Mmofra Bisa Sɛ. . .
Ɔbarima Ne Ɔbea Nna A Edi Aware Anim—Dɛn Nti Na Dabi
DƐN ne ade a edi kan a nkurɔfo kyerɛw ho asɛm de tu fo? Anyɛ yiye koraa no, wɔ kurow kɛse bi atesɛm krataa fam no, ɛyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim. Yiw, nsemmisa a ɛfa asɛm yi ho dɔɔso: ‘Sɛ mododɔ mo ho a, so ɛnde eye?’ ‘So ɛsɛ sɛ motwɛn kosi sɛ mobɛware?’ ‘So ɛyɛ “anigyede” a mfomso biara nni ho?’ Nanso ɛho adwenkyerɛ nso dɔɔso! Ɛho afotu bɛn na ɛteɛ a eye ma wo?
Nnipa a wɔnwaree a wɔne wɔn ho da ne asɛm a Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Mmebusɛm no fã a edi kan (Mme atiri 1-9) no mu bɛboro nkyem anan mu biako ka ho asɛm. Afotu a wɔde ma wɔ hɔ no fi yɛn Bɔfo no hɔ. N’afotu betumi ama “aberante [anaa ababaa] nso nimdeɛ ne adwempa.” Wɔn a wotie n’afotu nya “atɛmpa,” anaasɛ sɛnea mfitiase Hebri asɛmfua no kyerɛ no, “sɛ́ wɔdannan anaasɛ wɔkyerɛ” po so hyɛn kwan. (Mmebusɛm 1:4, 5) Akyinnye biara nni ho sɛ worempɛ sɛ anifere kwan so asiane biara a ebetumi asɛe w’anigye no twitwa w’anan mu!
Ampa, mmofra pii mmu nna a edi aware anim sɛ ebetumi asɛe wɔn anigye. Wɔn a wɔn ani gye ɔbarima ne ɔbea nna ho kɛse no taa ka sɛ nea enti a ɛte saa no te sɛ asɛm a wɔdaa no adi mfehaha pii a atwam ni no: “Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho.” (Mmebusɛm 7:18) Ɔdɔ mee wɔn, na wɔka sɛ, nna de ɛno ankasa na ɛde ne ho ba. Anaasɛ ebia wɔn adwene bɛyɛ wɔn te sɛ aberante bi a wɔfrɛ no Leopold de no, a ɔno na ɔkae sɛ: “Sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔbarima ankasa a, ɛsɛ sɛ wo ne ɔbea da.” Afoforo nso ma ho kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mfɛfo begye wɔn atom anaasɛ wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔnyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da.
Nokwarem no, nhwehwɛmu ahorow—ne nhwɛso pii—ada no adi sɛ mfiase no na ɛnyɛ mmofra pii adwene sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu.a Mpɛn pii wɔne wɔn ho da esiane sɛ wosusoo wɔn nipadua no afã horow bi a ɛkanyan akɔnnɔ nti. Ɔbea bi a wawo nanso onni kunu kae sɛ: “Wɔ me ne mmofra a minim wɔn no pii fam no, ɛyɛ biribi a yɛyɛ duu akyiri bere nyinaa, na awiei koraa no wobɛhwɛ na wonnyɛ ɔbaabun bio. Mufi ase yeyɛ nneɛma ahorow a ɛkanyan akɔnnɔ na bere a mo ani bɛba mo ho so no na ɛyɛ nea muntumi nyae.”
Ebinom ka sɛ, ‘Nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wunya nna a edi aware anim mu anigye?’ ‘Bɔne bɛn na ɛwom bere a nnipa baanu no pɛ no?’
Ɔhaw Ahorow a Ɛyɛ Yaw
Nneɛma bi a wɔyɛ de gye wɔn ani nnɛ betumi de ɛyaw aba ɔkyena. Mmebusɛm 5:3, 4 ka sɛ: “Na ɔbea nanani ano kyi ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo; na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu.”
Nea ɛyɛ yaw a ebetumi adi akyi aba biako ne mmaninyare. Sɛ obi de ne ho hyɛ eyi mu a, ‘ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne’ ampa. (1 Korintofo 6:18) Hwɛ awerɛhow ara a ɛbɛyɛ sɛ wubehu wɔ mfe bi akyi sɛ aguamammɔ ama woanya ɔyare bi a wontumi nyɛ ho hwee anaasɛ woayɛ obi a ɔnwo. Sɛnea Mmebusɛm 5:11 bɔ kɔkɔ no: ‘Na wo nna a edi akyiri no, woapenepene sɛ wo nipadua ne wo honam asã.’
Aguamammɔ betumi de nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan, nyinsɛn a woyi gu, anaa aware a wɔnhwɛ kwan aba—a emu biara wɔ ɛyaw a ɛde ba. Nanso ɔhaw kɛse biako ne . . .
Nkate Mu Ɔhaw
Nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim mu no pii bɔ amanneɛ sɛ wɔte afobu nka na obu a wɔwɔ ma wɔn ho no ano brɛ ase, efisɛ ɛhaw wɔn wɔ wɔn mu sɛ wɔatra wɔn ankasa gyinapɛn ahorow. Sɛ nhwɛso no, Dennis a wadi mfe 23 no kae sɛ: “Ɛyɛ huammɔdi kɛse—wonte anigye anaa ɔdɔ a emu yɛ den nka sɛnea wɔkyerɛ no. Na mmom bɔne a adeyɛ no yɛ a mibehui ankasa no kãã me. Ahosodi a minni no maa m’ani wui ankasa.”
Afoforo pii de awerɛhow gye tom. Ababaa bi paee mu kae sɛ: “M’ani baa me ho so ankasa wɔ abasamtu kɛse mu. Biribiara nyɛ anigye mprempren. Apontow no aba awiei, mete yaw nka, mihu sɛ meyɛ fow, na me ho agu fĩ. Ka a metee sɛ ɔreka sɛ, ‘Dɛn nti na woamma yɛannyae ansa na adu akyiri saa? no amma mannya ahotɔ.”
Sɛnea ɔbenfo Jay Segal a ɔyɛɛ ɔman nhwehwɛmu a egyina “ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm” so a ɛfa sukuufo 2,436 ho kyerɛ no, eyi nyɛ nea ɛntaa nsi. Ɔkae wɔ n’amanneɛbɔ no mu sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna a edi kan mu abasamtu ne huammɔdi no boro emu anigye no so mmɔho abien. Mmarima ne mmea nyinaa kae sɛ wɔtee abasamtu kɛse nka.”
Ampa, ɛnyɛ mmofra nyinaa na ɛte sɛ nea wɔte afobu anaa abasamtu nka. Nanso Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Aguamammɔ . . . sɛe ntease.” (Hosea 4:11) Onipa a ɔde ne ho hyɛ nna a edi aware anim anaa aguamammɔ mu no hu sɛ ne nkate betumi de nkakrankakra asesa. Nna mu akɔnnɔ betumi abɛyɛ ne nkate a edi kan a ɛyɛ ade titiriw wɔ ayɔnkofa no mu.
Aguamammɔ ama mmofra binom ‘adwene pa’ asɛe araa ma ɔsram biara wɔne nnipa ahorow pii da de dwudwo wɔn akɔnnɔ ano. Robert Sorensen a ɔyɛ nhwehwɛmufo no frɛ mmofra a wɔte sɛɛ “mmarimapɛfo anaa mmeapɛfo.” Ɔkyerɛ sɛ wonya eyi ho akatua. Sorensen kyerɛw sɛ: “Wɔ yɛn nhwehwɛmu ahorow mu no, eyinom mu pii da no adi . . . sɛ wogye di sɛ wɔreyɛ eyi a wonni atirimpɔw ne akomatɔyam.” Wɔn mu ɔha biara mu aduanan asia gyee asɛm yi toom, “Ɔkwan a menam so mprempren yi de, me nneɛma ahorow pii rebɛsɛe.” Sorensen hui nso sɛ mmofra a wɔyɛ nguamman yi ka sɛ “wonni ahotoso ne obu kɛse mma wɔn ankasa ho.” Ɛte sɛ nea Mmebusɛm 5:9 ka no: Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu ‘de wɔn nidi ma ebinom.’
Mmofra binom ka sɛ, ‘Yɛyɛ soronko. Ɔbarima ne ɔbea nna bɛka yɛn abom kɛse.’ Nanso ɛyɛ ampa?
Anɔpa a Edi Hɔ No
Bere a wɔanya ayɛ eyi no, ɛsono sɛnea wɔtaa hwɛ wɔn ho wɔn ho. Ebia ɔbarima no behu sɛ nkate a na ɔwɔ ma ne dɔfo no mu nyɛ den bio sɛ kan no. Bere a wanya no ne no ada no, ebia obehu sɛ ne ho nyɛ fɛ pii mpo. Ebia ɔbea no nso bɛte nka sɛ ɔbarima no abu no kwasea. Sɛnea ɛte biara no, sɛ nnipa baanu no ne wɔn ho da a, wɔtra ɔhye bi a wɔrentumi nsan wɔn akyi wom.
Wɔ Bible mmere mu no, pɛ a na Amnon pɛ ɔbaabun Tamar no ma ɔyaree. Nanso ɔne no dae akyi no, “Amnon de ɔtan kɛse tan no pii.” (2 Samuel 13:15) Saa ara na bere a abeawa bi a wɔfrɛ no Maria bɔɔ aguamman akyi no, ogye toom: “M’ani annye m’ankasa ho (esiane me mmerɛwyɛ no nti) , na m’ani annye aberante no ho. Ɔbarima ne ɔbea nna a na yesusuw sɛ ɛbɛka yɛn abom kɛse no na ɛde yɛn ayɔnkofa no baa awiei mmom. Mampɛ sɛ mehu aberante no bio mpo.”
Ɛwom ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔyɛ wɔn ade te sɛ Maria anaasɛ Amnon. “Nea ebefi mu aba bere tiaa mu ne sɛ ɛbɛhyɛ ayɔnkofa no mu den, nanso ebia nea ebefi mu aba bere tenten no bɛyɛ soronko,” saa na nhwehwɛmu bi a ɛfa mmofra ɔhaha pii ho no ka. Ade biako nti a nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu aware nhyehyɛe taa sɛe sen wɔn a wɔnyɛ saa no ne sɛ, eyi de ninkuntwe ne ahotoso a wonni ba. Abofra biako gye toom sɛ: “Bere a nnipa binom ayɛ eyi awie no, akyiri yi nea wosusuw ne sɛ, ‘Sɛ ɔne me yɛɛ saa a, ɛnde ebia ɔne obi foforo nso yɛɛ saa.’ Nokwasɛm ne sɛ, metee nka saa. Metwee ninkunu na m’adwenem yɛɛ me naa kɛse wɔ ne ho.”
Hwɛ sɛnea ɔdɔ ankasa a ‘ɛnyɛ ahoɔyaw, . . . ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de’ no yɛ soronko koraa wɔ eyi ho. (1 Korintofo 13:4, 5) Ɔdɔ yi nkutoo na ebetumi ama wɔanya abusuabɔ a ahotoso wom a ɛde aware a ɛkyɛ ba. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu . . . efisɛ nguamman de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”—Hebrifo 13:4.
Eyi de yɛn ba asɛm titiriw a etia nna a edi aware anim no so: Ɛyɛ bɔne a etia Onyankopɔn a anibere wom. 1 Tesalonikafo 4:3 se: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu.” Afotu a efi honhom mu yi a wubetie bɛbɔ wo ho ban afi amanehunu ahorow pii ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea nhwehwɛmu biako kyerɛ no, mmea no ɔha biara mu 60 kae sɛ ɛyɛ mpofirim a ɛnyɛ nea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Nneɛma bi a wɔyɛ de gye wɔn ani nnɛ betumi de ɛyaw aba ɔkyena
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ nna a edi aware anim mu aware nhyehyɛe taa gu
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Bere a nnipa baanu abɔ aguamman no, wɔtra ɔhye bi a wɔrentumi nsan wɔn akyi wom
[Kratafa 11 mfoni]
Nna a edi aware anim betumi de aware nhyehyɛe a ɛsɛe a ɛma wodi awerɛhow aba