ƆFÃ 14
Wobɛyɛ Dɛn Adi Yehowa Nokware?
Gyina Onyankopɔn afã. 1 Petro 5:6-9
Mfa wo ho nhyɛ amanne ahorow a Bible kasa tia mu. Egye akokoduru na watumi ayɛ saa.
Mfa wo ho nhyɛ amanaman no amammuisɛm mu; wonnyina Yehowa ne n’Ahenni no akyi.
Si gyinae pa—tie Onyankopɔn. Mateo 7:24, 25
Wo ne Yehowa Adansefo mmɔ; wɔbɛboa wo ma woabɛn Onyankopɔn.
Kɔ so sua Onyankopɔn ho ade na bɔ mmɔden sɛ wubedi n’ahyɛde so.
Sɛ wo gyidi mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ wuhyira wo nkwa so ma Yehowa na wobɔ asu.—Mateo 28:19.
Tie Onyankopɔn. Kenkan Bible, na ma Yehowa Adansefo mmoa wo na te ase. Afei fa nea wusua no di dwuma. Woyɛ saa a, wobɛtena ase daa.—Dwom 37:29.