ƆFÃ 13
Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ na Yɛasɔ Onyankopɔn Ani?
Kwati adebɔne. 1 Korintofo 6:9, 10
Sɛ yɛdɔ Yehowa a, yɛrenyɛ nneɛma a ɔmpɛ.
Yehowa mpɛ sɛ yewia ade, yɛnom nsa bow, anaa yɛnom nnubɔne.
Onyankopɔn kyi awudi, nyinsɛn a wotu gu, ne mmarima a wɔne mmarima da. Ɔmpɛ sɛ yɛn ani bere ade anaa yɛne afoforo ko ntɔkwaw.
Ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni anaa yedi ahonhonsɛm.
Nnipa a wɔyɛ nneɛma bɔne rentena asase so Paradise a ɛreba no mu bi.
Yɛ adepa. Mateo 7:12
Sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden suasua no.
Da ayamye adi kyerɛ afoforo fa kyerɛ sɛ wodɔ wɔn.
Di nokware.
Da mmɔborohunu adi na fa bɔne kyɛ.
Ka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo na ma wonhu n’akwan.—Yesaia 43:10.