Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • es25 kr. 88-97
  • September

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September
  • Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dwoda, September 1
  • Benada, September 2
  • Wukuda, September 3
  • Yawda, September 4
  • Fida, September 5
  • Memeneda, September 6
  • Kwasida, September 7
  • Dwoda, September 8
  • Benada, September 9
  • Wukuda, September 10
  • Yawda, September 11
  • Fida, September 12
  • Memeneda, September 13
  • Kwasida, September 14
  • Dwoda, September 15
  • Benada, September 16
  • Wukuda, September 17
  • Yawda, September 18
  • Fida, September 19
  • Memeneda, September 20
  • Kwasida, September 21
  • Dwoda, September 22
  • Benada, September 23
  • Wukuda, September 24
  • Yawda, September 25
  • Fida, September 26
  • Memeneda, September 27
  • Kwasida, September 28
  • Dwoda, September 29
  • Benada, September 30
Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2025
es25 kr. 88-97

September

Dwoda, September 1

Adekyee hann fi soro bepue yɛn so.—Luka 1:78.

Onyankopɔn ama Yesu tumi a ɔde beyi adasamma haw nyinaa afi hɔ. Ɔhaw a yɛn ankasa yɛrentumi nyi mfi hɔ no, Yesu nam anwanwade a ɔyɛe so kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi a ɔde beyi ne nyinaa afi hɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bɔne a yenya fii awo mu ne ɛso nsunsuanso a ɛne yare ne owu no, ɛno na ɛkɔfaa adasamma haw nyinaa bae. Nanso, Yesu wɔ tumi a ɔde betu ne nyinaa ase ama yɛn ho atɔ yɛn. (Mat. 9:​1-6; Rom. 5:​12, 18, 19) Anwanwade a ɔyɛe no ma ɛdaa adi sɛ obetumi ‘asa nyarewa ahorow nyinaa bi’ na wanyan awufo mpo. (Mat. 4:23; Yoh. 11:​43, 44) Afei nso, ɔwɔ tumi a obetumi de adwudwo mframa gyampantrudu ano na wadi ahonhommɔne so. (Mar. 4:​37-39; Luka 8:2) Tumi kɛse a ɛte saa a yɛahu sɛ Yehowa de ama ne Ba no, ɛma yenya akomatɔyam paa! Yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, bɔhyɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyira bɛbrɛ yɛn daakye no bɛba mu. Anwanwade a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asaase so no, ɛma yehu nneɛma akɛseakɛse a ɔbɛyɛ esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene nti. w23.04 3 ¶5-7

Benada, September 2

Honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo mu.—1 Kor. 2:10.

Sɛ wowɔ asafo a emufo dɔɔso mu, na woma wo nsa so na wɔntaa mfrɛ wo a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ pɛ wo baabi tena. Nanso nnyae sɛ wobɛbɔ mmɔden ama mmuae. Adesua biara a wobɛkɔ no, siesie mmuae dodow bi. Sɛ ɛba saa na adesua no ahyɛase no, wɔamfrɛ wo a, adesua no rekɔ so no, wubetumi asan anya hokwan a wode bɛma mmuae. Sɛ woresiesie wo ho ama Ɔwɛn-Aban Adesua no a, hwɛ sɛnea nkyekyɛm biara fa adesua no asɛmti no ho. Woyɛ saa a, bere a adesua no rekɔ so no, ɛnyɛ dɛn ara a wubenya biribi aka. Afei nso, nkyekyɛm ahorow a ɛka Bible nkyerɛkyerɛ a emu yɛ den ho asɛm no, wubetumi asiesie wo ho ama saa nkyekyɛm no, na sɛ edu hɔ a, woama mmuae. Adɛn ntia? Efisɛ edu saa ɔfã no a, ebia nnipa kakraa bi na ɛbɛma wɔn nsa so. Na sɛ moakɔ adesua dodow bi nanso wunnyaa kwan mmaa mmuae a, dɛn na wobɛyɛ? Ansa na adesua no befi ase no, kohu nea ɔhwɛ adesua no so no, na ka asɛmmisa a wopɛ sɛ woma ho mmuae no kyerɛ no. w23.04 21-22 ¶9-10

Wukuda, September 3

‘Yosef yɛɛ nea Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ no no, na ɔfaa ne yere kɔɔ fie.’—Mat. 1:24.

Ná Yosef ntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde Yehowa akwankyerɛ bɛyɛ adwuma, enti ɔbɛyɛɛ okunu pa. Anyɛ yiye koraa no, onyaa akwankyerɛ a ɛfa n’abusua ho mprɛnsa fii Onyankopɔn hɔ. Emu biara no, wantenatena ho koraa, bere mpo a na ehia sɛ ɔyɛ nsakrae akɛse no. (Mat. 1:20; 2:​13-15, 19-21) Esiane sɛ Yosef tiee Onyankopɔn akwankyerɛ nti, otumi bɔɔ Maria ho ban, ɔboaa no, na ɔhwɛɛ no. Nea Yosef yɛe yi, wunhu sɛ na ɛbɛma Maria adɔ no na wabu no kɛse? Okununom, sɛ mohwehwɛ Bible mu afotu a ɛbɛboa mo ama moahwɛ mo abusua a, ɛkyerɛ sɛ moresuasua Yosef. Sɛ ehia sɛ moyɛ nsakrae mpo na mode saa afotu no ayɛ adwuma, na moyɛ a, ɛbɛma mo yerenom ahu sɛ modɔ wɔn, na ɛbɛma mo aware asɔ. Onuawa bi a ɔwɔ Vanuatu a waware bɛboro mfe 20 ka sɛ: “Sɛ me kunu hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na ɔde yɛ adwuma a, ɛma minya obu kɛse ma no. Ɛma me koma tɔ me yam, na ɛmma m’adwene nhinhim wɔ ne gyinaesi ho.” w23.05 21 ¶5

Yawda, September 4

Ɔkwantempɔn bi bɛda hɔ. Saa kwan no, wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron. —Yes. 35:8.

Yudafo a na wɔfi Babilon resan akɔ wɔn kurom no, na wɔbɛyɛ “ɔman kronkron” ama wɔn Nyankopɔn. (Deut. 7:6) Nanso na ɛno nkyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ nsakrae biara na ama wɔasɔ Yehowa ani. Wɔwoo Yudafo dodow no ara wɔ Babilon, enti ɛda adi sɛ na Babilonfo adwene ne wɔn nneyɛe anya wɔn mu bebree so tumi. Bere a Amrado Nehemia hui sɛ mmofra a wɔawo wɔn wɔ Israel no ntumi nka Hebri kasa no, ne ho dwiriw no paa. (Deut. 6:​6, 7; Neh. 13:​23, 24) Hebri kasa ne kasa titiriw a wɔde kyerɛw Onyankopɔn Asɛm no. Enti, sɛ mmofra no nte saa kasa no a, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔasua sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa na wɔasom no? (Esra 10:​3, 44) Wei ma yehu sɛ, na ɛsɛ sɛ Yudafo no yɛ nsakrae akɛse paa. Nanso na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa nsakrae yi wɔ Israel, efisɛ nkakrankakra na wɔresan ama nokwaresom so bio wɔ hɔ.—Neh. 8:​8, 9. w23.05 15 ¶6-7

Fida, September 5

Wɔn a wɔrehwe ase nyinaa Yehowa so wɔn mu, na ɔma wɔn a wɔahodwow nyinaa so gyina hɔ.—Dw. 145:14.

Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den anaa yemia yɛn ani sɛ dɛn mpo a, nneɛma bi betumi ayɛ osiakwan. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ‘biribi a yɛnhwɛ kwan’ betumi asi ama ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho. (Ɔsɛnk. 9:11) Yebetumi ahyia ɔhaw bi ama yɛn abam abu. (Mmeb. 24:10) Yɛn sintɔ nso betumi ama yɛayɛ biribi a ɛbɛma ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho. (Rom. 7:23) Anaa ebia yɛbɛte nka sɛ yɛabrɛ. (Mat. 26:43) Sɛ biribi ama ayɛ den sɛ yebedu yɛn botae ho a, dɛn na ebetumi aboa yɛn? Kae sɛ, sɛ biribi nti woantumi annu wo botae ho a, ɛno nkyerɛ sɛ woadi nkogu. Bible ka sɛ, yebetumi ahyia ɔhaw mpɛn pii. Nanso ɛsan ka no pefee sɛ, yebetumi asan agyina yɛn nan so. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedu wo botae ho na woampa abaw a, ɛma Yehowa hu sɛ wopɛ sɛ wosɔ n’ani. Sɛ Yehowa hu sɛ woreyere wo ho adu wo botae ho a, n’ani gye paa! w23.05 30 ¶14-15

Memeneda, September 6

Monyɛ nhwɛso mma nguankuw no nsuasua.—1 Pet. 5:3.

Akwampae adwuma boa aberantewaa ma ohu sɛnea ɔne nnipa ahorow ahorow bɛbom ayɛ adwuma yiye. Afei nso, ɛboa no ma ohu sɛnea ɔbɛtoto ne sikasɛm yiye. (Filip. 4:​11-13) Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo na ɔde akwampae boafo adwuma no fi ase a, ɛbɛboa no ama watumi de akwampae adwuma no atoa so. Sɛ obi yɛ ɔkwampaefo a, ebetumi abue hokwan afoforo ama no. Ebi ne sɛ obetumi akɔboa ma wɔasisi asafo adan anaa wakɔsom wɔ Betel. Ɛsɛ sɛ mmarima a ɛwɔ asafo no mu nyinaa de si wɔn ani so sɛ wɔbɛyere wɔn ho abɛyɛ asafo mu mpanyimfo. Wei bɛma wɔatumi asom wɔn nuanom. Bible ka sɛ mmarima a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden abɛyɛ mpanyimfo no, ‘wɔrepɛ adwuma pa.’ (1 Tim. 3:1) Ansa na obi betumi abɛyɛ ɔpanyin no, gye sɛ ɔbɛyɛ asafo mu somfo ansa. Asafo mu asomfo boa mpanyimfo no wɔ akwan pii so. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo nyinaa brɛ wɔn ho ase som wɔn nuanom, na wɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. w23.12 28 ¶14-16

Kwasida, September 7

Bere a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ ne nana Dawid Nyankopɔn.—2 Be. 34:3.

Bere a Ɔhene Yosia yɛ ɔbabun no na ofii ase hwehwɛɛ Yehowa. Ná ɔpɛ sɛ osua Yehowa ho ade na ɔyɛ n’apɛde. Nanso na ɛnyɛ mmerɛw mma ɔhene aberantewa yi. Saa bere no, na nnipa dodow no ara som abosom, enti na ɛsɛ sɛ onya akokoduru na watumi apagyaw nokwaresom. Otumi yɛe nso! Ansa na Yosia redi mfe 20 no, ofii ase tuu atorosom ase fii ɔman no mu. (2 Be. 34:​1, 2) Sɛ woyɛ abofra mpo a, wubetumi ahwehwɛ Yehowa na woasua ne ho ade de asuasua Yosia. Sɛ wutu saa anammɔn no a, ebetumi aboa wo ma woahyira wo ho so ama Yehowa. Sɛ wuhyira wo ho so a, sɛn na ɛbɛboa wo wɔ w’asetena mu? Yentie Luke; ɔbɔɔ asu no, na wadi mfe 14. Da a ohyiraa ne ho so maa Yehowa no, ɔkaa sɛ, “Efi nnɛ rekɔ, mede Yehowa som bedi kan wɔ m’asetena mu, na mɛbɔ mmɔden ama n’ani agye.” (Mar. 12:30) Wo nso, sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, obehyira wo paa! w23.09 11 ¶12-13

Dwoda, September 8

‘Momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu a wodi mo anim wɔ Awurade mu no.’—1 Tes. 5:12.

Bere a Paul kyerɛw saa krataa yi, na Tesalonikafo asafo no nnya nnii afe. Ɛbɛyɛ sɛ na mmarima a wɔdi nneɛma anim no nni suahu pii, na ebetumi aba sɛ na wɔdi mfomso. Ne nyinaa akyi no, na ɛfata sɛ wɔde obu ma wɔn. Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, ebia ebehia sɛ yɛde yɛn ho to yɛn asafo mu mpanyimfo so hwehwɛ akwankyerɛ sen sɛnea yɛyɛ no mprempren. Saa bere no, ebia yɛrentumi ne wiase nyinaa adwumayɛbea ti anaa Betel nni nkitaho; enti saa bere yi na ɛho hia paa sɛ yɛdɔ asafo mu mpanyimfo na yebu wɔn. Sɛ ɛdan sɛ boɔ koraa a, momma yɛmma yɛn ani nna hɔ, mommma yɛmmfa yɛn adwene nnsi wɔn sintɔ so, mmom momma yenhu sɛ, Yehowa nam Kristo so rekyerɛ saa mmarima anokwafo yi kwan. Sɛnea na dade kyɛw bɔ sogyani ti ho ban no, saa ara na yɛn nkwagye anidaso no nso bɔ yɛn adwene ho ban. Yenim sɛ nneɛma a ɛwɔ wiase no yɛ adehunu. (Filip. 3:8) Anidaso a yɛwɔ no boa yɛn ma yenya ntoboase, na ɛma yɛn adwene mu da hɔ. w23.06 11-12 ¶11-12

Benada, September 9

Ɔbea kwasea kasa dodo. Ne ti awu.—Mmeb. 9:13.

Obiara a “ɔbea kwasea” no bɛto nsa afrɛ no no wɔ gyinae bi a ɛsɛ sɛ osi: Ɛne sɛ, ɔbɛkɔ anaa ɔrenkɔ? Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ ho no, ntease wom paa. “Ɔbea kwasea” no ka sɛ: “Nsu a wɔawia yɛ dɛ.” (Mmeb. 9:17) Dɛn ne “nsu a wɔawia” no? Bible no de nna mu nkitahodi a ɛkɔ so wɔ awarefo ntam no toto nsu a ɛyɛ dɛ ho. (Mmeb. 5:​15-18) Awarefo betumi anya nna mu nkitahodi ama wɔn ani agye. Nanso “nsu a wɔawia” de, ɛyɛ soronko koraa. Ebetumi akyerɛ aguamammɔ anaa awaresɛe. Mpɛn pii no, nkurɔfo yɛ bɔne a ɛte saa wɔ sum ase, sɛnea akorɔmfo nso taa wia ade wɔ sum mu no. Sɛ wɔn a wɔrebu brabɔne a ɛte saa no nya adwene sɛ obiara renhu akyi a, ebia “nsu a wɔawia” no bɛyɛ wɔn dɛ. Hwɛ sɛnea wɔredaadaa wɔn ho! Yehowa ani tua biribiara. Biribiara nni hɔ a ɛyɛ yaw sen sɛ obi ne Yehowa ntam bɛsɛe. Sɛ obi ne Yehowa ntam sɛe a, dɛn na ɛyɛ “dɛ” wɔ ho?—1 Kor. 6:​9, 10. w23.06 22 ¶7-9

Wukuda, September 10

Sɛ mede amemenemfe yɛ mpo a, ne nyinaa mu no, wɔde ofiehwɛ adwuma bi ahyɛ me nsa.—1 Kor. 9:17.

Yɛmfa no sɛ, woahu sɛ wo mpaebɔ ntu mpɔn bio, anaa anigye a wode yɛ wo som adwuma no akɔ fam. Nnya adwene sɛ Yehowa ayi ne honhom afi wo so. Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛwom ara a, ahokeka a yɛde som Yehowa no, ano betumi abrɛ ase. Sɛ wuhu sɛ w’ahokeka ano rebrɛ ase a, dwinnwen ɔsomafo Paul nhwɛso no ho. Ɛwom, ɔbɔɔ mmɔden suasuaa Yesu, nanso ohui sɛ ɛtɔ da a, na ɛnyɛ mmerɛw mma no. Ná Paul asi ne bo sɛ, ɛmfa ho sɛnea ɔte nka biara no, ɔbɛyɛ ne som adwuma no. Wo nso, nnyina sɛnea wote nka no so nsisi gyinae. Si wo bo sɛ ɛmfa ho sɛnea wote nka biara no, wobɛyɛ nea ɛtene. Sɛ wokɔ so yɛ nea ɛtene a, ebedu baabi no, sɛnea wote nka no bɛsesa.—1 Kor. 9:16. w24.03 11-12 ¶12-13

Yawda, September 11

Monna mo dɔ adi nkyerɛ wɔn. —2 Kor. 8:24.

Sɛ yegye yɛn nuanom tom sɛ yɛn nnamfo a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. (2 Kor. 6:​11-13) Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, nsafo a yɛwɔ mu no, ɛsono sɛnea obiara te ne sɛnea obiara yɛ n’ade. Sɛ yɛde yɛn adwene si wɔn mu biara suban pa so a, ɛbɛboa ama ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no mu ayɛ den. Sɛ yɛbɔ mmɔden hu afoforo sɛnea Yehowa hu wɔn no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Ahohiahia kɛse no ba a, ebehia paa sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, ɛhe na yebenya ahobammɔ? Bere a atamfo tow hyɛɛ Babilon so no, momma yɛnhwɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnyɛ. Ɔkaa sɛ: “Me man, monkɔ, monkɔhyɛ mo mpia mu na monto mo apon mu wɔ mo akyi. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” (Yes. 26:20) Sɛ ahohiahia kɛse no ba a, yɛn nso ebia ebehia sɛ yetie saa akwankyerɛ no. w23.07 6-7 ¶14-16

Fida, September 12

Sɛnea wiase te no resesa. —1 Kor. 7:31.

Fa w’abrabɔ kyerɛ sɛ wote asɛm ase. Bisa wo ho sɛ: ‘Nkurɔfo nim me sɛ, mete asɛm ase, migyaa nsɛm mu, na mitie afoforo adwenkyerɛ? Anaa wɔnim me sɛ meyɛ kyenkyenenn, m’asɛm yɛ den, na meyɛ katee? Ɛyɛ a mitie afoforo adwenkyerɛ na sɛ ɛbɛyɛ yiye a mede nea wɔreka no ayɛ adwuma?’ Sɛ yɛamma yɛn asɛm anyɛ twann anaa yɛanyɛ kyenkyenenn a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa ne Yesu paa. Sɛ ɔbra no kyim yɛn kosi baabi a ɛyɛ den ma yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa. Nsakrae a ɛte saa betumi akɔfa ɔhaw a yɛnhwɛ kwan abrɛ yɛn. Yare kɛse bi a yɛnhwɛ kwan betumi abɔ yɛn. Ɔman a yɛte mu no sikasɛm betumi asɛe prɛko pɛ. Afei nso, wɔbetumi asesa aban no mpofirim. Ɛba saa a, ebetumi ama yɛn ho akyere yɛn. (Ɔsɛnk. 9:11) Sɛ ahyehyɛde no sesa yɛn dwumadi a, ebetumi ayɛ sɔhwɛ ama yɛn. Ɔhaw biara a yebehyia no, sɛ yɛyɛ nneɛma nnan a edidi so yi a, ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano: (1) gye tom sɛ mmere adane, (2) mma w’ani nnyɛ wo w’akyi w’akyi, (3) fa w’adwene si nneɛma pa a wubetumi ayɛ so, (4) boa afoforo. w23.07 21-22 ¶7-8

Memeneda, September 13

Wosom bo paa.—Dan. 9:23.

Bere a Babilonfo bɛfaa odiyifo Daniel sɛ deduani fii Yerusalem na wɔde no kɔɔ Babilon a ɛwɔ akyirikyiri no, na ɔyɛ aberante. Ɛwom sɛ na Daniel yɛ aberante, nanso Babilon atumfoɔ no adwene kɔɔ no so. Wɔhwɛɛ “nea etua aniwa,” kyerɛ sɛ, na ‘dɛm biara nni Daniel ho, na na ne ho yɛ fɛ.’ Afei nso, na ofi adehye abusua mu. (1 Sam. 16:7) Ɛno nti, Babilonfo no tetee no ma ɔkɔsomee wɔ wɔn ahemfie. (Dan. 1:​3, 4, 6) Ná Yehowa dɔ Daniel; ɛnyɛ n’ahoɔfɛ anaa dibea a na ɔwɔ wɔ ahemfie hɔ nti na na ɔdɔ no, na mmom sɛnea ɔbɔɔ ne bra nti. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Yehowa kaa sɛ Daniel yɛ ɔtreneeni te sɛ Noa ne Hiob a na wɔde mfe bebree abɔ bra pa ama wɔanya din pa wɔ Onyankopɔn anim no, ɛbɛyɛ sɛ na Daniel nnya nnii mfe 20 anaa na wadi mfe 20 ne kakra. (Gen. 5:32; 6:​9, 10; Hiob 42:​16, 17; Hes. 14:14) Daniel nyin kyɛe, na ɔbɔɔ bra pa nso, na ne nkwa nna nyinaa mu no, Yehowa kɔɔ so dɔɔ no.—Dan. 10:​11, 19. w23.08 2 ¶1-2

Kwasida, September 14

‘Hu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ no yiye.’—Efe. 3:18.

Sɛ wopɛ sɛ wotɔ dan bi a, wobɛpɛ sɛ w’ankasa wokɔ fie hɔ de w’ani kohu ɛho biribiara. Sɛ yɛrekenkan Bible anaa yɛresua a, yebetumi ayɛ biribi a ɛte saa. Sɛ wode Bible akenkan tu mmirika a, ‘Onyankopɔn nsɛm kronkron a wudii kan suae no,’ anhwɛ a worensua biribi foforo biara nka ho. (Heb. 5:12) Mmom, sɛnea woretɔ fie a wobɛkɔ mu akɔhwɛ mu biribiara no, Bible no nso, “kɔ mu” na dɔ mu asukɔ. Ɔkwan a eye paa a wobɛfa so asua Bible ne sɛ, wubehu sɛnea Bible afa ahorow no nyinaa mu nsɛm keka si anim no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea wugye di no ase. Afei nso, nea enti a wugye di no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase. Sɛ yɛbɛte Onyankopɔn Asɛm ase yiye a, nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛsɛ sɛ yɛdɔ mu asukɔ. Ɔsomafo Paul hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nsua Onyankopɔn Asɛm no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbehu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ, ne sɛnea emu dɔ no yiye.’ Sɛ wɔyɛ saa a, na ‘wɔbegye ntini, na wɔatim’ wɔ gyidi no mu. (Efe. 3:​14-19) Yɛn nso ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. w23.10 18-19 ¶1-3

Dwoda, September 15

Anuanom, momma adiyifo a wɔkasae wɔ Yehowa din mu no amanehunu ne wɔn abotare nyɛ nhwɛso mma mo.—Yak. 5:10.

Nnipa afoforo pii nso a na wɔwɔ abotare ho asɛm wɔ Bible mu. Wubetumi asua wɔn mu bi ho ade. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Dawid yɛ abofra no, Yehowa ma wɔsraa no sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene daakye, nanso na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn mfe pii ansa na wɔasi no hene. Simeon ne Hana nso, bere a na wɔretwɛn sɛ wɔbehu Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no, wɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa. (Luka 2:​25, 36-38) Sɛ woresua wɔn ho ade a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi a: Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa saa nipa yi ma onyaa abotare? Abotare a onyae no boaa no sɛn? Mɛyɛ dɛn asuasua no? Sɛ wusua wɔn a wɔannya abotare nso ho ade a, ebetumi aboa wo. (1 Sam. 13:​8-14) Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na wɔannya abotare? Nsunsuanso bɛn na ɛde baa wɔn so?’ w23.08 25 ¶15

Benada, September 16

Yɛagye adi, na yɛabehu sɛ wone Ɔkronkronni a ofi Onyankopɔn hɔ no.—Yoh. 6:69.

Ná ɔsomafo Petro yɛ ɔnokwafo; wamma biribiara ansiw no kwan sɛ ɔbɛkɔ so adi Yesu akyi. Bere bi, Yesu kaa asɛm bi a n’asuafo no ante ase, nanso Petro kyerɛe sɛ ɔbɛkɔ so adi n’akyi. (Yoh. 6:68) Asuafo no antwɛn ammisa Yesu sɛ ɔnkyerɛkyerɛ wɔn mu, ɛnna wɔn mu bebree gyaee n’akyi di. Nanso Petro de, wanyɛ saa. Ná onim sɛ Yesu nko ara na ɔwɔ “daa nkwa nsɛm.” Ná Yesu nim sɛ Petro ne asomafo a aka no beguan agyaw no. Nanso Yesu kaa biribi a na ɛkyerɛ sɛ ogye di sɛ Petro bɛsan agyina ne nan so, na wakɔ so asom Yehowa akosi awiei. (Luka 22:​31, 32) Ná Yesu nim sɛ ‘honhom no pɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.’ (Mar. 14:38) Enti, ɛwom sɛ Petro kaa sɛ onnim Yesu, nanso Yesu anyi ne baako anhyɛ ne nsa. Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Petro. Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na obiara nni Petro nkyɛn. (Mar. 16:7; Luka 24:34; 1 Kor. 15:5) Saa bere no, na Petro werɛ ahow paa, enti wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ no nkuran! w23.09 22 ¶9-10

Wukuda, September 17

Anigye ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔakata wɔn bɔne so.—Rom. 4:7.

Wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no, ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn anaa ɔkata so. Sɛ ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn a, ɔde kyɛ wɔn korakora na ommu ho akontaa. (Dw. 32:​1, 2) Obu nnipa a wɔte saa no sɛ wɔn gyidi nti asɛm biara nni wɔn ho, na wɔyɛ atreneefo. Ɛwom sɛ Onyankopɔn buu Abraham, Dawid, ne n’asomfo anokwafo afoforo sɛ atreneefo, nanso na bɔne ne sintɔ da so ara wɔ wɔn ho. Ne nyinaa mu no, sɛ Onyankopɔn de wɔn toto wɔn a na wɔnsom no no ho a, na obu wɔn sɛ asɛm biara nni wɔn ho. (Efe. 2:12) Ɔsomafo Paul maa emu daa hɔ wɔ ne krataa no mu sɛ, sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi ne Onyankopɔn mfa adamfo. Yehu sɛ Abraham ne Dawid gyidi nti, Onyankopɔn faa wɔn adamfo; yɛn nso yenya gyidi a, ɔbɛfa yɛn adamfo. w23.12 3 ¶6-7

Yawda, September 18

‘Momma yɛmmɔ ayeyi afɔre mma Onyankopɔn daa, ɛno ne yɛn anofafa aba a yɛde bɔ ne din kyerɛ nkurɔfo no.’—Heb. 13:15.

Ɛnnɛ, Kristofo nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode bɔ afɔre de boa Yehowa som adwuma de kyerɛ sɛ wɔresom no. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya de resom no no. Ɔsomafo Paul kaa nneɛma bi a yɛyɛ wɔ yɛn som mu a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so da. (Heb. 10:​22-25) Emu bi ne sɛ, yɛbɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo, yɛbɛkɔ asafo nhyiam, na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran, ‘titiriw, bere a yehu sɛ Yehowa da no rebɛn no.’ Ɛrekɔ Adiyisɛm nhoma no awiei no, Yehowa bɔfo bi sii so dua mprenu sɛ: “Som Onyankopɔn!” (Adi. 19:10; 22:9) Nneɛma a emu dɔ a ɛfa Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no ho ne hokwan a ɛso bi nni a yɛanya de resom yɛn Nyankopɔn kɛse no, mommma yɛn werɛ mmfi da! w23.10 29 ¶17-18

Fida, September 19

Momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho. —1 Yoh. 4:7.

Yɛn nyinaa pɛ sɛ ‘yɛkɔ so dodɔ yɛn ho.’ Nanso ɛho hia sɛ yɛkae sɛ, Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ “nnipa dodow no ara dɔ ano bedwo.” (Mat. 24:12) Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ n’asuafo dodow no ara dɔ ano bedwo. Nanso sɛnea nnipa a ɛwɔ wiase no mu dɔ ano adwo no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na anwiawia yɛn. Bere a saa asɛm no wɔ yɛn adwene mu no, momma yensusuw asɛmmisa a ɛho hia yi ho: Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom no, emu yɛ den anaa ano abrɛ ase? Sɛ nsɛm bi sisi wɔ yɛn abrabɔ mu a, sɛnea yebedi ho dwuma no yɛ ɔkwan baako a yɛbɛfa so ahu sɛ yɛn dɔ mu yɛ den anaa ano abrɛ ase. (2 Kor. 8:8) Sɛ biribi a ɛte saa si a, ɔsomafo Petro kaa sɛ: “Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Pet. 4:8) Afoforo sintɔ ne wɔn mmerɛwyɛ betumi asɔ yɛn dɔ ahwɛ. w23.11 10-11 ¶12-13

Memeneda, September 20

Monnodɔ mo ho.—Yoh. 13:34.

Sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa bi nko ara wɔ asafo no mu na yetwa afoforo gya a, yɛrentumi nka sɛ yɛredi Yesu ahyɛde no so. Ɛwom, ebia yɛbɛbɛn ebinom paa akyɛn afoforo sɛnea Yesu yɛe no. (Yoh. 13:23; 20:2) Nanso Ɔsomafo Petro kae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ‘dɔ anuanom nyinaa,’ efisɛ yɛne wɔn nyinaa yɛ abusua baako. (1 Pet. 2:17) Petro hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yemfi komam nnodɔ yɛn ho denneennen.’ (1 Pet. 1:22) Ɛha yi, sɛ kyerɛwsɛm no ka sɛ yɛnnodɔ yɛn ho “denneennen” a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, sɛ ɛyɛ den sɛ yɛbɛdɔ obi mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛdɔ no. Yɛmfa no sɛ onua bi ayɛ ade ma ayɛ yɛn yaw anaa ahyɛ yɛn abufuw. Dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ́ anka yɛbɛda ɔdɔ adi akyerɛ no no, anhwɛ a nea ebedi kan aba yɛn tirim ne sɛ yɛbɛyɛ no bi atua ka. Nanso, Petro sua fii Yesu hɔ sɛ saa suban no nsɔ Onyankopɔn ani. (Yoh. 18:​10, 11) Petro kyerɛwee sɛ: “Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, na mommfa adapaatwa nntua adapaatwa so ka. Mmom munhyira nkurɔfo.” (1 Pet. 3:9) Sɛ wodɔ wo nuanom denneennen a, ɛbɛma wo ne wɔn adi no yiye na woate wɔn ase. w23.09 29 ¶9-11

Kwasida, September 21

Mmea nso, . . . wɔnnyɛ nneɛma nntra so; ɛsɛ sɛ wodi nokware wɔ biribiara mu.—1 Tim. 3:11.

Sɛnea abofra nyin ntɛmntɛm bɛyɛ ɔpanyin no, ɛtaa yɛ yɛn nwanwa paa. Wohwɛ a, asɛ ɔnyɛ hwee; wubehu ara na wanyin. Nanso Kristofo de, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho kokwaw a, ɛnyɛ sɛ yɛtenaa mu ara na atu. (1 Kor. 13:11; Heb. 6:1) Sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo denneennen. Afei nso, sɛ yebetumi anya suban pa, asua nneɛma bi a ɛbɛboa yɛn, na yɛasiesie yɛn ho ama sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra daakye a, yehia ne honhom kronkron. (Mmeb. 1:5) Yehowa bɔɔ mmea ne mmarima. (Gen. 1:27) Ɛda adi sɛ, ɛsono mmea na ɛsono mmarima wɔ nipaduam, nanso ɛnyɛ ɛno nko; wɔsan yɛ soronko wɔ akwan foforo so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa ama mmea ne mmarima adwuma pɔtee a wɔn mu biara nyɛ. Enti ɛho hia sɛ wɔnya suban ahorow bi na wɔsua sɛnea wɔbɛyɛ nneɛma bi. Wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi ayɛ wɔn adwuma no yiye.—Gen. 2:18. w23.12 18 ¶1-2

Dwoda, September 22

‘Monkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.’ —Mat. 28:19.

Wohwɛ a, na Yesu pɛ sɛ afoforo de n’Agya din ankasa frɛ no anaa? Yiw. Nyamesom akannifo bi a na wɔwɔ hɔ tete no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔgye di sɛ Onyankopɔn din no yɛ kronkron dodo sɛ obi bɛbɔ. Nanso Yesu amma saa gyidi a na ennyina Kyerɛwnsɛm no so no ansiw no kwan sɛ ɔde n’Agya din bɛfrɛ no. Momma yɛnhwɛ bere bi a Yesu tuu ahonhommɔne fii ɔbarima bi mu wɔ Gerasafo asaase so no. Ehu kaa nkurɔfo no, na wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi hɔ nkɔ, enti ɔno nso fii hɔ. (Mar. 5:​16, 17) Nanso na Yesu pɛ sɛ nkurɔfo hu Yehowa din wɔ mpɔtam hɔ. Enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima a otuu ahonhommɔne no fii ne mu no sɛ ɔnkɔka nea Yehowa ayɛ ama no nkyerɛ nkurɔfo, ɛnyɛ nea ɔno Yesu ayɛ. (Mar. 5:19) Ɛnnɛ nso, ɔpɛ sɛ yɛma nkurɔfo hu n’Agya din wɔ wiase baabiara. (Mat. 24:14; 28:20) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛn Hene Yesu ani gye. w24.02 10 ¶10

Benada, September 23

Me din nti, woagyina mu.—Adi. 2:3.

Nneɛma mu ayɛ den paa wɔ awiei mmere yi mu, nanso ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛka Yehowa ahyehyɛde no ho. Wiase yi mu yɛ ara na ɛreyɛ den, nanso Yehowa ama yɛn anuanom a wɔbetumi aboa yɛn. (Dw. 133:1) Ɔboa yɛn ma yenya anigye wɔ yɛn abusua mu. (Efe. 5:33–6:1) Afei nso, ɔma yɛn nyansa ne nhumu a yɛde begyina yɛn haw ano sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akomatɔyam. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛatumi akɔ so asom Yehowa nokwarem. Adɛn ntia? Efisɛ, ɛtɔ mmere bi a yɛn nuanom betumi aka asɛm bi anaa ayɛ biribi ma ahaw yɛn. Afei nso, sɛ yedi mfomso a, ebetumi ama yɛn abam abu, ɛnkanka sɛ yedi mfomso koro no ara mpɛn pii a. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara som Yehowa (1) bere a yɛn nua Kristoni bi ayɛ biribi ma ahaw yɛn, (2) bere a yɛn kunu anaa yɛn yere adi yɛn huammɔ, ne (3) bere a yɛadi mfomso bi ama yɛn abam abu. w24.03 14 ¶1-2

Wukuda, September 24

Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.—Filip. 3:16.

Anuanom a wɔsii gyinae sɛ wɔbɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu no, ɛwom ara a yetumi te wɔn suahu. Ebia wɔkɔɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu anaa wɔtu kɔɔ baabi a mmoa ho hia. Sɛ wubetumi de botae bi a ɛte saa asi w’ani so a, ntwentwɛn wo nan ase. Yehowa asomfo hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so atrɛw wɔn som adwuma mu. (Aso. 16:9) Nanso sɛ worentumi nyɛ saa mprempren nso ɛ? Nnya adwene sɛ wɔn a wɔtumi yɛ no, wɔn so wɔ mfaso sen wo. Nea ehia paa ne sɛ wubemia w’ani asom Yehowa. (Mat. 10:22) Kae sɛ, sɛ woyɛ nea w’ahoɔden betumi nyinaa wɔ Yehowa som mu a, ɛma n’ani gye paa. W’asubɔ akyi no, wei ne ɔkwan titiriw baako a wubetumi afa so adi Yesu akyi daa.—Dw. 26:1. w24.03 10 ¶11

Yawda, September 25

Ɔdom yɛn de yɛn mfomso nyinaa kyɛɛ yɛn.—Kol. 2:13.

Sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, yɛn soro Agya no ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn. (Dw. 86:5) Enti sɛ yɛayɛ bɔne bi, na yɛafi yɛn koma nyinaa mu adi ho yaw a, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ Yehowa de akyɛ yɛn. Kae sɛ Yehowa nyɛ kyenkyenenn. Ɔnhwehwɛ nea ɛboro so mfi yɛn hɔ da. Biribiara a yɛyɛ ma no no, sɛ ɛyɛ nea yebetumi nyinaa na yɛreyɛ de a, ɛnde n’ani sɔ. Afei nso, nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a wɔfii wɔn koma nyinaa mu som Yehowa no, dwinnwen wɔn nhwɛso no ho. Yɛnhwɛ ɔsomafo Paul. Ɔyeree ne ho som Yehowa mfe pii, otutuu akwan kɔɔ nkurow pii so, na ɔtetew nsafo bebree. Nanso bere a ne tebea sesae a na ontumi nyɛ asɛnka adwuma no sɛnea ɔpɛ no, na ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn nnye no ntom bio anaa? Daabi. Ɔkɔɔ so yɛɛ nea obetumi, na Yehowa nso hyiraa no. (Aso. 28:​30, 31) Nea yɛyɛ ma Yehowa no nso, ɛtɔ da a, etumi sesa. Nanso nea ehia Yehowa paa ne adwene a yɛde yɛ no.w24.03 27 ¶7, 9

Fida, September 26

Anɔpatutuutu a anim ntetewee no, [Yesu sɔree], na opue kɔɔ baabi a atew ne ho, na ofii ase bɔɔ mpae wɔ hɔ.—Mar. 1:35.

Yesu nam mpae a ɔbɔɔ Yehowa no so yɛɛ nhwɛso maa n’asuafo. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, na ɔtaa bɔ Yehowa mpae. Ná ɛsɛ sɛ ɔpɛ bere bɔ mpae efisɛ mpɛn pii no, na onni adaagye koraa, na na nnipa pii nso gu no so. (Mar. 6:​31, 45, 46) Ná ɔsɔre anɔpatutuutu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara betumi akɔhyɛ baabi abɔ mpae. Anyɛ yiye koraa no, da bi, ɔbɔɔ mpae anadwo no nyinaa ansa na ɔresi gyinae bi a ɛho hia. (Luka 6:​12, 13) Afei nso, adwuma a Yehowa de hyɛɛ Yesu nsa wɔ asaase so no, na ne fã a ɛyɛ den paa ne owu a na obewu no. Enti anadwo a ade rebɛkye ama wawu no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi Yehowa nokware. (Mat. 26:​39, 42, 44) Yesu nhwɛso ma yehu sɛ, sɛ yenni adaagye sɛ dɛn mpo a, ehia sɛ yɛpɛ bere bɔ mpae. Sɛnea Yesu yɛe no, ebehia sɛ yɛpɛ bere bɔ mpae. Ebia yebetumi asɔre anɔpatutuutu abɔ mpae, anaa yɛbɛyɛ saa anadwo. Yɛyɛ saa a, ɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ saa hokwan titiriw yi. w23.05 3 ¶4-5

Memeneda, September 27

Wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn koma mu.—Rom. 5:5.

Momma yɛnhwɛ asɛmfua “ahwie” a wɔde dii dwuma wɔ ɛnnɛ daa asɛm yi mu no. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu de saa asɛm yi toto nsu a ɛtene ho. Saa ntotoho yi ma yehu sɛ Yehowa dɔ wɔn a wɔasra wɔn no paa! Wɔn a wɔasra wɔn no nim sɛ ‘Onyankopɔn dɔ wɔn.’ (Yuda 1) Ɔsomafo Yohane kaa sɛnea wɔn a wɔasra wɔn no te nka. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monhwɛ ɔdɔ kɛse a Agya no de adɔ yɛn. Ɛno ne sɛ, wɔafrɛ yɛn Onyankopɔn mma!” (1 Yoh. 3:1) Wɔn a wɔasra wɔn no nko ara na Yehowa dɔ wɔn anaa? Daabi, Yehowa akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn nyinaa. Nneɛma a ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn no, emu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse paa? Ɛno ne agyede no! Ɛyɛ ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ayi no adi akyerɛ nnipa; obiara nyɛɛ bi saa da!—Yoh. 3:16; Rom. 5:8. w24.01 28 ¶9-10

Kwasida, September 28

Ɛda a mesu afrɛ wo no, m’atamfo bɛdan wɔn ho aguan; awerɛhyem a mewɔ ne sɛ, Onyankopɔn wɔ m’afã. —Dw. 56:9.

Kyerɛwsɛm yi ma yehu biribi a ɛboaa Dawid ma odii ehu so. Ɛmfa ho sɛ na ne nkwa da so da asiane mu no, nea na Yehowa bɛyɛ ama no daakye no, odwinnwen ho. Ná Dawid nim sɛ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa begye no. Ade yi na Yehowa aka sɛ, sɛ Saul nni hɔ a, ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene. (1 Sam. 16:​1, 13) Dawid de, na ogye di sɛ nea Yehowa ahyɛ ho bɔ biara, ɔkwan biara so ɔbɛyɛ. Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama wo? Yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa begye yɛn afi ɔhaw a yehyia nyinaa mu. Nanso, sɔhwɛ biara a ebia wubehyia wɔ wiase bɔne yi mu no, Yehowa beyi afi hɔ wɔ wiase foforo a ɛreba no mu. (Yes. 25:​7-9) Yegye di paa sɛ yɛn Bɔfo no wɔ tumi kɛse a ɔde benyan awufo, ɔde bɛsa yɛn yare, na wayi atamfo nyinaa afi hɔ.—1 Yoh. 4:4. w24.01 6 ¶12-13

Dwoda, September 29

Anigye ne onipa a wɔde ne mmarato akyɛ no na wɔakata ne bɔne so. —Dw. 32:1.

Nea enti a wuhyiraa wo ho so na wobɔɔ asu no, dwinnwen ho. Wutuu saa anammɔn no, efisɛ na wopɛ sɛ wobata Yehowa ho. Bu kɔmpɔ hwɛ w’akyi, na hwɛ nea ɛboaa wo ma wugye dii sɛ woahu nokware no. Wusuaa Yehowa, wo soro Agya no ho nokwasɛm, na ɛmaa ɔdɔ ne obu a wowɔ ma no no yɛɛ kɛse. Wunyaa gyidi, na ɛkanyan wo ma wosakrae. Wugyaee nneyɛe a Onyankopɔn kyi, na wufii ase yɛɛ n’apɛde. Bere a wubehui sɛ Onyankopɔn de wo bɔne akyɛ wo no, ɛmaa wo koma tɔɔ wo yam. (Dw. 32:2) Wokɔɔ Kristofo nhyiam, na nneɛma pa a wusuae no, wufii ase kaa bi kyerɛɛ afoforo. Seesei a woahyira wo ho so abɔ asu abɛyɛ Kristoni yi, wonam nkwa kwan no so, na woasi wo bo sɛ woremfi so da. (Mat. 7:​13, 14) Yɛn mpaebɔ ne sɛ w’ase betim, wubegyina pintinn asom Yehowa, na woadi ne mmara so a wunhinhim. w23.07 17 ¶14; 19 ¶19

Benada, September 30

Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mubetumi, na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho a mode befi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi agyina ano.—1 Kor. 10:13.

W’ahosohyira mpaebɔ no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛma woanya ahoɔden a wode bɛko atia sɔhwɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, so wode wo ho bɛhyehyɛ obi kunu anaa ne yere? Yennye nni sɛ wobɛyɛ saa! Woaka akyerɛ Yehowa dedaw sɛ worenyɛ biribi a ɛte saa da. Woyɛ saa a, akɔnnɔ bɔne remmewura wo komam nnye ntini, na akyiri yi, ankɔba sɛ ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho tu ase. ‘Wobɛdan wo ho’ afi “abɔnefo kwan so.” (Mmeb. 4:​14, 15) Wudwinnwen Yesu nhwɛso no ho a, ɛbɛboa wo paa. Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’Agya ani. Wo nso, Onyankopɔn a woahyira wo ho so ama no no, biribiara a wunim sɛ n’ani nnye ho no, si wo bo sɛ wobɛtwe wo ho afi ho ntɛm ara. (Mat. 4:10; Yoh. 8:29) Nea ɛwom ne sɛ, sɛ wuhyia sɔhwɛ a, ɛma wunya hokwan a wode bɛkyerɛ sɛ woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so adi Yesu akyi. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo ma woakɔ so adi Yesu akyi. w24.03 9-10 ¶8-10

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena