Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es19 kr. 7-17
  • January

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, January 1
  • Wukuda, January 2
  • Yawda, January 3
  • Fida, January 4
  • Memeneda, January 5
  • Kwasida, January 6
  • Dwoda, January 7
  • Benada, January 8
  • Wukuda, January 9
  • Yawda, January 10
  • Fida, January 11
  • Memeneda, January 12
  • Kwasida, January 13
  • Dwoda, January 14
  • Benada, January 15
  • Wukuda, January 16
  • Yawda, January 17
  • Fida, January 18
  • Memeneda, January 19
  • Kwasida, January 20
  • Dwoda, January 21
  • Benada, January 22
  • Wukuda, January 23
  • Yawda, January 24
  • Fida, January 25
  • Memeneda, January 26
  • Kwasida, January 27
  • Dwoda, January 28
  • Benada, January 29
  • Wukuda, January 30
  • Yawda, January 31
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2019
es19 kr. 7-17

January

Benada, January 1

Nnipa a wɔpɛ bɔne no nte atɛntrenee ase.—Mmeb. 28:5.

Wiase bɔne yi awiei abɛn paa. Yehu sɛ nnebɔneyɛfo redɔɔso, na ‘wofifi sɛ wura.’ (Dw. 92:7) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii mfa Onyankopɔn akwankyerɛ nyɛ adwuma. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ayɛ “bɔne mu nkokoaa,” na bere koro no ara yɛayɛ nnipa a “wɔanyin nsɛm ho ntease mu” wɔ saa wiase bɔne yi mu? (1 Kor. 14:20) Yebenya mmuae no wɔ kyerɛwsɛm a ɛnnɛ asɛm no gyina so no mu. Kyerɛwsɛm no fã bi ka sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, wɔte biribiara ase.” Wei kyerɛ sɛ biribiara a ɛbɛma wɔasɔ Yehowa ani no, wɔte ase. Yehu biribi a ɛte saa wɔ Mmebusɛm 2:7, 9. Ɛka sɛ, Yehowa ‘bɛkora nyansa so ama treneefo.’ Ɛno nti, treneefo tumi ‘te trenee ne atemmu ne teeyɛ ase; ɛno ne papayɛ akwan nyinaa.’ Noa, Daniel, ne Hiob nyaa saa nyansa no bi. (Hes. 14:14) Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso wɔ saa nyansa no bi. Wo nso ɛ? “Biribiara” a ehia sɛ wuhu na ama woasɔ Yehowa ani no, ‘wote ase’? Ade a ɛbɛboa wo paa ne sɛ wubenya Yehowa ho nokware nimdeɛ. w18.02 8 ¶1-3

Wukuda, January 2

Wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu.—Aso. 19:5.

Nokwasɛm ne sɛ, ɛnsɛ sɛ awofo, yɛn a yɛne afoforo sua Bible, anaa asafo no muni biara hyɛ obi sɛ ɔmmɔ asu. Yehowa mpɛ sɛ obiara yɛ saa. (1 Yoh. 4:8) Mmom, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ, ehia sɛ wɔn ankasa ne Onyankopɔn nya abusuabɔ. Sɛ osuani ani sɔ sɛ wahu nokware no a, ɛbɛka ne koma ama wagye atom sɛ ɔbɛsoa Kristo kɔndua no adi n’akyi na wabɔ asu. (2 Kor. 5:14, 15) Mfe pɔtee biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ obi di ansa na wabɔ asu. Ɛsono Bible suani biara; ebinom nya nkɔso ntɛmntɛm sen afoforo. Ɛda a obi bɔ asu yɛ anigye da pa ara. Ɛyɛ bere nso a ɛsɛ sɛ osusuw nneɛma ho anibere so. Ehia sɛ obi yere ne ho ansa na watumi abɔ ne bra sɛ Kristoni a wahyira ne ho so. Ɛno nti na Yesu de Kristo suani a obi bɛyɛ totoo kɔndua ho no. Ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo ‘tena ase ma wɔn ho bio, na mmom ɛsɛ sɛ wɔtena ase ma nea owu maa wɔn na wonyan no no.’—2 Kor. 5:15; Mat. 16:24. w18.03 6-7 ¶14-17

Yawda, January 3

Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ, efisɛ ɛno na ebinom nam so gyee abɔfo a wɔanhu.—Heb. 13:2.

Woatwentwɛn wo nan ase sɛ wubegye afoforo hɔho pɛn? Sɛ saa a, ɛnde ebia woahwere hokwan a anka ɛbɛma w’ani agye na woanya nnamfo a wo ne wɔn bɛbɔ akosi daa. Ankonamyɛ ano aduru baako pa ara ne ahɔhoyɛ. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Adɛn nti na obi bɛtwentwɛn ne nan ase wɔ ahɔhoyɛ ho?’ Nneɛma bi na ɛma ɛba saa. Ade baako ne sɛ Yehowa asomfo nni adagyew koraa, na mpɛn pii no, wɔwɔ nneɛma bebree a wɔyɛ. Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ wonni bere ne ahoɔden a wɔde begye ahɔho. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe mu. Wubetumi ayɛ nsakrae na woama kwan ma afoforo asom wo hɔho na wo nso woagye afoforo hɔho anaa? Kyerɛwnsɛm no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wonnye afoforo hɔho. Ɛnyɛ mfomso sɛ wubenya bere agye ahɔho; nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ papa sɛ woyɛ saa. Nanso, ebehia sɛ nneɛma bi a woyɛ a ɛho nhia pii no, wutwitwa so. w18.03 16 ¶13-14

Fida, January 4

Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.—Luka 4:43.

Nnipa a wɔatena ase pɛn nyinaa, hena na Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan paa? Ɛnyɛ obiara sɛ Yesu. Yesu asetena ne ne som adwuma nyinaa mu no, ɔdaa no adi sɛ na ɔpɛ sɛ osuasua n’Agya Yehowa. Ná sɛnea Yesu dwen ne sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho, ne sɛnea ɔyɛ n’ade nyinaa te sɛ Yehowa. Ɔyɛɛ Yehowa apɛde, na na ɔde n’akwankyerɛ yɛ adwuma. (Yoh. 8:29; 14:9; 15:10) Wo deɛ, hwɛ sɛnea odiyifo Yesaia kaa Yehowa ayamhyehye ho asɛm, na fa toto nea Asɛmpa kyerɛwfo Marko ka faa sɛnea na Yesu te nka wɔ nneɛma ho no ho. (Yes. 63:9; Mar. 6:34) Yemmisa yɛn ho sɛ, yɛte sɛ Yesu anaa? Yɛayɛ krado sɛ bere biara a yebehyia nkurɔfo a wohia mmoa no, yebenya ayamhyehye ama wɔn anaa? Afei nso, Yesu tuu ne ho sii hɔ yɛɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan wɔ ayamhyehye, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa afoforo. w18.02 21 ¶12

Memeneda, January 5

‘Montete mo mma wɔ Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.’—Efe. 6:4.

Mmofra ntetee yɛ adwuma a ɛyɛ den, titiriw wɔ ɛnnɛ wiase yi mu. (2 Tim. 3:1-5) Nokwasɛm ne sɛ, wɔbɛwo mmofra no, na wonnim papa ne bɔne. Ɛwom, ahonim deɛ, wɔbɛwo wɔn no na wɔwɔ bi. Nanso, ehia sɛ yɛboa wɔn ma wɔtete wɔn ahonim anaa wɔteɛteɛ no. (Rom. 2:14, 15) Bible ho nhoma bi ka sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nteɛso” no betumi nso akyerɛ “mmofra ntetee.” Sɛ awofo teɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu a, mmofra no taa nya akomatɔyam. Awofo no boa wɔn ma wohu sɛ ahofadi wɔ baabi a ekosi, na nea wɔbɛyɛ biara no, wobetwa so aba pa anaa aba bɔne. Ɛnde, ɛho hia pa ara sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ. Kae sɛ, ɛsono ɔkwan a wɔfa so tete mmofra wɔ baabiara, na ɛkɔ so sakra bere nyinaa. Nanso, awofo a wotie Onyankopɔn deɛ, wɔmfa wɔn ankasa adwene ntete wɔn mma, na saa ara nso na wɔmfa wɔn ho nto nnipa adwene anaa nnipa nyansa so. w18.03 30 ¶8-9

Kwasida, January 6

Monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.—Filip. 2:12.

Woyɛ Kristoni ɔbabun a woabɔ asu a, sɛ woda so ne w’awofo na ɛte mpo a, wo nkwagye deɛ, wo ara na ɛsɛ sɛ woyɛ ho adwuma. Adɛn nti na ehia sɛ woma saa asɛm yi tena wo tirim? Efisɛ, sɛ wudu wo mmeranteberem anaa wo mmabaaberem a, wubetumi anya atenka anaa akɔnnɔ foforo, na ɔhaw a wuhyia nso bɛsesa. Ababaa bi kae sɛ: “Sɛ abofra bi kɔ sukuu na obi redi n’awoda na wanni keeki a wɔrekyekyɛ no bi a, ɛntaa mma sɛ ɛno ara nti ne bo befuw sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo. Nanso, mfe kakra akyi sɛ nna ho akɔnnɔ mu yɛ den wɔ ne mu a, saa bere no na ɛsɛ sɛ ogye di paa sɛ, Yehowa mmara a obedi so na ɛbɛma asi no yiye bere nyinaa.” Wɔn a wɔbɔɔ asu na wɔanyinyin mpo no, wohyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ pii a wɔnhwɛ kwan. Ebi yɛ aware mu deɛ, ebi fa apɔwmuden anaa adwuma ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho mfe a obi adi no, obiara behyia tebea ahorow bi a ebehia sɛ odi Yehowa nokware.—Yak. 1:12-14. w17.12 24 ¶4-5

Dwoda, January 7

Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne.—Efe. 4:26.

Dawid yɛ obi a nkurɔfo ne no anni no yiye koraa; nnipa pii nhyiaa bi saa da. Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn adamfo yi amfa nkurɔfo ho abufuw anhyɛ ne mu. Mmom, ɔkyerɛwee sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne; mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.” (Dw. 37:8) Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ ‘yɛma abufuw twa’ ne sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa, efisɛ “ɔnhwɛ yɛn bɔne so ne yɛn nni.” (Dw. 103:10) Afei nso, ‘yɛma abufuw twa’ a, yenya so mfaso foforo. Sɛ obi bo fuw a, ebetumi ama wanya mogya mmoroso, na ɔhome a, ɛrensi so yiye. Ebetumi nso ama ɔhaw aba ne berɛbo ne n’akitegya (pancreas) ho, na odidi nso a, ne nipadua rentumi nyɛ ho adwuma yiye. Afei nso, sɛ yɛn bo fuw a, ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi dwen yiye. Sɛ yɛn bo fuw saa a, ɛtɔ da a, etumi gyaw yɛn adwinnwen bere tenteenten. Nanso Bible ka sɛ: “Koma a edwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmeb. 14:30) Ɛnde, sɛ yɛn nua bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, yɛbɛyɛ dɛn ne no asiesie na yɛanya yɛn nua? Sɛ yɛde afotu pa a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma a, ebetumi aboa yɛn. w18.01 10 ¶14-15

Benada, January 8

Worennyaw me kra wɔ Adamoa mu. Woremma wo nokwafo nhu amoa.—Dw. 16:10.

Ɛnyɛ sɛ na Dawid reka sɛ ɔno deɛ ɔrenwu da anaa ɔrenkɔ adamoa mu da. Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ Dawid bɔɔ akwakoraa. Ɛno akyi no, “Dawid ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Dawid Kurow mu.” (1 Ahe. 2:1, 10) Ɛnde, hena ho asɛm na na Dwom 16:10 reka? Bere a Yesu wui na wonyan no akyi nnawɔtwe kakra no, Petro ne Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no susuw Dwom 16:10 ho. (Aso. 2:29-32) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Dawid awu na wɔasie no. Ná nkurɔfo a wɔretie Petro no nim saa asɛm no. Afei nso, Petro kae sɛ Dawid ‘huu’ Mesia a na ɔreba no ‘wusɔre ho asɛm siei.’ Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo a na wɔretie Petro no gyee asɛm a ɔkae no ho kyim. Petro faa asɛm a Dawid kae wɔ Dwom 110:1 no kae de sii n’asɛm no so dua. (Aso. 2:33-36) Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a Petro ne nnipadɔm no susuw ho no boa ma wogye toom sɛ Yesu ne “Awurade ne Kristo.” Nkurɔfo no gye toom sɛ Dwom 16:10 nyaa mmamu bere a Yehowa nyan Yesu fii awufo mu no. w17.12 10 ¶10-12

Wukuda, January 9

Wɔhwɛɛ ne nyinaa dodow ne emu duru, na wɔkyerɛw ne nyinaa mu duru too hɔ saa bere no.—Esra 8:34.

Akwankyerɛ Kuw no yɛ ɔnokwafo ne ɔbadwemma. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ anokwafo ne mmadwemma wɔ ntoboa a wɔn nsa ka no ho. Wɔbɔ mpae susuw ho hwɛ sɛnea wɔde ntoboa no bɛyɛ adwuma. (Mat. 24:45) Ntoboa a wɔn nsa ka no, wobu ho akontaa, na wɔde di dwuma yiye. (Luka 14:28) Ɔsomafo Paulo nso gyigyee sika sɛ ɔde rekɔboa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu wɔ Yudea. Ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔn a wɔde sika no rekɔ no bɛhwɛ adi “ho dwuma nokwaredi mu, ɛnyɛ Yehowa anim nko na mmom nnipa anim nso.” (2 Kor. 8:18-21) Ɛnnɛ, yɛn ahyehyɛde no resuasua Esra ne Paulo. Wɔayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔahwɛ ntoboa a wɔn nsa ka no so yiye, na wɔde di dwuma yiye nso. (Esra 8:24-33) Nnansa yi, ahyehyɛde no ayɛ nneɛma foforo pii. Ahyehyɛde no hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so atew ɛka a wɔbɔ so, na wotwitwa nneɛma so ma adwuma no yɛ mmerɛw. Ɛma wotumi de ntoboa a anuanom yi wɔn yam yi no yɛ nneɛma pii. w18.01 19-20 ¶12-13

Yawda, January 10

Momma Kristo asomdwoe nni mo koma so.—Kol. 3:15.

Sɛ yɛwɔ ɔdɔ ne ayamye a, ebetumi aboa yɛn ama yɛde afoforo bɔne akyɛ wɔn. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ yɛn nua Kristoni bi ka asɛm anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, yɛn nso yɛnkaakae yɛn tirim na yebehu sɛ bere bi yɛkaa asɛm anaa yɛyɛɛ biribi ma ɛhaw obi. Bere a yɛn nuanom mmarima ne mmea yii wɔn yam de yɛn mfomso kyɛɛ yɛn saa no, yɛn ani annye anaa? (Ɔsɛnk. 7:21, 22) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Kristo ayi ne yam aka nokware asomfo abom ama baakoyɛ wɔ yɛn mu. Onyankopɔn baako na yɛn nyinaa dɔ no, asɛmpa koro na yɛn nyinaa ka, na ɔhaw a yehyia no pii yɛ ade koro. Sɛ yeyi yɛn yam da ɔdɔ adi de bɔne kyekyɛ yɛn ho a, yɛboa ma baakoyɛ tena Kristofo asafo no mu, na ɛma yɛkɔ so de yɛn ani si nkwa nkonimbo no so. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ anibere anaa ahoɔyaw yɛ hu, na ebetumi ama nkonimbo no abɔ yɛn. Nhwɛso bi ni. Kain ani beree ne nua Habel ma okum no. Kora, Datan, ne Abiram ani beree Mose ma wɔsɔre tiaa no. Afei nso, bere a na nneɛma rekɔ yiye ma Dawid no, Ɔhene Saul ani beree no; anka ɔrepɛ no akum no. w17.11 27 ¶9-10

Fida, January 11

Hwehwɛ asɛm no mu hwɛ sɛ ɛyɛ nokware anaa.—Deut. 13:14.

Sɛ asafo mu mpanyimfo redi obi asɛm a, ɛsɛ sɛ wɔtɔ wɔn bo ase hwɛ sɛ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru no anu ne ho anaa. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu sɛ obi anu ne ho anaasɛ onnuu ne ho. Adwene a ɔbɔnefo bi wɔ wɔ bɔne a wayɛ ho ne nea ɛwɔ ne koma mu ɛnna ɛkyerɛ sɛ wanu ne ho. (Adi. 3:3) Ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo bi da no adi sɛ wanu ne ho ansa na wɔahu no mmɔbɔ. Yehowa ne Yesu tumi hu nea ɛwɔ nnipa koma mu, nanso mpanyimfo deɛ, wontumi nhu nea ɛwɔ obi koma mu. Ɛnde, sɛ woyɛ asafo mu panyin a, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ obi anu ne ho ampa? Nea edi kan, bɔ mpae hwehwɛ nyansa ne nhumu. (1 Ahe. 3:9) Nea ɛto so mmienu, hwɛ Onyankopɔn Asɛm ne nhoma ahorow a akoa nokwafo no ayɛ mu. Ɛbɛboa wo ama woahu nsonsonoe a ɛwɔ “wiase awerɛhow” ne “Onyankopɔn kwan so awerɛhow” mu. “Onyankopɔn kwan so awerɛhow” na ɛkyerɛ sɛ obi anu ne ho ampa. (2 Kor. 7:10, 11) Nnipa bi a wonuu wɔn ho ne wɔn a wɔannu wɔn ho ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu; wubetumi ahwɛ. Bible ka sɛ saa nkurɔfo no tee nka sɛn, suban bɛn na wɔdaa no adi, na wɔyɛɛ wɔn ade sɛn? w17.11 17 ¶16-17

Memeneda, January 12

‘Mmofra bɛyɛ wɔn awofo so asoɔden.’—2 Tim. 3:2.

Ɛwom sɛ ɛtɔ da a, nkurɔfo pene saa subammɔne no so, na mpo wɔhyɛ ho nkuran wɔ nhoma, sini, ne television so dwumadi ahorow mu. Nanso asoɔden sɛe abusua a ɛno ne adesamma fapem no. Nnipa nim saa asɛm yi fi tete. Nhwɛso bi ni. Tete Hela (Greece) no, sɛ ɔbarima bi bɔ n’awofo a, na hokwan ahorow a ɔwɔ sɛ ɔman ba no fi ne nsa; wɔ Romafo mmara mu no, sɛ obi bɔ ne papa a, na wɔfa no sɛ wadi awu. Hebri Kyerɛwnsɛm ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa tu mmofra fo sɛ wonni wɔn awofo ni. (Ex. 20:12; Efe. 6:1-3) Sɛ mmofra dwinnwen nea wɔn awofo ayɛ ama wɔn ho a, ebetumi abɔ wɔn ho ban na wɔanyɛ asoɔden. Sɛ wɔte ase sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya no pɛ sɛ wɔyɛ osetie a, ɛbɛma wɔn ani asɔ wɔn awofo. Sɛ mmofra ka nsɛm pa fa wɔn awofo ho a, wobetumi aboa wɔn mfɛfo ama wɔn nso ani asɔ wɔn awofo. w18.01 29 ¶8-9

Kwasida, January 13

Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne ahum ano guankɔbea, asase kesee so nsuten ne asase wosee so botan kɛse onwini.—Yes. 32:2.

Ɛnnɛ, ehia sɛ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru hwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ na wɔboa no ma ne ho tɔ no. Adɛn nti na wei ho hia paa? Nea edi kan, Yehowa ankasa na wada no adi wɔ n’Asɛm mu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, mpanyimfo no nni n’asɛm. (Yak. 5:14-16) Nea ɛto so mmienu, saa nhyehyɛe no hyɛ abɔnefo a wɔanu wɔn ho no den ma wɔkɔ so hyɛ Onyankopɔn ntaban ase, na ɛmma wɔnkɔ so ntena bɔne mu. (Gal. 6:1; Heb. 12:11) Nea ɛto so mmiɛnsa, wɔapaw mpanyimfo no atete wɔn ma wotumi boa wɔn a wɔayɛ bɔne a wɔanu wɔn ho ma wonya awerɛkyekye. Mpanyimfo no yɛ saa a, awerɛhow biara a wɔn a wɔanu wɔn ho no di so tew, na wɔn ahonim mmu wɔn fɔ bio. Yehowa frɛ saa mpanyimfo yi sɛ “ahum ano guankɔbea.” (Yes. 32:2) Wunnye ntom sɛ saa nhyehyɛe yi, ɛyɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so da mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn? Onyankopɔn asomfo pii ahwehwɛ mmoa afi asafo mu mpanyimfo hɔ ma wɔn ho atɔ wɔn. w17.11 9-10 ¶8-9

Dwoda, January 14

‘Nteɛso yɛ awerɛhow.’—Heb. 12:11.

Ɛwom sɛ ɛyɛ yɛn yaw deɛ, nanso tɛlɛfon so oo, nkrataakyerɛw oo, text message oo, e-mail oo, Intanɛt so nkitahodi (anaa social media) oo, ɛnsɛ sɛ yɛne yɛn busuani a wɔatu no no bɔ. Ne nyinaa mu no, kɔ so nya anidaso. Ɔdɔ wɔ “biribiara mu anidaso,” enti yɛkɔ so hwɛ kwan sɛ wɔn a wɔagyae Yehowa som no bɛsan aba ne nkyɛn. (1 Kor. 13:7) Sɛ wuhu sɛ wo busuani a ɔbɛn wo paa resesa ne suban a, wubetumi abɔ mpae sɛ Kyerɛwnsɛm no nhyɛ no den na onnye Yehowa so efisɛ Yehowa reka akyerɛ no sɛ: “San bra me nkyɛn.” (Yes. 44:22) Yesu kae sɛ, sɛ yɛdɔ onipa bi sen no a, ɛnde na yɛnsɛ no anaa yɛmfata no. Nanso na Yesu wɔ ahotoso sɛ sɛ n’asuafo abusuafo sɔre tia wɔn mpo a, wobenya akokoduru akɔ so adi n’akyi. Sɛ Yesu akyi a wudi nti, akɔfa “nkrante” anaa mpaapaemu aba w’abusua mu a, fa wo ho to Yehowa so ma ɔmmoa wo na ama woatumi agyina mu akosi ase. (Yes. 41:10, 13) Ma w’ani nnye sɛ Yehowa ne Yesu ani sɔ wo, na wo nokwaredi nti, wobehyira wo. w17.10 16 ¶19-21

Benada, January 15

Monhyɛ ayamhyehye.—Kol. 3:12.

Adam bɔne no ama nkurɔfo rehu amane. Sɛ yehu no saa a, ɛka yɛn koma ma yɛda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn. Yɛn yam a anka yare, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ to atwa. Enti yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. Enkosi sɛ Ahenni no bɛba no, yɛyɛ nea yebetumi nyinaa boa wɔn a wɔwɔ ahohia mu. Yɛnhwɛ asɛm bi a nhomakyerɛwfo bi ka faa ne maame aberewa ho. Adwenemyare bi a yɛfrɛ no Alzheimer bɔɔ aberewa no. Da bi, aberewa no sɛee ne ho. Bere a ɔyɛe sɛ ɔrepopa ne ho no, nkurɔfo bi bɛbɔɔ ne pon mu. Ná ahɔho no yɛ Adansefo mmea mmienu bi a wɔtaa kɔsra aberewa no. Anuanom mmea no bisaa no sɛ wobetumi aboa no anaa. Aberewa no kae sɛ, “Mafɛre deɛ, nanso mɛyɛ no dɛn, mommoa me.” Anuanom mmea no boaa no ma osiesiee ne ho. Wowiei no, wɔyɛɛ tii maa no, na wɔtenaa ase ne no bɔɔ nkɔmmɔ. Aberewa no babarima no ani sɔɔ nea anuanom mmea no yɛe no paa. Ɔkyerɛwee sɛ, “Mitu kyɛ ma saa Adansefo no. Wɔn deɛ, wɔde ɔseɛ yɛ ɔyɔ.” Wowɔ ayamhyehye ma wɔn a wɔyare ne nkwakoraa ne mmerewa anaa? Ɛka wo koma sɛ yɛ nea wubetumi biara boa wɔn ma wɔn ho nnwo wɔn?—Filip. 2:3, 4. w17.09 9 ¶5; 12 ¶14

Wukuda, January 16

Mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.—1 Yoh. 3:18.

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ “kokoam,” anaa ɛnsɛ sɛ yɛma obiara hu. (Mat. 6:1-4) Ɛsɛ sɛ yedi kan nso di afoforo ni. (Rom. 12:10) Yesu hohoroo n’asuafo no nan ho de kyerɛe sɛ odi wɔn ni. Wei yɛ nhwɛso ma yɛn. (Yoh. 13:3-5, 12-15) Ebehia sɛ yɛyere yɛn ho nya ahobrɛase a yɛde bedi afoforo ni saa ara. Asomafo no mpo ante nea Yesu yɛe no ase yiye kosii sɛ wonyaa honhom kronkron. (Yoh. 13:7) Sɛ yɛn nhomanim, yɛn ahonyade, anaa ɔsom hokwan a yɛwɔ wɔ Yehowa som mu amma yɛammu yɛn ho antra so a, na ɛkyerɛ sɛ yedi afoforo ni. (Rom. 12:3) Afei nso, sɛ yɛne obi yɛ adwuma bi na wɔkamfo no, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛn nso anka ɛsɛ sɛ wɔkamfo yɛn bi mpo a, yɛremma yɛn ani mmere no, na mmom yɛne no bɛbom adi ahurusi. w17.10 9 ¶9-10

Yawda, January 17

Asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama me ne afoforo anya mu kyɛfa.—1 Kor. 9:23.

Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔkenkan Onyankopɔn Asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, etumi ka wɔn koma paa. Nhwɛso bi ni. Onua bi kɔsraa ɔbarima bi a n’ani afi a na wakenkan yɛn nsɛmma nhoma no mfe pii. Onua no amfa Ɔwɛn-Aban a aba foforo no amma no kɛkɛ. Mmom, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkenkan kyerɛwsɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no mu akyerɛ no. Ɔkenkan 2 Korintofo 1:3, 4. Ɛka sɛ: ‘Nyankopɔn a ɔyɛ ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.’ Saa asɛm no kaa ofiewura no koma paa ma ɔkae sɛ ɔnsan nkan bio. Ɔbarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔne ne yere hia awerɛkyekye paa, na afei n’ani begyee Bible no ho. Wunnye ntom sɛ tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no boa paa wɔ asɛnka mu?—Aso. 19:20. w17.09 26 ¶9-10

Fida, January 18

Fa wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.—Hiob 2:5.

Nea Ɔbonsam yɛe no, ɛmaa Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ soro no ho dwiriw wɔn, wɔn bo fuwii, na wohui sɛ Ɔbonsam ayɛ aniammɔho. Nanso Yehowa ampere ne ho wɔ asɛm no ho. Ɔtɔɔ ne bo ase, na ɛfata paa sɛ ɔyɛɛ saa. Yehowa bo kyɛ fuw, enti bere a Satan tew atua no, obuu atɛn a ɛfata. (Ex. 34:6; Hiob 2:2-6) Adɛn ntia? Yehowa mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, mmom “ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra,” enti wama bere atwam. (2 Pet. 3:9) Sɛnea Yehowa di ne ho so no ma yehu sɛ, yɛn nso ansa na yebebue yɛn ano aka asɛm bi no, ɛsɛ sɛ yedwen ho yiye; ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho yɛ biribiara. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae bi a ɛho hia a, gye bere susuw ho yiye na ama woasi gyinae pa. Bɔ mpae hwehwɛ nyansa a wode bɛkasa anaa wode bɛyɛ nea ɛfata. (Dw. 141:3) Sɛ yɛn bo fuw a, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ ade ama atra so. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, yɛaka asɛm bi anaa yɛayɛ biribi ma akyiri yi yɛanu yɛn ho!—Mmeb. 14:29; 15:28; 19:2. w17.09 4 ¶6-7

Memeneda, January 19

‘Fa ahenkyɛw no hyɛ Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panyin, no ti.’—Sak. 6:11.

Ahenkyɛw a wɔde hyɛɛ Ɔsɔfo Panyin Yosua no kyerɛ sɛ wosii no hene anaa? Dabi, na Yosua mfi Dawid adehye abusua mu, enti na ɔmfata sɛ odi hene. Ahenkyɛw no a wɔde hyɛɛ no no, na egyina hɔ ma obi a daakye obedi hene na wasan adi sɔfo afebɔɔ. Ɔsɔfo panyin a wɔasi no hene no, ne din de Mfefɛwee. Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ nea wɔfrɛ no Mfefɛwee no, ɔno ne Yesu Kristo. (Yes. 11:1; Mat. 2:23) Yesu yɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin. Ɔno na odi Yehowa asraafodɔm a wɔwɔ soro no anim. Ɛno nti, ɔyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa bɛtena ase dwoodwoo wɔ wiase a basabasayɛ ahyɛ mu mã yi mu. (Yer. 23:5, 6) Ɛrenkyɛ koraa, Kristo bedi anim ama wɔadi amanaman no so nkonim. Ɔbɛyɛ saa de akyerɛ sɛ ɔtaa Onyankopɔn tumidi akyi, na obetwitwa agye Yehowa nkurɔfo. (Adi. 17:12-14; 19:11, 14, 15) Nanso Mfefɛwee, anaa Yesu bɛyɛ adwuma kɛse bi ansa na ɔde atemmu no aba. w17.10 29 ¶12-14

Kwasida, January 20

Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu.—Kol. 3:9.

Sɛ w’atade yɛ fĩ na sɛ mpo emu bɔn a, dɛn na wobɛyɛ? Wubeyi atade a ayɛ fĩ no agu hɔ ntɛm ara. Saa ara na sɛ yehu sɛ yɛwɔ suban bi a Onyankopɔn kyi a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm yi fi yɛn akwan mu. Yɛpɛ sɛ yetie afotu a emu da hɔ a Paulo de maa Kristofo wɔ ne bere so no. Ɔkae sɛ: “Munyi ne nyinaa ngu.” Nneyɛe bɔne a Paulo bobɔɔ din no, baako ne aguamammɔ. (Kol. 3:5-9) Kasa a wɔde kyerɛw Bible no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “aguamammɔ” no, nea ɛkyerɛ nso ne nnipa mmienu a wɔnyɛ awarefo a wɔne wɔn ho da ne mmarima a wɔne mmarima da anaa mmea a wɔne mmea da. Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ ‘wonkum’ wɔn “nipadua akwaa” wɔ “aguamammɔ” ho. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yeyi akɔnnɔ bɔne biara fi yɛn mu. Sɛnea Paulo kaa n’asɛm no ma yehu pefee sɛ ehia sɛ yɛyere yɛn ho paa na ama yɛatumi ayi akɔnnɔ bɔne a ɛte saa afi yɛn mu. Nanso yebetumi ayɛ saa. w17.08 18 ¶5-6

Dwoda, January 21

Mede ntoboase bɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.—Mika 7:7.

Nneɛma a ɛrekɔ so nnɛ no te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ odiyifo Mika bere so no. Mika tenaa ase wɔ ɔhemmɔne Ahas bere so. Saa bere no, na kɛtɛasehyɛ ne porɔwee abu so. Nokwasɛm ne sɛ, na nnipa no ‘yɛ bɔne frenkyemm.’ (Mika 7:1-3) Mika hui sɛ, nea ɛrekɔ so no, ɔno ankasa rentumi nyɛ ho hwee. Sɛ yɛwɔ gyidi te sɛ Mika a, yebefi yɛn pɛ mu atwɛn Yehowa. Yɛnte sɛ ɔdeduani bi a ɔda afiase retwɛn ama wɔakokum no. Amemenemfe na ɔdeduani no de twɛn; ɛnyɛ nea ɔpɛ ne sɛ obewu. Nanso yɛn deɛ yɛnte saa koraa! Yefi yɛn pɛ mu twɛn Yehowa efisɛ yenim sɛ obedi ɛbɔ a wahyɛ no so. Sɛ bere a ɛsɛ no du pɛ a, ɔbɛma yɛn daa nkwa! Enti ‘yenya boasetɔ kosi ase, na yɛde anigye nya abodwokyɛre.’ (Kol. 1:11, 12) Nanso sɛ yɛamfa anigye antwɛn na yenwiinwii sɛ Yehowa yɛ nyaa dodo a, ɛremma Onyankopɔn ani nnye.—Kol. 3:12. w17.08 4 ¶6-7

Benada, January 22

Yehowa di boa ahobrɛasefo.—Dw. 147:6.

Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛne ne ntam yɛ kama. Sɛ yɛne ne ntam bɛyɛ papa a, ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. (Sef. 2:3) Obi a ɔbrɛ ne ho ase deɛ, sɛ ntɛnkyea bi rekɔ so a ɔmpere ne ho. Sɛ obi yɛ bɔne tia no mpo a, ɔtwɛn kosi sɛ Onyankopɔn ankasa besiesie ɔhaw no. Yehowa hu nnipa a wɔte saa a, n’ani gye. Nnebɔneyɛfo nso ɛ? Onyankopɔn ‘brɛ wɔn ase de wɔn to fam.’ (Dw. 147:6b) Asɛm yi ano yɛ hyew! Sɛ yɛpɛ sɛ yenya Yehowa adɔe so mfaso na yɛmpɛ sɛ n’abufuhyew ba yɛn so a, ɛsɛ sɛ yekyi nea okyi. (Dw. 97:10) Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yekyi nna mu ɔbrasɛe. Enti biribiara a ebetumi ama yɛabu bra bɔne no, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho. Ebi ne aguamansɛm ho mfonini. (Dw. 119:37; Mat. 5:28) Ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi nna mu ɔbrasɛe ho, nanso sɛ yɛyere yɛn ho kwati a, Yehowa behyira yɛn. Sɛ yebetumi adi nkonim a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ho so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yehowa anim na yɛsrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn. w17.07 19-20 ¶11-13

Wukuda, January 23

Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa.—Mmeb. 19:17.

Sɛ yɛde yɛn honam fam nneɛma boa Ahenni adwuma no a, tebea biara a yɛwom no, yebetumi aboa afoforo. Ebinom wɔ ahonyade nanso wontumi nyɛ bere nyinaa som adwuma no bi anaa wontu nkɔ amannɔne. Ne nyinaa mu no, ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔde ntoboa a woyi no boa afoforo ma wɔyɛ ɔsom adwuma no. Mmeae bi wɔ hɔ a, nnipa pii reba nokware no mu nanso nnipa a ɛwɔ hɔ di hia. Ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi no boa ma yetumi de nhoma kɔma wɔn, na ɛboa ma yɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Mfe bi a abɛsen kɔ no, na aman bi te sɛ Democratic Republic of Congo, Madagascar, ne Rwanda sei, gye sɛ obi yɛ adwuma bɛyɛ nnawɔtwe anaa bosome ansa na watumi atɔ Bible. Enti sɛ anuanom pɛ sɛ wɔtɔ Bible a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn mmusua bɛda kɔm. Nanso seesei esiane sɛ nnipa pii yi ntoboa na sika no “akyɛ pɛ” nti, Yehowa ahyehyɛde no ahwɛ ama wɔakyerɛ Bible no ase akyekyɛ ama abusua muni biara. Wɔakyekyɛ bi nso ama Bible asuafo a wɔpɛ sɛ wohu nokware no.—2 Kor. 8:13-15. w17.07 9 ¶11

Yawda, January 24

Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.—Mmeb. 27:11.

Mfaso a ɛwɔ yɛn nokwaredi so no, sɛ yedwinnwen ho a, ebetumi akyekye yɛn werɛ. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛboa yɛn ma yetumi yɛ biribi. Ɛma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yegyina Onyankopɔn tumidi akyi, na ɛnyɛ sɛ Yehowa bo afuw yɛn. Sɛ yehyia sɔhwɛ na yenya boasetɔ a, ‘ɛde anisɔ ba,’ na ɛhyɛ yɛn anidaso mu den. (Rom. 5:3-5) Hiob asɛm no ma yehu sɛ “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.” (Yak. 5:11) Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi a, obetua yɛn ka. Sɛ wei wɔ yɛn adwenem a, ɛbɛma ‘yɛanya boasetɔ akosi ase na yɛde anigye anya abodwokyɛre.’ (Kol. 1:11) Ɛyɛ nokware, ɛnna fam sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn adwene asi Yehowa tumidi a wɔbɛsan ho no so. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, nea ehia paa ne sɛ yebegyina Onyankopɔn tumidi akyi. w17.06 25-26 ¶15-16

Fida, January 25

Monhwɛ yiye wɔ anibere biara ho.—Luka 12:15.

Ɛnnɛ, nneɛma bi te sɛ ahosiesie a aba so ne abɛɛfo mfiri agye nnipa pii adwene. Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni biara taa bisa ne ho nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi de hwehwɛ ne mu hwɛ nneɛma a ɛho hia no paa wɔ n’asetena mu. Ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ: ‘So ahonyade abɛyɛ ade a ɛho hia me araa ma enti mede bere pii yɛ nhwehwɛmu wɔ kar anaa ahosiesie a aba so ho? Ɛyɛ a mede bere pii dwinnwen nneɛma a ɛte saa ho sen bere a mede sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no anaa? Nneɛma a yɛyɛ no daa wɔ yɛn asetena mu ho abehia me araa ma minnya bere pii mfa mmɔ mpae anaa nkenkan Bible?’ Sɛ yehu sɛ yɛn ani abegye ahonyade ho kɛse asen ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo a, ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm a Yesu kae a ɛyɛ ɛnnɛ asɛm no ho. Yesu kae sɛ, “obiara ntumi nsom awuranom baanu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ, “awuranom” baanu no mu biara hwehwɛ sɛ yenya bere pii ma no. (Mat. 6:24) Esiane sɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa a yɛtɔ sin nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ko tia “honam akɔnnɔ,” na ahonyade akyi pii a yebedi nso ka ho.—Efe. 2:3. w17.05 25-26 ¶15-16

Memeneda, January 26

Asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama me ne afoforo anya mu kyɛfa.—1 Kor. 9:23.

Ɛwom, yɛyɛ anwenne a yɛtɔ sin kɛkɛ, nanso asɛm a yɛka no betumi ama yɛne nkurɔfo a wotie yɛn no anya daa nkwa. Ná asɛnka adwuma no da Paulo koma so! Enti ɛkaa no ma ɔyeree ne ho boaa nkurɔfo ma wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo. (Rom. 1:14, 15; 2 Tim. 4:2) Esiane sɛ na n’ani gye asɛnka adwuma no ho nti, otumi gyinaa ɔsɔretia a ano yɛ den ano. (1 Tes. 2:2) Yɛn nso, ɛdɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani gye asɛnka adwuma no ho? Ade baako a Paulo yɛe de kyerɛe sɛ asɛnka adwuma no da ne koma so ni: Ɔde hokwan biara a onyae kaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo. Yesuasua asomafo no ne tete Kristofo no, enti yɛka asɛmpa no wɔ bɔnnɔ so, baguam, ne afie afie. (Aso. 5:42; 20:20) Yɛhwehwɛ akwan a yɛde bɛka asɛm no akyerɛ nnipa bebree. Na sɛ yebetumi a, ebia yɛayɛ akwampaefo boafo anaa daa akwampaefo. Yebetumi nso asua kasa foforo, yebetumi atu akɔ kurow foforo so wɔ yɛn man mu, anaa ɔman foforo so mpo.—Aso. 16:9, 10. w17.06 10-11 ¶8-9

Kwasida, January 27

Wotuu bepɔw ne supɔw biara fii baabi a emu biara wɔ.—Adi. 6:14.

Bɔne a ɛkɔ so wɔ wiase mu nnɛ no, emu dodow no ara mfi ankorankoro, na mmom efi ahyehyɛde ahorow. Ma yensusuw asɛm a edi hɔ yi ho nhwɛ. Nyamesom ahyehyɛde ahorow daadaa nnipa ɔpepem pii. Wɔnka Onyankopɔn ho nokwasɛm, na wɔkyerɛ sɛ Bible nyɛ nhoma a nnipa betumi de wɔn ho ato so. Saa ara na wɔnka asase ne adesamma daakye ho nokwasɛm. Nneɛma foforo pii nso wɔ hɔ a, wɔnka ho nokwasɛm nkyerɛ nnipa. Aban ahorow nso ɛ? Wopiapia nkurɔfo ma wodi ako, na wɔma awudisɛm kɔ so wɔ mmusua ntam. Wɔsan hyɛ ahiafo ne wɔn a wonni kamafo so. Wogye adanmude, woyiyi nnipa mu, na wɔnam saa a wɔyɛ so nya wɔn ho. Na nnwumakuw a wɔyɛ adifudepɛ nso ɛ? Wɔsɛe nneɛma a Onyankopɔn abɔ no. Wɔfom nneɛma a ɛwɔ asase mu ne nea ɛwɔ asase so, na wosisi ɔmanfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma nnipa kakraa bi anya wɔn ho, na wɔama nnipa ɔpepem pii adi hia buruburoo. Onyankopɔn Asɛm no aka ato hɔ sɛ wobetutu nniso ahorow ne ahyehyɛde a ɛhyɛ wɔn ase nyinaa afi hɔ. Afei wɔbɛsɛe nniso ahorow a ɛwɔ wiase dedaw yi mu ne wɔn a wɔtaa wɔn akyi ma wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni no nyinaa. Ɛno na ɛde ahohiahia kɛse no bɛba awiei.—Yer. 25:31-33. w17.04 11 ¶7-8

Dwoda, January 28

Meremfa mmusu no mma wɔ ne nna mu.—1 Ahe. 21:29.

Yehowa a “ɔhwehwɛ koma mu” no huu Ahab mmɔbɔ. (Mmeb. 17:3) Asotwe a wɔamfa amma Ahab so wɔ ne bere so no kaa wɔn a na wonim bɔne kɛse a Ahab ayɛ no sɛn? Ɛyɛɛ te sɛ nea wɔtwee asotwe a wɔkae sɛ wɔde bɛba Ahab so no sanee, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno sɔɔ Nabot abusuafo ne ne nnamfo gyidi hwɛe. Sɛ ɛsɔɔ wɔn gyidi hwɛe a, ɛnde na ahobrɛase bɛbɔ wɔn ho ban ama wɔakɔ so de nokwaredi asom Yehowa, na wɔanya ahotoso sɛ Onyankopɔn ntumi mmu atɛnkyea da. (Deut. 32:3, 4) Sɛ Yehowa nyan treneefo fi awufo mu a, Nabot, ne mmabarima no, ne wɔn abusuafo benya atɛntrenee a edi mũ. (Hiob 14:14, 15; Yoh. 5:28, 29) Afei nso, onipa a ɔbrɛ ne ho ase nim sɛ, “adwuma biara, nea ahintaw nyinaa, papa oo, bɔne oo, nokware Nyankopɔn no bebu ho atɛn.” (Ɔsɛnk. 12:14) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Yehowa rebu atɛn a, nneɛma a osusuw ho no bi wɔ hɔ a yennim. Enti, ahobrɛase bɛbɔ wɔn a wɔn ho nni asɛm no ho ban ama wɔakɔ so anya Yehowa mu gyidi. w17.04 24 ¶8-9

Benada, January 29

Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa.—Mmeb. 17:17.

Esiane nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nti, yɛn nuanom pii abɛyɛ atubrafo. Asetena foforo a yɛn nuanom kɔ mu no betumi ayɛ ɔhaw ama wɔn paa. Wo de, hwɛ sɛ ɛho abehia sɛ ɛsɛ sɛ wusua kasa foforo ne amammerɛ foforo prɛko pɛ! Anaasɛ, hwɛ sɛ ɛsɛ sɛ wusua mmara foforo a ɛfa bere sodi, towtua, wo ho aka a wubetuatua, sukuukɔ ho ade, ne sɛnea wobɛteɛ wo mma so ho mpo. Wubetumi anya abotare aboa anuanom mmarima ne mmea a wɔrehyia nsɛnnennen a ɛte saa no na woadi wɔn ni anaa? (Filip. 2:3, 4) Afei nso, ɛtɔ da a, atumfoɔ no ma ɛyɛ den ma saa anuanom no sɛ wɔne asafo a ɛwɔ baabi a wɔakɔ no bɛbɔ. Nnwuma bi wɔ hɔ a, sɛ yɛn nuanom yɛ a, ɛremma wonnya kwan nkɔ asafo nhyiam. Nanso, aban nnwumakuw bi hunahuna yɛn nuanom sɛ, sɛ wɔanyɛ nnwuma a ɛte saa a, wɔremmoa wɔn anaa wɔrennye wɔn ntom sɛ atubrafo wɔ wɔn man no mu. Esiane sɛ wei ma ehu ka yɛn nuanom na wɔte nka sɛ wonni boafo biara nti, wɔn mu binom pene so yɛ nnwuma a ɛte saa. Enti sɛ yɛn nuanom a wɔyɛ atubrafo no ba yɛn man mu a, ehia paa sɛ yɛhwehwɛ wɔn ntɛm. Ɛsɛ sɛ yɛma wohu sɛ yedwen wɔn ho. Sɛ yɛda ayamhyehye adi kyerɛ wɔn na yɛboa wɔn a, ebetumi ahyɛ wɔn gyidi den.—Mmeb. 12:25. w17.05 5 ¶9-10

Wukuda, January 30

Nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.—Mat. 24:12.

“Bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho sɛnkyerɛnne a Yesu de mae no fã bi ne sɛ, “nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mat. 24:3) Asomafo no bere so no, Yudafo a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no maa ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no ano dwoe. Nanso, Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no dodow no ara kɔɔ so ‘kyerɛkyerɛe kaa Kristo ho asɛmpa.’ Wɔdaa no adi sɛ wɔdɔ Onyankopɔn, wɔn mfɛfo Kristofo, ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo. (Aso. 2:44-47; 5:42) Nanso, Yesu akyidifo a na wɔwɔ asomafo no bere so no bi maa wɔn dɔ ano dwoe. Asomafo no bere so no, Yesu Kristo a na wɔanyan no afi awufo mu ama ɔkɔ soro no kasa kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Efeso no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea mewɔ tia wo ne sɛ woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no.” (Adi. 2:4) Dɛn ne ade baako a ɛbɛyɛ sɛ ɛma wogyaw ɔdɔ a na wɔwɔ kan no? Ɛbɛyɛ sɛ wiase no adwene a esi honam nneɛma so no na enyaa Kristo asuafo a wɔtenaa ase tete no so nkɛntɛnso.—Efe. 2:2, 3. w17.05 17 ¶1-3

Yawda, January 31

Sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.—Mat. 5:33.

Ná Yefta yɛ ɔkannifo a ɔwɔ akokoduru. Nanso, Hanah de, na ɔyɛ ɔbea warefo a ɔbrɛ ne ho ase. Ná Yefta yɛ ɔkatakyi kokodurufo. Nanso, Hanah de, na ɔyɛ ɔbea warefo ne ofiehwɛfo. Ná Ɔtemmufo Yefta ne Elkana yere Hanah nyinaa som Onyankopɔn koro. Nanso yemmisa sɛ, ɛno da nkyɛn a, nneɛma bɛn paa bio na na wodi nsɛ wom? Wɔn mu biara hyɛɛ Onyankopɔn bɔ, na wɔn baanu nyinaa dii ɛbɔ a wɔhyɛɛ Onyankopɔn no so pɛpɛɛpɛ. Mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔhyɛ Yehowa bɔ no betumi asuasua wɔn nhwɛso pa no. Bible mu no, nea asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase bɔhyɛ no kyerɛ ne sɛ obi afi ne komam aka sɛ ɔbɛyɛ biribi ama Onyankopɔn. Onipa no ankasa na ofi ne pɛ mu ka sɛ ɔbɛyɛ adwuma bi ama Onyankopɔn, ɔde akyɛde bi bɛma no, ɔde ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn som adwuma bi mu, anaasɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi ho. Onii no ankasa na ofi ne pɛ mu hyɛ bɔ; obiara nhyɛ no. Nanso, Onyankopɔn ani so de, bɔhyɛ yɛ ade kronkron, na ɔhwɛ kwan sɛ nea ɔhyɛ bɔ no bedi so. Sɛ obi hyɛ bɔ a, Onyankopɔn ani so no, ɛte sɛ nea onii no aka ntam de rekyerɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi anaasɛ ɔrenyɛ dekode no.—Gen. 14:22, 23; Heb. 6:16, 17. w17.04 3 ¶1-2

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena