Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • yc adesua 7 kr. 16-17
  • So Ɛyɛ a Wote Nka sɛ Aka Wo Nko Ara Ma Ehu Aka Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛyɛ a Wote Nka sɛ Aka Wo Nko Ara Ma Ehu Aka Wo?
  • Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmaa Ne Nyankopɔn Kyekyee Ne Werɛ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • So Wobɛyɛ Ɔnokwafo Te Sɛ Elia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yehowa Hyɛɛ Elia Den
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔwɛnee, na Ɔtwɛnee Nso
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
yc adesua 7 kr. 16-17
Abarimaa a aka ne nko ara na ehu aka no

ADESUA 7

So Ɛyɛ a Wote Nka sɛ Aka Wo Nko Ara Ma Ehu Aka Wo?

Hwɛ abarimaa kumaa a ɔwɔ mfonini no mu no. Ɛte sɛ nea aka ne nko ara ma ehu aka no, ɛnte saa? Woate nka saa pɛn?​— Ɛtɔ mmere bi a, obiara tumi te nka saa. Bible ka Yehowa nnamfo a wɔn nso tee nka sɛ aka wɔn nko ara ma ehu kaa wɔn ho asɛm. Wɔn mu biako ne Elia. Ma yensua ne ho nsɛm.

Ɔhemmaa Yesebel de abofuw reteɛteɛm

Ná Yesebel pɛ sɛ okum Elia

Elia tenaa ase wɔ Israel bere tenten ansa na wɔrewo Yesu. Ná Israel hene Ahab nsom Yehowa, nokware Nyankopɔn no. Ná Ahab ne ne yere Yesebel som atoro nyame bi a ne din de Baal. Ɛno nti, Israelfo dodow no ara nso fii ase som Baal. Ná Ɔhemmaa Yesebel tirim yɛ den paa. Ná ɔpɛ sɛ okunkum nkurɔfo a wɔsom Yehowa nyinaa; ná Elia nso ka ho! Wunim nea Elia yɛe?​—

Elia guanee! Oguan kɔɔ anhweatam bi a ɛwɔ akyirikyiri so kɔhyɛɛ ɔbodan bi mu. Sɛ wohwɛ a, dɛn nti na ɔyɛɛ saa?​— Ampa, na ehu aka no. Nanso, na anka ɛnsɛ sɛ Elia ma ehu ka no. Dɛn ntia? Efisɛ na onim sɛ Yehowa betumi aboa no. Ná Yehowa ama Elia ahu ne tumi pɛn. Bere bi, Elia bɔɔ Yehowa mpae ma ogya fii soro bae. Enti, na Yehowa betumi aboa Elia saa bere yi nso!

Yehowa tiee Elia mpaebɔ na ɔmaa ogya fii soro bae; Elia wɔ ɔboda mu; Elia tee Yehowa nsɛm a ɛhyɛ nkuran no, n’ani gyei

Dɛn na Yehowa yɛe de boaa Elia?

Bere a Elia hyɛ ɔbodan no mu no, Yehowa kasa kyerɛɛ no, na Yehowa bisaa no sɛ: ‘Dɛn na woreyɛ wɔ ha?’ Elia kae sɛ: ‘Me nko ara na meda so som wo. Aka me nko ara, na misuro sɛ wobekum me.’ Ná Elia adwene yɛ no sɛ wɔakunkum wɔn a wɔsom Yehowa nyinaa. Nanso, Yehowa ka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Ɛnte saa. Nnipa 7,000 foforo wɔ hɔ a wɔda so som me. Nya akokoduru. Mewɔ adwuma pii ma wo!’ Sɛ wohwɛ a, Elia ani gyee saa asɛm no ho?​—

Dɛn na wubetumi asua afi asɛm a ɛtoo Elia no mu?​— Ɛnsɛ sɛ wote nka sɛ aka wo nko ara ma ehu ka wo da. Wowɔ nnamfo a wɔdɔ Yehowa na wɔdɔ wo nso. Afei nso, Yehowa wɔ tumi kɛse, na ɔbɛboa wo bere nyinaa! So ɛnyɛ w’anigye sɛ woahu sɛ ɛrenka wo nko ara da?​—

KENKAN FI WO BIBLE MU

  • 1 Ahene 19:3-18

  • Dwom 145:18

  • 1 Petro 5:9

NSƐMMISA:

  • Wɔ Elia bere so no, so na Israelfo dodow no ara som Yehowa? Hena na na Israelfo no som no?

  • Dɛn nti na Elia guan kɔhyɛɛ ɔbodan bi mu?

  • Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Elia?

  • Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛtoo Elia no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena