Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 3/8 kr. 12-14
  • Tra a Wobɛtra Ase wɔ Ahotew Mu—So Ɛno na Eye Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tra a Wobɛtra Ase wɔ Ahotew Mu—So Ɛno na Eye Ampa?
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nipadua mu Ahobammɔ
  • Asomdwoe ne Obu ma Wo Ho
  • Ɛma Wonya Abusuabɔ a Ɛkyɛ
  • Aware a Anigye Wom
  • Ɔbarima Ne Ɔbea Nna A Edi Aware Anim—Dɛn Nti Na Dabi
    Nyan!—1986
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mekɔ So Yɛ Ɔbabun A One Obi Nnae Da?
    Nyan!—1992
  • Sɛ M’atipɛnfo Piapia Me Sɛ Me Ne Obi Nna a, Mɛyɛ Dɛn Ahyɛ Me Ho So?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mmofra, So Bible Abrabɔ Pa No Ne Ɔkwan A Eye Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 3/8 kr. 12-14

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Tra a Wobɛtra Ase wɔ Ahotew Mu​—So Ɛno na Eye Ampa?

Esiane sɛ yaw nka a Esther te wɔ ne yafunu mu no kɔɔ so nti, okohuu oduruyɛfo. Bere a oduruyɛfo no ahwɛ ne krataa so, abisa nsɛm kakraa bi akyi no, afei obisae sɛ: “Aduru bɛn na woyɛ de siw nyinsɛn ano?”

Esther teɛɛm kae sɛ: “Mennyɛ aduru biara.”

Oduruyɛfo no teɛɛm sɛ: “Adɛn, wopɛ sɛ woyem?”

Ɔbea a ɔnwaree yi buae sɛ, “Dabi.”

Oduruyɛfo a ne bo reyɛ afuw no kae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi ahwɛ kwan sɛ worenyem bere a wonyɛ aduru biara no?”

Esther buae sɛ: “Efisɛ me ne ɔbarima biara nna.”

Oduruyɛfo no de ahodwiriw hwɛɛ n’anim na ɔhwɛɛ ne krataa no so bio. Ɔkae sɛ, “Na sɛ woadi mfe 23? Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ meka nea ɛbɛhaw wo, nanso eyi de minnye nni. Mmofra a woadi mfe 13 ba ha a wɔnyɛ mmabun bio. Woyɛ obi a ɔda nsow. Mmabaa kakraa bi na mihu wɔn a wɔyɛ mmaabun.”

AHOTEW ayera koraa wɔ ɛnnɛ wiase yi mu. Alan Guttmacher Asuae no 1981 nhwehwɛmu bi ho amanneɛbɔ ka sɛ: “Ɛyɛ abofra a ɔda nsow koraa na ɔmfa ne ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu bere a onnya nnii mfe aduonu no. Mmarimaa 10 mu baawɔtwe ne mmeawa 10 mu baason bɔ amanneɛ sɛ wonyaa ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa bere a na wonnya nnii mfe aduonu no.” Dɛn na ɛmaa Esther a wɔaka ne ho asɛm wɔ ase hɔ no yɛɛ soronko?

Na ogye di sɛ Bible mmara a ɛfa abrabɔ pa ho a obedi so no ne nea eye. Bible no ka pefee sɛ: “Na nipadua nyɛ aguamammɔ [ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim] dea . . . Munguan aguamammɔ.” (1 Korintofo 6:13, 18) Nanso mmofra pii bu wɔn ani gu Bible abrabɔ pa no so. Na so mfaso ankasa wɔ abrabɔ mu ahotew so?

Nipadua mu Ahobammɔ

Oduruyɛfo Richard Lee rekyerɛw wɔ Yale Journal of Biology and Medicine mu no, ɔka kyerɛɛ ne mfɛfo nnuruyɛfo sɛ: “Yɛhoahoa yɛn ho kyerɛ mmofra wɔ nkonim kɛse a yɛadi wɔ nyinsɛn ano a wosiw ne mmaninyare a wɔsa mu na yebu yɛn ani gu nea wotumi de ho to so a eye sen biara, nea ne bo nyɛ den na ɛnyɛ hu a wɔde siw nyinsɛn ne mmaninyare nyinaa ano so​—tete ɔbaabunyɛ a nidi wom na eye no.” Esiane sɛ onim asiane a aguamammɔ yɛ ma nipadua no nti, ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Ɛho hia ara sɛ nnuruyɛfo ka abrabɔ mu ahotew ho asɛm.”

Ɛwom, ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim nyinaa na ɛde nyinsɛn anaa mmaninyare ba. Nanso mfaso a ɛwɔ abrabɔ mu ahotew so kɔ akyiri sen saa.

Asomdwoe ne Obu ma Wo Ho

Ababaa bi a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu kɔɔ so traa n’ahotew mu a ɔdɔ a emu yɛ den a na ɔwɔ ma n’adamfo ɔbarima no mfa ho. Sɛ́ anka ɔbɛma n’abrabɔ ayɛ te sɛ ‘ɔpon a wɔabue’ wɔ akɔnnɔ bɔne mu no, otumi hoahoaa ne ho sɛ: “Me de, meyɛ ɔfasu, name nufu te sɛ aban atenten.” Yiw, wɔ abrabɔ fam no na ogyina hɔ sɛ ɔfasu a ɛyɛ den ne aban a ɔkwan nna baabiara. Ná ɛfata sɛ wɔfrɛ no sɛ nea “ne ho tew.” Mfaso bɛn na onyae? Ababaa. no kae wɔ nea ɔrebɛyɛ ne kunu no ho sɛ, “Meyɛɛ n’ani so sɛ nea n’asom adwo no.” N’ankasa asomdwoe a onyae no na ɛde akomatɔyam baa wɔn baanu ntam no.​—Nnwom mu Dwom 6:9, 10; 8:9, 10.

Ná Esther a yɛbɔɔ ne din mfiase no wɔ asomdwoe ne obu a ɛte saa ara ma ne ho. Ɔkae sɛ: “Ná m’ani gye m’ankasa ho. Bere a mfɛfo adwumayɛfo dii me ho fɛw mpo no, na mibu me baabunyɛ no sɛ dɛnkyɛmmo, ɛsom bo efisɛ ɛho yɛ na.” Afei nso mmofra a wobu bra pa ahonim mmu wɔn fɔ. Stefan a ɔyɛ Kristoni a wadi mfe 19 no kae sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛyɛ anigye sen sɛ wubenya ahonim pa wɔ Yehowa Nyankopɔn fam.”

Mmofra binom ka sɛ, ‘Nanso ɛbɛyɛ dɛn na nnipa baanu atumi ahu wɔn ho yiye, sɛ wɔne wɔn ho anna a?’

Ɛma Wonya Abusuabɔ a Ɛkyɛ

Ɛwom ɔbarima ne ɔbea nna yɛ tumi a ano yɛ den de, nanso ɛno nkutoo rentumi mma wonnya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa. Sɛ nnipa baanu no twɛn wɔ nna ho kosi bere a wɔbɛware a, ɛma wɔde wɔn adwene si su afoforo so sen nna mu akɔnnɔ so. Nna mu akɔnnɔ so a mode mo adwene besi betumi de ɔhaw a anibere wom aba.

Sɛ nhwɛso no, bere a Ann ayɔnkofa abien agu akyi no, ogye tom sɛ: “Mifi osuahu muhui sɛ ɛtɔ bere bi a mutumi bɛn mo ho kɛse ntɛm dodo.” Enti bere a ɔne nea daakye ɔbɛyɛ ne kunu fii ase nantewee no, wɔhwɛɛ yiye sɛ wɔremmɛn wɔn ho kɛse dodo. Ɛne sɛ, wɔ nna ho akɔnnɔ nkɛntɛnso ase no ebia nnipa baanu a wɔrebɛware bebu wɔn ani agu ɔhaw ahorow a anibere wom so nanso ebeyi ne ho adi wɔ aware no akyi’.

Wɔn a wɔn ho tew betumi akwati nnaadaa yi. Ann a mprempren waware mfe anan ni no se: “Wɔ yɛn nantew a edi aware anim mu no, yɛde yɛn bere dii ɔhaw ahorow ho dwuma na yɛkaa yɛn botae wɔ asetra mu ho asɛm. Mibehuu onipa ko a merebɛware no no. Wɔ aware no akyi no, ɛbɛyɛɛ anigye nkutoo. Nnipa pii ntaa nnya bere nyɛ eyi wɔ nantew a edi aware anim no mu. Enti, sɛ ɛyɛ nea wɔde wɔn nsa toto wɔn kɔn mu, fifew wɔn ho wɔn ho ano bere nyinaa a, wɔrentumi nsusuw nsɛm a anibere wom ho na saa ara na wɔrentumi nni ɔhaw ahorow ho dwuma.”

So ɛyɛɛ den maa wɔn sɛ wobedi wɔn nkate so? Ann pae mu ka sɛ: “Yiw, na ɛyɛ den. Meyɛ obi a ne ho yɛ fɛ, na Tim nso ani gye me ho. Nanso yɛkaa asiane ahorow no ho asɛm na yɛboaa yɛn ho yɛn ho. Ná yɛn baanu nyinaa pɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani, na yɛampɛ sɛ yɛbɛsɛe yɛn aware no.” Nanso mmerante ne mmabaa pii suro sɛ wɔne wɔn ho anna a wɔn aware no bɛsɛe. So ɛte saa?

Aware a Anigye Wom

Ahotew boa ma aware yɛ yiye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ egye ahosodi. Wusua sɛ wode mprempren akɔnnɔ mu anigye bɛbɔ afɔre de anya botae a ɛho hia kɛse. Onyankopɔn dom a wubenya ba bɛyɛ nea edi kan na wobɔ mmɔden sɛ worennyaa wo ho mu mma honam fam akɔnnɔ. (1 Korintofo 9:27) Afoforo ho a wosusuw wɔ ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so yi na ɛma aware yɛ anigye na eyi nso de nna mu anigye ba.

Ɛwom sɛ nna mu ɔhaw wɔ aware ahorow pii mu de, nanso ɛnyɛ nna a edi aware anim na wɔde siw eyi ano. Sɛnea asetra mu nsɛm ho ɔbenfo Seymour Fisher nhwehwɛmu bi a ɛkɔ akyiri kyerɛ no, nneɛma a ɛboa ɔbea wɔ nna mu no nyɛ honam fam de na mmom nea ɛka ho ne sɛnea ɔte nka wɔ ne kunu ho. Nneɛma atitiriw no ne sɛ “ɔbɛte abusuabɔ a emu yɛ den nka ne ne ho a otumi de to ne kunu so,” okunu no “ho a ɔde bɔ ne yere, ne . . . ahotoso a ɔbea no wɔ wɔ ne mu.” Nanso wɔ nna a edi aware anim mu no, wɔtaa sɛe ahotoso yi esiane akɔnnɔ a wontumi nni so nti. Nea ɛho hia wɔn ne nna no honam fam de no ne wɔn akɔnnɔ ano a wobedwudwo. Bere a wɔanya pɛsɛmenkominya su yi no, ɛyɛ den sɛ wobegyae na ɛsɛe ade wɔ aware no akyi! Nea ɛsɛ sɛ wɔde adwene si so wɔ aware mu ne ɔma, ‘obi aware mu aboade a ɔbɛma,’ na ɛnyɛ ‘ogye’ mmom.​—1 Korintofo 7:3, 4.

Nea ɛyɛ anigye no, wɔ nhwehwɛmu bi a ɛfa mmea awarefo 177 ho mu no, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ nna a edi aware anim mu no nkyem anan mu abiɛsa bɔɔ nna mu nsɛnnennen ahorow ho amanneɛ wɔ adapɛn abien a edi kan wɔ wɔn aware mu no mu. Wɔn a wɔbɔɔ nna mu nsɛnnennen wɔ bere tenten mu ho amanneɛ no “de wɔn ho hyɛɛ nna a edi aware anim mu mpɛn pii.” Bio nso, nhwehwɛmu ada no adi sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna a edi aware anim mu no taa bɔ aguaman wɔ aware no akyi! Hwɛ nokware ara a Bible asɛm no yɛ, sɛ: “Aguammmɔ . . . sɛe ntease.”​—Hosea 4:11.

‘Nea wugu no, ɛno ara na wubetwa.’ (Galatifo 6:7, 8) Gu nna mu akɔnnɔ na wubetwa adwenem naayɛ ne osuro. Nanso gu ahosodi na twa nna mu nokwaredi ne ahotɔ. Esther a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no aware wɔ anigye mu mfe anum ni. Ne kunu Jaye ka sɛ: “Ɛyɛ anigye a ɛso bi nni sɛ mɛba fie abɛto me yere a minim sɛ yɛwɔ hɔ ma yɛn ho yɛn ho nkutoo. Biribiara nni hɔ a wobetumi de asi ahotoso yi ananmu.”

Mmaninyare anaa nyinsɛn a wɔmpɛ ho dadwene biara nni hɔ. Wowɔ asomdwoe na wunim sɛ woreyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nantew a edi aware anim a ɛde aware mu nsakrae a akomatɔyam wom ba. Eyinom ne ntease pa pii nti a wobetumi aka sɛ: Tra a wobɛtra ase wɔ ahotew mu ne nea eye ampa! no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

“Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntade, na wɔanya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apon ano akɔ kurow no mu. Na kurow no akyi na akraman ne adutofo ne nguaman ne awudifo ne abosonsomfo ne wɔn a wɔpɛ atoro na wodi nyinaa wɔ.”​—Adiyisɛm 22:14, 15.

[Kratafa 13 mfoni]

Ahotew bɔ wo ho ban wɔ nipadua ne adwene mu ɔhaw ahorow ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena