

Nea Ɔkyerɛwee: Ɔsomafo Yohane

Beae a Ɔkyerɛw No: Patmo

Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 96 Y.B.

NSƐNKYERƐNNE a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛbɔ yɛn hu anaa? Ɛnte saa koraa! Ɛwom, nkɔmhyɛ no mmamu bɛyɛ hu ama amumɔyɛfo, nanso Onyankopɔn nkoa anokwafo gye asɛm a efi Adiyisɛm nhoma no ase yi tom: “Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den ne wɔn a wotie.” Wogye ɔbɔfo no asɛm a ɛwɔ nhoma no awiei no nso tom sɛ: “Anigye ne obiara a odi nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu so.” (Adi. 1:3; 22:7) Yohane kyerɛw Adiyisɛm nhoma no ansa na ɔrekyerɛw ne nhoma anan a aka no, nanso Adiyisɛm nhoma no na etwa Bible nhoma 66 no to, efisɛ ɛno ne nhoma a ɛma akenkanfo hu nea ɛbɛba daakye denam anisoadehu a ɛkyerɛ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɛwɔ hɔ ma adesamma so. Afei nhoma yi ma Bible mũ no nyinaa asɛmti bam ma ayɛ anigye: Yehowa bɛtew ne din ho na wama ne tumidi so denam Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ a ɔne Kristo no Ahenni so.

2 Sɛnea nkyekyɛm a edi kan no kyerɛ no, ɛyɛ “Yesu Kristo adiyisɛm a Onyankopɔn de maa no . . . Na ɔsomaa ne bɔfo ma ɔnam nsɛnkyerɛnne so de maa n’akoa Yohane.” Enti Yohane de, ɔyɛ ɔkyerɛwfo kɛkɛ; asɛm no mfi ne tirim. Ɛnyɛ Yohane na oyii asɛm no kyerɛe, na adiyisɛm nhoma no nyɛ Yohane ankasa dea. (1:1) Esiane sɛ Onyankopɔn yii nneɛma akɛse a ɔbɛyɛ daakye no adi kyerɛɛ n’akoa nti, nhoma no din fata, efisɛ wɔfrɛ nhoma no wɔ Hela kasa mu sɛ A·po·kaʹly·psis (Adiyisɛm), na ɛkyerɛ “sɛ wobue biribi so” anaa “woyi biribi adi.”

3 Hena ne Yohane yi a Adiyisɛm ti biako ka sɛ ɔkyerɛw nhoma no? Ɔkyerɛwfo no kae sɛ na ɔyɛ onua ne Yesu Kristo akoa, wɔtaa no, na wotwaa no asu kɔɔ supɔw a ɛde Patmo so. Ɛda adi sɛ na wɔn a wodii kan kenkan ne nhoma no nim no, enti na enhia sɛ ɔka ne ho nsɛm pii. Yehu sɛ ɔkyerɛwfo no nyɛ obiara sɛ ɔsomafo Yohane. Tete abakɔsɛm akyerɛwfo pii gye eyi tom. Papias kae wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha sɛ ɔsomafo bi na ɔkyerɛw nhoma no. Justin Martyr a ɔtraa ase wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ɔha kae wɔ ne nhoma a ɛde “Dialogue With Trypho, a Jew” (“Me ne Yudani Trypho Nkɔmmɔbɔ”) (LXXXI) mu sɛ: “Ná ɔbarima bi wɔ yɛn nkyɛn a ɔde Yohane, Kristo asomafo no mu biako, na onyaa anisoadehu ma ɔhyɛɛ nkɔm.”a Irenaeus nso kaa no pefee sɛ ɔsomafo Yohane na ɔkyerɛw nhoma no. Clement a ofi Aleksandria ne Tertullian a wɔtraa ase wɔ Kristo wu akyi bɛboro mfe ɔha nso foa so. Bible ho nimdefo biako a wagye din, Origen, a ɔtraa ase wɔ Kristo wu akyi bɛyɛ mfe ahanu no kae sɛ: “Nea mereka ne ho asɛm yi na na otweri Yesu kokom, Yohane a ɔkyerɛw Asɛmpa no, . . . ɔno na ɔkyerɛw Adiyisɛm no.”b

4 Ɛwom sɛ Yohane si ɔdɔ so dua wɔ ne nhoma afoforo mu de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔrentumi nkyerɛw nsɛm a tumi wom a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no. Ɔne ne nua Yakobo na bere bi Samariafo bi ho abufuw nti wɔpɛe sɛ wɔfrɛ ogya fi soro bɛsɛe wɔn no. Eyi ma wɔtoo wɔn din “Boanerges,” anaa “Ɔprannaa Mma.” (Mar. 3:17; Luka 9:54) Sɛ yɛkae sɛ asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu yɛ soronko a, yebehu nea enti a Yohane faa ɔkwan foforo so kyerɛwee no. Anisoade a Yohane hui no yɛ biribi a na onhuu so bi da. Nhoma no ne Kyerɛwnsɛm no fã a aka nyinaa hyia, na eyi yɛ adanse a tumi wom a ɛkyerɛ sɛ ɛka Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho.

5 Adanse a ɛwɔ hɔ fi tete kyerɛ sɛ Yohane kyerɛw Adiyisɛm no bɛyɛ afe 96 Y.B., kyerɛ sɛ Yerusalem sɛe akyi mfe 26. Na ɛyɛ Ɔhempɔn Domitian nniso no mfe a etwa to. Irenaeus foaa eyi so bere a ɔkaa Adiyisɛm ho asɛm wɔ ne nhoma “Against Heresies” (“De Ko Tia Ɔwae”) (V, xxx) mu sɛ: “Wohuu eyi nkyɛe koraa, wobɛka sɛ yɛn bere yi ara mu, wɔ Domitian nniso no awiei mu hɔ.”c Na Eusebius ne Jerome kura adwene koro no ara. Na Domitian nua ne Titus a odii Roma asraafo anim kɔsɛee Yerusalem no. Titus wu akyi na ɔbɛyɛɛ ɔhempɔn, mfe 15 ansa na Yohane rekyerɛw Adiyisɛm nhoma no. Na ɔpɛ sɛ nnipa som no sɛ onyame, na ɔmaa ne ho abodin Dominus et Deus noster (kyerɛ sɛ “Yɛn Wura ne Yɛn Nyankopɔn”).d Na ɛnyɛ den mma abosonsomfo sɛ wɔbɛsom ahempɔn, nanso na tete Kristofo no rentumi nnyaa wɔn gyidi mu mfa wɔn ho nhyɛ biribi a ɛte saa mu. Enti ɛrekɔ Domitian nniso no awiei (81-96 Y.B.) no, Kristofo no hyiaa ɔtaa a emu yɛ den. Nkurɔfo susuw sɛ Domitian na otwaa Yohane asu kɔɔ Patmo. Bere a wokum Domitian wɔ afe 96 Y.B. mu no, Nerva bedii n’ade. Oyi de, na oye kakra, na oyii Yohane fii afiase. Bere a Yohane da afiase wɔ Patmo no na onyaa anisoade a ɔkyerɛwee no.

6 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ nea Yohane hui na ɔkyerɛwee no nyɛ anisoadehu hwanyann a ɔkyerɛw no biara biara kɛkɛ. Dabi, mmom Adiyisɛm nhoma no nyinaa, efi ti kosi ti, yɛ anisoadehu a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso de kyerɛ nsɛm a ɛbɛtoatoa so aba kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no atirimpɔw bɛda adi wɔ anisoadehu no awiei. Enti ɛsɛ sɛ yehu Adiyisɛm sɛ nhoma mũ a ɛne ne ho hyia a ɛma yehu nneɛma a ɛbɛba daakye wɔ Yohane wu akyi koraa. Nhoma no nnianim nsɛm (Adi. 1:1-9) akyi no, yebetumi ahu sɛ wɔakyekyɛ anisoadehu no mu ayɛ no afã 16: (1) 1:10–3:22; (2) 4:1–5:14; (3) 6:1-17; (4) 7:1-17; (5) 8:1–9:21; (6) 10:1–11:19; (7) 12:1-17; (8) 13:1-18; (9) 14:1-20; (10) 15:1–16:21; (11) 17:1-18; (12) 18:1–19:10; (13) 19:11-21; (14) 20:1-10; (15) 20:11–21:8; (16) 21:9–22:5. Anisoadehu ahorow yi akyi no, yehu nsɛm a emu yɛ hyew a wɔde wie, na ɛha na Yehowa, Yesu, ɔbɔfo no, ne Yohane nyinaa kasa de kyerɛe sɛ wɔn so na nsɛm no nam bae.—22:6-21.

NEA ENTI A MFASO WƆ SO

28 Hwɛ sɛnea Adiyisɛm nhoma no de Bible nhoma 66 no nyinaa ba awiei ma ɛyɛ anigye! Wɔannyaw biribiara wom. Wɔantwitwa nsɛm so annyaw no asinasin. Yehu awiei nsɛm ne mfiase nsɛm no nyinaa. Bible no fã a etwa to no de nsɛm a wɔde fii ase no ba awiei. Genesis 1:1 kyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase, na Adiyisɛm 21:1-4 nso ma yehu ɔsoro foforo ne asase foforo ne nhyira horow a ɛde bɛbrɛ adesamma, sɛnea wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Yesaia 65:17, 18; 66:22; ne 2 Petro 3:13 no. Sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ onipa a odi kan sɛ ɔyɛ asoɔden a obewu no, saa ara na wahyɛ ahobrɛasefo bɔ sɛ ebedu bere bi no “na owu nni hɔ bio.” (Gen. 2:17; Adi. 21:4) Bere a edi kan a Ɔwɔ daadaa nnipa no, Onyankopɔn kae sɛ wɔbɛpɛtɛw ne ti, na Adiyisɛm ma yehu sɛnea wɔbɛsɛe ɔwɔ dedaw a ɔne Satan Ɔbonsam no. (Gen. 3:1-5, 15; Adi. 20:10) Wɔpam asoɔdenfo no fii nkwa dua no ho wɔ Eden turom, nanso wɔn a wɔyɛ osetie benya sɛnkyerɛnne kwan so nkwa nnua ma ‘asa amanaman no yare.’ (Gen. 3:22-24; Adi. 22:2) Na sɛnea na asubɔnten fi Eden bɛfɔw turo no, saa ara na sɛnkyerɛnne kwan so asubɔnten a ɛma nkwa sen fi Onyankopɔn agua so ba. Eyi ne anisoade a Hesekiel hui no di nsɛ, na ɛma yɛkae Yesu asɛm a ɛfa ‘asuti a epuw daa nkwa’ ho no. (Gen. 2:10; Adi. 22:1, 2; Hes. 47:1-12; Yoh. 4:13, 14) Onyankopɔn pam ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no fii n’anim, nanso nkonimdifo anokwafo de, ɔbɛma wɔahu n’anim. (Gen. 3:24; Adi. 22:4) Ampa, mfaso wɔ so sɛ yebesusuw Adiyisɛm nhoma no mu anisoadehu a ɛyɛ anigye yi ho!

29 Afei hwɛ sɛnea wɔabɔ Babilon tirimɔdenfo no ho nkɔmhyɛ no pɔw wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Ansa na Babilon kurow no rebɛhwe ase koraa no, na Yesaia ahu ho asɛm dedaw, na ɔkae sɛ: “Wahwe ase! Babilon ahwe ase!” (Yes. 21:9) Yeremia nso hyɛɛ nkɔm sɛ wobebu Babilon atɛn. (Yer. 51:6-12) Nanso Adiyisɛm nhoma no ka sɛ sɛnkyerɛnne kwan so ‘Babilon Kɛse a ɔyɛ nguaman ne asase so akyide nã’ bi wɔ hɔ. Wɔbɛsɛe ɔno nso, na Yohane hui wɔ anisoadehu mu na ɔkyerɛwee sɛ: “Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase!” (Adi. 17:5; 18:2) Wokae sɛ Daniel nyaa anisoadehu bi a Onyankopɔn de ahenni bi sii hɔ sɛ ebebubu ahenni horow nyinaa ma asã, na ɛno de, “ebegyina daa” no? Hwɛ sɛnea eyi ne ɔsoro mpaemuka a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu no hyia: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na obedi hene daa daa.” (Dan. 2:44; Adi. 11:15) Na sɛnea Daniel anisoadehu no kae sɛ ‘obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro mununkum mu reba a wɔde tumidi ne anuonyam ne ahenni ama no’ no, saa ara na Adiyisɛm nhoma no nso ka sɛ Yesu Kristo ne ‘asase so ahemfo Sodifo a ɔnam mununkum mu reba,’ na “aniwa nyinaa behu no.” (Dan. 7:13, 14; Adi. 1:5, 7) Bio nso mmoa a wɔwɔ Daniel anisoadehu mu no ne mmoa a wɔwɔ Adiyisɛm mu no di nsɛ. (Dan. 7:1-8; Adi. 13:1-3; 17:12) Ampa, Adiyisɛm nhoma no ma yɛn nneɛma pii a yebetumi asua de ahyɛ yɛn gyidi den.

30 Hwɛ sɛnea Adiyisɛm nhoma no mu anisoadehu ma yenya Onyankopɔn Ahenni no ho nsɛm pii! Ɛma Ahenni no ho nsɛm a tete adiyifo ne Yesu ne n’asuafo no kae no mu da hɔ fann. Yehu sɛnea Yehowa nam Ahenni no so tew ne din ho wɔ ha: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ.” Ɔfata sɛ ‘ogye anuonyam ne nidi ne tumi.’ Ɔno na ɔnam Kristo so ‘afa ne tumi kɛse no na wafi ase redi hene.’ Hwɛ sɛnea ne Ba a ɔne “ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade” no de nnamyɛ tow hyɛ amanaman no so na otiatia “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyew nsã-kyi-amoa no so”! Bere a nkakrankakra Bible asɛmti no mu da hɔ fann sɛ Yehowa bɛma ne tumidi so no, nhoma no si so dua sɛ ɛsɛ sɛ obiara anaa ade biara a ɛne Ahenni no wɔ biribi yɛ no yɛ kronn. Ɛka Oguammaa no, Yesu Kristo a “ɔwɔ Dawid safe” no, ho asɛm sɛ ɔyɛ kronkron, na saa ara na abɔfo a wɔwɔ soro no nso yɛ kronkron. Ɛka sɛ “anigye ne kronkron” ne wɔn a wonya owusɔre a edi kan no mu kyɛfa no, na esi so dua sɛ “adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyide” no renkɔ “kurow kronkron Yerusalem” mu. Enti wɔn a wɔde Oguammaa no mogya atɔ wɔn ‘ayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn’ no wɔ nea ɛbɛhyɛ wɔn den ma wɔakɔ so ayɛ kronkron wɔ Yehowa anim. Ɛsɛ sɛ “nnipakuw kɛse” no nso ‘horo wɔn ntade ma ɛyɛ fitaa Oguammaa no mogya mu’ na wɔatumi asom ma afata.—Adi. 4:8, 11; 11:17; 19:15, 16; 3:7; 14:10; 20:6; 21:2, 10, 27; 22:19; 5:9, 10; 7:9, 14, 15.

31 Sɛ yɛhwɛ nsɛm a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm nhoma no nkutoo mu a, yɛte Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ anuonyam na ɛyɛ kronkron no ho anisoadehu no ase yiye. Yehu Ahenni adedifo no sɛ wɔne Oguammaa no gyina Bepɔw Sion so, na wɔto dwom foforo a obiara ntumi nsua gye wɔn nko. Adiyisɛm nhoma no nkutoo na ɛma yehu sɛ wɔn a wɔatɔ wɔn afi asase so kɔ Ahenni no mu no dodow yɛ 144,000, na wɔayi wɔn afi honhom fam Israel sɛnkyerɛnne kwan so mmusuakuw 12 no mu, na wɔasɔ wɔn ano. Na Adiyisɛm no nkutoo na ɛma ɛda adi sɛ ‘asɔfo ne ahene’ a wɔne Kristo nya owusɔre a edi kan no mu kyɛfa no ne no bedi ade “mfe apem.” Bio nso Adiyisɛm nhoma no nkutoo na ɛma yehu ‘kurow kronkron, Yerusalem Foforo,’ no anuonyam yiye, na yehu sɛ Yehowa ne Oguammaa no yɛ kurow no asɔrefie, n’apon yɛ 12 na ne fapem nso yɛ 12, na ahene di ade wɔ hɔ daa denam hann a Yehowa ma ɛhyerɛn wɔn so no so.—14:1, 3; 7:4-8; 20:6; 21:2, 10-14, 22; 22:5.

32 Yebetumi aka sɛ anisoadehu a ɛfa “ɔsoro foforo” ne ‘kurow kronkron, Yerusalem Foforo,’ ho no bɔ Ahenni Aseni no ho nsɛm a Kyerɛwnsɛm no aka nyinaa mua. Na Abraham retwɛn aseni bi a ‘asase so mmusua nyinaa nam ne so benya nhyira’ ne “kurow a ɛwɔ fapem ankasa a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Nyankopɔn.” Anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu no ma yehu sɛ kurow a ɛwɔ nhyira yi ne “ɔsoro foforo,” anaa nniso foforo a ɛne Onyankopɔn Ahenni no. Na Yerusalem Foforo (Kristo ayeforo no) ne Ayeforokunu no na wɔbom yɛ Ahenni yi. Wɔbɛbom adi asase nyinaa so wɔ trenee mu. Yehowa hyɛ adesamma anokwafo bɔ sɛ wɔbɛyɛ “ne man,” na wobenya anigye, na wɔrenhu bɔne ne owu bio, te sɛ tebea a na onipa wom ansa na ɔretew atua wɔ Eden no. Adiyisɛm nhoma no ka si so dua mprenu sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa.’—Gen. 12:3; 22:15-18; Heb. 11:10; Adi. 7:17; 21:1-4.

33 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu yi ba awiei saa kwan yi so! Hwɛ sɛnea “nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm” yi yɛ nwonwa fa! (Adi. 1:1) Wɔatew Yehowa, ‘Onyankopɔn a ɔnam adiyifo no so kasa,’ no din ho. (22:6) Yehu nkɔmhyɛ asɛm a wɔde mfe 1,600 kyerɛwee no mmamu, na wotua gyidi nnwuma a wɔde mfe mpempem yɛe no so ka! “Ɔwɔ dedaw” no awu, wɔasɛe ne dɔm, na bɔne nni hɔ bio. (12:9) Onyankopɔn Ahenni di tumi sɛ “ɔsoro foforo” ma ɛhyɛ no anuonyam. Yehu sɛ nhyira ba asase nyinaa so ma Yehowa atirimpɔw a wɔaka ho asɛm wɔ Bible no ti a edi kan no bam, na nnipa hyɛ asase so mã na wodi so; ɛyɛ nhyira a ɛbɛtra hɔ daa ama adesamma. (Gen. 1:28) Ada adi ampa sɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” Yehowa de akyerɛkyerɛ gyidifo a wɔfata a wɔasiesie wɔn abesi nnɛ. Enti ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wusua Kyerɛwnsɛm no de hyɛ wo gyidi den. Di ahyɛde a ɛwom no so na woanya Onyankopɔn nhyira. Di so na fa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu tẽẽ no so. Woyɛ saa a, wo nso wubetumi de ahotoso aka asɛm a wɔde wie Bible nhoma a etwa to yi bi sɛ: “Amen! Awurade Yesu, bra.”—2 Tim. 3:16; Adi. 22:20.

34 Hwɛ anigye a ɛso bi nni ara a yebenya bere a yegye ‘yɛn Awurade ne ne Kristo’ a ɔyɛ Aseni no ahenni tom no, efisɛ eyi na ɛbɛtew “Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ” no din kɛse no ho daa!—Adi. 11:15, 17.

[Ase hɔ nsɛm]

a The Ante-Nicene Fathers, Po I, kratafa 240.

b The Ecclesiastical History, Eusebius, VI, xxv, 9, 10.

c The Ante-Nicene Fathers, Po I, kratafa 559-60.

d The Lives of the Caesars (Domitian, XIII, 2).

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena