Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es21
  • June

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Benada, June 1
  • Wukuda, June 2
  • Yawda, June 3
  • Fida, June 4
  • Memeneda, June 5
  • Kwasida, June 6
  • Dwoda, June 7
  • Benada, June 8
  • Wukuda, June 9
  • Yawda, June 10
  • Fida, June 11
  • Memeneda, June 12
  • Kwasida, June 13
  • Dwoda, June 14
  • Benada, June 15
  • Wukuda, June 16
  • Yawda, June 17
  • Fida, June 18
  • Memeneda, June 19
  • Kwasida, June 20
  • Dwoda, June 21
  • Benada, June 22
  • Wukuda, June 23
  • Yawda, June 24
  • Fida, June 25
  • Memeneda, June 26
  • Kwasida, June 27
  • Dwoda, June 28
  • Benada, June 29
  • Wukuda, June 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2021
es21

June

Benada, June 1

Ne kora no nso yii no ahii sɛ ɔde behuru ne bo.​—1 Sam. 1:6.

Odiyifo Samuel maame Hanah hyiaa nsɛnnennen bi. Ɔwaree no, mfe pii na ontumi nwo. (1 Sam. 1:2) Israelfo amammerɛ mu no, ɔbea a ontumi nwo no, na wogye di sɛ wɔadome no. Wei maa Hanah tee nka sɛ n’anim agu ase. (Gen. 30:1, 2) Nea ɛmaa asɛm no yɛɛ den maa Hanah koraa ne sɛ, na ne kunu wɔ yere foforo a ne din de Penina; ɔno de na ɔne ne kunu awo mma. Enti oyii Hanah ahii. Ná Hanah di asɛm no ho awerɛhow paa. Asɛm no haw no ara ma ‘na osũ, na na onnidi.’ Ɛmaa ne ‘werɛ howee’ paa. (1 Sam. 1:7, 10) Ɛyɛɛ dɛn na Hanah nyaa awerɛkyekye? Hanah bɔɔ mpae kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa. Bere a ɔbɔɔ mpae wiei no, ɔkaa nea ɛhaw no no ho asɛm kyerɛɛ Ɔsɔfo Panyin Eli. Eli ka kyerɛɛ Hanah sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisade.” Ekosii sɛn? Hanah ‘siim kɔe kodidii, na n’anim ammotow bio.’ (1 Sam. 1:17, 18) Mpae a Hanah bɔe no boaa no ma ɔsan nyaa asomdwoe. w20.02 21 ¶4-5

Wukuda, June 2

Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.​—Kol. 4:6.

Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛsɛe wiase bɔne yi. “Wɔn a wɔpɛ daa nkwa” nko ara na wobenya wɔn ti adidi mu. (Aso. 13:48) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛpɛ sɛ yɛn abusuafo nso bɛka yɛn ho ma yɛsom Yehowa. Yehowa, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9) Ehia sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu sɛ, nkwagye asɛm a yɛka kyerɛ nkurɔfo no, ɔkwampa a yɛfa so ka wɔ hɔ, ɛnna ɔkwan a ɛmfata nso wɔ hɔ. Sɛ yɛredi obi a yennim no adanse a, ebia yɛbɛyɛ anifere. Nanso, sɛ yɛredi yɛn abusuafo adanse a, anhwɛ a yɛbɛka yɛn nsɛm penpen. Yɛn mu pii wɔ hɔ a, sɛ yɛkae bere a edi kan a yedii yɛn abusuafo adanse a, na yɛanu yɛn ho; yenyae a anka yɛyɛɛ no ɔkwan foforo so. Sɛ yɛne yɛn abusuafo rekasa a, eye sɛ yɛkae saa ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ nnɛ asɛm no mu no. Yɛanyɛ saa a, yɛbɛhyɛ wɔn abufuw mmom, na ɛremma yentumi mmoa wɔn. w19.08 14-15 ¶3-5

Yawda, June 3

‘Kristo gyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.’​—1 Pet. 2:21.

Nokware a ɛfa Ɔba no ho a edidi so yi, bere a wuhui no, ɛkaa wo sɛn? Yehowa akyi no, Yesu ne obi a ne ho hia sen obiara wɔ amansan yi mu. Ofi ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ de yɛɛ agyede maa yɛn. Sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛwɔ agyede no mu gyidi a, yebetumi anya bɔne fafiri, yɛne Onyankopɔn bɛfa adamfo, na yɛanya daa nkwa. (Yoh. 3:16) Yesu ne yɛn Sɔfo Panyin. Ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn ma yenya agyede no so mfaso na yɛne Onyankopɔn ntam yɛ kama. (Heb. 4:15; 7:24, 25) Esiane sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene nti, ɔno na Yehowa bɛfa ne so atew ne din ho, ayi abɔnefosɛm afi hɔ, na wama yɛanya nhyira a enni awiei wɔ Paradise a ɛreba no mu. (Mat. 6:9, 10; Adi. 11:15) Yesu na yɛhwɛ no suasua no. Yesu yɛɛ Yehowa apɛde bere nyinaa; wei yɛ nhwɛso ma yɛn. (Yoh. 4:34) Sɛ wugye nea Bible kyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn Dɔba Yesu ho no di a, ɛbɛma woadɔ no. Ɔdɔ a ɛte saa bɛka wo ama woayɛ Onyankopɔn apɛde bere nyinaa sɛnea Yesu yɛe no. w20.03 10 ¶12-13

Fida, June 4

Munnnyae mpaebɔ da.​—1 Tes. 5:17.

Ɛda a etwa to a Yesu de tenaa asase so no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii. Bere a ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛhyɛ ne wu ho fã no, ɔbɔɔ paanoo ne bobesa no so mpae. (1 Kor. 11:23-25) Ansa na Yesu ne n’asuafo no refi baabi a wodii Twam no, ɔne wɔn bɔɔ mpae. (Yoh. 17:1-26) Saa anadwo no, bere a Yesu ne n’asuafo no koduu Ngo Bepɔw no so no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii. (Mat. 26:36-39, 42, 44) Asɛm a etwa to a Yesu kae ansa na ɔrewu no, na ɛyɛ mpaebɔ. (Luka 23:46) Saa da no, ɔbɔɔ Yehowa mpae ansa na ɔresi gyinae titiriw biara. Ade baako nti a Yesu tumi gyinaa sɔhwɛ a ohyiae ano ne sɛ, ɔbɔɔ n’Agya mpae mpɛn pii, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmoa no. Nanso, asomafo no de, wɔankɔ so ammɔ mpae saa anadwo no. Ɛno nti, bere a wohyiaa sɔhwɛ no, ehu kaa wɔn. (Mat. 26:40, 41, 43, 45, 56) Sɛ yehyia sɔhwɛ na yebetumi adi nokware a, gye sɛ yesuasua Yesu na ‘yɛkɔ so bɔ mpae.’ w19.04 9 ¶4-5

Memeneda, June 5

Mene Yehowa; mensakrae.​—Mal. 3:6.

Yehowa kyi ahonhonsɛm! Ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu, nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo. Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom.” (Deut. 18:10-12) Kristofo nhyɛ Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ase. Nanso yenim sɛ, sɛnea Yehowa bu ahonhonsɛm no nsakrae. Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahonhonsɛm ho, efisɛ onim sɛ Satan fa so pira nkurɔfo. Satan fa ahonhonsɛm so trɛw atosɛm mu. Atosɛm no bi ne sɛ, awufo te ase wɔ baabi. (Ɔsɛnk. 9:5) Satan san fa ahonhonsɛm so ma ehu ka nkurɔfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtwe wɔn ho afi Yehowa ho. Ne botae ne sɛ ɔbɛma nkurɔfo a wodi ahonhonsɛm de wɔn ho ato ahonhommɔne so sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so. w19.04 21 ¶5-6

Kwasida, June 6

Sɛ woreyɛ bɔne a, suro.​—Rom. 13:4.

Obi to abofra mmonnaa a, ɛyɛ bɔne kɛse. Sɛ obi to abofra mmonnaa a, ɔma abofra no di yaw papaapa. Ɔma gyidi a abofra no wɔ wɔ ne mu no tu yera; wei de ehu hyɛ abofra no mu. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmofra ho ban, na obi anyɛ wɔn bɔne a ɛte saa. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkyekye mmofra a wɔayɛ wɔn bɔne a ɛte saa no werɛ na yɛboa wɔn. (1 Tes. 5:14) Sɛ obi wɔ asafo no mu na ɔto abofra mmonnaa a, ɔsɛe asafo no din. (Mat. 5:16; 1 Pet. 2:12) Sɛ obi yɛ bɔne de sɛe asafo no din na wannu ne ho a, yɛnsosɔ no so mma ɔntena asafo no mu. Sɛ asafo no muni bi bu aban mmara so a, na wayɛ bɔne atia aban no. Bɔne no bi ne sɛ, ɔbɛto abofra mmonnaa. (Fa toto Asomafo Nnwuma 25:8 ho.) Enni asafo mu mpanyimfo nsam sɛ, sɛ obi bu aban mmara so a wɔbɛtwe n’aso. Nanso, sɛ obi to abofra mmonnaa a, wɔmmɔ no ho ban mfi asotwe a aban no de bɛma no no ho. w19.05 9 ¶4-7

Dwoda, June 7

Wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim.​—1 Kor. 3:19.

Esiane sɛ Yehowa ne yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini nti, yebetumi agyina ɔhaw biara ano. (Yes. 30:20, 21) N’Asɛm no ma yenya biribiara a yehia a ɛbɛma ‘yɛafata koraa’ a ‘wɔasiesie yɛn yiye ama adwuma pa biara.’ (2 Tim. 3:17) Sɛ yɛde Bible nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra a, yebehu nyansa asen nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ yɛmfa “wiase nyansa” mmɔ yɛn bra no. (Dw. 119:97-100) Awerɛhosɛm ne sɛ, wiase nyansa taa twetwe yɛn kɔ bɔne mu. Enti ɛrenyɛ den sɛ yebedwinnwen nneɛma ho te sɛ nkurɔfo a wɔwɔ wiase no, na yɛayɛ nea wɔyɛ no bi. Ntease wom sɛ Bible ka sɛ: ‘Monhwɛ yiye: anhwɛ a obi de nyansapɛ ne nnaadaa hunu a egyina nnipa atetesɛm so bɛfa mo nnommum.’ (Kol. 2:8) Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nna a edi akyiri mu no, nnipa ‘bɛdɔ anigyede.’ (2 Tim. 3:4) Nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm dɔɔso, na nna mu nsanyare a abu so te sɛ AIDS yɛ emu baako.​—2 Pet. 2:19. w19.05 21 ¶1-2; 22 ¶4-5

Benada, June 8

‘Munnyina pintinn nko ntia Ɔbonsam nnɛɛdɛe no.’​—Efe. 6:11.

Satan daadaa Israelfo no ma wonyaa adwene sɛ, sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn a, na ɛsɛ sɛ wosuasua abosonsomfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no. Ná saa abosonsomfo yi gye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ amanne bi ansa na wɔn anyame no ama osu atɔ. Israelfo a na wonni Yehowa mu gyidi no nyaa adwene sɛ, nea ɛbɛyɛ na ɔpɛ si a ɛrenkyɛ no, gye sɛ wɔyɛ amanne ma abosom no. Enti, wɔyɛɛ abosonsomfo amanne de hyɛɛ atoro nyame Baal anuonyam. Satan faa akɔnnɔ bɔne so twetwee wɔn. Ná aman a wɔsom abosom no de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe a ɛyɛ tan mu de som wɔn anyame. Ɔsom a ɔbrasɛe ahyɛ no mã saa mu no, na mmea ne mmarima nyinaa si tuutuu wɔ wɔn asɔrefie hɔ. Ɛnyɛ sɛ na saa abosonsomfo no ma mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da ne ɔbrasɛe foforo ho kwan kɛkɛ, na mmom na wogye tom! (Deut. 23:17, 18; 1 Ahe. 14:24) Ná abosonsomfo no gye di sɛ, sɛ wɔyɛ saa amanne no a, na ɛma wɔn anyame no hyira wɔn asase no ma wonya nnuan pii. Abosonsomfo no amanne a na ɔbrasɛe wom no twetwee Israelfo bebree, na wɔma ɛdaadaa wɔn ma wɔkɔsom atoro anyame. w19.06 2 ¶3; 4 ¶7-8

Wukuda, June 9

Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.​—Heb. 6:10.

Wɔasesa anuanom a na wɔyɛ adwuma wɔ Betel ne bere nyinaa asomfo foforo mpempem dwumadi. Ebetumi ayɛ den ama saa anuanom anokwafo yi sɛ wobegyaw ɔsom adwuma a ɛda wɔn koma so saa no ato hɔ. Sɛ woka ho a, dɛn na ebetumi aboa wo ama woahu sɛnea wobɛyɛ w’ade wɔ nsakrae a aba no ho? Kenkan Kyerɛwnsɛm no da biara da na dwinnwen ho, na ama woakɔ so abata Yehowa ho. Afei nso, yɛ nea wubetumi nyinaa ka asɛmpa no wɔ asafo foforo a woakɔ mu no mu. Anuanom a wɔkɔ so de nokwaredi som Yehowa no, sɛ wontumi nyɛ nea kan no na wɔyɛ mpo a, Yehowa werɛ remfi wɔn. Fa w’ani si nea ehia pa ara wɔ w’asetenam no so. Ɛnsɛ sɛ woma Satan wiase yi mu dadwen “mia” wo ma wugyae Yehowa som. (Mat. 13:22) Afei nso, ɛnsɛ sɛ woma nkurɔfo a wɔnsom Yehowa anaa wo nnamfo anaa abusuafo a wɔpɛ sɛ wɔboa wo hyɛ wo ma wukodi sika akyi wɔ Satan wiase yi mu sɛ worepɛ asetena pa. (1 Yoh. 2:15-17) Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia wɔ “bere a ɛsɛ mu.” Ɔbɛboa yɛn ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den, ɔbɛka yɛn koma ato yɛn yam, na wama yɛn nsa aka honam fam nneɛma a yehia. Enti ɔno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so.​—Heb. 4:16; 13:5, 6. w19.08 20 ¶4; 21-22 ¶7-8

Yawda, June 10

Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.​—Dw. 55:22.

Worefa ɔhaw bi a ɛreteetee wo mu anaa? Ɛyɛ awerɛkyekye pa ara sɛ yɛahu sɛ na Yehowa te Elia ase! Wei ma yenya awerɛhyem sɛ, saa ara nso na ɔte nsɛnnennen a yɛrefa mu no ase. Onim nea yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ, na nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu mpo, onim. (Dw. 103:14; 139:3, 4) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, yebenya mmoa a ɛbɛma yɛagyina ɔhaw a ɛreteetee yɛn no ano. Sɛ worefa ɔhaw mu a, ebetumi ama woanya adwene sɛ ɛto rentwa da, na ebetumi ama w’abam abu. Sɛ ɛba saa a, kae sɛ Yehowa bɛboa wo ama woatumi agyina ano. Dɛn na ɔbɛyɛ de aboa wo? Ɔka kyerɛ wo sɛ ka wo haw ne nea worefa mu kyerɛ no, na obetie wo sufrɛ. (Dw. 5:3; 1 Pet. 5:7) Enti bɔ Yehowa mpae mpɛn pii na ka wo haw kyerɛ no. Ɛwom sɛ, ɛnnɛ ɔne wo renkasa tee sɛnea ɔne Elia kasae no de, nanso ɔnam n’Asɛm Bible, ne n’ahyehyɛde no so kasa kyerɛ wo. Sɛ wokenkan Bible a, emu nsɛm no betumi ama woanya awerɛkyekye ne anidaso. Bio nso, wo nuanom Kristofo betumi ahyɛ wo nkuran.​—Rom. 15:4; Heb. 10:24, 25. w19.06 16 ¶7-8

Fida, June 11

Me din nti aman nyinaa bɛtan mo.​—Mat. 24:9.

Sɛ wuhyia ɔtaa a, “hwie wo koma gu Yehowa anim sɛ nsu,” na ka nea wusuro ne nea agyaw wo adwinnwen no nyinaa kyerɛ w’Agya a ɔdɔ wo no. (Kwa. 2:19) Sɛ wokɔ so bɔ mpae saa a, wubehu pa ara sɛ woabɛn Yehowa kɛse. (Rom. 8:38, 39) Nya gyidi pa ara sɛ nhyira a Onyankopɔn aka sɛ n’Ahenni no de bɛba no bɛbam. (Num. 23:19) Sɛ wunnye nni ankasa sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no bɛbam a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama Satan ne ne nkurɔfo sɛ wobehunahuna wo. (Mmeb. 24:10; Heb. 2:15) Ɛbɔ ahorow a Onyankopɔn ahyɛ sɛ n’Ahenni no de bɛba ne nea enti a wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɛbɛba mu no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ ho nhwehwɛmu. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo sɛn? Yɛnhwɛ Stanley Jones; ne gyidi nti wɔde no too afiase mfe nson. Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa mu kosii ase? Ɔkaa sɛ: “Esiane sɛ na mewɔ Onyankopɔn Ahenni no ho nimdeɛ na migye di sɛ ɛbɛba nti, m’adwenem anyɛ me nãã koraa da, na me gyidi nso anhinhim.” Sɛ wugye di pa ara sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam a, woremma ehu nkyekyere wo.​—Mmeb. 3:25, 26. w19.07 2 ¶1; 3 ¶6-7

Memeneda, June 12

Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu, na montena hɔ nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.​—Mat. 10:11.

Adɛn nti na asuafoyɛ adwuma no ho hia saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn a wɔyɛ Kristo asuafo nko ara na Onyankopɔn betumi afa wɔn nnamfo. Bio nso, wɔn a wodi Kristo akyi no nya asetena pa nnɛ, na wɔwɔ anidaso sɛ daakye wɔbɛtena ase daa. (Yoh. 14:6; 17:3) Nokwasɛm ne sɛ, Yesu de asɛyɛde bi a ɛho hia ahyɛ yɛn nsa, nanso ɛnyɛ yɛn nko ara na yɛyɛ saa adwuma yi. Ɔsomafo Paulo kyerɛw ɔno ankasa ne ne mfɛfo bi a na ɔne wɔn yɛ ɔsom adwuma no ho asɛm sɛ: “Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Wei yɛ hokwan a Yehowa ne Kristo de ama nnipa a yɛnyɛ pɛ! Afei nso, asuafoyɛ adwuma no betumi ama yɛn ani agye pa ara. Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi aboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ asuafo ne sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ’ nkurɔfo a wɔwɔ koma pa. Sɛ yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ obiara a yebehyia no a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yedi Kristo ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no so a, yɛda no adi sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. w19.07 15 ¶3-5

Kwasida, June 13

Nyansa bɔ onipa ho ban sɛnea sika nso bɔ onipa ho ban no; nanso nimdeɛ so mfaso ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.​—Ɔsɛnk. 7:12.

Nnipa pii wɔ hɔ a, nea ɛma wɔn ani di kan gye Bible ho ne akwankyerɛ pa a ɛwom no. Onuawa bi a ɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo a wɔka Mandarin kasa wɔ New York no kaa sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ mɛma nkurɔfo ahu sɛ midwen wɔn ho, na afei meyɛ aso tie wɔn. Sɛ mihu sɛ wɔbaa ɔman no mu nkyɛe a, mitumi bisa wɔn sɛ: ‘Nneɛma rekɔ sɛn? Woanya adwuma? Mpɔtam hafo ne wo te yiye anaa?’” Ɛtɔ da a, wei ma onuawa no nya kwan ka Bible mu asɛm kyerɛ wɔn. Sɛ onuawa no hu sɛ ɛfata a, ɔde ka ho sɛ: “Wohwɛ a, dɛn pa ara na ɛma yetumi ne afoforo tena yiye? Mepɛ sɛ mede ɛbɛ bi a ɛwɔ Bible mu kyerɛ wo. Ɛka sɛ: ‘Ntɔkwaw mfiase te sɛ nsu a atue; enti ansa na ɔham mu bɛyɛ den no, twa so kɔ.’ Wohwɛ a, saa afotu yi betumi aboa yɛn ma yɛne afoforo atena yiye?” (Mmeb. 17:14) Yɛne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu wɔn a wɔn ani begye ho sɛ yɛsan kɔ wɔn nkyɛn bio no. w19.07 23 ¶13

Dwoda, June 14

Obiakofo a ɔhwe ase a obi mma no so no, ebesi no dɛn?​—Ɔsɛnk. 4:10.

Wɔn a wɔanya dwumadi foforo no, ɛsɛ sɛ yɛte wɔn ase, na ɛnyɛ sɛ yebesu wɔn mmɔbɔ. Ebia na wɔn ankasa anaa wɔn busuani bi yare a wɔredwen ho. Anaa ebia na wɔn dɔfo bi awu ama wɔredi awerɛhow. Afei nso, ebia wɔn ani agyina wɔn nnamfo a wɔagyaw wɔn wɔ baabi a na wɔyɛ wɔn som adwuma no, na ebia wɔredi ho awerɛhow a yennim. Egye bere ansa na wɔatumi adi ɔhaw a ɛte saa so, na mpɛn pii no, ɛhaw adwene pa ara. Sɛ wo ne wɔn kɔ asɛnka na woyɛ nhwɛso pa ma ɛhyɛ wɔn nkuran a, wubetumi aboa wɔn ama wɔn ani aka. Onuawa bi de mfe pii somee wɔ amannɔne. Ɔkaa sɛ: “Baabi a na mewɔ no, da biara da na minya nkurɔfo ne wɔn sua Bible. Nanso, baabi foforo a wɔde me kɔe no de, sɛ mekɔ asɛnka a, na ɛyɛ den sɛ menya obi akenkan Bible akyerɛ no anaa mayi video akyerɛ no. Nanso, na anuanom a wɔwɔ asafo a mekɔɔ mu no ne me kɔyɛ wɔn sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow. Sɛnea na anuanom de nsi ne ahokeka yɛ Bible adesua ahorow no maa asasesin no mu adwuma yɛɛ me dɛ. Misuaa sɛnea mefi ase ne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ wɔ asasesin foforo no mu. Wei nyinaa boaa me maa m’ani san gyei bio.” w19.08 22 ¶10; 24 ¶13-14

Benada, June 15

Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu.​—Filip. 4:2.

Ɛtɔ da a, nea enti a ɛyɛ den ma yɛn pa ara sɛ yɛbɛdɔ yɛn nuanom ne sɛ, yɛyɛ nea Euodia ne Sintike yɛe no bi; yɛde yɛn adwene si sintɔ ahorow so. Yɛn nyinaa di mfomso da biara da. Sɛ yɛkɔ so dwinnwen afoforo mfomso ho a, ɛbɛyɛ den ama yɛn pa ara sɛ yɛbɛdɔ wɔn. Yɛnhwɛ asɛm yi. Sɛ onua bi werɛ fi sɛ ɔbɛboa ama yɛasiesie Ahenni Asa so a, ebetumi ama yɛn bo afuw no. Afei sɛ yefi ase dwinnwen mfomso foforo a yenim sɛ yɛn nua no adi nyinaa ho a, ɛbɛma yɛn bo afuw kɛse, na ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no so atew. Sɛ ɔhaw bi a ɛte saa wɔ wo ne asafo no muni bi ntam a, ɛbɛyɛ papa sɛ wususuw saa asɛm yi ho: Yehowa hu mfomso ahorow a yedi, na ohu yɛn nua no de nso. Nanso, mfomso yi nyinaa akyi no, Yehowa da so dɔ yɛn nua no, na ɔda so dɔ yɛn nso. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa dɔ no bi, na yɛde yɛn adwene si suban pa a yɛn nuanom wɔ so. Sɛ yɛyere yɛn ho dɔ yɛn nuanom a, yɛhyɛ baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no mu den.​—Filip. 2:1, 2. w19.08 9-10 ¶7-8

Wukuda, June 16

‘Yehowa hu ɔhobrɛasefo.’​—Dw. 138:6.

Yehowa dɔ nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase ankasa nko ara na wobetumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den. Nanso, “ɔhantanni de, ohu no wɔ akyirikyiri.” Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na ama wadɔ yɛn. Enti, yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Obi brɛ ne ho ase a, n’adwene nyɛ no sɛ ɔkyɛn afoforo, na ɔnyɛ ahantan anaa ahomaso. Bible ma yehu sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ogye di sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ kɛse kyɛn no koraa, na obu ne yɔnko nnipa nso. Obi a ɔbrɛ ne ho ase gye tom sɛ afoforo kyɛn no wɔ nneɛma bi mu. (Filip. 2:3, 4) Ebinom wɔ hɔ a, nnipa ani so no, ɛte sɛ nea wɔbrɛ wɔn ho ase. Ebia wɔmpɛ kasa. Anaa ebia wɔn amammerɛ ne ntetee a wonyae nti wobu ade. Nanso, wɔn komam de, ebia na wɔyɛ ahantan paa. Sɛnea ɛte biara no, wɔbɛda nea ɛwɔ wɔn komam ankasa adi.​—Luka 6:45. w19.09 2 ¶1, 3-4

Yawda, June 17

‘Ɔde aweredi ba wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.’​—2 Tes. 1:8.

“Yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no,” ɛno ne nokware a Yesu kyerɛkyerɛe nyinaa. Sɛ yɛde asɛmpa no yɛ adwuma wɔ yɛn asetenam a, ɛkyerɛ sɛ yetie asɛmpa no. Osetie a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ, yɛde Ahenni nneɛma bedi kan, yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ bɛbɔ yɛn bra, na yɛaka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. (Mat. 6:33; 24:14) Nea ɛsan kyerɛ ne sɛ, yɛbɛboa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ama wɔayɛ wɔn adwuma a ɛho hia no. (Mat. 25:31-40) “Nguan foforo” no ada ayamye adi akyerɛ wɔn. Wɔn nso bɛda ayamye no bi adi akyerɛ “nguan foforo” no nnansa yi ara. (Yoh. 10:16) Dɛn na wɔbɛyɛ ama wɔn? Ansa na Harmagedon ko no befi ase no, na wɔanyan 144,000 no nyinaa ama wɔkɔ soro akɔyɛ ahonhom a owu nni wɔn so tumi bio. Afei, wɔbɛka asafodɔm a wɔwɔ soro a wɔbɛsɛe Gog no ho, na wɔbɛbɔ “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ Yehowa nkurɔfo no ho ban. (Adi. 2:26, 27; 7:9, 10) Nokwasɛm ne sɛ, nnipakuw kɛse no ani begye paa sɛ, bere a Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no wɔ asase so no, wotumi boaa wɔn! w19.09 12-13 ¶16-18

Fida, June 18

Mubenya ɔhome.​—Mat. 11:29.

Adɛn nti na sɛ yɛyɛ adwuma a Yesu de ama yɛn no a, ɛma yɛn ho dwo yɛn? Efisɛ yɛwɔ ahwɛfo papa paa. Ɛwom sɛ Yehowa ne Ɔsorosoroni no de, nanso ɔnyɛ owura a ɔyɛ bonniayɛ anaa ne tirim yɛ den. N’ani sɔ adwuma a yɛyɛ no. (Heb. 6:10) Ɔma yɛn tumi anaa ahoɔden a yehia na ama yɛatumi ayɛ adwuma a ɔde ama yɛn no. (2 Kor. 4:7; Gal. 6:5) Yesu a ɔyɛ yɛn Hene no ayɛ nhwɛso ama yɛn. (Yoh. 13:15) Asafo mu mpanyimfo a wɔhwɛ yɛn so no nso bɔ mmɔden suasua Yesu a ɔne yɛn “hwɛfo kɛse” no. (Heb. 13:20; 1 Pet. 5:2) Wɔyɛ nea wobetumi biara yi wɔn yam boa yɛn, wɔhyɛ yɛn nkuran, wɔde akokoduru kyerɛkyerɛ yɛn, na wɔbɔ yɛn ho ban.Yɛwɔ nnamfo papa paa nso. Nnipa biara nni hɔ a wɔwɔ nnamfo pa ne adwuma a ɛma akomatɔyam te sɛ yɛn. Wo de, yɛnhwɛ: Yɛanya hokwan ne nkurɔfo a wɔbɔ bra pa nanso wommu wɔn ho sɛ wɔkyɛn afoforo na ɛyɛ adwuma. Wobu wɔn ho sɛ afoforo kyɛn wɔn. Wobu yɛn sɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo ne wɔn nnamfo. Ɔdɔ a yɛn nnamfo no wɔ ma yɛn mu yɛ den araa ma wɔayɛ krado sɛ wobewu ama yɛn! w19.09 20 ¶1; 23 ¶12-14

Memeneda, June 19

Munni sum mu, monte sɛ akorɔmfo na saa da no abɛto mo mpofirim.​—1 Tes. 5:4.

Paul kaa “Yehowa da” no ho asɛm wɔ afotu a ɔde mae no mu. (1 Tes. 5:1-6) Yehowa da a Paul kaa ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ebefi ase bere a wiase atumfoɔ no bɛtow ahyɛ “Babilon Kɛse” no, anaa wiase atoro som ahemman no so, na ɛbɛkɔ akowie Harmagedon. (Adi. 16:14, 16; 17:5) Afei nso, Paul ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ma “Yehowa da” no. Ɔma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛda te sɛ wɔn a aka no.’ Ɛsɛ sɛ ‘yɛwɛn’ na yɛma yɛn ani da hɔ na yɛankogyina ɔfã biara akyi, na yɛamfa yɛn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu nso. Sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ mu a, ebetumi ama yɛabɛyɛ “wiase no fã.” (Yoh. 15:19) Yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi de asomdwoe aba wiase. Yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo nso ma wohu nneɛma a Bible ahyɛ nkɔm sɛ ebesisi wɔ wiase no. Momma yɛnkae sɛ, sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, na aka akyi dodo sɛ nkurɔfo bɛba abɛsom Yehowa. Ɛno nti na ɛho hia paa sɛ yɛka asɛmpa no nnɛ no! w19.10 8 ¶3; 9 ¶5-6

Kwasida, June 20

‘Fa nhoma mmobɔwee, na nsɛm a maka akyerɛ wo a etia Israel ne Yuda no, kyerɛw ne nyinaa hyɛ mu.’​—Yer. 36:2.

Bere soe sɛ Yeremia ka asɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛ nkurɔfo no, na ɛsɛ sɛ ɔsoma Baruk ma ɔkɔka kyerɛ wɔn. (Yer. 36:5, 6) Baruk de akokoduru kɔyɛɛ adwuma a anka ebetumi de ne nkwa ato asiane mu no. Bere a Baruk kɔɔ asɔrefie no adiwo kɔkenkan nhoma mmobɔwee no mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no, wunhu sɛ na ɛbɛma Yeremia ani agye paa? (Yer. 36:8-10) Yuda mpanyimfo no tee nea Baruk yɛe no ho asɛm, enti wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ ɔnkenkan nhoma mmobɔwee no den nkyerɛ wɔn! (Yer. 36:14, 15) Mpanyimfo no sii gyinae sɛ wɔbɛka asɛm a Yeremia kae no akyerɛ Ɔhene Yehoiakim. Bere a Ɔhene Yehoiakim tee asɛm a Yeremia akyerɛw no, ne bo fuwii araa ma ɔhyew nhoma mmobɔwee no, na ɔsomae sɛ wɔnkɔkyere Yeremia ne Baruk. Nanso, Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo de maa Baruk, na ɔkaa Yehowa anom asɛm kyerɛɛ Baruk ma ɔkyerɛw “nhoma a Yuda hene Yehoiakim de ogya hyewee no mu nsɛm” nyinaa.​—Yer. 36:26-28, 32. w19.11 3-4 ¶4-6

Dwoda, June 21

Onyankopɔn na . . . ɔreyɛ mo mu adwuma na ama moanya ɔpɛ [ne tumi a mode bɛyɛ].​—Filip. 2:13.

Yehowa betumi ayɛ ne ho nea ɔpɛ biara ama n’atirimpɔw aba mu. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa ayɛ ne ho Ɔkyerɛkyerɛfo, Ɔwerɛkyekyefo, ne Ɔsɛmpakafo. Weinom yɛ emu kakraa bi. (Yes. 48:17; 2 Kor. 7:6; Gal. 3:8) Nanso, mpɛn pii no, ɔde nnipa yɛ adwuma ma n’atirimpɔw bam. (Mat. 24:14; 28:19, 20; 2 Kor. 1:3, 4) Yehowa betumi ama yɛn mu biara nso nyansa ne ahoɔden ama yɛayɛ yɛn ho nea ɔpɛ biara de ayɛ n’apɛde. Nea Yehowa din no kyerɛ no, nea yɛaka yi nyinaa ka ho, sɛnea nhomanimfo binom kyerɛ no.Yɛn nyinaa pɛ sɛ Yehowa de yɛn yɛ adwuma, nanso ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye atom sɛ Yehowa de wɔn reyɛ adwuma. Adɛn ntia? Ebinom wɔ hɔ a wɔte nka sɛ mfe a wɔadi, wɔn asetenam nsɛm, anaa nimdeɛ pii a wonni nti Yehowa remfa wɔn nyɛ adwuma. Afoforo nso de, wɔte nka sɛ nea wɔreyɛ no ara dɔɔso, enti wonhu hia a ehia sɛ wɔyɛ pii ka ho. w19.10 20 ¶1-2

Benada, June 22

Sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini.​—1 Tim. 6:10.

Sɛ yedi ahonyade akyi a, ebetumi atwetwe yɛn adwene na ɛremma yɛnhwɛ yɛn gyidi kyɛm no so yiye. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔreyɛ asraafodwuma a ɔde ne ho hyehyɛ aguadisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ nea ɔfaa no sraadi mu no ani.” (2 Tim. 2:4) Nea ɛte ne sɛ, na wɔmma Roma asraafo mfa wɔn ho nhyehyɛ aguadi mu. Yɛte sɛ asraafo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko, enti yɛmma biribiara ntwetwe yɛn adwene mfi ade a ɛho hia yɛn paa no so. Ɛno ne sɛ yɛbɛma Yehowa ne Kristo a wɔyɛ yɛn Asahene no apɛ yɛn asɛm. Yebu wei sɛ ɛsom bo sen biribiara a yebetumi anya wɔ Satan wiase no mu. Yɛhwɛ sɛ yɛwɔ bere ne ahoɔden a yehia na ama yɛatumi asom Yehowa, na yɛhwɛ nso sɛ yɛn gyidi kyɛm ne Onyankopɔn akode a aka nyinaa te apɔw. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa! Adɛn ntia? Ɔsomafo Paul bɔɔ kɔkɔ sɛ ‘wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no bɛyera afi gyidi no ho.’​—1 Tim. 6:9, 10. w19.11 17 ¶12, 14-15

Wukuda, June 23

Mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so.​—1 Tes. 5:3.

Wɔbɛpae mu aka “asomdwoe ne dwoodwoo” ansa na “Yehowa da” no aba. (1 Tes. 5:1-6) “Yehowa da” a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Tesalonikafo 5:2 no, ɛno ara ne “ahohiahia kɛse” no. (Adi. 7:14) Sɛ saa ahohiahia no rebefi ase a, yɛbɛyɛ dɛn ahu? Bible ma yehu asɛm soronko bi a wɔbɛpae mu aka. Saa asɛm no a wɔbɛka no na ɛbɛma yɛahu sɛ ahohiahia kɛse no rebefi ase. Saa asɛm no ne “asomdwoe ne dwoodwoo” a Bible hyɛɛ ho nkɔm sɛ wɔbɛpae mu aka no. Nyamesom akannifo bɛka bi anaa? Ebia wɔbɛka bi. Nanso, yenim sɛ adaemone no na wɔbɛma wiase atumfoɔ no aka saa atosɛm no. Sɛ wɔka saa atosɛm yi a, ɛbɛyɛ hu paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ aka bere tiaa bi ama ahohiahia kɛse a ɛsen biara wɔ nnipa asetenam no afi ase a, saa atosɛm no bɛma nkurɔfo anya adwene sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Nokwasɛm ne sɛ, “mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛnea awoko yaw ba ɔbea a ɔyem so” no. Na Yehowa asomfo anokwafo nso ɛ? Sɛ Yehowa da no fi ase mpofirim a, ebia wɔn ho bedwiriw wɔn de, nanso wɔn ani so rentan wɔn. w19.09 9 ¶7-8

Yawda, June 24

Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, . . . adehwehwɛ wɔ ne bere, na adehwere nso wɔ ne bere.​—Ɔsɛnk. 3:1, 6.

Sɛ woresisi gyinae a, fa botae pɔtee sisi w’ani so. Sɛ wode botae pɔtee sisi w’ani so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubefi ase ayɛ ho adwuma na woadu ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ebia woasi gyinae sɛ wobɛkenkan Bible daa. Nanso sɛ woanyɛ nhyehyɛe pɔtee bi a, ebia worentumi nyɛ nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no. Anaa ebia asafo bi mu mpanyimfo sii gyinae sɛ wɔbɛtaa asrasra asafo no mufo, nanso nna pii twaam a wɔanyɛ nea wɔkae no ho hwee. Sɛ wobetumi ayɛ nea wosii ho gyinae no a, wobetumi abisa wɔn ho nsɛm yi: “Yɛahu anuanom a yɛkɔsra wɔn a ebetumi aboa wɔn paa? Yɛahyɛ bere pɔtee bi a yebefi ase akɔsrasra wɔn anaa?” Afei nso, hu nea wubetumi ayɛ. Ɛnyɛ biribiara a yɛpɛ sɛ yɛyɛ biara na yebenya bere, ahoɔden anaa ɛho akade de ayɛ. Te ase sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ, enti nkeka nneɛma mmɔ so. Sɛ wusi gyinae bi na wuhu sɛ ɛboro wo so a, ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae. w19.11 29 ¶11-12

Fida, June 25

Eyinom na wofi ahohiahia kɛse no mu, na wɔahoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa Oguammaa no mogya mu.​—Adi. 7:14.

Sɛnea asetena bɛyɛ wɔ asase so daakye ho nkɔmhyɛ bi wɔ Yesaia 65:21-23. Saa bere no, yɛrentena hɔ kwa a yɛrenyɛ hwee. Mmom, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔbɛtena ase saa bere no bɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so ama wɔn koma atɔ wɔn yam. Mfirihyia Apem Nniso no ba awiei a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ “abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.” (Rom. 8:21) Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Israelfo no sɛ wɔnyɛ adwuma sɛnea ɛsɛ na wonnye wɔn ahome sɛnea ɛsɛ. Saa ara na ɔbɛyɛ ama ne nkurɔfo wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu. Yebenya bere pii de asom Onyankopɔn. Nea ɛma obi ani gye nnɛ ne sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn, na saa na yɛbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu. Nnipa anokwafo nyinaa betumi anya anigye wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu, efisɛ yɛbɛyɛ adwuma a ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam, na yɛn nyinaa bɛsom Yehowa. w19.12 12 ¶15; 13 ¶17-18

Memeneda, June 26

Ma asɛm . . . yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam.​—Deut. 6:6, 7.

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘fa dua’ no kyerɛ sɛ “wobɛkyerɛkyerɛ asɛm bi mu na woatĩ mu mpɛn pii.” Sɛ awofo betumi ayɛ saa a, ehia sɛ wonya bere ma wɔn mma daa. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ awofo tĩ asɛnkoro no ara mu kyerɛ wɔn mma mpɛn pii nti, ɛtɔ da a wɔn abam betumi abu. Nanso, awofo betumi afa no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔde bɛboa wɔn mma ama wɔate Onyankopɔn Asɛm ase na wɔde ayɛ adwuma. Enti munhu mo mma yiye. Dwom 127 de mmofra toto agyan ho. (Dw. 127:4) Nneɛma a wɔde yɛ agyan gu ahorow, na ɛsono sɛnea agyan biara kɛse nso te. Mmofra nso, ɛsono sɛnea wɔn mu biara te. Enti ɛsɛ sɛ awofo hu sɛnea wɔbɛtete wɔn ba biara. Awarefo bi a wɔwɔ Israel atumi atete wɔn mma mmienu ama wɔresom Yehowa. Wɔka nea ɛboaa wɔn no ho asɛm sɛ, “Yɛne yɛn mma no suaa Bible, nanso na yɛyɛ obiara de nko.” Ɛwom, abusua ti no na ɔbɛhwɛ sɛ ebehia sɛ ɔka ne mma nyinaa bom ne wɔn sua ade anaasɛ ɔbɛyɛ obiara de nko. w19.12 26 ¶18-20

Kwasida, June 27

Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.​—Mat. 7:12.

Sɛ yɛrefa tebea a emu yɛ den mu a, ɛyɛ a yɛn ani sɔ wɔn a wɔyɛ nneɛma bi de boa yɛn no paa! Ryan a ne papa nyaa akwanhyia wui mpofirim no ka sɛ, “Sɛ worehu amane a, nneɛma a yɛyɛ no daa no bi wɔ hɔ a ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ. Enti sɛ obi yɛ nneɛma bi de boa wo na sɛ esua mpo a, ebetumi ama woanya awerɛkyekye paa.” Kae bere nyinaa sɛ, sɛ woyɛ nneɛma bi de boa afoforo na sɛ esua mpo a, ebetumi akyekye wɔn werɛ paa. Osuani Marko a ɔtenaa ase wɔ Yesu bere so no yɛ Kristoni a na onni adagyew koraa. Nanso Marko gyee bere de kyekyee ɔsomafo Paul werɛ, na anyɛ den amma Paul nso sɛ obebisa Marko hɔ mmoa. Bere a obi kum Angela busuani yayaayaw no, n’ani sɔɔ nea afoforo fii wɔn pɛ mu yɛ de kyekyee ne werɛ no. Ɔka sɛ, “Me nnamfo a wɔpɛ sɛ wɔboa me no, wɔma ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛka m’asɛm akyerɛ wɔn. Mihu sɛ wɔpɛ sɛ wɔboa me na wonsuro sɛ wɔbɛyɛ saa.” Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nkurɔfo nim me sɛ meyɛ obi a mifi me pɛ mu yɛ nneɛma bi de boa me nuanom sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya awerɛkyekye anaa?’ w20.01 11-12 ¶14-16

Dwoda, June 28

Obiara a odi paanoo no anaa ɔnom Awurade kuruwa no ano ɔkwan a ɛnsɛ so no bedi . . . fɔ.​—1 Kor. 11:27.

Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ Kristoni a wɔasra no di paanoo no anaa ɔnom bobesa no wɔ “ɔkwan a ɛnsɛ so” wɔ Nkaedi ase? Sɛ Kristoni a wɔasra no amfa Yehowa akwankyerɛ ammɔ ne bra na sɛ odi paanoo no na ɔnom bobesa no bi a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so. (Heb. 6:4-6; 10:26-29) Kristofo a wɔasra wɔn no nim sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔn nsa ka “ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ denam Kristo Yesu so no” a, ɛsɛ sɛ wodi nokware kosi ase. (Filip. 3:13-16) Yehowa honhom kronkron boa n’asomfo ma wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔnyɛ ahomaso. (Efe. 4:1-3; Kol. 3:10, 12) Enti Kristofo a wɔasra wɔn no nte nka sɛ wɔkyɛn afoforo. Wonim sɛ honhom kronkron a Yehowa de ma Kristofo a wɔasra wɔn no nsen nea ɔde ma n’asomfo a wɔaka no. Afei nso, wɔnte nka sɛ wɔte Bible mu nokware ase yiye sen obi foforo biara. Saa ara nso na wɔrenka nkyerɛ obi sɛ wɔasra no enti onni paanoo no na ɔnnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase. Mmom, wɔbrɛ wɔn ho ase, na wonim sɛ Yehowa nkutoo na obetumi afrɛ nkurɔfo akɔ soro. w20.01 27-28 ¶4-5

Benada, June 29

Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.​—Yak. 4:8.

Yehowa pɛ sɛ yɛbɛn no na yɛne no di nkitaho. Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ “yenkura mpaebɔ mu denneennen,” na wayɛ krado sɛ obetie yɛn bere nyinaa. (Rom. 12:12) Ɔnka sɛ wabrɛ nti onni adagyew a ɔde betie yɛn. Yɛn nso yetie no; ɔkwan baako a yɛfa so yɛ saa ne sɛ yɛbɛkenkan n’Asɛm Bible ne asafo nhoma a ɛboa yɛn ma yɛte Bible ase no. Ɔkwan foforo a yɛfa so tie no ne sɛ yɛbɛwɛn yɛn aso wɔ Kristofo nhyiam ase. Yɛne Yehowa kasa daa a, ɛboa yɛn ma yɛbɛn no. Yɛrebɔ mpae a, Yehowa pɛ sɛ yɛka yɛn komam asɛm nyinaa kyerɛ no. (Dw. 62:8) Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ me mpaebɔ te sɛ krataa a wɔakyerɛw a, anka Onyankopɔn behu no sɛn? Obehu no sɛ krataa a m’ankasa mafi me komam akyerɛw, anaa obehu no sɛ krataa a obi akyerɛw ama me?’ Akyinnye biara nni ho sɛ wodɔ Yehowa paa, na wopɛ sɛ wo ne n’adamfofa no mu yɛ den bere nyinaa. Nea ebetumi ama woayɛ saa ne sɛ wo ne no bɛkasa daa. Asɛm a worentumi nka nkyerɛ obiara no, ka kyerɛ no. Sɛ w’ani gye a ka kyerɛ no, sɛ wo werɛ how nso a ma onhu. Nya awerɛhyem sɛ wuhia mmoa na wokɔ ne nkyɛn a, ɔbɛboa wo. w20.02 9 ¶4-5

Wukuda, June 30

Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no.​—1 Pet. 5:2.

Yehowa de adwuma titiriw bi ahyɛ asafo mu mpanyimfo nsa sɛ wɔnhwɛ ne nkurɔfo. Sɛnea Nehemia ne Yehowa nkurɔfo dii no, sɛ asafo mu mpanyimfo susuw ho a, wobetumi asua nneɛma pii. Ná Nehemia yɛ Yuda amrado, enti na ɔwɔ tumi paa. (Neh. 1:11; 2:7, 8; 5:14) Momma yɛnhwɛ ɔhaw a Nehemia hyiae no bi. Ná wate sɛ Yudafo no agu asɔrefie no ho fĩ, na na ntoboa a Mose Mmara no akyerɛ sɛ wonyi mfa mmoa Lewifo no nso, na wonyi bio. Afei nso, Homeda mmara no, na Yudafo no nni so, na na mmarima no bi aware mmea ananafo. Ná ɛsɛ sɛ Amrado Nehemia yɛ ɔhaw a emu yɛ den yi ho biribi. (Neh. 13:4-30) Nehemia amfa ne tumi anhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so sɛ wɔnyɛ nea ɔno bɛka. Mmom, ɔbɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ, na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo no Yehowa Mmara. (Neh. 1:4-10; 13:1-3) Bio nso, Nehemia brɛɛ ne ho ase ne ne nuanom boom yɛɛ adwuma, na ɔboaa wɔn mpo ma wɔsan too Yerusalem afasu no.​—Neh. 4:15. w19.09 15-16 ¶9-10

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena