Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 103 kr. 238-kr. 239 nky. 2
  • “W’Ahenni Mmra”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “W’Ahenni Mmra”
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Adɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Asase So?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Asetra a Emu Yɛ Den Fi Ase
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase Bɛba mu Nnansa Yi Ara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 103 kr. 238-kr. 239 nky. 2
Mpanyimfo ne mmofra ani agye wɔ Paradise

ADESUA 103

“W’Ahenni Mmra”

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: ‘Osu, ɛyaw, yare, ne owu befi hɔ. Mɛpopa obiara ani ase nisu. Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no nyinaa, morenkae bio.’

Yehowa de Adam ne Hawa too Eden turom sɛ wɔntena hɔ asomdwoe mu na wɔn ani nnye. Ná ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn soro Agya no, na wɔwo hyɛ asaase so mã. Adam ne Hawa antie Yehowa asɛm, nanso nea na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ansesa. Nhoma yi ama yɛahu sɛ, sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ biara a, ɛbam pɛpɛɛpɛ. Onyankopɔn Ahenni no bɛma nnipa anya nhyira bebree sɛnea ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.

Mpanyimfo, mmofra, ne mmoa a wɔn ho yɛ hu nyinaa abom wɔ Paradise

Ɛrenkyɛ koraa, wɔbɛsɛe Satan, n’ahonhommɔne, ne nnipa abɔnefo nyinaa. Wɔn a wɔbenya nkwa nyinaa bɛsom Yehowa. Obiara renyare anaa ɔrenwu. Anɔpa biara, yɛbɛsɔre no na yɛwɔ ahoɔden, na yɛn ani begye sɛ yɛte ase. Asaase bɛdan paradise. Obiara benya aduan pa adi, na yebenya afie papa atena mu. Obiara renyɛ ne yɔnko bɔne. Obiara bɛyɛ ne yɔnko papa. Yɛrensuro mmoa a wɔn ho yɛ hu, na mmoa nso rensuro yɛn.

Sɛ Yehowa fi ase sɛ ɔrenyan awufo a, yɛn ani begye paa. Tetefo a yɛbɛma wɔn akwaaba no bi ne Habel, Noa, Abraham, Sara, Mose, Rut, Ester, ne Dawid. Yɛne wɔn nyinaa bɛbom asiesie Asaase so ama ayɛ paradise. Da biara, yebenya adwuma a ɛyɛ anigye ayɛ.

Yehowa pɛ sɛ wokɔ hɔ bi. Wubehu Yehowa yiye ama ayɛ wo nwanwa. Momma yɛnkɔ so mmɛn Yehowa nnɛ ne daa!

“Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.”—Adiyisɛm 4:11

Nsɛmmisa: Onyankopɔn Ahenni ba asaase so a, asaase so asetena bɛyɛ sɛn? Nnipa a woakan wɔn ho asɛm wɔ nhoma yi mu nyinaa, wɔn mu hena na wopɛ sɛ wuhyia no wɔ Paradise?

Adiyisɛm 21:3, 4; Hiob 33:25; Mmebusɛm 2:21, 22; Yesaia 11:2-10; 33:24; 65:21; Mateo 6:9, 10; Yohane 5:28, 29; 17:3

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena