Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 100 kr. 232-kr. 233 nky. 2
  • Paul Ne Timoteo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paul Ne Timoteo
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Timoteo—Ná Wasiesie Ne Ho, na na Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ná Timoteo Pɛ sɛ Ɔboa Nkurɔfo
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Timoteo—‘Gyidi Mu Ɔba Nokwafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 100 kr. 232-kr. 233 nky. 2
Paul, Silas, ne Timoteo

ADESUA 100

Paul Ne Timoteo

Eunike, Lois, ne abofra Timoteo

Ná Timoteo yɛ onua aberante wɔ asafo a ɛwɔ Listra no mu. Ná ne papa yɛ Greeceni, ɛnna ne maame Eunike nso yɛ Yudani. Bere a Timoteo yɛ abofra no, ne nanabea Lois, ne ne maame Eunike kyerɛɛ no Yehowa ho ade.

Bere a Paul tuu kwan sɛ ɔrekɔka asɛmpa no nea ɛtɔ so mmienu a oduu Listra no, ohuu sɛ Timoteo dɔ anuanom no paa. Afei nso, na Timoteo yi ne yam boa anuanom. Paul too nsa frɛɛ Timoteo ma ɔbɛkaa ne ho wɔ n’akwantu mu. Paul tetee Timoteo nkakrankakra ma ɔno nso tumi kaa asɛmpa no yiye na ɔkyerɛkyerɛɛ yiye nso.

Honhom kronkron na na ɛkyerɛ Paul ne Timoteo baabi a wɔnkɔka asɛmpa no. Paul nyaa anisoadehu anadwo bi. Ohuu sɛ ɔbarima bi reka akyerɛ no sɛ ɔmmra Makedonia mmɛboa wɔn. Enti Paul, Timoteo, Silas ne Luka kɔkaa asɛm no wɔ hɔ na wɔtetew nsafo pii.

Ná Tesalonika nso wɔ Makedonia, na mmarima ne mmea pii bɛyɛɛ Kristofo wɔ hɔ. Nanso na Yudafo no bi ani bere Paul ne wɔn a wɔka ne ho no. Enti wɔkɔboaboaa basabasayɛfo bi ano ma wɔbɛtwee anuanom kɔɔ kurow no atumfoɔ anim. Afei wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Saa mmarima yi yɛ Roma aban no atamfo!’ Wei de Paul ne Timoteo nkwa too asiane mu, enti saa anadwo no ara wɔguan kɔɔ Beroia.

Ná nnipa a wɔwɔ Beroia no ho pere wɔn sɛ wɔbesua Onyankopɔn ho ade, enti Greecefo ne Yudafo a wɔwɔ hɔ no mu pii bɛyɛɛ gyidifo. Nanso bere a Yudafo bi fi Tesalonika bɛhaw adwene wɔ hɔ no, Paul fii hɔ kɔɔ Atene. Timoteo ne Silas tenaa Beroia hyɛɛ anuanom den. Eduu bere bi no, Paul somaa Timoteo ma ɔsan kɔɔ Tesalonika kɔboaa anuanom ma wɔgyinaa ɔtaa denneennen a wɔrefa mu no ano. Akyiri yi, Paul somaa Timoteo ma ɔkɔsraa nsafo ahorow pii na ɔhyɛɛ wɔn nkuran.

Ɔsomafo Paul da afiase wɔ fie, na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu ɔne nea ɔhwɛ ne so no; ɔreka nsɛm, ɛnna Timoteo rekyerɛw agu krataa so

Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: ‘Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no, wɔbɛtan wɔn ani.’ Timoteo gyidi nti, wɔtan n’ani, na wɔde no too afiase. N’ani gyee sɛ wanya hokwan a ɔde bedi Yehowa nokware.

Paul ka kyerɛɛ Filipifo no sɛ: ‘Meresoma Timoteo aba mo nkyɛn. Ɔbɛkyerɛ mo sɛnea mobɛnantew nokware kwan no so, na watete mo wɔ ɔsom adwuma no mu.’ Ná Paul gye Timoteo di. Wɔboom yɛɛ adwuma mfe pii sɛ nnamfo ne mfɛfo asomfo.

“Minni obiara a ne suban te sɛ ɔno a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. Wɔn a aka nyinaa dwen wɔn ankasa ho; wonnwen Yesu Kristo ho.”—Filipifo 2:20, 21

Nsɛmmisa: Hena ne Timoteo? Adɛn nti na na Paul ne Timoteo yɛ nnamfo pa?

Asomafo Nnwuma 16:1-12; 17:1-15; Filipifo 2:19-22; 2 Timoteo 1:1-5; 3:12, 14, 15; Hebrifo 13:23

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena