ADESUA 3
Rahab Nyaa Yehowa Mu Gyidi
Ma yɛmfa no sɛ na yɛwɔ Yeriko kurow no mu. Ná saa kurow no wɔ Kanaan asase so. Ná nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nni Yehowa mu gyidi. Ɛhɔ na na ɔbea bi a wɔfrɛ no Rahab te.
Bere a na Rahab yɛ abeawa no, ɔtee sɛnea Mose maa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu paee na odii Israelfo no anim ma wofii Egypt no ho asɛm. Ɔsan nso tee sɛnea Yehowa boaa Israelfo no ma wodii wɔn atamfo so nkonim wɔ ɔko ahorow a wɔkɔe mu no ho asɛm. Seesei, Rahab ate sɛ Israelfo no aboaboa wɔn ho ano wɔ baabi a ɛbɛn Yeriko!
Rahab bɔɔ Israelfo mmarima no ho ban efisɛ na ɔwɔ Yehowa mu gyidi
Da koro anwummere bi, Israelfo mmarima baanu wiawiaa wɔn ho kɔɔ Yeriko kɔhwɛɛ sɛnea kurow no te. Wɔkɔɔ Rahab fie, na ɔno nso gyee wɔn. Eduu anadwo no, Yeriko hene tee sɛ mmarima bi awiawia wɔn ho aba kurow no mu na wɔwɔ Rahab fie. Enti, ɔhene no somae sɛ wɔnkɔkyere wɔn mmra. Rahab de mmarima baanu no kosiee ne dan atifi, na ɔka kyerɛɛ ɔhene no nkurɔfo no sɛ: ‘Israelfo mmarima no baa ha, nanso wɔafi kurow no mu kɔ. Sɛ moyɛ ntɛm di wɔn akyi a, mobɛto wɔn!’ Wunim nea enti a na Rahab rebɔ Israelfo mmarima no ho ban no?— Efisɛ na ɔwɔ Yehowa mu gyidi, na na onim sɛ Yehowa de Kanaan asase no bɛma Israelfo no.
Ansa na Israelfo mmarima no refi Rahab fie hɔ akɔ no, wɔhyɛɛ no bɔ sɛ sɛ wɔresɛe Yeriko a, wɔbɛbɔ ɔne ne fiefo ho ban. Wunim nea wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ?— Wɔkae sɛ: ‘Fa ahama kɔkɔɔ yi sɛn wo mpomma ano. Sɛ woyɛ saa a, wobegye obiara a ɔwɔ wo fie hɔ no nkwa.’ Rahab yɛɛ nea Israelfo mmarima no ka kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ. Wunim nea esii?—
Yehowa gyee Rahab ne ne fiefo nkwa
Nna kakraa bi akyi no, Israelfo no nantew twaa kurow no ho hyiae a wɔanyɛ dede biara. Da biara na wotwa kurow no ho hyia biako, na wɔyɛɛ saa nnansia. Nanso, ɛda a ɛto so ason no de, wotwaa kurow no ho hyiae mpɛn ason. Afei, wɔn nyinaa teɛteɛɛm denneennen. Yehowa maa ɔfasu a na atwa kurow no ho ahyia no nyinaa dwiriw guu fam. Nanso, ofie a hama kɔkɔɔ sɛn ho no de, annwiriw angu! So wuhu ɔdan no wɔ mfonini no mu?— Wogyee Rahab ne ne fiefo nkwa!
Dɛn na wubetumi asua afi nea Rahab yɛe no mu?— Rahab tee nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa a na Yehowa ayɛ no ho asɛm, na ɛma onyaa Yehowa mu gyidi. Wo nso woresua nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa a Yehowa ayɛ no ho ade. So wowɔ Yehowa mu gyidi te sɛ Rahab?— Yenim sɛ wowɔ no mu gyidi!