Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 55 kr. 132
  • Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Onyankopɔn Boa Ɔhene Hesekia
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nguanhwɛfo Baason, Abirɛmpɔn Baawɔtwe​—Dɛn na Ɛkyerɛ Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Wiase Yi Mfa Mmoa Biara Mma
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 55 kr. 132
Ɔbɔfo bi rekɔ Asiria asogyafo no so

ADESUA 55

Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban

Asiria Ahemman no dii Israel mmusuakuw du ahemman no so nkonim. Yuda mmusuakuw mmienu ahemman no nso, na Asiria hene Senaherib pɛ sɛ odi so nkonim. Ná wafi ase reko fa Yuda nkurow no mmaako mmaako. Nanso Yuda kurow a na Senaherib pɛ paa ne Yerusalem. Ná onnim sɛ Yehowa rebɔ Yerusalem ho ban.

Yuda hene Hesekia tuaa sika pii maa Senaherib sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremma Yerusalem so. Ɛwom sɛ Senaherib gyee sika no, nanso ɔsomaa asogyafo ahoɔdenfo sɛ wɔnkɔ Yerusalem so. Ná Yerusalemfo suro efisɛ na Asiriafo rebɛn kurow no. Enti Hesekia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsuro. Asiriafo no ho yɛ den, nanso Yehowa bɛma yɛn ho ayɛ den asen wɔn.’

Saa bere no, na edin a wɔde ma Asiria asogyafo panyin ne Rabsake. Enti Senaherib somaa no kɔɔ Yerusalem sɛ onkodi wɔn ho agorɔ. Rabsake gyinaa kurow no akyi teɛɛm sɛ: ‘Yehowa rentumi mmoa mo. Mommma Hesekia nnaadaa mo. Nyame biara nni hɔ a obetumi agye mo afi yɛn nsam.’

Hesekia bisaa Yehowa nea ɔnyɛ. Yehowa kaa sɛ: ‘Mma nea Rabsake aka no mmɔ wo hu. Senaherib rentumi nni Yerusalem so nkonim.’ Afei Hesekia nsa kaa nkrataa bi fii Senaherib hɔ. Nea na ɛwɔ nkrataa no mu ni: ‘Fa wo ho ma yɛn. Yehowa rentumi nnye wo.’ Hesekia bɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, yɛsrɛ wo gye yɛn na nnipa nyinaa nhu sɛ wo nko ara ne nokware Nyankopɔn no.’ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Asiria hene ntumi mma Yerusalem. Mɛbɔ me kurow ho ban.’

Ná Senaherib gye di paa sɛ ɛnkyɛ koraa Yerusalem bɛyɛ ne dea. Ná Asiria asogyafo no aboa wɔn ho ano wɔ kurow no akyi baabi. Anadwo bi, Yehowa somaa ɔbɔfo kɔɔ hɔ. Ɔbɔfo no kunkum asogyafo 185,000! Ɔhene Senaherib asogyafo ahoɔdenfo no nyinaa wuwui. Ná ɔrentumi nyɛ nkogu a wadi no ho hwee. Enti ɔkɔɔ ne kurom. Yehowa bɔɔ Hesekia ne Yerusalem ho ban sɛnea na waka no. Sɛ na wowɔ Yerusalem a, anka wubegye Yehowa adi anaa?

“Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no no ho ban, na ogye wɔn.”—Dwom 34:7

Nsɛmmisa: Dɛn na Yehowa yɛ de bɔɔ Yerusalem ho ban? Wugye di sɛ wo nso, Yehowa bɛbɔ wo ho ban?

2 Ahene 17:1-6; 18:13-37; 19:1-37; 2 Beresosɛm 32:1-23

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena