Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg kr. 2-3
  • Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Nya Akokoduru na Kɔyɛ Adwuma’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nya Akokoduru!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Monyɛ Den Na Monyɛ Nnam!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ma Wo Bo Nyɛ Duru—Yehowa Ka Wo Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg kr. 2-3

Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ

Nea Yɛaprente

Anuanom Adɔfo:

Sɛ wohwɛ krataa a Yesu kyerɛw kɔmaa asafo a ɛwɔ Smirna no a, ɔkaa sɛ: “Nsuro amanehunu a ɛrebɛto wo no.” (Adi. 2:10) Nkuranhyɛ a Yesu de maa wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsuro anaa wɔbɔ hu no, yɛn a yɛte “Awurade da” no mu nnɛ yi, ɛkɔ ma yɛn nso. (Adi. 1:10) Yenim paa sɛ yɛwɔ “mmere a emu yɛ den” mu, enti yɛn nuanom a ɛwɔ wiase afanan nyinaa hyia ɔhaw a ɛsɔ wɔn gyidi hwɛ. Nanso ɔhaw yi nyinaa akyi, wɔde gyidi ne akokoduru gyina ano. Sɛ yehu saa a, ɛma yɛn ani gye paa.—2 Tim. 3:​1-5.

Ɔbarima bi a ɔtenaa ase bere a na wɔrekyerɛw Bible no nam anweatam kɛse bi so.

Ɛnde, dɛn na yɛbɛyɛ na ehu anka yɛn amma ‘yɛantwe yɛn ho’ amfi Yehowa ho? (Heb. 10:39) Anuanom, yenim sɛ ɛnyɛ da biara na yɛbɛfa no ahogono. Atamfo betumi asɔre atia yɛn na ebi mpo a wɔbɛtan yɛn ani. Nanso nea atamfo de bɛba yɛn so biara, sɛ yɛfɛre ade oo, sɛ yɛmfɛre ade oo, yebetumi de akokoduru abata Yehowa ho. Dɛn na ɛbɛboa yɛn?

Bible yɛ nhoma a ebetumi aboa yɛn ama yɛanya akokoduru paa. Mmea ne mmarima a wɔde akokoduru bataa Yehowa ho no, bebree ho nsɛm wɔ Bible mu. Enti yɛayɛ nhoma yi sɛ ɛmmoa yɛn mma yentumi nsua saa mmarima ne mmea yi ho ade, na yɛmfa wɔn nhwɛso pa no nkɔ adwinnwen mu. Sɛ woresua wɔn ho ade a, fa wɔn nsɛm no toto wo ho. Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo na woatumi asuasua nea wɔyɛe no, na ɔhaw biara a worehyia no nnɛ, ne nea wubehyia daakye no, aboa wo ama woatumi agyina ano. Hwɛ sɛnea Yehowa bɛboa wo ama woanya akokoduru. Afei nso, mmarima ne mmea a wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ akokoduru no, nea wɔyɛe no, hwɛ sɛnea ebetumi aboa wo wɔ nneɛma a edidi so yi mu:

Nneɛma ankɔ sɛnea wopɛ koraa a, kyerɛ sɛ wote asɛm ase. (Yak. 3:17) Wo de, yɛnhwɛ Yonatan sei, ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ n’adwene mu sɛ, sɛ ne papa Saul wu a, ɔno na obedi n’ade. Nanso amma saa. Yehowa paw Dawid sɛ ɔno mmom na onni Saul ade. Ɛbaa saa no, Yonatan anwiinwii. Mmom ɔtee ase sɛ Dawid na Yehowa ayi no. Ɛwom sɛ na Yonatan anyin sen Dawid de, nanso ɔde akokoduru taa n’akyi.

Nea ebesi biara, si wo bo sɛ wubetie Yehowa. (Heb. 11:​32-34) Hanania, Misael, ne Asaria sii no pi wɔ wɔn komam sɛ, sɛ ɔhene no ka sɛ ɔde wɔn begu ogya fononoo a ɛredɛw mu akum wɔn mpo a, wɔrenkotow ohoni mfa nsɛe wɔne Onyankopɔn ntam.

Yɛbɛka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo. (Mat. 22:16) Sɛ wohwɛ Saul a ofi Tarso nso a, odii Yesu ho adanse kyerɛɛ nkurɔfo a bere bi na ɔne wɔn tan Yesu akyidifo ani no.

Anuanom, akokoduru ne gyidi de, biribiara kyerɛ sɛ mowɔ bi paa. Nanso yɛn mpaebɔ ne sɛ nhoma yi bɛboa ama ayɛ kɛse. (Dw. 27:14) Yenim sɛ moreboa mo mmusua ne anuanom a ɛwɔ mo asafo mu ma wɔde akokoduru ataa Yehowa ahenni no akyi. Yɛsrɛ Yehowa nhyira ma mo nyinaa!

Mo Nuanom,

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena