Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 102 kr. 236-kr. 237 nky. 2
  • Yohane Adiyisɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yohane Adiyisɛm
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔfo Nkrasɛm Ma Yɛn Bere Yi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Yehowa Ɔsoro Ahengua no Anuonyam
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Wɔn a Wɔte Ɔsoro no Ho Anisoadehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Wɔto Nkonimdi Dwom Foforo
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 102 kr. 236-kr. 237 nky. 2
Ɔsomafo Yohane rekyerɛw Adiyisɛm nhoma no

ADESUA 102

Yohane Adiyisɛm

Bere a ɔsomafo Yohane da afiase wɔ Patmo supɔw so no, Yesu yii anisoadehu anaa mfoni 16 kyerɛɛ no. Ná wei fa nea ebesi daakye ho. Anisoadehu anaa Adiyisɛm no kyerɛɛ sɛnea Yehowa din ho bɛtew, n’Ahenni bɛba, na n’apɛde ayɛ hɔ wɔ asaase so te sɛ soro.

Anisoadehu baako mu no, Yohane huu sɛ Yehowa te n’anuonyam ahengua so wɔ soro. Afei, mpanyimfo 24 a wɔhyehyɛ ntaade fitaa na sika kɔkɔɔ ahenkyɛw hyehyɛ wɔn ti atwa ne ho ahyia. Aprannaa bobom fi ahengua no ho, na anyinam tete gya yerɛwyerɛw. Mpanyimfo 24 no kotow Yehowa anim som no. Anisoadehu foforo mu no, Yohane huu sɛ nnipakuw kɛse bi a wɔfi aman, mmusua, ne kasa ahorow mu resom Yehowa. Yesu a ɔyɛ Oguammaa no hwɛ wɔn so, na ɔde wɔn kɔ nkwa nsu ho. Akyiri yi, onyaa anisoadehu foforo, na ohuu sɛ Yesu ne mpanyimfo 24 no afi ase redi Hene wɔ soro. Anisoadehu a edi hɔ mu no, Yohane huu sɛ, Yesu ne Satan a ɔyɛ ɔtweaseɛ anaa ɔwɔ kɛse no ne n’ahonhommɔne reko. Yesu tow wɔn fii soro beguu asaase so.

Yesu ne 144,000 no wɔ Sion Bepɔw so

Afei Yohane huu mfoni fɛfɛɛfɛ bi. Ná Oguammaa no ne 144,000 no gyinagyina Sion Bepɔw so. Ɔsan huu sɛ ɔbɔfo bi nam wim rekyini asaase so nyinaa. Ɔreka akyerɛ nnipa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsuro Onyankopɔn na wɔhyɛ no anuonyam.

Anisoadehu foforo nso bae, na ohuu Armagedon ko no. Saa ɔko no mu no, ohuu sɛ Yesu ne n’abɔfo adi Satan wiase bɔne yi so nkonim. Yohane anisoadehu a etwa to mu no, ohuu sɛ baakoyɛ aba wɔn a wɔwɔ soro ne asaase so no ntam. Satan ne wɔn a wɔdi n’akyi nyinaa, wɔsɛee wɔn koraa. Wɔn a wɔwɔ soro ne asaase so nyinaa tew Yehowa din kronkron no ho, na ɔno nko ara na wɔsom no.

“Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbea no ntam ne w’aseni ne n’aseni ntam. Ɔno na ɔbɛpɛtɛw wo ti na wo nso wobɛka ne nantin.”—Genesis 3:15

Nsɛmmisa: Anisoadehu mmaako mmaako sɛn na Yohane hui? Armagedon ko mu no, dɛn na Yesu bɛyɛ?

Adiyisɛm 1:1-3; 4:1-11; 7:4, 9-17; 11:15-18; 12:5-12; 14:6, 7; 16:14, 16; 21:5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena