ƆFÃ 12
Wobɛyɛ Dɛn Anya Abusua Asetena mu Anigye?
Ɔdɔ ne ade titiriw a ɛde anigye ba mmusua mu. Efesofo 5:33
Onyankopɔn gyinapɛn ne sɛ, ɔbarima bɛware ɔbea biako.
Okunu a ɔwɔ ɔdɔ ne ne yere di wɔ odwo ne ntease mu.
Ɛsɛ sɛ ɔbea warefo ne ne kunu yɛ biako.
Ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo asɛm.
Da ayamye adi na di nokware, nnyɛ otirimɔdenfo ne ɔdaadaafo. Kolosefo 3:5, 8-10
Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, ɛsɛ sɛ okunu dɔ ne yere sɛ n’ankasa nipadua, na ɔbea de obu a emu dɔ ma ne kunu.
Ɛyɛ bɔne sɛ obi befi n’aware mu ɔhokafo akyi. Aware dodow yɛ bɔne.
Yehowa Asɛm kyerɛkyerɛ ɔkwan a mmusua betumi afa so anya anigye.