Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 95 kr. 222-kr. 223 nky. 1
  • Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyankopɔn Ne Sodifo a Ɛsɛ Sɛ Yetie No”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Woyi Wɔn Fi Afiase
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • ‘Yentumi Nnyae Yesu Ho Asɛm Ka’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yehowa Ne Yɛn Sodifo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 95 kr. 222-kr. 223 nky. 1
Ɔtaa a asɔfo no ne Sadukifo no de baa Petro ne Yohane so nyinaa akyi, wɔde akokoduru kaa asɛmpa no

ADESUA 95

Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan

Ná ɔbarima bi a ontumi nnantew te asɔrefie no pon ano, na daa na ɔsrɛsrɛ ade. Da koro awia bi, ohuu sɛ Petro ne Yohane rebɛsen akɔ asɔrefie hɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mesrɛ mo, monkyɛ me ade.’ Petro kaa sɛ: ‘Mewɔ biribi a ɛkyɛn sika ma wo. Meka wɔ Yesu din mu sɛ, sɔre nantew!’ Afei Petro boaa no ma ɔsɔre gyinaa hɔ, na ɔbarima no fii ase nantewee! Bere a nnipadɔm no huu anwanwade yi no, wɔn ani gyee paa na bebree bɛyɛɛ gyidifo.

Nanso asɔfo ne Sadukifo no bo fuwii. Wɔsoo asomafo no mu de wɔn kɔɔ asɛnnibea, na wɔbisaa wɔn sɛ: ‘Hena na ɔmaa mo tumi sɛ monsa ɔbarima no yare?’ Petro buaa sɛ: ‘Yenyaa tumi fii Yesu Kristo a mukum no no hɔ.’ Asɔfo mpanyimfo no teɛteɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnyae Yesu ho asɛm ka!’ Nanso asomafo no kaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yɛka ne ho asɛm. Yɛrennyae.’

Bere a wɔgyaee Petro ne Yohane ara pɛ, wɔkɔɔ asuafo a aka no hɔ kɔkaa nea asi no kyerɛɛ wɔn. Wɔboom bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, boa yɛn ma yennya akokoduru, na yɛatumi akɔ so ayɛ w’adwuma.’ Yehowa de ne honhom kronkron no maa wɔn, enti wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no, na wɔsaa nkurɔfo yare. Nnipa bebree bɛyɛɛ gyidifo. Ɛyɛɛ Sadukifo no yaw, enti wɔkyeree asomafo no de wɔn kɔtoo afiase. Nanso eduu anadwo no, Yehowa somaa ɔbɔfo ma okobuee afiase pon no, na ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ: ‘Monsan nkɔ asɔrefie hɔ nkɔkyerɛkyerɛ.’

Ade kyee anɔpa ara pɛ, wɔkɔbɔɔ Sanhedrin anaa asɔfo mpanyimfo a wɔahyia no amanneɛ sɛ: ‘Yɛato afiase pon no mu, nanso mmarima a mokyeree wɔn no kɔ! Wɔwɔ asɔrefie hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfo!’ Wɔkyeree asomafo no bio, na wɔsan de wɔn kɔɔ Sanhedrin. Ɔsɔfo panyin no kaa sɛ: ‘Yɛka kyerɛɛ mo sɛ mma mommmɔ Yesu din bio!’ Ɛnna Petro nso kaa sɛ: “Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.”

Asɔfo mpanyimfo no bo fuwii paa, enti na wɔpɛ sɛ wɔkum asomafo no. Nanso Farisini bi a yɛfrɛ no Gamaliel sɔre gyinae, na ɔkaa sɛ: ‘Monhwɛ yiye! Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn di mmarima yi akyi. Mopɛ sɛ mo ne Onyankopɔn ko anaa?’ Wɔtiee n’afotu no. Wɔhwee asomafo no, na wɔhyɛɛ wɔn bio sɛ wɔnnyae asɛmpa no ka. Afei wɔgyaa wɔn maa wɔkɔe. Nanso ɛno amma asomafo no annyae. Wɔkɔɔ so de akokoduru kaa asɛmpa no wɔ asɔrefie hɔ ne afie afie.

“Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29

Nsɛmmisa: Adɛn nti na asuafo no annyae asɛmpa no ka? Dɛn na Yehowa yɛ de boaa wɔn?

Asomafo Nnwuma 3:1–4:31; 5:12-42

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena