ƆFÃ 1
Efi Tete Agyanom Bere So Kosi Atemmufo No Bere So
Nea Yɛaprente
Nsɛm a ɛwɔ ɔfã yi mu no, ne nyinaa sisii wɔ mfe bɛyɛ 2,200 ntam. Onipa a ɔfã yi di kan ka ne ho asɛm ne tete agya Enok. Ɔtenaa ase no, na Adam da so te ase. Odiyifo Samuel ne onipa a otwa to a ɔfã yi ka ne ho asɛm; ɔno na ɔpaw Israel hene a odi kan. Yebehu nnipa foforo a wɔn nso yɛɛ akokoduru ho nhwɛso kamakama paa maa yɛn. Wɔn mu bi ne Noa, Abraham, Sara, Mose, Rahab, Debora, ne Gideon. Ebi twaa kwan tenten kokɔɔ mmeae a ɛhɔ yɛ hu, ɛnna ebi nso de wɔn nkwa too asiane mu ‘ko maa Yehowa.’ Ná wɔn nyinaa dɔ Yehowa, enti wɔde akokoduru yɛɛ nea ɔkaa sɛ wɔnyɛ nyinaa.