Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 99 kr. 230-kr. 231 nky. 4
  • Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Bra Makedonia”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Silas Ɔbarima Nkuranhyɛfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • ‘Onyankopɔn Asomdwoe Boro Adwene Nyinaa So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Yehowa Asɛm Yɛ Den!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 99 kr. 230-kr. 231 nky. 4
Obi a ɔhwɛ afiase wɔ Filipi huu sɛ afiase apon abuebue, nanso nnipa a wɔda afiase no nyinaa wɔ hɔ

ADESUA 99

Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni

Ná abaawa bi wɔ Filipi a ɔwɔ honhommɔne. Ná honhommɔne no ma otumi ka daakye asɛm ma ne wuranom nya sika. Bere a Paul ne Silas kɔɔ Filipi no, abaawa no dii wɔn akyi nna pii. Honhommɔne no maa no teɛteɛɛm sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa.” Afei, Paul ka kyerɛɛ honhommɔne no sɛ: ‘Mehyɛ wo Yesu din mu sɛ fi ne mu!’ Ɛnna honhommɔne no fii ne mu.

Bere a abaawa no wuranom huu sɛ wɔrennya ne ho sika bio no, wɔn bo fuwii paa. Wɔtwee Paul ne Silas kɔɔ ɔman mpanyimfo no hɔ, na wɔkaa sɛ: ‘Mmarima yi rebu mmara no so, na wɔrehyɛ ɔman no nyinaa abufuw!’ Ɔman mpanyimfo no hyɛɛ sɛ wɔnhwe Paul ne Silas na wɔmfa wɔn nkɔto afiase. Nea ɔhwɛ afiase hɔ no de wɔn kɔtoo afiase hɔ baabi a ɛhyɛ tokuru mu na ɛhɔ yɛ sum paa. Afei otuu tokuru wɔ dua mu, na ɔde wɔn nan hyɛɛ mu.

Paul ne Silas too dwom yii Yehowa ayɛ maa wɔn a wɔda afiase hɔ no tee. Anadwo dasum no, prɛko pɛ na asaasewosow kɛse bi wosow afiase hɔ, fi soro kosi fam. Afiase apon no buebuei, na nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde agu nnipa a wɔwɔ afiase hɔ no sansanee. Afei nnua a wɔde wɔn nan ahyɛ mu no nyinaa yiyii. Nea ɔhwɛ afiase hɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ baabi a Paul ne Silas da no, na ohuu sɛ apon no abuebue. Ná onim sɛ nnipa a wɔwɔ afiase hɔ no nyinaa aguan, enti ɔfaa sekan sɛ ɔde rebekum ne ho.

Ɛhɔ ara na Paul teɛɛm sɛ: ‘Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!’ Nea ɔhwɛ afiase hɔ no de mmirika kobuu nkotodwe wɔ Paul ne Silas anim. Obisaa wɔn sɛ: “Menyɛ dɛn na manya nkwa?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo ne wo fiefo nyinaa, ɛsɛ sɛ mugye Yesu di.’ Ɛnna Paul ne Silas de Yehowa asɛm kyerɛkyerɛɛ wɔn, na nea ɔhwɛ afiase hɔ no, ne ne fiefo nyinaa bɔɔ asu.

“Nkurɔfo bɛkyere mo, na wɔbɛtan mo ani, na wɔde mo bɛkɔ hyia adan mu ne afiase. Na me din nti, wɔde mo bɛkɔ ahemfo ne amradofo anim. Ɛbɛma moadi nkurɔfo adanse.”—Luka 21:12, 13

Nsɛmmisa: Adɛn nti na wɔde Paul ne Silas kɔtoo afiase? Ɛyɛɛ dɛn na nea ɔhwɛ afiase hɔ no bɛyɛɛ Kristoni?

Asomafo Nnwuma 16:16-34

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena