NNIANIM NSƐM
Wubetumi Anya Akokoduru Kɛse!
1-3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu asɛm a ɔkae a ɛne sɛ: “Monsɔre, momma yɛnkɔ” no, ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
SƐ WOREPƐ asɛm a obi ka de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru paa a, saa asɛm yi ka ho bi: “Monsɔre, momma yɛnkɔ.” Ebia woredwen ho sɛ, sɛ obi ka saa asɛm yi a, adɛn nti na ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru? Sɛ yɛbɛte asɛm no ase a, ɛsɛ sɛ yehu onipa a ɔkae, ne nea ɛma ɔkaa saa.—Mat. 26:46
“Monsɔre, momma yɛnkɔ.”—Mat. 26:46
2 Yesu na ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ n’asuafo no. Ná waka saa asɛm no akyerɛ wɔn pɛn. (Yoh. 14:31) Nanso saa bere yi de, bere a ɔkaa saa no, na biribi rebobɔ ba. Dɛn na na ɛrebesi? Ɔhaw a na ɔrebɛfa mu no, na onipa biara mfaa bi mu da. Anadwo bi, na ɔwɔ Getsemane turo no mu wɔ Yerusalem, na ɔwɔ hɔ no, na onim sɛ ɛrenkyɛ biara basabasayɛfo bi bɛba abɛkyere no akokum no. Afei nso, na onim sɛ, sɛ wɔkyere no a, obiara beguan agyaw no.
3 Bere a basabasayɛfo no baa Yesu so no, sɛ ɔpɛ a anka obetumi afa ɔkwan bi so atetew ne ho. Ná Yesu betumi ama abɔfo mpo abɛbɔ ne ho ban, nanso wanyɛ saa. (Mat. 26:53) Mmom, basabasayɛfo no bae no, nea ɔkae ni: “Monsɔre, momma yɛnkɔ.” Ɛhefa na na Yesu rekɔ? Ná Yesu rekɔ ama wɔateetee no, na wɔakum no. Adɛn nti na ɔpenee so faa amanehunu a ɛte sei mu? Ɛyɛ ɔdɔ ntia. Ná Yesu dɔ n’Agya, ne n’akyidifo no.
4-5. Sɛ yɛka sɛ Kristoni bi wɔ akokoduru te sɛ Yesu a, ɛkyerɛ sɛn, na adɛn nti na yehia saa akokoduru no bi?
4 Yebetumi aka no pen sɛ, obiara nni asaase yi so a ɔwɔ akokoduru sen Yesu. Sɛ woyɛ Yesu kyidini a, ɛnde wo nso wowɔ akokoduru. Nokware Kristofo hia akokoduru paa. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnnɛ wiase bi a yɛte mu, ɔhaw nko ara. Enti seesei paa na ɛsɛ sɛ yenya akokoduru.
5 Kristofo bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wɔwɔ akokoduru te sɛ Yesu? Ebinom wɔ hɔ a, sɛ yɛka sɛ obi wɔ akokoduru a, wɔhu no sɛ, ɛyɛ obi a n’ani yɛ den a onsuro hwee, anaa obi a sɛ asiane bi si na sɛ obetumi aguan apere ne nkwa mpo a, ɔnyɛ saa. Ebinom mpo susuw sɛ, sɛ obi pɛ aturuturasɛm na sɛ ɔyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ onsuro hwee a, ɛno kyerɛ sɛ ɔwɔ akokoduru. (Dw. 11:5) Nanso sɛ yɛka sɛ Kristoni bi wɔ akokoduru a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ no no. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, owu mu oo, nkwa mu oo, ɔbɛyere ne ho ayɛ Onyankopɔn apɛde.
Wubetumi Asuasua Yesu Akokoduru No!
6. Sɛ yɛte nka sɛ yenni akokoduru a, ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ n’asomafo no betumi akyekye yɛn werɛ?
6 Ebia wuhu wo ho sɛ, wuhyia sɔhwɛ a, worentumi mfa akokoduru nnyina mu te sɛ Yesu. Sɛ saa a, kae sɛ Yesu nim nea wubetumi ayɛ ne nea worentumi nyɛ. Ɔte sɛ n’Agya Yehowa, enti ɔnhwehwɛ nea ɛboro w’ahoɔden so mfi wo hɔ. (Dw. 103:14; Yoh. 14:9) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anadwo a Yesu wɔ Getsemane turo no mu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔne no nwɛn, nanso wɔda gyaw no. Ɛbaa saa no, Yesu anka wɔn anim, na mmom ɔkaa asɛm a ɛka koma yi kyerɛɛ wɔn: “Honhom no de, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛw.” (Mat. 26:41) Ná Yesu nim sɛ wɔyɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho. Enti wo nso, kae sɛ Yesu te wo ase.
7-8. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ogye n’akyidifo di?
7 Yesu maa n’asuafo no hui sɛ ogye wɔn di. Wo de, hwɛ sɛnea wɔn koma bɛtɔ wɔn yam bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnya akokoduru! Madi wiase so nkonim” no. (Yoh. 16:33) Asɛm a Yesu kae yi ma yehu sɛ, na ɔwɔ n’asuafo no mu ahotoso sɛ, akokoduru a ɔdaa no adi no, wɔn nso betumi ada bi adi. Wɔtumi yɛɛ saa nso. Afei nso, bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔkaa nsɛm bi de hyɛɛ afoforo nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya akokoduru. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ansa na ɔresa obubuafo bi yare no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ne koma nto ne yam. (Mat. 9:2) Ɔbea bi a na yare reteetee no a osoo Yesu ataade nguguso ano ma ne ho tɔɔ no no nso, ɔka kyerɛɛ no sɛ, mma onnsuro. (Mat. 9:22) Afei nso, bere a ahum tui a na n’asuafo no abɔ hu no, ɔkaa wɔn koma too wɔn yam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya akokoduru. (Mat. 14:27) Ɛnyɛ ɛno nko. Bere bi, na nkurɔfo repɛ ɔsomafo Paul akum no, na Yesu hyɛɛ no nkuran sɛ onnya akokoduru. Saa bere no, na Yesu wɔ soro.—Aso. 23:9-11.
8 Ɛnnɛ nso, ɛte sɛ nea Yesu, ɔhene a ɔwɔ akokoduru no reka akyerɛ yɛn sɛ: “Munnya akokoduru”! Ogye yɛn di, na onim sɛ yebetumi anya akokoduru. Biribiara a yehia na ama yɛatumi anya akokoduru nso, n’Agya Yehowa de adom yɛn.
Ɔkwan Bɛn So Na Bible Betumi Aboa Yɛn Ama Yɛn Akokoduru Ayɛ Kɛse?
9. Ɔkwan bɛn so na Bible no betumi aboa yɛn ama yɛanya akokoduru?
9 Yehowa adaworoma, anokwafo bebree a wɔdaa akokoduru adi ho nsɛm ahyɛ Bible mu ma. Saa anokwafo yi, na ebi yɛ mmarima, ɛnna ebi nso yɛ mmea, ebi yɛ mpanyimfo, ɛnna ebi nso yɛ mmofra. Afei nso, ɛsono nea wɔn mu biara faa mu wɔ abrabɔ mu. Sɛ yɛkenkan wɔn ho nsɛm a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn nso yɛanya akokoduru. Obi te sɛ Elia sei, na ɔyɛ “onipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara.” (Yak. 5:17) Ɛnyɛ ɔno nko, anokwafo a aka no nso, na mfomso wɔ wɔn ho te sɛ yɛn ara. Enti na wɔn nso wɔ mmerɛwyɛ, na ɛtɔ da a na wɔtumi bɔ hu. Ɔhaw ne kɔdaanna a yehyia wɔ wiase yi mu no, wɔn nso hyiaa bi. Nea ebi faa mu mpo de, na akɔyɛ owu ne nkwa asɛm. Nanso nea ɛtoo wɔn biara, wɔbɔɔ mmɔden dii so nkonim sɛnea Yesu yɛe no. Akokoduru a wɔdaa no adi no, ɛyɛ biribi a yebetumi asuasua paa.
10-11. Sɛ wusua nhoma yi a, ɛbɛboa wo sɛn, na ɔkwan bɛn na wobɛfa so asua nhoma yi? (Adaka a yɛato din “Sɛnea Wode Nhoma Yi Bɛyɛ Kokoam Adesua Ne Abusua Som” no, hwɛ ɛno nso.)
10 Nea enti a yɛayɛ nhoma yi ne sɛ, ɛbɛboa wo ama w’akokoduru ayɛ kɛse. Nhoma yi kura ti mmaako mmaako 54. Eti biara mu nsɛm bɛma woahu sɛnea Yehowa boaa nnipa a wɔtɔ sin te sɛ wo ara ma wɔnyaa akokoduru. Enti sɛ wofa ti biara a, to wo bo ase na kan onipa no asetenam nsɛm no. Afei gye bere na yɛ nea woakenkan no ho nhwehwɛmu, na ama woahu pii afa onipa no ho. Sɛ woyɛ saa a, mmarima ne mmea anokwafo a wɔtenaa ase yi, wubehu wɔn yiye.
11 “Awiei mmere” yi mu no, nneɛma mu yɛ ara na ɛreyɛ den. Nanso nhwɛso fɛfɛɛfɛ a anokwafo yi daa no adi no betumi aboa wo ama wode akokoduru agyina mu. (2 Tim. 3:1) Kae awerɛkyekyesɛm a Yehowa aka yi: “Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.” Paul kaa sɛ saa asɛm yi boa yɛn, na “ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro.’”—Heb. 13:5, 6.