Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 6 kr. 14-15
  • Dawid Ansuro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dawid Ansuro
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dawid Ne Goliat
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Ɔko no Yɛ Yehowa Dea”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Dawid ne Goliat
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 6 kr. 14-15

ADESUA 6

Dawid Ansuro

Sɛ wusuro biribi a, dɛn na wobɛyɛ?​— Ebia wubetu mmirika akɔ wo maame anaa wo papa hɔ ma waboa wo. Nanso obi foforo nso wɔ hɔ a obetumi aboa wo. Ɔwɔ tumi sen obiara. Wunim no?​— Ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn. Ma yɛnka aberante bi a ne ho asɛm wɔ Bible mu ho asɛm. Ne din de Dawid. Ná onim sɛ Yehowa bɛboa no bere nyinaa, enti na onsuro.

Efi Dawid mmofraase pɛɛ na n’awofo kyerɛkyerɛɛ no ma ɔdɔɔ Yehowa. Eyi boaa Dawid ma enti sɛ na ohyia biribi a ɛyɛ hu mpo a, na onsuro. Ná onim sɛ Yehowa yɛ n’Adamfo; na onim sɛ Yehowa bɛboa no. Bere bi a na Dawid rehwɛ nguan no, gyata kɛse bi bɛkyeree ne nguan no biako! Wunim nea Dawid yɛe? Otuu mmirika dii gyata no akyi, na ɛbɛyɛ sɛ ɔde ne nsa kɛkɛ na ekum gyata no! Ɛda foforo nso, osisi bi bae sɛ ɔrebɛkyere Dawid nguan no, na okum osisi no nso! Sɛ wohwɛ a, hena na ɔboaa Dawid?​— Ɛyɛ Yehowa na ɔboaa no.

Bere foforo nso, Dawid san de akokoduru paa yɛɛ ade bi. Ná Israelfo ne nkurɔfo bi a wɔfrɛ wɔn Filistifo reko. Ná Filistifo asraafo no biako yɛ ɔbarima tenten kɛse paa! Ne din de Goliat. Ná saa ɔbarima tenten kɛse no redi Israelfo asraafo no ne Yehowa ho fɛw. Goliat ka kyerɛɛ Israelfo asraafo no sɛ, nea ɔpɛ no mmra na ɔne no mmɛko. Nanso, na Israelfo no nyinaa suro paa sɛ wɔne no bɛko. Bere a Dawid tee asɛm no, ɔka kyerɛɛ Goliat sɛ: ‘Me ne wo bɛko! Yehowa bɛboa me, na medi wo so nkonim!’ Sɛ wohwɛ a, so na Dawid wɔ akokoduru?​— Ná ɔwɔ akokoduru paa. Wopɛ sɛ wuhu nea esii?

Dawid faa n’ataabo ne mmoba anum a ɛho yɛ toromtorom. Ataabo yɛ ade a wɔde aboba hyɛ mu tow. Afei ɔkɔe sɛ ɔne Goliat rekɔko. Bere a Goliat hui sɛ Dawid yɛ abofra no, odii Dawid ho fɛw. Nanso, Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo de, wode nkrante na ɛreba me so, nanso me de, mede Yehowa din!’ Afei, ɔde aboba hyɛɛ n’ataabo no mu tuu mmirika kɔɔ Goliat so, na ɔtow aboba no kɔɔ no so tẽẽ. Aboba no kɔbɔɔ Goliat aniwa ntam! Goliat hwee fam, na owui! Ehu kaa Filistifo no paa ma wɔn nyinaa guanee. Ɛyɛɛ dɛn na abarimaa Dawid tumi kum Goliat?​— Ɛyɛ Yehowa na ɔboaa no. Yehowa wɔ tumi kɛse sen Goliat!

Dawid akum Goliat

Dawid ansuro, efisɛ na onim sɛ Yehowa bɛboa no

Dɛn na wubetumi asua afi Dawid ho asɛm yi mu?​— Ɛne sɛ, Yehowa wɔ tumi kɛse sen obiara. Ɔyɛ wo nso w’Adamfo. Enti bere biara a wubesuro anaa ehu bɛka wo no, kae sɛ, Yehowa betumi aboa wo ma woanya akokoduru!

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • Dwom 56:3, 4

  • 1 Samuel 17:20-54

NSƐMMISA:

  • Bere a gyata ne osisi kɔkyeree Dawid nguan no, dɛn na Dawid yɛe?

  • Bere a Goliat dii Yehowa ho fɛw no, asɛm bɛn na Dawid ka kyerɛɛ Goliat?

  • Ɛyɛɛ dɛn na Dawid tumi kum Goliat?

  • Dɛn nti na na Dawid nsuro gyata, osisi, ne Goliat?

  • Dɛn na wubetumi asua afi Dawid ho asɛm no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena