Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ll ɔfã 5 kr. 12-13
  • Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?
  • Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Noa Adaka
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔfã 5
    Tie Onyankopɔn
  • Noa Pam Adaka
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
ll ɔfã 5 kr. 12-13

ƆFà5

Nsuyiri Kɛse No—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?

Noa bere sofo no mu dodow no ara yɛɛ nneɛma bɔne. Genesis 6:5

Abɔfo bɔne baa asase so na wɔfaa nnipa honam duraa wɔn ho ne mmea bɛnantew

Adam ne Hawa woo mma, na nnipa yɛɛ bebree wɔ asase so. Bere rekɔ so no, abɔfo binom kɔkaa Satan ho ma wɔtew atua.

Wɔbaa asase so na wɔfaa nnipa honam duraa wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aware nnipa mmabea. Mmea no woo mma soronko a na wɔyɛ keka na wɔn ho nso yɛ den.

Ɔbea bi kura abofra, na abarimaa bi reto ɔbea no twɛre; abarimaa a ɔredi bɔne no yɛ abɔfo bɔne no mma a wɔfrɛ wɔn Nefilimfo no bi

Nnipa abɔnefo bɛhyɛɛ asase so ma. Bible ka sɛ: ‘Onipa de abɔnefosɛm hyɛɛ asase so mã, na na ne komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.’

Noa tiee Onyankopɔn, na ɔyɛɛ adaka. Genesis 6:13, 14, 18, 19, 22

Noa retie Onyankopɔn

Ná Noa yɛ onipa pa. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔde nsuyiri kɛse bi bɛsɛe nnipa abɔnefo no.

Noa ne n’abusua reyɛ adaka

Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ hyɛn anaa adaka kɛse bi, na ɔmfa n’abusua ne mmoa ahorow nyinaa bi nkɔ mu.

Noa rebɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ Nsuyiri reba, nanso wɔreserew no

Noa bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Nsuyiri a na ɛreba no ho, nanso wɔantie no. Ebinom serew Noa; afoforo nso tan no.

Noa ne n’abusua reka mmoa no akɔ adaka no mu

Bere a Noa yɛɛ adaka no wiei no, ɔde mmoa no kɔɔ mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena