Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 7/8 kr. 24-26
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mekɔ So Yɛ Ɔbabun A One Obi Nnae Da?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mekɔ So Yɛ Ɔbabun A One Obi Nnae Da?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan a Wɔfa So Nya Ɔdɔ?
  • Bere a Obi Nnyinii Koraa Sɛ Ɔbɛware
  • Nea Ɛbɛma Wɔanya Anigye wɔ Aware Mu?
  • Kwati Wo Ho Bɔne a Wobɛyɛ
  • Tra a Wobɛtra Ase wɔ Ahotew Mu—So Ɛno na Eye Ampa?
    Nyan!—1986
  • Ɔbarima Ne Ɔbea Nna A Edi Aware Anim—Dɛn Nti Na Dabi
    Nyan!—1986
  • Sɛ M’atipɛnfo Piapia Me Sɛ Me Ne Obi Nna a, Mɛyɛ Dɛn Ahyɛ Me Ho So?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mmofra, So Bible Abrabɔ Pa No Ne Ɔkwan A Eye Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Nyan!—1992
g92 7/8 kr. 24-26

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mekɔ So Yɛ Ɔbabun A One Obi Nnae Da?

ƆKYERƐWFO Lesley Jane Nonkin se: “Ɔbabun a ɔne obi nnae da a obi bɛyɛ no te sɛ abofra sẽ, ade a ɛsɛ sɛ wɔhwere ansa na wɔawie sukuu.” Nsɛm a ɛte sɛ eyi no kyerɛ biribiara ho kwan a wɔma ma obiara yɛ nea ɔpɛ su a mmofra pii wɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no. Nnansa yi, wobu abofra a ɔda so yɛ obi a ɔne obi nnae da no sɛ ne ho yɛ nwonwa, obi a ɔyɛ soronko. Wɔ mmofra mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, mmarimaa no gye too mu sɛ na “wɔn ho pere wɔn” sɛ wɔne ɔbea bɛda. Mmeawa a wɔyɛ mmaabun no nso gye too mu sɛ na wɔte nka sɛ “wɔatɔ mu.”

Nanso, sɛnea asɛm bi a adi kan aba kyerɛe no, ɔbabun a ɔne obi nnae da a obi bɛyɛ no ye wɔ Onyankopɔn ani so.a Ɛyɛ ade a n’ani gye ho yiye na ɔkasa tia nna a edi aware anim no sɛ ɛyɛ ɔbrabɔne na epira. (1 Tesalonikafo 4:3-8) Ɛno mpo koraa no, ɔbabun a ɔne obi nnae da a obi bekura mu no hwehwɛ sɛ otumi gyina nhyɛso kɛse ano. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ abofra yɛ saa? So ɔbabun a ɔne obi nnae da a wokura mu no so wɔ mfaso?

Ɔkwan a Wɔfa So Nya Ɔdɔ?

Mmofra pii susuw sɛ nna yɛ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ ɔdɔ ara kwa—anaasɛ ɔkwan a obi bɛfa so adɔ wo. Ɛyɛ adebɔsu sɛ wobɛhwehwɛ sɛ wɔdɔ wo. Na mmofra taa wɔ ahiade atitiriw wɔ eyi mu. Nhoma Coping With Teenage Depression kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Biakoyɛ ne ɔdɔ a ɛrekɔ fam wɔ mmusua pii mu no ma mmofra a wonnii mfe aduonu no hwehwɛ awerɛkyekye ne fekubɔ wɔ mmeae afoforo. Mmusua pii nni adagyew wɔ wɔn asetram nti wonnya bere mma wɔn ho wɔn ho na wɔabom ayɛ ade na wɔaka kokoam nsɛm akyerɛ wɔn ho wɔn ho. . . . Sɛ abofra a onnii mfe aduonu annya ɔdɔ ne ɔyɔnko wɔ fie a, ɔde . . . ɔbarima ne ɔbea nna bɛhwehwɛ abusuabɔ a emu yɛ hyew ne adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ no na ɔsom bo no.”

Eyi daa adi wɔ abeawa bi a wɔfrɛ no Ann ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mmofra pii wɔ hɔ a wɔte nka sɛ ɛte sɛ nea wɔnnɔ wɔn, ebia esiane sɛ wɔn awofo nnya bere a ɛdɔɔso mma wɔn nti. Ɛnkyɛ na wohia na wɔn kɔn dɔ sɛ wɔbɛdɔ wɔn anaasɛ wɔbɛbɛn obi. Eyi too me. Mekɔhwehwɛɛ ɔdɔ wɔ abarimaa bi nkyɛn.”

Nanso, nokware dɔ nyɛ “ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.” ( 1 Korintofo 13: 4, 5) Wɔ aware a nidi wom mu no, nna di atirimpɔwfɛfɛ bi ho dwuma. (Genesis 1:28; Mmebusɛm 5:15-19) Nanso, sɛ wɔanyɛ wɔ aware mu a, ɛtaa yɛ te sɛ nea wɔde dwudwo nkate mu ɛyaw ano, ɔkwan a wɔfa so kwati nhyɛso, ɔkwan a wɔfa so kyerɛ nea obi tumi yɛ, atipɛnfo nhyɛso a wogyaa wɔn ho mu ma anaasɛ aware mu anigyede a obi nya mu kyɛfa na ɔpow mu asɛyɛde ahorow. Ɔbenfo Louis Fine se: “Mpɛn pii no, mmofra a wɔasi mpanyin afe so ntam nna yɛ ɔtan, abufuw, ne obi ho a ɔsɛe; ɛnkyerɛ ɔdɔ, ayamye, anaasɛ atenka.”—“After All We’ve Done for Them”—Understanding Adolescent Behavior.

Ann huu sɛ eyi yɛ nokware wɔ n’asɛm no mu. Ose: “Me nyinsɛnee. Na bere a ɛbaa saa no, mihui sɛ m’awofo dwen me ho, ne sɛ wɔdɔ me. M’awofo na wɔbataa me ho wɔ me nyinsɛn no mu—ɛnyɛ abarimaa a mekɔhwehwɛɛ ɔdɔ wɔ ne hɔ no. Ná ɔkɔ.”

Sɛ asɛnkɛse te sɛ nyinsɛn biara amfi aguammamɔ mu amma mpo a, ɛtaa pira obi nkate na onnya anigye. Nhoma The Private Life of the American Teenager no ka sɛ: “Ebinom te nka sɛ mmarima a wohunahunaa wɔn sɛ sɛ wɔne wɔn anna a wobegyae wɔne wɔn nantew no asisi wɔn. Na sɛ wɔpene so nso a, wɔtaa te nka sɛ wɔabu wɔn kwasea, titiriw bere a adamfofa no ba awiei anaasɛ ɔbarima ne ɔbea nna titiriw na ɛma ɛkɔ so tra hɔ no.”

Bere a Obi Nnyinii Koraa Sɛ Ɔbɛware

Ebinom te nka sɛ nna betumi ama nnipa baanu apɛ wɔn ho wɔn ho asɛm yiye. Nanso sɛ nnipa baanu no nnyinii koraa sɛ wɔbɛware a, wɔn ho wɔn ho asɛm a wɔbɛpɛ yiye no bɛyɛ dɛn? Nea ebetumi afi mu aba bere a awiei koraa no abusuabɔ no mu tetew ɔkwan biara so no ne nkate mu ɛyaw. Ɔkyerɛwfo Clayton Barbeau kae yɛn wɔ ne nhoma How to Raise Parents no mu sɛ “bere a worebɛn mpanyin afe so no ne bere a wusiesie wo nipasu, wode hwehwɛ onii a woyɛ.” Obisa sɛ: “Sɛ wunnim onii a woyɛ a, wobɛyɛ dɛn atumi anya ɔdɔ, na woatumi ahu obi foforo?”

Afei nso, ɔbarima ne ɔbea nna a esi wɔ nantew a edi aware anim mu no brɛ nkitahodi pa ase mmom sen sɛ ɛbɛma anya nkɔso. Bere koro no ara mu no, afɔdi nka a wɔte betumi ama nnipa baanu no ntam atetew. (Romafo 2:15) Abeawa bi kae sɛ: “Afɔdi nka a metee no koraa na ɛsɛee yɛn abusuabɔ no. Me bo fuwii [me mpena no] sɛ wama mete afɔdi nka saa. Na mintumi nhwɛ m’awofo anim bio efisɛ na mafɛre yiye. Abeawa foforo de ɛyaw kae sɛ: “Metow nea migye di biara, nea ɛsom bo ma me ne obu a mewɔ ma me ho, ne m’ahonim pa gui—ne nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte nka sɛ wɔdɔ me nti.”

Enti ɔkyerɛwfo Clayton Barbeau kaa ne nyinaa ho asɛm yiye bere a ɔkae sɛ: “Misusuw sɛ wɔn a wonnii mfe aduonu a wɔde ɔbarima ne ɔbea nna di agoru no te sɛ nkokoaa a wogoru atuduru ho.”

Nea Ɛbɛma Wɔanya Anigye wɔ Aware Mu?

Mmofra no bi te nka sɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu osuahu a wobenya no besiesie wɔn yiye ama aware. Nokwasɛm ahorow nkyerɛ saa. Ade biako ne sɛ, nna mu nsɛnnennen wɔ aware mu no taa gyina nkate mu nsɛm so—emfi nna mu osuahu a wonni. Mmom no, nna a edi aware anim no na ɛsɛe aware. Ɛsɛe obu a nnipa baanu no wɔ ma wɔn ho wɔn ho no na ɛkyerɛ wɔn sɛ wɔn abusuabɔ no gyina ɔhonam mu nneɛma so titiriw; wobu wɔn ani gu nkate mu abusuabɔ so. Nhoma Building a Successful Marriage no se: “Nna a edi aware anim no yɛ honam fam adeyɛ titiriw a ɛyɛ pɛsɛmenkominya ara kwa, na ɛnyɛ ade a nnipa baanu nyinaa pene so.” Awiei koraa no, nna ho pɛsɛmenkominya adwene de aware mu ɔhaw ba. Aware mu akomatɔyam ba bere a awarefo baanu no de Bible nnyinasosɛm di dwuma na wɔn ani gye ɔma ho mmom sen sɛ wɔde pɛsɛmenkominya begye.—1 Korintofo 7:3; fa toto Asomafo no Nnwuma 20:35 ho.

Nhoma Why Wait Till Marriage no ka asɛnnennen foforo ho asɛm sɛ: “Wontumi nhwɛ kwan sɛ mmarima ne mmea a na wɔn bra asɛe wɔ nna ho ansa na wɔreware no bɛsakra anwonwa kwan so bere a wɔaware. Wɔkɔ so di wɔn nna ho nkate ahorow ho dwuma te sɛ bere a wɔnwaree no ara pɛ gye wɔn mu kakraa bi na wɔnyɛ saa.” Nhoma no de ba awiei sɛ: “Sɛ aware mu nokwaredi ho hia wo a, ɛnde hu sɛ ɛfa nokware a wubedi ansa na woaware ho.” Ɔbabun a ɔne obi nnae da a wobɛyɛ kosi sɛ wobɛware no betumi aboa wo ma woanya abrabɔ mu ahoɔden a ehia a wode bedi Bible ahyɛde yi so: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”—Hebrifo 13:4.

Enti aduruyɛ nsɛmma nhoma a wobu no yiye mu asɛm bi se: “Ɛda adi sɛ mmaabun wɔ hokwan sɛ wɔn aware bɛyɛ yiye efisɛ ɛtaa ba sɛ wɔwɔ su pa afoforo, te sɛ ahofama a kɛse a wɔwɔ ma asɛyɛde, wotumi hyɛ wɔn akɔnnɔ so, nkate a wonya sɛ wobedi mmara so, ne su horow a ɛtete saa.” Enti wɔn a wodi agyimisɛm ne obi da bere a wɔnwaree no bedi yaw pii.b Abeawa bi se: “Madi mfe 14 na mahwere me baabunyɛ. Mifi me koma ne me kra nyinaa mu di ho yaw pii. Ɛhye me koma efisɛ na mepɛ sɛ anka meyɛ ɔbaabun a me kunu a mɛware no daakye hwehwɛ no.”

Kwati Wo Ho Bɔne a Wobɛyɛ

Ɔbabun a ɔne obi nnae da a obi bɛyɛ so mfaso biako a edi akyiri wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho. Bible no kyerɛ sɛ wɔn a wobu Onyankopɔn mmara so no benya “nea ɛnteɛ so akatua.” (2 Petro 2:13) Ɔkwan bɛn so na ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim no betumi akowie bɔne a wobɛyɛ wo ho mu? Sɛ nhwɛso no, susuw Seventeen nsɛmma nhoma mu asɛm bi ho: “AIDS ho nhwehwɛmufo ka sɛ wɔkɔ so bɔ hu wɔ sɛnea AIDS mmoawa no retrɛw wɔ mmofra a wonnii mfe aduonu mu no ho.” Nanso, wɔ ɔyare a edi awu yi ho nsɛm pii a wɔka nyinaa akyi mu no, nhwehwɛmu bi da no adi sɛ “bɛyɛ sɛ [mmofra a wobisabisaa wɔn nsɛm no nkyem abiɛsa mu biako pɛ na ɔyare no ho hu nti wɔasakra wɔn suban wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho.”

Mmofra a wɔte saa no nhu nso sɛ nea ebetumi afi aguammamɔ mu aba ne nyinsɛn, nyarewa ahorow a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu a ɛka AlDS ho, nkate mu ɛyawdi, ahonim bɔne, ne—nea ennye koraa no—wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɛbɛsɛe. Nyɛ bɔne ntia wo ho. Mmebusɛm 14:16 se: “Onyansafo suro, na ɔsan fi bɔne ho.” Mma wɔnnaadaa wo na woagye “ɔbarima ne ɔbea nna a asiane nnim” ho anansesɛm no adi. Wɔ Onyankopɔn ani so no, ɔbarima ne ɔbea nna a asiane nnim na ogye tom ne nea wɔyɛ wɔ aware mu no. Ansa na saa bere no bɛba no, bu ɔbabun a ɔne obi nnae da a woyɛ no sɛ ade a ɛsom bo. Mma nea afoforo yɛ wɔ ho no nhyɛ wo aniwu anaasɛ mma wɔnnaadaa wo na woasɛe no.

[[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ March 22, 1992, Awake no mu.

b Ɛsɛ sɛ wɔn a mmonnaato nti na wɔahwere wɔn baabunyɛ no nya awerɛkyekye esiane nim a wonim sɛ Onyankopɔn da so araa bu wɔn sɛ “nnipa a wonnunu wɔn, na wɔyɛ kronn” nti. (Filipifo 2:15) Obiara a ɔbɔɔ aguaman ansa na ɔrebenya Bible nnyinasosɛm ho nimdeɛ no nso betumi anya awerɛkyekye saa ara wɔ nim a wonim sɛ Yesu ogye afɔre no mu gyidi a wɔwɔ no nti ‘wɔaguare wɔn, atew wɔn ho wɔ Onyankopɔn ani so. (1 Korintofo 6:11) Kristoni a wabɔ aguaman nanso ofi koma nyinaa mu nu ne ho na ɔyɛ nsakrae no nso betumi anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Ahokafo a wɔwɔ ɔdɔ ne ntease pa no taa fi wɔn pɛ mu da fafiri adi wɔ saa tebea horow yi mu.

[Kratafa 25 mfonini]

Nnipa a wɔne obi da ansa na wɔaware no mu pii te nka sɛ wɔabu wɔn kwasea anaasɛ wɔasisi wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena