Dwom 98
Gu Ahenni Aba
Nea Yɛaprente
1. O Yehowa nkoa nyinaa mommra;
Momfa mo koma ne mo kra.
Mommra Aw’rade adwuma mu;
Munsua n’akwan ne n’adwuma.
Monka Ahenni asɛm, munnsuro;
Momma ahobrɛasefo nte.
Yɛbɛkamfo yɛn soro Nyankopɔn no;
Yɛbɛyɛ pii wɔ n’adwuma mu.
2. Aba no bi nso begu koma
A ɛyɛ den sɛ botan so.
Ebia wɔbɛyɛ ɛho b’ribi,
Nanso ɛrenkã wɔn koma.
Nsɔe mia asɛm no, wɔn koma sɛe;
Wiase nneɛma na wɔhwehwɛ.
Aba no bi nso bɛsow, na wubehu
Wɔ asase pa a eye mu.
3. Adwuma no bɛkɔ so yie a,
Ebi nso begyina wo so.
Wunya boasetɔ ne ɔdɔ a,
Ɛbɛma wɔabue wɔn komam.
Fa w’ani to fam na woahyɛ wɔn den;
Boa wɔn nanso gyina pintinn.
Wubetumi de anigye ahwɛ kwan;
Wubetwa aduasa, ɔha mpo.
(Hwɛ Mat. 13:19-23; 22:37 nso.)