Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 106
  • Woyi Wɔn Fi Afiase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woyi Wɔn Fi Afiase
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔyɛ ‘Nnipa a Wɔnsuaa Nhoma; Wɔnyɛ Nnipa Titiriw Biara’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Yehowa Ne Yɛn Sodifo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • “Onyankopɔn Ne Sodifo a Ɛsɛ Sɛ Yetie No”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 106
Ɔbɔfo bi abue afiase no pon ama Yesu asuafo no apue

ASƐM 106

Woyi Wɔn Fi Afiase

HWƐ ɔbɔfo a okura afiase pon a wɔabue no mu no. Nnipa a ɔrema wɔafi adi no yɛ Yesu asomafo. Ma yɛnhwɛ nea ɛmaa wɔde wɔn koguu afiase no.

Na wohwiee honhom kronkron no guu Yesu asuafo no so no nkyɛe koraa. Nea ɛbae ni: Na Petro ne Yohane rekɔ asɔrefi hɔ wɔ Yerusalem da koro awia. Na ɔbarima bi bɛn pon no ano a wayɛ obubuafo ne nkwa nna nyinaa. Na nkurɔfo de no bɛto ha da biara na watumi asrɛsrɛ sika afi wɔn a wɔrekɔ asɔrefi hɔ no nkyɛn. Bere a ohuu Petro ne Yohane no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔnkyɛ no biribi. Ná dɛn na asomafo no bɛyɛ?

Wogyina hwɛɛ ɔbarima a n’ade yɛ mmɔbɔ no. Petro kae sɛ: ‘Minni sika, nanso mɛma wo nea mewɔ. Yesu din mu sɔre na nantew!’ Afei Petro soo ɔbarima no nsa nifa maa no so, na amonom hɔ ara ɔsɔree na ofii ase nantewee. Bere a nkurɔfo no huu eyi no, wɔn ho dwiriw wɔn na wɔn ani gyei wɔ anwonwade yi ho.

Petro kae sɛ: ‘Onyankopɔn a onyan Yesu fii awufo mu no tumi so na yɛnam yɛɛ anwonwade yi.’ Bere a ɔne Yohane rekasa no, nyamesom mpanyimfo bi bae. Wɔn bo fuwii efisɛ na Petro ne Yohane reka Yesu a wɔanyan no afi awufo mu ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no. Enti wɔkyeree wɔn de wɔn koguu afiase.

Ade kyee no nyamesom mpanyimfo no yɛɛ nhyiam kɛse bi. Wɔde Petro ne Yohane ne ɔbarima a wɔsaa no yare no bae. Nyamesom mpanyimfo no bisae sɛ: ‘Tumi bɛn na mode yɛɛ anwonwade yi?’

Petro kae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a onyan Yesu fii awufo mu no tumi. Ná asɔfo no nhu nea wɔnyɛ, efisɛ na wɔrentumi nka sɛ saa anwonwade kɛse yi ansi. Enti wɔbɔɔ asomafo no kɔkɔ sɛ mma wɔnka Yesu ho asɛm bio, na wogyaa wɔn.

Nna no mu no asomafo no kɔɔ so kaa Yesu ho asɛm na wɔsaa nkurɔfo yare. Anwonwade ahorow yi ho asɛm terɛwee. Enti nnipa a wofi Yerusalem nkuraase de ayarefo baa asomafo no nkyɛn. Eyi maa nyamesom mpanyimfo no ani beree, enti wɔkyeree asomafo no koguu afiase. Nanso wɔankyɛ wɔ hɔ.

Anadwo no Onyankopɔn bɔfo buee afiase pon no, sɛnea wutumi hu wɔ ha no. Ɔbɔfo no kae sɛ: ‘Monkɔ nkogyina asɔrefi hɔ na monkasa nkyerɛ nkurɔfo no.’ Ade kyee no, bere a nyamesom mpanyimfo no somae sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra no, na wonni hɔ. Akyiri yi wohui sɛ wɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefi hɔ, na wɔde wɔn baa Sanhedrin asa so hɔ.

Nyamesom mpanyimfo no kae sɛ: ‘Yɛahyɛ mo sɛ ɛnsɛ sɛ moka Yesu ho asɛm bio. Nanso mode mo nkyerɛkyerɛ no ahyɛ Yerusalem nyinaa ma.’ Ɛnna asomafo no buae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo sen nnipa.’ Enti wɔkɔɔ so kaa “asɛmpa” no. So eyi nyɛ nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyi?

Asomafo Nnwuma ti 3 kosi 5.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena