Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ypq asɛmmisa 7 kr. 21-23
  • Obi Pɛ Sɛ Me ne No Da a Mɛyɛ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obi Pɛ Sɛ Me ne No Da a Mɛyɛ Dɛn?
  • Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ M’atipɛnfo Piapia Me Sɛ Me Ne Obi Nna a, Mɛyɛ Dɛn Ahyɛ Me Ho So?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Sɛ Obi Taforo Obi Barima Ho Anaa Ɔbea Bi Ase a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɔne No Ada Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Ɔbarima Ne Ɔbea Nna A Edi Aware Anim—Dɛn Nti Na Dabi
    Nyan!—1986
  • Ka Ɔbea ne Ɔbarima Nna Ho Asɛm Kyerɛ Wo Mma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
ypq asɛmmisa 7 kr. 21-23
Abaayewa bi mpɛ sɛ ɔsosɔ abarimaa bi so koraa

ASƐMMISA 7

Obi Pɛ sɛ Me ne No Da a Mɛyɛ Dɛn?

NEA ENTI A EHIA

Nea wobɛyɛ wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho biara, kae sɛ ɛda hɔ retwɛn wo.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: Heather huu Mike bosome mmienu pɛ ni, nanso ɛte sɛ nea ɔne no abɔ akyɛ. Daa wɔde text message manemane wɔn ho. Wosom sɛ wɔrekasa wɔ tɛlɛfon so a, nnɔnhwerew deɛ ɛwɔ hɔ na wogu so. Wɔrekasa a obiara nim nea baako ano besi. Nanso nkɔmmɔ nko ara mmee Mike; ɔpɛ biribi aka ho.

Bosome mmienu a wohyiae yi, nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔsosɔ wɔn nsa, na ɛtɔ da nso a wɔfe wɔn ano kakra. Heather pɛ sɛ ɔde so hɔ ara; ɔmpɛ sɛ ɔyɛ biribiara ka ho. Nanso asɛm no ne sɛ ɔmpɛ sɛ Mike fi ne nsa. Obiara nni hɔ a ɔkorɔkorɔ no gyigye ne so te sɛ Mike. Ne komam paa deɛ, onim sɛ ɔne Mike dɔ wɔn ho.

Sɛ woanyin sɛ wo ne obi bɛnantew, ɛnna Heather asɛm yi bi too wo a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Obi de atade adan ntamagow

Ɔbea ne ɔbarima nna yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama awarefo nkutoo. Sɛ obi foforo biara de ne ho hyem a, na wasɛe akyɛde no. Ɛte sɛ obi ama wo atade fɛfɛ bi na woadan no ntamagow

Sɛ wugyina soro baabi na wuhuruw na ɛyɛ wo sɛ worenhwe fam a, na woredaadaa wo ho. Saa ara na wubu w’ani gu Bible afotu so a woremfa wo ho nni. Afotu no bi ne sɛ ‘yɛntwe yɛn ho mfi aguamammɔ ho.’​—1 Tesalonikafo 4:3.

Wubu w’ani gu afotu yi so a, dɛn na ɛbɛto wo? Bible se: “Nea ɔde ne ho hyɛ aguamammɔ mu no yɛ n’ankasa nipadua bɔne.” (1 Korintofo 6:18) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ asɛm yi yɛ nokware?

Nhomanimfo bi ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ mmabun a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ansa na wɔaware no twa ɛso aba bɔne. Aba no bi na edidi so yi.

  • AHOYERAW. Mmabun a wɔde wɔn ho ahyɛ nna mu no ka sɛ wowiei no na atete wɔn ani so, na wodii ho yaw paa.

  • OBIARA NNYE NE YƆNKO NNI BIO. Wɔda wie a, obiara bisa ne ho sɛ, ‘Hena bio na ɔne no ada?’

  • ABASAMTU. Nokwasɛm a ɛwom paa ne sɛ mmaayewa pii pɛ nnipa a wɔbɛbɔ wɔn ho ban na ɛnyɛ wɔn a wɔbɛdaadaa wɔn ne wɔn ada. Woyɛ abaayewa na wogyaagyaa wo ho ma mmarimaa a, wɔn ani nnye wo ho bio.

  • Nea yɛreka akosi ara ni: Wugyaa wo ho ma obi ne wo da ansa na woaware a, na wabrɛ wo ase ama woahwere ade kɛse paa. (Romafo 1:24) Kae sɛ wo nipadua som bo, enti ɛnsɛ sɛ wugyaagyae wo ho ma obi sɛe wo!

Kyerɛ sɛ wusi pi na wowɔ ahoɔden a wode ‘bɛtwe wo ho afi aguamammɔ ho.’ (1 Tesalonikafo 4:3) Daakye woware a, wubenya kwan ne wo hokafo ada. Ɛno deɛ w’ani begye, efisɛ ‘woankowia’ na akɔfa dadwen, abasamtu, ne ahoyeraw aba.​—Mmebusɛm 7:22, 23; 1 Korintofo 7:3.

WUSUSUW HO SƐN?

  • Sɛ obi dɔ wo paa a, wugye di sɛ ɔbɛma woayɛ biribi a ebepira wo na agya wo adwennwen?

  • Sɛ obi dwen wo ho paa a, wususuw sɛ ɔbɛdaadaa wo ma woayɛ biribi a ɛbɛsɛe wo ne Onyankopɔn ntam?​—Hebrifo 13:4.

ƐKƆ MA MMAAYEWA

Abaayewa bi te hɔ redwen

Mmarimaa pii taa ka sɛ ɔbea a wɔde wɔn ho aka no deɛ, wɔrenware no da. Adɛn ntia? Wɔpɛ obi a odi ne ho ni.

Asɛm yi yɛ wo nwonwa? Ebi mpo a ahyɛ wo abufuw. Ɛnde kae sɛ TV ne sini ama nna abɛyɛ sɛ biribi a asɛm biara nni ho a mmarimaa ne mmaayewa de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn ho.

Nanso mma wei nnaadaa wo! Kae, sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo da a, nea ɔpɛ ara ne sɛ obenya wo de agyigye n’ani.​—1 Korintofo 13:4, 5.

ƐKƆ MA MMARIMAA

Abarimaa bi te hɔ redwen

Sɛ wo ne abaayewa bi pue a, bisa wo ho sɛ, ‘Ne ho hia me paa?’ Sɛ saa a, dɛn na wode bɛkyerɛ sɛ ne ho hia wo? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wunya akokoduru de di Onyankopɔn mmara so; mmienu, ɛsɛ sɛ wunya nyansa de kwati biribiara a ebetumi de wo akɔ sɔhwɛ mu; mmiɛnsa, ɛsɛ sɛ wunya ɔdɔ a ɛbɛma woayɛ nea ɛbɛboa ɔbea no.

Wowɔ su a ɛte saa a, ɛnde abaayewa no bɛka asɛm a Sulamit kae yi bi akyerɛ wo: “Me dɔfo wɔ hɔ ma me, na me nso mewɔ hɔ ma no.” (Solomon Dwom 2:16) Yɛbɛka a, ɔbɛdɔ wo paa!

SƆ WEI HWƐ

Sɛ obi pɛ sɛ ɔdaadaa wo ne wo da a, ebia ɔbɛka sɛ, “Wodɔ me a, anka wobɛpene so.” Sɛ ɔka saa a, wo nso ka kyerɛ no sɛ, “Wodɔ me a, anka wonka sɛ menyɛ saa.”

Wo ne abarimaa anaa abaayewa bi fa adamfo a, ɛsɛ sɛ woma saa asɛm yi tena w’adwenem: Sɛ woreyɛ biribi na wompɛ sɛ w’awofo behu a, ɛnde ɛnsɛ sɛ woyɛ.

NEA MEPƐ SƐ MEYƐ

  • Sɛ obi ka sɛ ɔpɛ sɛ ɔne wo da a, dɛn na wobɛyɛ?

  • Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛka dabi. Dɛn na ɛbɛma aba saa?

  • Wobɛyɛ dɛn ayi wo ho afi biribi a ɛte saa mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena