Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 5 kr. 12-13
  • Samuel Kɔɔ so Yɛɛ Nneɛma Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Samuel Kɔɔ so Yɛɛ Nneɛma Pa
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Samuel Kɔɔ So Yɛɛ Nea Ɛteɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Abofra Ketewa Som Nyankopɔn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • ‘Onyinii Yehowa Anim’
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yehowa Ne Samuel Kasae
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 5 kr. 12-13

ADESUA 5

Samuel Kɔɔ so Yɛɛ Nneɛma Pa

Samuel mmofraase pɛɛ na ɔkɔtenaa asɔrefie yɛɛ adwuma. Asɔrefie hɔ na na nkurɔfo kɔsom Yehowa. Wunim nea ɛyɛe a Samuel kɔtenaa asɔrefie hɔ? Nea edi kan no, ma yensua Samuel maame Hanah ho nsɛm.

Ná Hanah fi bere tenten pɛ sɛ ɔwo ba, nanso na onnya bi. Enti ɔbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Ɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛma wakɔtena asɔrefie hɔ ayɛ adwuma. Yehowa tiee ne mpaebɔ no, na ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo ne din Samuel. Hanah dii ne bɔhyɛ so, enti bere a Samuel dii mfe abiɛsa anaa anan no, ɔde no kɔɔ asɔrefie hɔ ma ɔkɔsom Onyankopɔn.

Eli na na ɔyɛ ɔsɔfo panyin wɔ asɔrefie hɔ. Ná ne mmabarima baanu nso yɛ adwuma wɔ hɔ. Kae sɛ, na asɔrefie hɔ yɛ baabi a wɔsom Onyankopɔn. Ɛhɔ yɛ baabi a na ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ adepa. Nanso, na Eli mma no reyɛ nneɛma bɔne paa wɔ hɔ. Samuel huu nea na wɔreyɛ no. So Samuel yɛɛ nneɛma bɔne a na Eli mma no reyɛ no bi?​— Dabi, ɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma pa sɛnea na n’awofo akyerɛkyerɛ no no.

Sɛ wohwɛ a, dɛn na anka ɛsɛ sɛ Eli yɛ ne mma baanu no?​— Anka ɛsɛ sɛ ɔtwe wɔn aso. Ná anka ɛsɛ sɛ ɔma wogyae adwuma a na wɔyɛ wɔ Onyankopɔn fie hɔ no. Nanso, Eli anyɛ saa, enti Yehowa bo fuw ɔno ne ne mma baanu no. Yehowa kae sɛ ɔbɛtwe wɔn aso.

Abofra Samuel ne Ɔsɔfo Panyin Eli rekasa

Samuel kaa asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ Eli

Da koro anadwo bi, bere a na Samuel ada no, ɔtee sɛ obi refrɛ no sɛ: ‘Samuel!’ Otuu mmirika kɔɔ Eli hɔ, nanso Eli ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Memfrɛɛ wo.’ Ɔsan tee ɛnne no nea ɛto so abien. Bere a Samuel tee ɛnne no nea ɛto so abiɛsa no, Eli ka kyerɛɛ no sɛ sɛ ɔte ɛnne no bio a, ɔnka sɛ: ‘Yehowa, mepa wo kyɛw, kasa, na meretie.’ Enti Samuel yɛɛ saa. Afei Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Ka kyerɛ Eli sɛ bɔne a n’abusua no ayɛ nti mɛtwe wɔn aso.’ Sɛ wohwɛ a, so na ɛbɛyɛ mmerɛw ama Samuel sɛ ɔbɛka asɛm yi akyerɛ Eli anaa?​— Dabi, na ɛbɛyɛ den. Ɛwom sɛ na Samuel suro de, nanso ɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Asɛm a Yehowa kae no baa mu. Wokunkum Eli mma baanu no, na Eli nso wui.

Samuel yɛɛ nhwɛso pa a yebetumi asua. Ɛwom sɛ ohui sɛ nnipa binom reyɛ nneɛma bɔne de, nanso ɔno de, ɔyɛɛ nneɛma pa. Wo nso ɛ? So wubesuasua Samuel, na woakɔ so ayɛ nneɛma pa? Sɛ woyɛ saa a, wobɛma Yehowa ne w’awofo nyinaa ani agye.

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • 1 Samuel 2:22-26; 3:1-21

NSƐMMISA:

  • Ɛbɔ bɛn na Samuel maame hyɛɛ Yehowa?

  • Dɛn na Samuel hui sɛ Eli mma no reyɛ wɔ asɔrefie hɔ?

  • Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnkɔka?

  • Nhwɛso pa bɛn na Samuel yɛe a yebetumi asua?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena