27 MEFIBOSET
Wamma Nneɛma Anhyɛ Ne So
NÁ MEFIBOSET nana yɛ ɔhenkɛse, na na ne papa nso yɛ ɔbarima kokodurufo a odi Yehowa nokware. Nanso bere a odii mfe nnum no, nsɛm a ɛyɛ awerɛhow bebree totoo no. Ne nana Saul pirae wɔ akono, na okum ne ho. Ne papa Yonatan nso, saa ɔko no ara mu na wɔkum no. Bere a ɔbea a ɔhwɛ Mefiboset no tee nea asi no, ehu nti, ɔde ahopere faa abofra Mefiboset sɛ ɔde no reguan. Abofra no hwee hɔ maa ne nan sɛee. Wei nti, ɔbɛyɛɛ obubuafo ne nkwa nna nyinaa.
Awerɛhosɛm a ɛtotoo Mefiboset no, wamma anhyɛ ne so. Israelni bi a yɛfrɛ no Makir faa no hwɛɛ no. Akyiri yi, Ɔhene Dawid kaee bɔ a ɔhyɛɛ n’adamfo Yonatan sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua ama no no. (1 Sam. 20:14-17) Enti ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Mefiboset brɛɛ no.
Ɔhene tirimɔdenfo Saul abusua mu na na Mefiboset fi. Enti na osuro sɛ ɔbɛkɔ Dawid anim. Efisɛ na osusuw sɛ anhwɛ a Dawid bekum no. Nanso ne nyinaa mu no, ɔkɔe. Dawid ne no kasaa kama, na ɔsan de Saul agyapade nyinaa maa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wubedidi wɔ me pon so daa.” Ayamye a Dawid daa no adi kyerɛɛ Mefiboset no, na ɛboro ne so. Enti obisaa ɔhene no nea enti a wayɛ no papa saa, efisɛ na ommu ne ho sɛ ɔyɛ obiara, na ɔfrɛɛ ne ho ɔkraman funu mpo!
Bere a Mefiboset yɛ abofra no, ɔbɛyɛɛ obubuafo, na n’abusuafo bi nso wuwui. Bere bi akyi no, nkurɔfo dii no huammɔ, na wɔde asisisɛm dii no
Nanso akyiri yi, asɛm foforo sii ma ɛkɔfaa ɔhaw brɛɛ Mefiboset. Dawid ba Absalom ne ne dɔm yɛe sɛ wɔrebetu Dawid ade so, enti Ɔhene Dawid guan fii Yerusalem. Mefiboset somfo Siba kɔboaa Dawid, nanso ɔrekɔ no, wamfa Mefiboset ankɔ. Ɛwom, Mefiboset antumi ankɔ bi, nanso ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ sɛ ɔtaa Dawid akyi, na nea ato no no haw no. Ogyaw n’abɔgyesɛ huhaa a wantwitwa so, sɛnea na obi redi awerɛhow a ɔyɛ no. Absalom ne ne dɔm antumi antu Dawid ade so, na Dawid san baa Yerusalem asomdwoe mu. Dawid tee nka sɛ Mefiboset ama ne nsa asi fam. Adɛn ntia?
Ná Siba akɔsɛe ne wura Mefiboset akyerɛ Dawid. Nea ɛbae ne sɛ, bere a Siba kɔboaa Dawid no, ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ Mefiboset akɔka ɔhene atamfo ho, ɛno nti na ɔkaa Yerusalem, efisɛ na ɛyɛ no sɛ ahenni no bɛba abedi ne nsam. Wohwɛ a, na Dawid bɛte nka sɛn? Ná ɛnkyɛe biara na ne ba, ne n’adamfo Ahitofel a ogye no di, na ɔsan yɛ ne fotufo yii no mae. Enti ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔtee sɛ Mefiboset ayi no ama no, anyɛ den sɛ obegye adi. Ɔhyɛe sɛ, Ɔhene Saul agyapade a wɔde maa Mefiboset no, wɔnnan ne nyinaa mma Siba.
Bere a Mefiboset tee sɛ Siba asɛe no akyerɛ Dawid no, ɔkɔɔ ɔhene no anim sɛ ɔrekɔka asɛm no mu nokware akyerɛ no. Dawid bisaa Mefiboset nea enti a ɔkaa Yerusalem na ɔne no ankɔ. Mefiboset kyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔhene no sɛ, nea nti a wankɔ ne sɛ Siba daadaa no, na ɔyɛ “obubuafo” nti, na ɔno ara rentumi nkɔ. Ɛbɛyɛ sɛ Dawid no ara hui sɛ Mefiboset redi nea ato ɔno Dawid no ho awerɛhow nti na wagyaw n’abɔgyesɛ huhaa a ontwitwaa so no. Ná wei kyerɛ sɛ nea ɛrekɔ so no haw Mefiboset, na ɔnyɛɛ n’adwene sɛ obetu ɔhene no ade so. Nanso na Dawid bo afuw, enti otwaa Mefiboset ano bisaa no sɛ adɛn nti na ɔda so ara rekasa. Afei Saul agyapade a ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma Siba no, ɔkaa sɛ Mefiboset ne Siba nkɔkyɛ.
Mefiboset agyapade de, ɛyɛ dɛn na ɔne ne somfo a wasɛe ne din akyerɛ ɔhene no kyɛ? Mefiboset yɛ obi a, anka ne bo befuw paa. Sɛ asɛm ba na obi hu sɛ yɛasisi no a, ɛnyɛ den sɛ ɔbɛma abufuw ahyɛ ne so. (Deut. 19:18, 19) Nanso ade a ɛho hia ne sɛ ɔbɛma asomdwoe atena ɔne afoforo ntam. Sɛ obetumi ayɛ saa a, ehia sɛ onya akokoduru na wamma nea wɔde adi no no annye n’adwene. Ná Mefiboset betumi ayɛ saa anaa?
Mmuae a Mefiboset de maa Dawid no ma yehu sɛ Mefiboset amma abufuw anhyɛ ne so. Ɔkaa sɛ: “Seesei a me wura ɔhene asan aba ne fi asomdwoe mu yi, ma [Siba] mfa ne nyinaa mpo.” Wei ma yehu sɛ, na ɔbarima hobrɛasefo yi dwen ɔhene a Yehowa apaw no no ho paa. Mefiboset din a Siba sɛee no, ne n’agyapade a ɔfaa kwan bi so gye fii ne nsam nyinaa akyi no, wamfa abufuw anhyɛ ne mu, na ɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa. Ɛwom sɛ ɔbarima yi ankɔ ɔko da, nanso akokoduru a ɔdaa no adi no, asraafo bebree mpo nto no!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Mefiboset yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Bere a Dawid ma wɔkɔfrɛɛ Mefiboset brɛɛ no no, na Mefiboset te “Makir fi.” Dɛn bio na Makir yɛe a ɛma yehu sɛ na ɔyɛ ɔnokwafo na na ɔpɛ ahɔhoyɛ? (2 Sam. 9:3, 4; it “Makir” No. 2-wcgr)
2. Adɛn nti na Mefiboset kaa sɛ ɔyɛ “ɔkraman funu”? (2 Sam. 9:8; it “Ɔkraman” ¶5-wcgr) A
PhotoStock-Israel/Photodisc via Getty Images
Mfoni A: Tete Israel no, na wɔbu nkraman sɛ mmoa a wɔn ho ntew a wɔdi nnuan funu
3. Dɛn na yenim fa Mefiboset ho a ɛma yehu sɛ, na ɛnyɛ ade a obetu Dawid ade so da? (w02 2/15 14 ¶11, ase hɔ asɛm) B
Mfoni B: Ɛbɛyɛ sɛ, Yonatan maa ne ba Mefiboset huu onii a Yehowa apaw no sɛ ɔnyɛ ɔhene no.
4. Nsɛm yi akyi no, dɛn na Yehowa yɛ de hyiraa Mefiboset? (it “Mefiboset” No. 2 ¶3-wcgr)
Dɛn Na Woasua?
Adwene mu yare ne ɔhaw afoforo reteetee anuanom pii, na ebi mpo a wɔn nuanom Kristofo binom nte nea wɔrefa mu no ase. Asuade bɛn na ɛwɔ Mefiboset asɛm no mu a ebetumi akyekye wɔn werɛ?
Dawid gyinaa nipa baako anom asɛm so de gyee Mefiboset agyapade maa obi foforo. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yehu asɛm bi mu nokwasɛm ansa na yɛwɔ biribi yɛ wɔ ho a yɛayɛ? D
Mfoni D
Akokoduru a na Mefiboset wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Mefiboset ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛ obi sisi yɛn anaa ɔne yɛn anni no yiye a, hwɛ nea wubetumi ayɛ de asuasua Mefiboset.
Woduaa Asomdwoe, Enti Wotwaa Asomdwoe—Wɔyɛɛ No Sɛn?—Mefiboset (3:25)
Sɛ abofra bi te nka sɛ obiara mpɛ n’asɛm a, sɛn na n’awofo betumi de Mefiboset asɛm no aboa no?
“Ɛyɛ a Wote Nka Sɛ Woatɔ Mu Anaa?” (w11 6/1 26-27-wcgr)