February
Memeneda, February 1
Metie mo.—Yer. 29:12.
Bere a Ɔhene Hesekia yaree denneennen no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ne ho ntɔ no. Yehowa nso tiee no, na ɔsaa no yare. (2 Ahe. 20:1-6) Nanso bere bi, ɔsomafo Paul srɛɛ Yehowa sɛ onyi “ɔhonam mu nsɔe” bi mfi ne so, nanso Yehowa anyi amfi hɔ. (2 Kor. 12:7-9) Ɔsomafo Yakobo ne ɔsomafo Petro nso, ná Ɔhene Herode pɛ sɛ okum wɔn mmienu nyinaa. Herode kum Yakobo, nanso Petro de, ɔbɔfo bi begyee no. (Aso. 12:1-11) Ebia yebebisa sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa gyee Petro nanso wannye Yakobo?’ Bible no nka. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ “ntɛnkyea biara” nni Yehowa akwan mu. (Deut. 32:4) Ɛtɔ da a, sɛnea yɛpɛ sɛ Yehowa bua yɛn mpaebɔ no, ɛnyɛ saa na ɔyɛ no. Nanso esiane sɛ yegye di sɛ Yehowa dɔ yɛn na ɔyɛ nea ɛtene bere nyinaa nti, ɔkwan a ɔfa so bua yɛn mpaebɔ no, yɛnkasa ho.—Hiob 33:13. w23.11 21 ¶6
Kwasida, February 2
Nyansa a efi soro no . . . ɛyɛ asoɔmmerɛw.—Yak. 3:17.
Bible kyerɛwfo Yakobo kaa sɛ wɔn a wɔnim nyansa no, ‘wɔyɛ asoɔmmerɛw.’ Wohwɛ a, ɛno kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ osetie ma wɔn a Yehowa ama wɔn tumi sɛ wɔnni nneɛma anim no. Nanso, sɛ obi ka kyerɛ yɛn sɛ mma yennni Yehowa ahyɛde so a, Yehowa mpɛ sɛ yetie onii ko no. (Aso. 4:18-20) Ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebetie Yehowa, na ɛnyɛ nnipa. Ade yi, akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no di mu bere nyinaa. (Dw. 19:7) Nanso nnipa a Yehowa ama wɔn tumi sɛ wɔnni nneɛma anim no, wɔn akwankyerɛ nni mu te sɛ Yehowa de no. Ne nyinaa mu no, yɛn soro Agya no ama awofo, aban mpanyimfo, ne asafo mu mpanyimfo tumi kakra. (Mmeb. 6:20; 1 Tes. 5:12; 1 Pet. 2:13, 14) Sɛ yetie wɔn a, na yɛretie Yehowa. w23.10 6 ¶2-3
Dwoda, February 3
Nsɛm yi yɛ nokware, na ɛrenni huammɔ.—Adi. 21:5.
Ade baako a ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den ne sɛ yebedwinnwen Yehowa tumi ho. Biribiara a wahyɛ ho bɔ no, obetumi ama aba mu. Ade yi, ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. (Hiob 42:2; Mar. 10:27; Efe. 3:20) Ɛwom sɛ na Abraham abɔ akwakoraa na na ne yere Sara nso abɔ aberewa, nanso Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛwo ɔbabarima. (Gen. 17:15-17) Afei nso, ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔde Kaanan asaase no bɛma n’asefo. Mfe pii a Israelfo a na wɔyɛ Abraham asefo yɛ nkoa wɔ Egypt no, nnipa ani so no, na asɛ saa bɔhyɛ no rentumi mma mu da. Nanso ɛbaa mu. Ɔka kyerɛɛ Maria a na ɔyɛ ɔbaabun no sɛ ɔbɛwo Onyankopɔn Ba. Ná ɛno bɛma ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ no mfe mpempem pii wɔ Eden turom hɔ no aba mu! (Gen. 3:15) Sɛ yedwinnwen ɛbɔ ahorow a Yehowa hyɛe ne sɛnea ɛbaa mu no ho a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ tumi paa, na ɛma yenya gyidi paa sɛ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛba.—Yos. 23:14; Yes. 55:10, 11. w23.04 28 ¶10-12
Benada, February 4
O Yehowa, tie me mpaebɔ; yɛ aso tie me sufrɛ.—Dw. 143:1.
Mpae a Dawid bɔe sɛ Yehowa nnye no no, otiei. (1 Sam. 19:10, 18-20; 2 Sam. 5:17-25) Yɛn nso, yebetumi anya saa ahotoso no bi. (Dw. 145:18) Ebia Yehowa remmua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan. “Ɔhonam mu nsɔe” bi a na ɛreteetee Paul no, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma emfi ne so. Paul hyɛɛ da bɔɔ saa ɔhaw kɛse yi ho mpae mprɛnsa. Yehowa buaa saa mpaebɔ no anaa? Yiw, nanso ɛnyɛ sɛnea na Paul hwɛ kwan. Sɛ́ anka Yehowa beyi ɔhaw no afi hɔ no, ɔmaa no tumi a ɛbɛboa no ama wakɔ so de nokwaredi asom no. (2 Kor. 12:7-10) Yɛn nso, ɛtɔ da a ebia ɛnyɛ sɛnea yɛhwɛ kwan no na Yehowa bebua yɛn mpaebɔ. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nim bere pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔboa yɛn. Obetumi mpo ‘ayɛ ade ma aboro nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa no.’ (Efe. 3:20) Ɛno nti, obetumi abua yɛn mpaebɔ wɔ bere a yɛnhwɛ kwan. Afei nso, ɔkwan bi a yɛn ani nna so no, obetumi afa so abua yɛn mpaebɔ. w23.05 8-9 ¶4-6
Wukuda, February 5
Bere no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔapue.—Yoh. 5:28, 29.
Owusɔre a Bible ka sɛ ɛbɛba daakye no, ɛwom ara a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa dwinnwen ho. Adɛn ntia? Efisɛ yennim da a owuyare bi bɛbɔ yɛn anaa da a yɛn dɔfo bi bewu mpofirim. (Ɔsɛnk. 9:11; Yak. 4:13, 14) Sɛ biribi saa si a, owusɔre anidaso a yɛwɔ no betumi aboa yɛn ma yɛagyina ano. (1 Tes. 4:13) Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no nim yɛn yiye na ɔdɔ yɛn paa. (Luka 12:7) Ɛno nti, Yehowa betumi asan abɔ yɛn de suban ne adwene a na yɛwɔ no ama yɛn pɛpɛɛpɛ. Afei nso, Yehowa dɔ yɛn paa, enti wama yɛanya hokwan sɛ yebetumi atena ase daa. Sɛ yewu mpo a, obetumi anyan yɛn. Adɛn nti na yebetumi agye owusɔre no adi? Efisɛ, yegye di sɛ Onii a wahyɛ bɔ no wɔ ɔpɛ no ne tumi a ɔde bɛyɛ. w23.04 8-9 ¶2-4
Yawda, February 6
Afe biara, nea na [Yosef ne Maria] yɛ ne sɛ, wɔkɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.—Luka 2:41.
Yosef ne Maria boom yɛɛ nea ɛbɛma wɔne Yehowa ayɔnkofa mu akɔ so ayɛ den. Wɔhui sɛ ehia sɛ wɔbom som Yehowa sɛ abusua. (Luka 2:22-24; 4:16) Wei yɛ nhwɛso pa paa ma awarefo a ɛwɔ hɔ nnɛ! Sɛ mowɔ mma te sɛ nea na Yosef ne Maria wɔ no a, ebia ɛbɛyɛ den ama mo sɛ mobɛkɔ adesua anaa mobɛpɛ bere de ayɛ abusua som. Ebetumi mpo ayɛ den ama mo sɛ mubenya bere de asua ade, anaa moabom abɔ mpae sɛ awarefo. Nanso, monkae sɛ, sɛ mobom som Yehowa a, ɛma mobɛn no, na ɛma mo mu biara nso bɛn ne yɔnko. Enti momfa Yehowa som nni kan wɔ biribiara mu. Sɛ w’aware agyigya nso ɛ? Ɛnde, ebia abusua som a mobɛbom ayɛ no renyɛ wo akɔnnɔ. Sɛ saa a, ahyɛase no, mubetumi apɛ biribi tiawa bi a ɛyɛ anigye na mo adwene hyia wɔ ho asusuw ho. Wei bɛhyɛ mo aware no mu gya, na ɛbɛma mo ani agye ho paa sɛ mobɛbom asom Yehowa. w23.05 22 ¶7-8
Fida, February 7
Ná Obadia yɛ obi a osuro Yehowa paa.—1 Ahe. 18:3.
Sɛn na Yehowa ho suro boaa Obadia? Ade baako ne sɛ, ɛma odii nokware, na ɛmaa afoforo gyee no dii, enti ɔhene no de n’ahemfie no hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so. (Fa toto Nehemia 7:2 ho.) Afei nso, Onyankopɔn ho suro a na Obadia wɔ no, ɛma onyaa akokoduru kɛse. Ná ɛho hia paa sɛ onya saa su yi, efisɛ ɔtenaa ase wɔ ɔhene tirimɔdenfo Ahab bere so. (1 Ahe. 16:30) Bio nso, Ahab yere Yesebel a na ɔsom Baal no, na ɔtan Yehowa paa, enti ɔyɛe sɛ ɔbɛtɔre nokwaresom ase wɔ atifi fam ahemman no mu. Yesebel kunkum Onyankopɔn adiyifo pii mpo. (1 Ahe. 18:4) Bere a Yesebel rehwehwɛ Onyankopɔn adiyifo akunkum wɔn no, Obadia faa wɔn mu 100 de wɔn kohintaw ‘ɔbodan mu, aduonum aduonum, na ɔmaa wɔn aduan ne nsu daa.’ (1 Ahe. 18:13, 14) Sɛ wɔhuu nea Obadia yɛe no a, anka ɔkwan biara so, wɔbekum no. Ɛwom, na Obadia suro, na na ɔmpɛ sɛ obewu. Nanso, na Obadia dɔ Yehowa ne wɔn a wɔsom no no sen sɛnea na odwen ɔno ara ne nkwa ho no. w23.06 16 ¶9-10
Memeneda, February 8
‘Me, Yehowa, mene Nea ɔkyerɛ wo kwan.’—Yes. 48:17.
Yehowa kɔ so ara kyerɛ ne nkurɔfo kwan nnɛ sɛnea ɔkyerɛɛ wɔn kwan tete no. Ɔnam n’Asɛm ne ne Ba a ɔyɛ asafo no ti no so na ɛyɛ saa. Afei nso, adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn da so ara fa nnipa so kyerɛ ne nkurɔfo kwan no, yehu anaa? Yiw. Momma yɛnhwɛ nea ɛkɔɔ so afe 1870 akyi. Charles Taze Russell ne wɔn a ɛka ne ho hwehwɛɛ Bible mu hui sɛ afe 1914 no, Onyankopɔn Ahenni no befi ase adi tumi. (Dan. 4:25, 26) Bible nkɔmhyɛ na ɛboaa wɔn ma wɔtumi hui. Bible mu nhwehwɛmu a wɔyɛe no, Yehowa na ɔkyerɛɛ wɔn kwan anaa? Biribiara kyerɛ sɛ na Yehowa rekyerɛ wɔn kwan. Nsɛm a esisii afe 1914 no ma yehu ampa ara sɛ na Onyankopɔn Ahenni no afi ase redi tumi. Saa bere no na Wiase Ko a Edi Kan no fii ase; nsanyare a edi awu, asaasewosow, ne ɔkɔm nso bae. (Luka 21:10, 11) Ɛda adi pefee sɛ na Yehowa nam Kristofo mmarima anokwafo yi so reboa ne nkurɔfo. w24.02 22 ¶11
Kwasida, February 9
Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso, nanso Yehowa gye no fi ne nyinaa mu. —Dw. 34:19.
Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo nti, yenim sɛ ɔdɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye paa wɔ asetena mu. (Rom. 8:35-39) Yegye di nso sɛ, sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛboa yɛn bere nyinaa. (Yes. 48:17, 18) Nanso, sɛ ɔhaw bi a yɛnhwɛ kwan to yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛn busuani bi betumi adi yɛn huammɔ. Yare a emu yɛ den betumi abɔ yɛn. Ɛba saa a, ebia yɛrentumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Atoyerɛnkyɛm betumi asi ama yɛahwere yɛn agyapade nyinaa. Anaa yɛn gyidi nti, nkurɔfo betumi atan yɛn ani. Sɛ yehyia ɔhaw a ɛtete saa a, ebia yebebisa sɛ: ‘Adɛn nti na biribi saa ato me? Bɔne bɛn na mayɛ? Wei kyerɛ sɛ Yehowa ayi ne nhyira afi me so anaa?’ Woate nka saa pɛn? Sɛ saa a, mma w’abam mmmu. Yehowa asomfo anokwafo pii ate nka saa pɛn.—Dw. 22:1, 2; Hab. 1:2, 3. w23.04 14 ¶1-2
Dwoda, February 10
Masi me bo sɛ medi w’ahyɛde so da biara.—Dw. 119:112.
Sɛ biribi retwetwe yɛn sɛ yɛnkɔyɛ bɔne anaa ɔbrafi bi ho adwene ba yɛn tirim a, ɛnsɛ sɛ yɛtenatena ho koraa; ntɛm pa ara, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho anaa yeyi saa adwene no fi yɛn tirim. Yehowa pɛ sɛ ‘yefi koma mu yɛ osetie.’ (Rom. 6:17) Akwankyerɛ biara a ɔde ma yɛn no, ɛboa yɛn, na yɛrentumi nsesa ne mmara. (Yes. 48:17, 18; 1 Kor. 6:9, 10) Ɔbonsam tumi ma nkurɔfo yɛ yɛn basabasa anaa wɔhyɛ yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a obedidi yɛn ase ma yɛagyae Yehowa som. Ɔpɛ sɛ ‘ɔkyere yɛn we,’ anaa ɔma yɛne Yehowa ntam sɛe. (1 Pet. 5:8) Kristofo a na ɛwɔ asomafo no bere so no, esiane sɛ na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbegyina pintinn nti, wɔhunahunaa wɔn mu binom, wɔhwee ebinom na wɔkunkum ebinom nso. (Aso. 5:27, 28, 40; 7:54-60) Ɛnnɛ, Satan da so ara sɔre tia Yehowa asomfo. Wei ho nhwɛso na ɛrekɔ so wɔ Russia ne aman foforo so no. Atamfo redi yɛn nuanom ani wɔ hɔ paa. Ɛno da nkyɛn a, atamfo reteetee anuanom. Ɔsɔretia a Satan de ba yɛn so akyi no, ɔsan fa “nnɛɛdɛe” so.—Efe. 6:11. w23.07 15-16 ¶6-9
Benada, February 11
‘Momma yennya ɔdɔ na yennyin wɔ nneɛma nyinaa mu.’—Efe. 4:15.
Wusua Bible no a, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse. Ɛno bɛkanyan wo ma wode nea wusua no ayɛ adwuma. Bible nnyinasosɛm boa wo ma wusisi gyinae pa. Wosesa wo suban ne w’abrabɔ, efisɛ wopɛ sɛ wosɔ Onyankopɔn ani. Sɛnea abofra suasua n’awofo a wɔdɔ no no, wo nso wusuasua yɛn soro Agya no. (Efe. 5:1, 2) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Ɔdɔ a na mewɔ ma Yehowa bere a mebɛyɛɛ Kristoni no, seesei ayɛ kɛse anaa? M’asubɔ akyi no, me suban ne me nneyɛe kyerɛ sɛ meresuasua Yehowa paa, ɛnkanka, sɛ ɛba ɔdɔ a meyi no adi akyerɛ anuanom a?’ Sɛ “ɔdɔ a na wowɔ kan no” ano adwo a, mma w’abam mmmu. Tete Kristofo no nso, biribi a ɛte saa too wɔn, nanso Yesu ampo wɔn, na yɛn nso, ɔrempo yɛn. (Adi. 2:4, 7) Onim sɛ yesuaa nokware no, ɔdɔ a yenyae no, yebetumi asan ahyɛ mu den. w23.07 8 ¶2-3
Wukuda, February 12
O Yehowa, wuye, na wuyi wo yam de bɔne kyɛ.—Dw. 86:5.
Ɔsomafo Petro dii mfomso pii. Nea edi kan, Petro gyee ne ho dii dodo; ɔhoahoaa ne ho sɛ, sɛ asomafo a aka no nyinaa guan gyaw Yesu mpo a, ɔno de ɔbɛbata ne ho. (Mar. 14:27-29) Ɛno akyi, Petro antumi anwɛn; ɔdae mprɛnsa. (Mar. 14:32, 37-41) Afei bere a dɔm no de sekan ne nkontimmaa bae sɛ wɔrebɛkyere Yesu no, Petro guan gyaw no. (Mar. 14:50) Awiei koraa no, Petro kaa no mprɛnsa sɛ onnim Yesu, na ɔkaa ntam dii nse mpo. (Mar. 14:66-71) Bere a Petro hui sɛ wayɛ bɔne kɛse no, dɛn na ɔyɛe? Ne werɛ howee, na osui paa. (Mar. 14:72) Sɛ́ anka Yesu bɛka Petro anim wɔ mfomso a odii no ho no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔde nnwuma akɛseakɛse bɛhyehyɛ ne nsa. (Yoh. 21:15-17) Ná Petro nim sɛ wayɛ bɔne paa, nanso wampa abaw. Adɛn ntia? Efisɛ na ogye di paa sɛ, ne Wura Yesu mpaa abaw wɔ ne ho. Asuade a ɛwom ne sɛn? Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ɔdɔ yɛn, na wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.—Rom. 8:38, 39. w24.03 18 ¶13-15
Yawda, February 13
Wɔn a wadi wɔn awu no dɔɔso.—Mmeb. 7:26.
Aguamammɔ anaa awaresɛe betumi akɔfa animguase aba, na ebetumi ama obi ate nka sɛ ɔnsɛ hwee. Nyinsɛn a wɔmpɛ ne awaregyae nso betumi afi mu aba. Enti, eye paa sɛ yɛrenkɔ ɔbea kwasea no ‘fie’ mpo na yɛakodi n’aduan. Nnipa a wɔbu brabɔne no ne Yehowa ntam sɛe. Ɛno da nkyɛn a, wɔn mu bebree nya nyarewa a etumi twa wɔn nkwa nna so. (Mmeb. 7:23) Mmebusɛm ti 9, nkyekyɛm 18 de asɛm no ba awiei sɛ: “Ɔdamoa mu tɔnn na wɔn a wɔkɔ ne nkyɛn no wɔ.” Baabi a amanehunu wɔ sei de, adɛn nti na nnipa pii kɔ hɔ? (Mmeb. 9:13-18) Ade baako a ehia sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho paa ne ponografi. Ebinom dwen sɛ wɔhwɛ ponografi a ɛnyɛ hwee. Nanso, sɛ obi hwɛ ponografi a ɛyɛ hu, etumi ma obu a obi wɔ ma ne ho ne afoforo so tew koraa, na etumi yɛ den paa sɛ obegyae hwɛ. Sɛ obi hwɛ ponografi anaa aguamansɛm ho mfoni a, ebetumi ayɛ den paa sɛ ɛbɛpopa afi n’adwenem. Afei nso, ponografi nkum akɔnnɔ bɔne; ɛma emu yɛ den mmom. (Kol. 3:5; Yak. 1:14, 15) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔhwɛ ponografi no, wɔn mu bebree bu brabɔne. w23.06 23 ¶10-11
Fida, February 14
Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no, na ɛno nko ara na ebegyina daa.—Dan. 2:44.
Enti ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a aman bi bɛsɔre atia Anglo-Amerika Wiase Tumidi no, nanso wɔrentumi ntu no ade so da. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, “ɔbo” a egyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni no bebubu ohoni no nan ase a egyina hɔ ma Anglo-Amerika tumidi no. (Dan. 2:34, 35, 44, 45) Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa ohoni no nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte ho no, wugye di paa sɛ ɛyɛ nokware? Sɛ wugye di a, ɛbɛkyerɛ sɛnea wobɛbɔ wo bra. Woremmoaboa ahonyade ano wɔ wiase a ɛregye nna awu yi mu. (Luka 12:16-21; 1 Yoh. 2:15-17) Afei nso, sɛ wote nkɔmhyɛ yi ase a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no ho hia paa. (Mat. 6:33; 28:18-20) Wusua nkɔmhyɛ yi wie a, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Gyinae a misisi kyerɛ sɛ migye di paa sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa?’ w23.08 11 ¶13-14
Memeneda, February 15
Yɛn mu biara bebu ɔno ara n’akontaa akyerɛ Onyankopɔn.—Rom. 14:12.
Gye tom sɛ ebia mfe a woadi, w’apɔwmuden, ne wo tebea nti worentumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ nyinaa. Sɛnea Basilai yɛe no, wo nso sɛ wɔde hokwan bi rema wo, na yare anaa onyin nti worentumi nyɛ a, nnye. (2 Sam. 19:35, 36) Suasua Mose; sɛ ebinom pɛ sɛ wɔboa wo a, gye tom na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa dwumadi hyehyɛ afoforo nsa. (Ex. 18:21, 22) Wobrɛ wo ho ase saa a, botae a worentumi nnu ho no, woremfa nsisi w’ani so. Gyinae bɔne a afoforo sisi no, ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ ɛho asodi da yɛn so. Yɛrentumi nsisi gyinae mma afoforo; afei nso, sɛ wɔsisi gyinae bɔne a, ɛso nsunsuanso no, ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi abɔ wɔn ho ban afi ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia awofo bi babarima anaa wɔn babea betumi agyae Yehowa som. Ɛba saa a, ebetumi ama awofo no adi awerɛhow paa. Nanso, awofo a wɔn ba si gyinae bɔne a ɛyɛ wɔn sɛ ɛho asodi da wɔn so no, wɔso adesoa kɛse. Wei nyɛ adesoa a Yehowa pɛ sɛ wɔsoa. w23.08 29 ¶11-12
Kwasida, February 16
[Samson] ani begyee ɔbea bi ho. . . . Ɔbea no din de Delila.—Atem. 16:4.
Ná Samson tɔ sin te sɛ yɛn ara, enti ɛtɔ da a, na osisi gyinae bɔne. Gyinae bi a osii kɔfaa nsunsuanso bɔne brɛɛ no. Bere a Samson bɛyɛɛ ɔtemmufo wɔ Israel no, eduu baabi no, “n’ani begyee ɔbea bi ho wɔ Sorek Bon mu. Ɔbea no din de Delila.” Ansa na Samson ani rebegye Delila ho no, odii kan ne Filistini bea bi yɛɛ aware nhyehyɛe. Saa aware nhyehyɛe no, na “Yehowa nsa wom,” efisɛ na Yehowa ‘rehwehwɛ kwan a ɔbɛfa so anya Filistifo no.’ Akyiri yi, Samson kɔɔ tuutuuni bea bi fie wɔ Filistifo kurow Gasa mu. Saa bere no, Onyankopɔn maa Samson ahoɔden ma otuu kurow no apon soa kɔe, na wei maa kurow no ano kwan daa hɔ. (Atem. 14:1-4; 16:1-3) Nanso Delila asɛm no de, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ soronko efisɛ ɛda adi sɛ na ɔyɛ Israelni. Filistifo no ka kyerɛɛ Delila sɛ, sɛ ɔboa wɔn ma wɔn nsa ka Samson a, wɔbɛma no sika kɛse, na ɔno nso penee so. w23.09 5 ¶12-13
Dwoda, February 17
Onipa nhumu ma ɔtwentwɛn n’abufuw ase.—Mmeb. 19:11.
Nhumu betumi aboa yɛn ma yɛada odwo adi. Obi a ɔwɔ nhumu no, sɛ nkurɔfo kasa tia ne gyidi a, otumi hyɛ ne ho so. Mpɛn pii no, nkurɔfo bisa yɛn asɛm a, adwene a ɛwɔ akyi no, wɔntaa nka. Enti, ɛnyɛ sɛ ‘yɛtee medaase aberaw ara na yɛama yɛn kora so.’ Ebia ebehia sɛ yehu nea enti a onii no bisaa saa asɛm no. (Mmeb. 16:23) Yɛnhwɛ sɛnea Gideon ne Efraim mmarima no kasae. Wɔde abufuw bisaa Gideon nea enti a bere a ɔne Midianfo no rekɔko no wamfrɛ wɔn. Wohwɛ a, adɛn nti paa na wɔn bo fuwii saa? Ebia ɛyɛɛ wɔn sɛ Gideon abu wɔn animtiaa. Sɛnea ɛte biara, Gideon de nhumu yɛɛ adwuma na ohuu nea enti a wɔn bo afuw no, na ɔne wɔn kasae wɔ odwo so. Dɛn na efii mu bae? Sɛnea ɔne wɔn kasae no bubuu wɔn aprɛ, na “wɔn bo dwoe.”—Atem. 8:1-3. w23.09 16 ¶8-9
Benada, February 18
Me na na ɔpɛ m’asɛm yiye daa nyinaa.—Mmeb. 8:30.
Sɛnea Agya bi ne ne ba betumi anya abusuabɔ a emu yɛ den no, Yehowa ne Yesu nso, ayɔnkofa a ɛda wɔn ntam no, emu yɛ den paa. Ɛnyɛ dɛn ara a, na ɛbɛyɛ Yehowa yaw paa, efisɛ ohui sɛ nkurɔfo reyɛ ne ba no ayayade, wɔnnye no nni, na wɔreteetee no paa. Ɔwofo biara a ne ba awu pɛn no, onim sɛ ɛde awerɛhodi kɛse na ɛba. Sɛ yɛn biribi wu a, ɛwom sɛ yegye di sɛ owusɔre no bɛba, nanso ɛno mpopa yaw a yedi no mfi hɔ. Saa nhwɛso yi ma yɛte nea Yehowa faa mu no ase. Bere a ne Dɔba no huu amane na owui no, ɛda adi sɛ odii yaw paa. (Mat. 3:17) Efi saa bere yi kosi da a yɛbɛyɛ Nkaedi no, sɛ woreyɛ kokoam adesua anaa moreyɛ abusua som a, mubetumi asua agyede no ho ade. Ɛno da nkyɛn a, Daa Asɛm titiriw a wɔyɛ ma yɛn Nkaedi da no, mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛhwɛ. Sɛ yetumi siesie yɛn koma ma Nkaedi no a, yebetumi aboa afoforo ma wɔn nso anya so mfaso.—Esra 7:10. w24.01 11 ¶10-12
Wukuda, February 19
Ɔbɛma moayɛ den.—1 Pet. 5:10.
Ɔkwan baako a yebetumi afa so anya ahoɔden afi Yehowa hɔ ne sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Yehowa nso betumi ama yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” de abua yɛn mpae no. (2 Kor. 4:7) Afei nso, sɛ yɛkenkan n’Asɛm no, na yedwinnwen ho a, ebetumi ahyɛ yɛn den. (Dw. 86:11) Yehowa asɛm a ɔde ama yɛn wɔ Bible mu no, “tumi wɔ mu.” (Heb. 4:12) Sɛ wobɔ Yehowa mpae na wokenkan n’Asɛm no a, ɛbɛboa wo ma woanya ahoɔden de agyina wo haw ano na w’anigye ansɛe. Afei nso, sɛ wote nka sɛ dwumadi bi boro wo so a, ɛbɛboa wo ma woatumi adi ho dwuma. Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa hyɛɛ odiyifo Yona den. Yehowa de adwuma bi hyɛɛ Yona nsa, na na ɔte nka sɛ ɛboro no so, enti oguanee. Ɛno nti, ɛkaa dɛ anka ɔne wɔn a ɛte po so hyɛn no mu nyinaa hweree wɔn nkwa, efisɛ ahum kɛse bi tui. Bere a wɔtow no too po no mu no, apataa kɛse bi menee no; apataa yam nso de, yɛnkɔ nsan mma! Bere a Yona hyɛ apataa no yam a na wayɛ ankonam no, dɛn na ɔyɛe a ɛhyɛɛ no den? Ɔbɔɔ mpae.—Yona 2:1, 2, 7. w23.10 13 ¶4-6
Yawda, February 20
Ade nyinaa awiei abɛn.—1 Pet. 4:7.
Ɛwom sɛ ɔsomafo Petro kyerɛw ne nkrataa no kɔmaa tete Kristofo no de, nanso Yehowa de kaa n’Asɛm Bible no ho. Enti yɛn nso, saa nkrataa no mu nsɛm betumi aboa yɛn. (Rom. 15:4) Nnipa a wɔnnye Bible nkɔmhyɛ nni atwa yɛn ho ahyia. Ebia atamfo bedi yɛn ho fɛw, efisɛ yefii ase kaa sɛ awiei no bɛba nyɛ nnɛ. Ebinom ka sɛ ɛnyɛ ade a awiei no bɛba da. (2 Pet. 3:3, 4) Sɛ obi a yɛne no yɛ adwuma, yɛn busuani anaa obi a yehyia no wɔ asɛnka mu ka saa asɛm no a, ebetumi ama yɛn gyidi ahinhim. Petro kyerɛɛ nea ebetumi aboa yɛn. Yehowa aka sɛ ɔbɛsɛe wiase bɔne yi, nanso ebia ebinom benya adwene sɛ, wakyɛ. Petro nsɛm no betumi ama yɛatene yɛn adwene wɔ awiei no ho, na akae yɛn sɛ, sɛnea Yehowa bu bere no, ɛnyɛ saa na nnipa hu no koraa. (2 Pet. 3:8, 9) Yehowa ani so no, mfe apem yɛ da koro. Yehowa wɔ abotare na ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe. Nanso sɛ da a wahyɛ no so a, ɔbɛsɛe wiase yi. w23.09 26-27 ¶2-5
Fida, February 21
Ɛno nti na nsɛm a yɛte no, ehia sɛ yɛde yɛn adwene si so kyɛn sɛnea yɛyɛ no daa no, na amma da sɛ yɛde nkakrankakra befi gyidi no ho.—Heb. 2:1.
Kristofo a wɔyɛ Hebrifo a na wɔte Yudea no, adɛn nti na ɔsomafo Paul kyerɛw wɔn? Ɛbɛyɛ sɛ nneɛma mmienu bi ntia. Nea edi kan, ɔkyerɛw de kɔhyɛɛ wɔn nkuran. Esiane sɛ wɔtetee wɔn mu dodow no ara wɔ Yudasom mu nti, ɛbɛyɛ sɛ na Yudasom mu mpanyimfo no di wɔn ho fɛw sɛ wɔabɛyɛ Kristofo. Nea enti a ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ saa ne sɛ, na Kristofo no nni asɔrefie kɛse biara a wɔkɔ mu kɔsom, ná wɔnni afɔremuka a wɔbɔ so afɔre ma Onyankopɔn, na na wɔnni asɔfo nso. Ná wei betumi ama Kristo asuafo no abam abu na wɔn gyidi ayɛ mmerɛw. (Heb. 3:12, 14) Ɛbɛyɛ sɛ wɔn mu bi mpo yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsan akɔ Yudasom mu. Nea ɛtɔ so mmienu, Paul maa saa Kristofo a wɔyɛ Hebrifo no hui sɛ, nkyerɛkyerɛ a emu dɔ anaa “aduan a ɛyɛ den” a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, wɔmpɛ sɛ wɔbɛyere wɔn ho asua ate ase. (Heb. 5:11-14) Ɛda adi sɛ, na wɔn mu bi da so ara kura Mose Mmara no mu denneennen. w23.10 24-25 ¶3-4
Memeneda, February 22
Wo ne mmabaa nkasa sɛ nua mmea wɔ ahotew nyinaa mu.—1 Tim. 5:1, 2.
Anuanom mmea bi asi gyinae sɛ wɔrenware. (Mat. 19:10-12) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa ne Yesu mmu asigyafo animtiaa. Wokɔ wiase baabiara a, anuanom mmea asigyafo boa nsafo a wɔwom no paa. Esiane sɛ wɔdɔ afoforo na wɔdwen wɔn ho nti, anuanom bebree afa wɔn sɛ wɔn nua mmea anaa wɔn maamenom. (Mar. 10:29, 30) Wɔn mu bi abɛyɛ bere nyinaa asomfo. Asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no, Kristofo mmea na ɛyɛ emu fa kɛse no ara. (Dw. 68:11) Wubetumi de asi w’ani so saa bere yi abɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi anaa? Wubetumi ayɛ ɔkwampaefo, wubetumi atu wo ho ama akɔboa adansi adwuma, anaa woakɔsom wɔ Betel. Nea wode besi w’ani so no, bɔ ho mpae. Anuanom a wɔatumi adu saa botae no ho no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ na hu nea ehia sɛ woyɛ na woatumi ayɛ bi. Afei yɛ nhyehyɛe a wubetumi adi so. Sɛ wutumi du wo botae ho a, ebetumi abue hokwan pii ama wo wɔ Yehowa som mu. w23.12 22 ¶16-17
Kwasida, February 23
Ɛsɛ sɛ wodi kan ka asɛmpa no. —Mar. 13:10.
Esiane sɛ ahohiahia kɛse no rebobɔ ba nti, yehu sɛ saa bere yi paa na ehia sɛ yetie ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no. Nanso sɛ yɛn sikasɛm ayɛ basaa anaa asɛnka adwuma no nti yɛrehyia ɔsɔretia a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde yɛn adwene besi asɛnka adwuma no so. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde Ahenni no adi kan wɔ yɛn asetena mu? Ɛne sɛ, yebenya awerɛhyem sɛ “asafo Yehowa” ka yɛn ho. Sɛ yɛkɔ so de Ahenni no di kan a, ɔno nso bɛboa yɛn. Enti ɛnsɛ sɛ biribiara bɔ yɛn hu. (Hag. 2:4) Asuafoyɛ adwuma a egye nnipa nkwa no, Yehowa pɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so. Hagai hyɛɛ Yehowa nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsɔre waka na wɔnkɔtoa so nsi asɔrefie no. Sɛ wɔyɛ saa a, na Yehowa nso ahyɛ bɔ sɛ ‘obehyira wɔn.’ (Hag. 2:18, 19) Yɛn nso, adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no, sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetena mu a, yebetumi anya ahotoso sɛ obehyira yɛn. w23.11 16 ¶8; 17 ¶11
Dwoda, February 24
Wɔn nyinaa ayɛ bɔne.—Rom. 3:23.
Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔkaa sɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn abu yɛn sɛ yɛyɛ atreneefo, anaa asɛm biara nni yɛn ho, na wagye yɛn atom? Nea ɛbɛboa nokware Kristofo nyinaa ma wɔanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, Paul twee adwene sii Abraham nhwɛso so. Bere a Abraham te Kaanan asaase so no, saa bere no na Yehowa kaa sɛ ɔyɛ ɔtreneeni. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa tumi buu Abraham sɛ ɔyɛ ɔtreneeni? Mose Mmara a Abraham dii so no ntia anaa? Daabida. (Rom. 4:13) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bere a Onyankopɔn buu Abraham sɛ ɔtreneeni no, ɛno akyi bɛboro mfe 400 na ɔde Mose Mmara no maa Israel man no. Ɛnde, dɛn paa na Onyankopɔn gyinaa so buu Abraham sɛ ɔtreneeni? Abraham gyidi nti na Yehowa dom no buu no ɔtreneeni.—Rom. 4:2-4. w23.12 3 ¶4-5
Benada, February 25
Nea ɛda wo koma so biara, yɛ. —1 Be. 17:2.
Anadwo no ara a odiyifo Natan bɛkaa atifi hɔ asɛm no kyerɛɛ Ɔhene Dawid no, Yehowa ka kyerɛɛ Natan sɛ ɛnyɛ Dawid na obesi asɔrefie no. (1 Be. 17:3, 4, 11, 12) Bere a Dawid tee saa asɛm no, ɔyɛɛ n’ade sɛn? Ɔde botae foforo sii n’ani so. Ɔboaboaa sika ne nneɛma a na ne ba Solomon behia de asi asɔrefie no ano. (1 Be. 29:1-5) Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɛnyɛ ɔno na obesi asɔrefie no, ɛhɔ ara na Yehowa ne no yɛɛ apam. Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ, n’aseni bi bedi ade afebɔɔ. (2 Sam. 7:16) Dawid ani begye paa wɔ Mfirihyia Apem Nniso no ase wɔ wiase foforo no mu, efisɛ ɔbɛba abehu sɛ Yesu a ɔyɛ Ahenni no so Hene no fi n’abusua mu. Saa asɛm yi ma yehu sɛ, nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛ yentumi nyɛ ne nyinaa mpo a, ebia yɛn Nyankopɔn no bɛma yɛanya nhyira foforo a yɛnna nsoo ho dae mpo da. w23.04 15-16 ¶8-10
Wukuda, February 26
Yehowa rempo ne man.—Dw. 94:14.
Sɛ ehu ka wo a, ebia wubehu sɛ Bible mu nsɛm pɔtee bi betumi akyekye wo werɛ. Ebia Hiob, Nnwom ne Mmebusɛm nhoma no mu nsɛm betumi aka wo koma ato wo yam. Afei nso, Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo ti 6 no betumi aboa wo paa. Sɛ wobɔ Yehowa mpae na wokenkan n’Asɛm no a, wubenya awerɛkyekye. Sɛ esum duru yɛn wɔ ɔbra yi mu a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Ɔbɛka yɛn ho daa. (Dw. 23:4) Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban, ɔbɛma yɛagyina pintinn, ɔbɛboa yɛn, na wakyekye yɛn werɛ. Yesaia 26:3 ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so koraa no, wobɛbɔ wɔn ho ban; wobɛma wɔn asomdwoe daa, efisɛ wo na wɔde wɔn ho to wo so.” Enti fa wo ho to Yehowa so, na akwan a ɔpɛ sɛ ɔfa so boa yɛn no nso, gye tom. Sɛ woyɛ saa na sɛ ɔhaw no so sɛ dɛn mpo a, wubenya ahoɔden de agyina ano. w24.01 25 ¶16-17
Yawda, February 27
Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.—Yes 54:17.
Kyerɛwsɛm a nnɛ daa asɛm no gyina so no rebam wɔ yɛn bere yi so. Awerɛkyekyesɛm a edi so yi nso rebam wɔ yɛn bere yi so: “Yehowa bɛkyerɛkyerɛ wo mma mmarima nyinaa, na wo mma mmarima asomdwoe bɛdɔɔso. W’ase betim wɔ trenee mu. . . . Worensuro hwee, na biribiara remmɔ wo hu, efisɛ ɛremmɛn wo.” (Yes. 54:13, 14) Satan a ɔyɛ “wiase yi nyame” no mpo, ɔrentumi mma Yehowa nkurɔfo nnyae nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔreyɛ no. (2 Kor. 4:4) Nokwaresom afa ne ntama pa afura, na ɛrensɛe bio da biara da. Abegye agua afebɔɔ. Akode biara a wɔbɛyɛ de aba yɛn so no renyɛ yiye! w24.02 4 ¶10
Fida, February 28
Nea ɔpɛ ne papa anaa ne maame asɛm sen me no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.—Mat. 10:37.
Kristofo de, hyira a yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa no, yɛfa no aniberesɛm paa. Enti biribiara a yɛbɛyɛ anaa gyinae biara a yebesi afa yɛn abusua ho no, yɛkae sɛ yɛahyira yɛn ho so. Asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu no, yɛntoto no ase. Nanso yɛmfa nea yɛn abusua pɛ nni kan, mmom nea Yehowa pɛ na yɛde di kan. (Mat. 10:35, 36; 1 Tim. 5:8) Ɛno nti sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ɛtɔ mmere bi a, ebia ebehia sɛ yesisi gyinae bi a yɛn abusuafo ani nnye ho. Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua no, na ɔpɛ sɛ yɛn abusuafo ani gye. (Efe. 3:14, 15) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ani gye paa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea Yehowa pɛ. Biribiara a wode bɛbɔ afɔre na ama woatumi asom Yehowa no, nya awerɛhyem sɛ n’ani sɔ. Ɔdɔ ne obu a woda no adi kyerɛ w’abusuafo no nso, ɛsom bo ma no.—Rom. 12:10. w24.02 18 ¶11, 13